Katolek Asɔre No—Sɛnea Italia Hu No
NNANSA yi nsɛm a akɔ so wɔ Vatican no ama hooyɛ bi aba Katolek wiase no mu nyinaa. Awosow asɔfo ne wɔn a wɔbom yɛ Asɔre no asɔfo sodikuw no kɛse. Na Italiafo nso ɛ?
Italia Katolekfo dii awerɛhow wɔ paapa John Paulo I (Luciani) wu no nti. Radio ne television so nsɛm a wɔka faa ne wu wɔ September 28, 1978 ho no yɛ soronko. Nanso nsɛm a nnipa no kae no da no adi sɛ, wɔ ne nyinaa mu no, wɔn ani gye nsɛm a ɛmfa ɔsom ho no ho mmom titiriw.
Italiafo pii na wonwiinwii wɔ sini ahorow ne radio so nhyehyɛe ahorow a wɔn ani gye ho a wotwaa mu na wɔde paapa no ho ayi a wɔreyɛ ne paw a wɔpaw ɔfoforo si n’ananmu no ho nsɛm a ɛba radio so wɔ bere ne bere mu sii ananmu no nti. Nsɛmma nhoma L’Espresso, a ɛyɛ October 8 de no faa asɛm fii ɔman atesɛm nkrataa hyehyɛfo panyin no nsɛm a ɔka faa John Paul I wu no ho kae sɛ: “Yɛrenyi obu kɛse adi nkyerɛ ɔmanfo no wɔ bere a yɛkɔ so de eyi ho nsɛm pii gu wɔn so sɛnea yɛyɛe bere a Paul VI wui no.”
Afei nso na wɔte nka sɛ amansɛm anaa amammui mmom na edi dwuma titiriw wɔ paw a wɔpaw paapanom no mu kyɛn ɔsom mu ahokokwa. Atesɛm nkrataa kaa “amammui mu nneɛma horow a ɛrekɔ so” wɔ paw a wɔpɛ sɛ wɔpaw nea wɔde no besi John Paul I ananmu no ho asɛm. Atesɛm krataa Il Messaggero de asɛm bi baa krataa no anim wɔ October 3, a wɔrebisa sɛ: “Akra hwɛfo te sɛ Luciani anaasɛ Paapa a ‘amammui wɔ n’adwene mu?’” Ɛno na afei October 7 de no nso kura asɛm bi a ɛfa “Benelli Agoru” ho a ɛkyerɛ nkɛntɛnso a asɔfo mpanyin no mu biako nyae wɔ afoforo so wɔ paw a wɔpaw obi de si paapa no ananmu no mu. Ansa na wɔrepaw Luciani mpo no na atesɛm krataa La Nazione aka asɛm bi wɔ nea wotintim no August 27 no mu sɛ: “Wɔka asɔfo mpanyin ahorow a wɔpɛ sɛ wɔpaw wɔn mu biako no ho asɛm, wɔn gyinabea wɔ amansɛm mu ne ɔman ko a wofi so no ho asɛm pii dodo, na ama wɔn werɛ afi ɔhaw horow a Asɔre no ankasa hu ne ho wɔ mu nnɛ no mpo.”
Adwenem Naayɛ wɔ John Paul Wu No Ho
Adwenem naayɛ a wokura wɔ amansɛm mu akɔntɔnkyesɛm bi a ɛfa paapanom a wɔpaw wɔn no ho no bɛyɛɛ kɛse bere a John Paul I wui mpofirim no. Nsɛm a wɔtaa te sɛ nkurɔfo ka ne sɛ “wokum no,” na “wokum no wɔ amansɛm nti.” Kwasafodwuma no nimdefo bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ Corriere della Sera a wotintim no wɔ October 2 no kae sɛ: “Ɔkwan a nsɛm no faa so trɛwee ntɛmntɛm sɛ wɔde awuduru bi na eguu Paapa no aduan mu kum no no yɛ nwonwa.” Nsɛmma nhoma Panorama a wotintim no October 10 (kae wɔ asɛmtiaa bi a wɔkyerɛwee a ɛne “Dɛn Nti na Nnipa Ka Sɛ Wɔhyɛɛ Da Kum No?”) no mu no kae sɛ: “Ankyɛ na saa adwenem naayɛ yi fii ase sɛ ɛrehyɛn nkurɔfo adwene mu wɔ Roma, te sɛ nea wɔatwe dɔn no akɔ akyi bɛyɛ sɛ mfirihyia 500 de akɔ Borgia akɔntɔnkyesɛm a Paapa Alexander VI ne ne mma Lucretia ne Caesar de bae no nna mu. Na nea taxi driverfo ne adetɔnfo ka fa ne nna a etwa to no ho yɛ asɛm biako: sɛ́, ɛda adi pefee sɛ biribi hyɛ Paapa no wu no akyi.”
