Yesaia
Na Yerusalem nti, merenkɔ so ntena hɔ dinn,
Kosi sɛ ne trenee bepue sɛ kanea a ɛhyerɛn,+
Na ne nkwagye adɛw sɛ ogya.+
Na wɔde edin foforo bɛfrɛ wo,+
Edin a Yehowa ankasa ano bɛkyerɛ no.
3 Wobɛyɛ ahenkyɛw fɛfɛɛfɛ wɔ Yehowa nsam,
Ne ahemfo abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsayam.
Wɔbɛfrɛ wo M’ani Gye Ne Ho,+
Na wɔbɛfrɛ w’asaase Nea Waware.
Efisɛ Yehowa ani begye ne ho,
Na w’asaase bɛyɛ sɛ obi a waware.
5 Sɛnea aberante ware ɔbaabun no,
Saa ara na wo mma mmarima bɛware wo.
Na sɛnea ayeforokunu di ayeforo ho ahurusi no,
Saa ara na wo Nyankopɔn bedi wo ho ahurusi.+
6 O Yerusalem, mede awɛmfo asisi w’afasu so.
Daa, awia ne anadwo nyinaa, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ komm.
Mo a mobɔ Yehowa din nyinaa,
Monnhome.
7 Mommma ɔnnhome kosi sɛ ɔbɛma Yerusalem agyina pintinn,
Yiw, kosi sɛ ɔde no bɛyɛ asaase so ayeyi.”+
8 Yehowa de ne nsa nifa ne ne basa dennen aka ntam sɛ:
“Meremfa w’aduan mma w’atamfo bio,
Na ahɔho rennom bobesa foforo a woabrɛ ho no bio.+
9 Mmom wɔn a wɔboaboa aduan ano no na wobedi, na wɔayi Yehowa ayɛ;
Na wɔn a wɔsesaw bobe no na wɔbɛnom nsã* wɔ m’adiwo kronkron hɔ.”+
10 Monsen, monsen mfa kurow no apon mu.
Munsiesie kwan mma ɔman no.+
Mompae, mompae kwantempɔn no.
Munyiyi ɛso abo nyinaa.+
Momfa ahyɛnsode* nsi hɔ mma nkurɔfo no.+
11 Hwɛ! Yehowa ama wɔate akodu asaase ano noho sɛ:
“Monka nkyerɛ Sion babea sɛ,
‘Hwɛ! Wo nkwagye reba.+
Hwɛ! N’akatua ka ne ho,
Na nea ɔde tua ka di n’anim.’”+