Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No.
132 O Yehowa, kae Dawid
Ne animguase a wafa mu nyinaa.+
2 Kae sɛ ɔkaa Yehowa ntam;
Ɔkaa Yakob Tumfo no ntam sɛ:+
3 “Merenkɔ me fi nkowura me ntamadan mu.+
Merenkɔda me mpa so,
4 Meremma nna mma m’ani so,
Na meremma m’ani nkum
5 Kosi sɛ menya baabi ama Yehowa;
Kosi sɛ menya ofi kama ama Yakob Tumfo no.”+
6 Hwɛ! Yɛtee ho asɛm wɔ Efrata;+
Yehui wɔ kwae mu.+
7 Momma yɛnkɔ ne fi;+
Momma yɛnkotow ne nan ntiaso anim.+
8 O Yehowa, sɔre, na kɔ wo homebea;+
Wo ne Adaka a wode kyerɛ wo tumi no nkɔ.+
9 Ma w’asɔfo mfa trenee nyɛ ataade nhyɛ,
Na ma w’anokwafo nto ahurusi dwom.
10 W’akoa Dawid nti,
Mpo nea woasra no no.+
11 Yehowa aka Dawid ntam,
Na ɔrentwe nsan; waka sɛ:
“W’asefo no mu baako
Na mede no besi w’ahengua so.+
12 Sɛ wo mma di m’apam so
Na wodi me nkaesɛm a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a,+
Wɔn mma nso bɛtena
W’ahengua so daa.”+
13 Sion na Yehowa apaw;+
N’ani gyee ho sɛ ɔde hɔ bɛyɛ ne tenabea,+ na ɔkae sɛ:
14 “Ɛha yɛ me homebea kosi daa;
Ɛha na mɛtena;+ m’ani gye ho saa.
15 Mehyira so ma abɔ aduan pii.
Mɛma ahiafo a wɔwɔ hɔ anya aduan adi amee.+
16 Nkwagye na mede bɛyɛ ataade ahyɛ n’asɔfo;+
N’anokwafo bɛto ahurusi dwom.+
17 Ɛhɔ na mɛma Dawid ahoɔden ayɛ kɛse.
Masɔ kanea ama nea masra no no.+
18 Aniwu na mede bɛyɛ ataade ahyɛ n’atamfo,
Nanso ɔno de, n’ahenni benya nkɔso.”+