Nanso na ɛnyɛ ɔmanfo no nkutoo na wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ ne wu no ho. Atesɛm nkrataa pii na wɔkaa asɛm faa Paapa no wu ho sɛ ɛyɛ ahintasɛm na wɔhyɛɛ nyansa sɛ wɔmpɛɛpɛɛ ne wu no mu. “Civilta Cristiana” a ɛyɛ Katolek ahyehyɛde bi mu ɔkyerɛwfo no kae sɛ: “Nea ɛyɛ nsɛm a wɔka wɔ kokoam, ɔhaw horow ne adwenem naayɛ a ɛfa nsɛm horow bi ne nea ɛmaa Paapa no wui no ho no yɛ bebree na ɛsonosonoe. Esiane eyi nti yesusuw sɛ ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ atumfoɔ no de eyi ho mmuae a adwenem naayɛ biara nni ho bɛma.” Atesɛm krataa Corriere della Sera, a ɛbɔɔ ɔkyerɛwfo no nsɛm no ho amanneɛ no kae nso sɛ “Civilta Cristiana” no akyerɛw krataa akoma Vatican atumfoɔ no sɛ wɔmpɛɛpɛɛ owu no mu.
Atirimpɔw biako a ɛmaa ɔmanfo no ani gyee asɛm no ho ne sɛ na Paapa John Paul ayɛ obi a ɔmanfo no ani gye ne ho yiye esiane sɛ ɔde kasa a emu da hɔ a ɔmanfo no te ase di dwuma sɛnea ebinom ka no, te sɛ nea akuraa ase sofo de di dwumano.’ Nnipa pii na wɔn ani gyee ho sɛ ofii ase yɛɛ nhyehyɛe na wagyae ahenkyɛw a ɛtoatoa so abiɛsa a ɔhyɛ bere a wode no resi agua so a ɛhyɛ Paapa foforo nniso agyirae no, na afei nso ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeyi biribi a ɛte sɛ ahengua a Paapa no tra so sɛnea ɛbɛyɛ na ɔmanfo ahu no no afi hɔ, ɛwom sɛ ɔsan susuw eyi ho bio penee ɔkwan a wɔfa so de wɔn si agua so no so.
So Pow a Wɔpow Ahenkyɛw a Ɛtoatoa So Abiɛsa no Kyerɛ Biribi?
F. Margiotta Broglio, a ɔkyerɛw asɛm wɔ La Nazione (Sept. 3. 1978) no mu no kyerɛe sɛ wobuu pow a Luciana pow ahenkyɛw a ɛbɔ so abiɛsa no sɛ ɛkyerɛ biribi pɔtee na wɔkaa ho asɛm kyɛn sɛnea wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ. Broglio kae sɛ, “Yɛmpɛ sɛ yɛkasa tia gyinaesi a edi kan a Paapa no ayɛ wɔ ha no, na mmom yɛpɛ sɛ yɛbɔ din sɛ, sɛ wosi gyinae sɛ wɔremfa ‘tumidi no ho sɛnkyerɛnne ahorow’ nyɛ hwee a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma de kosi ase wɔ ɔkwan a nyansa wom so, na wɔpow asɔfo mpanyin a wɔfrɛ wɔn hyia, mfoa ahorow a wɔde di dwuma, Toson d’Oro—a ɛyɛ kan Bourbonic nniso no mu nsɛm bi a woda so di akyinne ‘wiase’ yi mu kɔnmuade ahorow a wode di dwuma wɔ Paapa no nniso bere mu no . . . akokoduru so a yɛbɛfa akɔ honhom mu nneɛma nkutoo ho no so na ɛbɛma Asɔre no atumi ayi Paapa Montini [Paul VI] nneɛma a ɔhyehyɛ sii hɔ no nyinaa afi hɔ.”
