Dwoodwoo Afirika—Ahiade Kɛse No
WƆAKA afa afirika ho se “dwumadi biako biara nni hɔ a ɛde dɛmdi ne amanehunu pii ba, nanso egye ntetee a ɛkɔ akyiri ankasa ne asɛyɛde kakraa bi pɛ saa.” So aba pɛn sɛ na ɛsɛ sɛ wuguan fi afiri bi a ɛreba kwan mu? Sɛ́ ɔnantewfo, obi a ɔte afiri mu, anaasɛ ofirikafo no, so woahu lɔre akwanhyia bi na woaka sɛnea akwan so awudi pii no haw wo ho asɛm pɛn?
Wɔ Britania no “anantewfo a wokum wɔn anaasɛ wopira wɔn kɛse no dodow akɔ so araa mfe anum.”—The Times.
“Mmarima, mmea ne mmofra bɛyɛ 4,000 na wokunkum wɔn wɔ Canada akwan so . . . afe biara.”—The Toronto Star.
Efi 1981 kosi 1985 mu no, lɔre akwanhyia a esisii wɔ United States no kunkum nnipa 233,200.—The World Almanac, 1987.
“Kar . . . kunkum nnipa pii sen samanwaw, akisikuru, ne komayare wɔ Rio de Janeiro [Brazil].”—O Estado de S. Paulo.
Wɔ wiase nyinaa no, dɛn na eyi kyerɛ?
Afirika—Wɔ Ɛbo bi So
Wɔ wiase nyinaa no, wobu ano sɛ nnipa nkwa ɔpepem nkyem anan mu biako na lɔre akwanhyia twa so afe biara! Sɛnea The Toronto Star kyerɛ no eyi yɛ “nea ɛboro wɔn a wokunkum wɔn afe biara wɔ ɔko ahorow, nsɛmmɔnedi ne adwumam akwanhyia ahorow mu no so.”
Wɔ Britania no wobu ano sɛ onipa biako biara a owu wɔ ɔkwan so no ma wɔbɔ ka pɔn 252,000 (U.S. dɔla 400,000) . Dɛn nti na sika pii saa? Wɔ ka a wɔabɔ wɔ onipa no ho, sika a anka obetumi ayɛ adwuma anya ne nneɛma a asɛe akyi no, ambulance, ayaresabea, ne dwumadi afoforo ho ka nso wɔ hɔ. Afiri a wɔnka no dwoodwoo no bo yɛ den ampa!
“Hokwan a Ɛwɔ hɔ sɛ Wobedi Awu” No
John Moore a na anka ɔyɛ Britania Ɔman Kyerɛwfo ma Akwantu no hu sɛ “ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa nkwa bɛyɛ 5000 na wɔpopa fi Britania afe biara—nanso ɛyɛ den sɛ wɔbɛte anwiinwii bi afi nsɛm ho amanneɛbɔ mu [ne] Britania ɔmanfo hɔ.” Akwan so ahobammɔ akuw horow bi ka sɛ ‘asiane wɔ hɔ sɛ afiri a wɔde di awu bɛba abɛyɛ nipakum kwan a wogye tom.’
Wɔ sɛnea ɛte sɛ nea wɔmfa ho yi akyi no, nokwasɛm biako wɔ hɔ a wɔrentumi nguan mfi ho: Sɛnea woka afiri no betumi de nsonsonoe aba nkwa ne owu ntam ama obi, ebia wo. Alex Miller a ɔyɛ Strathclyde Polisifo a wɔwɔ Scotland no afirika ho sohwɛfo panyin no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Kar biara yɛ awudi ade a ɛma ofirikafo biara nya hokwan sɛ obedi awu.”
Sɛ ofirikafo no, dɛn na ɛno kyerɛ ma wo? Ɛkanyan adwene yiye, ɛnte saa? Nanso ne nyinaa akyi no, afirikafo pii nyɛ aso biara, titiriw wɔn a wɔnom nsa de ka afiri no.
