Nnwom
Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No. Dawid dwom.
124 “Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho a”+
—Afei momma Israel nnye so sɛ—
2 “Bere a nnipa sɔre tiaa yɛn no,+
Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho a,+
3 Anka wɔbɛmemene yɛn animono,+
Bere a wɔn abufuw dɛw hyɛɛ yɛn no.+
5 Anka nsu a ɛreyiri bebu afa yɛn* so.
6 Ayeyi nka Yehowa,
Efisɛ wamma wɔankyere yɛn anwe sɛ hanam.