Bere A Wiase Foforo No Bɛba
ONYANKOPƆN wiase foforo no bɛba bere a dedaw a ɛwɔ hɔ yi atwam no. Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘So yebetumi agye adi ampa sɛ saa wiase yi bɛba awiei?’ Susuw ho hwɛ, so ebi aba awiei pɛn?
Yiw, sɛnea adanse a edi mu kyerɛ no, wiase bi aba awiei pɛn. Bible ka sɛ: “Nsu yirii wiase a ɛwɔ [Noa] bere no so no ma ɛsɛee.” Onyankopɔn ‘ankora tete wiase so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo a ɔto so awotwe no nko na ogyee no, na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase no so.’—2 Petro 2:5; 3:6.
Hyɛ no nsow sɛ “amumɔyɛfo wiase,” anaa nneɛma nhyehyɛe bɔne bi na wɔsɛee no. Ɛnyɛ Asase okyinsoromma yi, wim a nsoromma ayɛ hɔ ma no, anaa adesamma abusua no na ɛbaa awiei. Bere a wɔn a wofii nsuyiri no mu kae no dɔɔso no, wiase foforo bi (yɛn de a ɛwɔ hɔ mprempren yi) bae. Dɛn na ɛbɛba so?
Bere a Bible no ka sɛ wiase a na ɛwɔ hɔ wɔ Noa nna no mu sɛee akyi no, ɛkɔ so ka sɛ: “Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya.” (2 Petro 3:7) Ogya kyerɛ ɔsɛe ma wiase no. Nokwarem no, “wiase [nea ɛwɔ hɔ nnɛ yi] retwam.” (1 Yohane 2:17) Nanso da bɛn?
Ná Yesu asomafo no pɛ sɛ wohu, enti wobisae sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Yesu rebua no, ɔkaa sɛnkyerɛnne a ɛbɛma nnipa a wɔbɛtra ase wɔ bere a ebenya mmamu no atumi ahu sɛ ɛnkyɛ na wiase bi akɔ awiei ma wiase foforo abesi ananmu. Dɛn ne saa sɛnkyerɛnne no?
Sɛnkyerɛnne No
Sɛnkyerɛnne no wɔ afã ahorow pii, yiw, ɔkaa nneɛma ahorow pii a ebesisi ho asɛm. Sɛ sɛnkyerɛnne no benya mmamu a, na ɛsɛ sɛ eyinom nyinaa bam wɔ ɔkwan a ɛda nsow so wɔ bere koro mu, wɔ awo ntoatoaso biako mu nso. (Mateo 24:34) Dɛn ne saa nsɛm ahorow yi?
Nneɛma ahorow a Yesu bobɔɔ din no bi ni: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so. Na asasewosow kɛse bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba.” “Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo. . . . Amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.”—Luka 21:10, 11; Mateo 24:7-9, 12.
Ɔsomafo Paulo kaa tebea afoforo a ɛbɛhyɛ “nna a edi akyiri no” agyirae ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, . . . awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, . . . anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.”—2 Timoteo 3:1-5.
Nokwarem no, woahu anaa woate saa nneɛma yi nyinaa ho nsɛm—amanaman ntam akodi ahorow a ɛkyɛn kan akodi ahorow, asasewosow akɛse, ɔyaredɔm ne aduankɔm, nitan ne Kristo akyidifo a wɔtaa wɔn, amumɔyɛ a adɔɔso, ne mmere a emu yɛ den a ebi mmae da. Saa nneɛma yi akyi no, Bible no ka sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Na nnipa resɛe asase no mprempren!
November a etwaam no, atesɛm nkrataa kaa nsɛm tete sɛ eyi: “Nyansahu mu Animdefo Bɔ Asase Sɛe Ho Kɔkɔ.” Ɔbenfo Henry Kendall, a wagye Nobel Prize (akyɛde a wɔde ma nnipa a wodi dwuma horow ma adesamma yiyedi) abodin no pɛn, na ɔyɛ anyansahufo a nsɛm haw wɔn kuw no guamtrani kae sