-
Efesofo 1:9-12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Nea ɔyɛe ne sɛ, ahintasɛm kronkron+ a ɛfa n’apɛde ho no, ɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn. Esiane sɛ ɛsɔ n’ani nti, ɔno ankasa bɔɔ ne tirim sɛ, 10 bere a wahyɛ no so a, obedi nneɛma ho dwuma* na waka nneɛma nyinaa abom bio wɔ Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asaase so.+ Ne mu na ɔbɛka nneɛma nyinaa abom. 11 Ɔno na yɛne no ayɛ baako, na wɔayɛ yɛne no nyinaa adedifo,*+ efisɛ nea otumi yɛ biribiara a ɔpɛ ma n’atirimpɔw ba mu no ahyehyɛ no saa, 12 sɛnea ɛbɛyɛ a, yɛn a yɛadi kan anya Kristo mu anidaso no nti, nkurɔfo beyi Onyankopɔn ayɛ na wɔahyɛ no anuonyam.
-
-
Kolosefo 1:26, 27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
26 ebi ne ahintasɛm kronkron+ a wɔde siee wiase a aba atwam*+ ne awo ntoatoaso a aba kɔ no. Nanso afei de wɔayi no adi akyerɛ n’akronkronfo.+ 27 Bio nso, Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛma akronkronfo no ahu ahintasɛm kronkron a enni ano+ a ɔreda no adi wɔ amanaman mu no. Ɛno ne Kristo a wɔaka mo ne no abom ayɛ baako no, kyerɛ sɛ, moanya anidaso sɛ wɔbɛhyɛ mo ne no nyinaa anuonyam.+
-