Ɔkyerɛwfo bi a ɔkyerɛw krataa kɔmaa La Repubblica atesɛm krataa no de nne a emu yɛ den kasaa ɔsɔre tiaa guasodeyɛ bebrebe ne ahode ahorow a woyi no adi kyerɛ a atwa Paapa no ho ahyia no, na ɔde asɛm no baa awiei sɛ: “Mensom Paapa a wɔde sika ahyehyɛ no kɔnsɔnn no, na saa ara nso na biribi a efi Vatican a wɔayɛ no te sɛ Arabian Nights nhoma mu anansesɛm no nso nyɛ me nwonwa. Asɛm a mepɛ sɛ mema John Paul te no wɔ nsɛmpa no mu. Bue saa nhoma yi na kenkan no yiye, me dɔfo Paapa. Afei di nsɛm no so na fa di dwuma na yi saa ahode horow a wode ahyehyɛ wo ho no nyinaa ma afoforo, di nea obiara di bi no, fi faako a wugyina a ɛhɔ korɔn dodo no na si fam na wo ne nnipa no nkasa!”
Wɔ Paapa foforo, John Paul II (Wojtyla) fam no, aka sɛ yebehu sɛ ɔde nsakrae bi a ɛfata bɛba Asɔre no nkyerɛkyerɛ ne nhyehyɛe mu. Ansa na ɔrebɛyɛ paapa no, n’ankasa paee mu kae sɛ ɔpene Paul VI asɔfo krataa Humanae Vitae a emu no ɔde sɔre tia nnuru horow a wɔde siw awo ano no akyi. Atesɛm krataa Corriere della Sera a wotintim no October 18 no kaa sɛnea paapa no sɔre “Madonna,” no ho asɛm, na ɔkaa asɛm sɛ wohu n’akyerɛwhyɛde “M” no sɛ ɛka paapa no aniso sɛnkyerɛnne ade a wɔayɛ a paapa a ɔwɔ so mprempren yi pene so no ho. Wɔde saa nokwasɛm ahorow abien yi di dwuma de kyerɛ sɛ adwene horow a wɔde bɛba daakye no bɛyɛ aniani de na ɛremfa nsakrae biara mma nsɔre no mu.
Asɔre no Rehyia Ɔhaw Ahorow
Wobetumi ahu sɛnea Italiafo te nka fa Asɔre no ho no wɔ tebea horow a ɛwɔ wɔn asafo ahorow no mu no mu. Atesɛm krataa Il Messaggero a wotintim no September 29 no faa asɛm bi fii ɔkasa a ɔsɔfo Panyin Poletti a ofi Roma no de too ɔmansin no mu asɔfokuw bi a wɔaboaboa wɔn ho ano no anim no kaa asɛm, na emu na ɔkyerɛkyerɛɛ tebea a Roma mansin no wɔ mu no mu ankasa. Ɔpaee mu kae sɛ:
“Asafo ahorow 68 na ɛwɔ Roma a wonni asɔre anaasɛ ɔdan bi ma asafo no a wɔte adan bi a wɔagye ama wɔn a wɔte mu bere tiaa bi mu a nnipa dodow no ne asɔfo no nyinaa wɔ honhom mu tebea a ɛyɛ awerɛhow mu.”
Poletti kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asafo ahorow pii na ɛwɔ hɔ a “ɛsosoe” a nnipa a wɔwom no dodow fi 30,000 kosi 80,000 na sɛ́ wobedi asɔre horow no ho dwuma, na wɔapow “asɛmpa no ankasa” a wɔde bɛma nkurɔfo no kyerɛ biribi ankasa. Ɔkae sɛ mmeae ahorow pii wɔ hɔ a nnipa pii te hɔ a sɛ wɔredi ɛhɔfo no ho dwuma a anka wobehyia nnipa bɛyɛ 150,000, nanso “wontumi nyɛ beae a wobetumi asom wɔ bere tiaa bi no ho nhyehyɛe,” na “wobegyaw kurow no fa yi, na nnipa no adan akɔ abosonsom ho—asɛmpa bɛn ni!”
