8 Na ofi yi bɛdan amamfo,+ na obiara a obetwam no behu ama ne ho adwiriw no, na wabɔ hwirema aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne ofi yi sɛɛ?’+
19 Ɔhyew nokware Nyankopɔn fi no,+ na odwiriw Yerusalem afasu no gui;+ kurow no abannennen nso, ɔde ogya hyew ne nyinaa, na kurow no mu nneɛma a ɛsom bo nyinaa ɔsɛee no pasaa.+
21 ‘Ka kyerɛ Israel fi sɛ: “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Me tenabea kronkron a mode hoahoa mo ho denneennen no, nea mo ani gye ho a ɛda mo koma so* no, merebegu ho fĩ.+ Mo mma mmarima ne mo mma mmea a mugyaw wɔn akyi no, wɔde sekan bekunkum wɔn.+