-
Yeremia 37:5-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Ná Farao asraafo asim fi Egypt reba,+ na Kaldeafo a na wɔabetwa Yerusalem ho ahyia no tee ho asɛm. Enti wofii Yerusalem kɔe.+ 6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: 7 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bebisaa asɛm wɔ me hɔ no sɛ: “Hwɛ! Farao asraafo a wɔreba abɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Egypt, wɔn asaase no so.+
-