-
Yeremia 44:12-14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Na mɛfa Yudafo a aka a wosii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ Egypt asaase so akɔtena hɔ no, na wɔn nyinaa bewuwu wɔ Egypt asaase so.+ Wobewuwu wɔ sekan ano, na ɔkɔm bɛma wɔn ase ahyew. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, sekan ne ɔkɔm bekunkum wɔn nyinaa. Wɔbɛyɛ nnome, na wɔadan biribi a ɛyɛ hu, ne abusude, na wɔn anim begu ase.+ 13 Na mede sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* bɛtwe wɔn a wɔtete Egypt asaase so no aso sɛnea metwee Yerusalem aso no.+ 14 Na Yudafo a aka a wɔakɔtena Egypt asaase so no, wɔrentumi nguan, na wɔrennya wɔn ti nnidi mu nsan nkɔ Yuda asaase so. Wɔn kɔn bɛdɔ* sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ na wɔakɔtena hɔ, nanso wɔrensan nkɔ hɔ, gye nnipa kakraa bi a wobenya wɔn ti adidi mu no.’”
-
-
Yeremia 44:27, 28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Mede m’ani asi wɔn so sɛ mɛyɛ wɔn bɔne na ɛnyɛ papa,+ na sekan ne ɔkɔm bekunkum Yuda mmarima a wɔwɔ Egypt asaase so nyinaa kosi sɛ wɔn nyinaa bɛsa.+ 28 Na nnipa kakraa bi na sekan no renkunkum wɔn a wobefi Egypt asaase so akɔ Yuda asaase so.+ Na Yudafo a aka a wɔbɛtenaa Egypt asaase so no nyinaa behu nea n’asɛm yɛ nokware, sɛ me oo, sɛ wɔn oo!”’”
-