Amanneɛbɔ fi Federal Republic of Germany ba sɛ “lɔre akwanhyia 40,332 a nnipa wuwui anaasɛ wodidii dɛm wom na 20,000 sɛee agyapade pii na esisii wɔ 1984 mu—a na ne nyinaa yɛ nea afirikafo a wɔabow ho wom.” Wɔ Britania no nsa bata akwan so wu abiɛsa biara mu biako ho.
So akontaabu a ɛtete sɛɛ no ma afirikafo a wɔnom nsa bɔ hu? Ɛnte saa, sɛnea polisifo kasamafo bi a ɔwɔ Engiresi Aburokyiri a ɔkaa eyi no kyerɛ no: “Afirikafo dodow bi da so ara wɔ hɔ a wɔasiesie wɔn ho sɛ wobebu wɔn ani agu so na wɔde wɔn ho, wɔn mmusua ne afoforo a wɔnam ɔkwan so ato asiane mu.” Ɔdenimfo Robert Kendell a ɔwɔ Edinburgh Sukuupɔn mu no ka sɛ “biribi te sɛ mmarima dodow a wɔwɔ [Britania] no mu ɔha biara mu 10 na anyɛ yiye koraa no wɔka kar pɛnkoro dapɛn biara bere a wɔanom nsa aboro nea mmara ma hokwan [wɔ mogya mu nsa ho] no so.” Sɛ ɛnyɛ pɛsɛmenkominya ara kwa a, ɛnde na ɛyɛ dɛn?
Ebinom a wɔyɛ mmosa wɔ Britania no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew asɛnnennen no so denam kar a wɔde kɔ asanombea ho nhyehyɛe a wɔyɛ so. Eyi yɛ adwumakuw ahorow a wɔde bus anaasɛ kar bɔ paa a wɔfa wɔn ma wɔde ɔsanomfo no kɔ asanombea a ɔpɛ na wɔsan de no kɔ fie a ɛmfa ho sɛ ne honam mu tebea te dɛn ara no. Wɔ akuw mu no, afirikafo kakraa bi a wɔpɛ sɛ wɔnom nsa no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati asiane denam wɔn mu nea ɔbɛpɛ sɛ ɔka afiri no de kɔ fie a ɔpene so sɛ ɔbɛma n’ani so ada hɔ na nsa a ɛmmow nkutoo na ɔbɛnom a wobedi kan ayi no no so. Ɛwom sɛ ɛte sɛnea mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ no fata nkamfo de, nanso so etumi yɛ yiye? Amanneɛbɔ ahorow bi a epuei wɔ Glasgow Herald mu ka sɛ ade a ɛte sɛɛ a wodi kan yɛ no “nnɔɔso sɛ ɛbɛtew nea efi asanom ne afirika mu ba no so wɔ ɔkwan kɛse biara so.”
Ɛnde, den ne ofirikafo ɔsanomfo asɛnnennen no ho mmuae? Peter Joslin a ɔyɛ Warwickshire polisi panyin no de ba awiei sɛ: “Ɔkwan biara so no ɛsɛ sɛ yɛma asanom ne afirika yɛ ade a wɔmpene so,” na ɔde ka ho sɛ: “Yɛn afotu biako pɛ ne sɛ: ‘Nnom nsa mfa nka afiri.’”
So eyi yɛ akwankyerɛ pa? Aman binom yɛ katee wɔ wɔn afirika mmara horow ho, na wɔtwe ofirikafo a ɔnom nsa no aso dennen. Sweden mmara no ma mpanyimfo no kwan ma wogye obi a ɔka kar wɔ asiane kwan so no kar sɛnea wobegye ɔsekamma anaa tuo afi owudifo bi nsam no ara pɛ. Wɔbɔ amanneɛ sɛ Britania Atemmufo Fekuw no boa bara a wɔbɛbara afirikafo a wodi nkogu wɔ ahome ho sɔhwɛ mu bere biara a wogye di sɛ wobetumi ayɛ bɔne no bio ansa na asɛm no akɔ asennibea no.
Nanso, pii wɔ dwoodwoo afirika no mu sen sɛ wobɛma w’ani so ada hɔ ara kwa.
[Kratafa 3 mfoni]
Wɔ wiase nyinaa no, nnipa dodow a lɔre akwanhyia kunkum wɔn afe biara no dɔɔso sen Iceland nnipa dodow