Ɛte saa ara wɔ mmeae ahorow. Sɛ nhwɛso no, Palermo yɛ beae a anyɛ yiye koraa no wohia asɔre horow foforo 20. Nanso wɔn adwuma mu mpanyimfo no mu biako kae a wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Giornale di Sicilia no mu sɛ: “Nanso yenni asɔfo ne nea yɛde bɛhyehyɛ eyi.” Saa atesɛm krataa yi bisae sɛ: “Dɛn na wobetumi aka afa amansin no mu asɔre horow no ho? Wɔadan te sɛ ‘pɛtro station ahorow’ a nnipa no kɔ bere a wohia biribi nkutoo. Asɔredan ahorow ne dwuma a wodi wɔ mu no nkɔ yiye, na wɔmfa pii nni dwuma bio. Asɔfo no ntaa mmɔ mpae pii bio . . . Asɔfo a wɔyɛ mmerante no adan wɔn a wɔwɔ adwene a ɛnteɛ wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔte ase sɛ ɛyɛ nkɔso no ho, wɔ bere a asɔfo afoforo de wɔn ho afam adwene horow a ne bere atwam no ho denneennen. Nea afi mu aba ne sɛ nsonsonee yi taa de ntawtawdi ba akuw horow no ntam, na ɛkowie Asɔre no dwumadi ahorow bi a wogyae yɛ koraa mu.”
Adwene a Emu Atu Afra ne Gye a Wonnye Nni
Eyinom nyinaa asɛe asɔfodi no, na ama nnipa no ayɛ wɔn a wonnye nni, asɛm mfa wɔn ho na wonni Asɔre no mu gyidi ne ahotoso; Bɛyɛ sɛ afe 1976 mu tɔnn na ɔsɔfo bi kyerɛw krataa kɔmaa anyamesom nsɛmma nhoma Seminari de kasa tia nokware a ɛyɛ sɛ “mmerante a wɔyɛ asɔfo no mu binom kasa tia Asɔre no, Paapa no ne Asɔfo Mpanyin no wɔ ɔkwan a migye di sɛ Asɔre no atamfo a wɔsen biara no mpo renyɛ saa so, nanso wɔyɛ asɔfo!” no.
Enti wɔn a wɔyɛ Katolek asɔre mma wɔ Italia no adwene mu atu afra wɔn. Nsakrae a aba, te sɛ Latin kasa a wɔayi afi wɔn Mass anaa anɔpa asɔre ne ahyɛde sɛ ɛnsɛ sɛ wodi nam wɔ Fida no ama wɔn mu pii ahaw, wɔ bere a afoforo susuw sɛ nsakrae no ho nhia pii biara. Wɔn a wotwa to yi pɛ sɛ wohu nsakrae akɛse wɔ Asɔre no mu—nsakrae a ɛbɛka nnipa no da biara da asetra.
Sɛ́ obu a wɔwɔ ma asɔfo no resa no da adi wɔ mpɛɛpɛɛmu bi a wɔyɛe a wotintimii wɔ nhoma bi a wɔfrɛ no “Enquiry into Vocations for the Ministry” a Giuseppe Bove kyerɛwee a emu no ɛpɛɛpɛɛ nsɛm a wɔtaa ka de tia asɔfo no mu no. Wɔn a wobisabisaa wɔn asɛm no mu 69 wɔ ɔha biara mu kae sɛ asɔfo no ne wɔn ho nhyia; wɔyɛ sikapɛfo (ɔha biara mu 52) ; wɔtwe wɔn ho fi nnipa ho koraa (ɔha biara mu 33) ; wɔnte mprempren wiase yi ase (ɔha biara mu 30) ; wonni ahokwa asetra ho bɔ a wɔahyɛ no nokware (ɔha biara mu 25) ; wɔde wɔn ho hyɛ amansɛm mu (ɔha biara mu 23) ; mfaso nni wɔn so (ɔha biara mu 21) ; wonnim nea ɛrekɔ so (wɔn a wobisaa wɔn asɛm no mu ɔha biara mu 15) .
Ɛnde dɛn na ɛwɔ hɔ daakye ma Katolek Asɔre a ɛwɔ Italia no? Bere nkutoo na ɛbɛkyerɛ. Nanso ɛyɛ nokware sɛ Kristo, Otemmufo no, bebu nhyehyɛe horow nyinaa, ne afei nso nnipa nkorɛnkorɛ a wɔka sɛ wɔwɔ ne mu gyidi na wodi Onyankopɔn Hene ne ɔsɔfo Panyin a wapaw no no akyi no atɛn. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne Asɔre nhyehyɛe no nnu Kristosom ahwehwɛde anaa gyinapɛn ahorow a wɔde asisi hɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no ho a, ɛnde wɔn nsa renka nhyira biara mfi ne hɔ. Saa nhyehyɛe horow yi anaasɛ nnipa nkorɛnkorɛ no rentumi nnyina.—1 Pet. 4:17, 18; Heb. 4:12; fa to Nahum 1:6 ho.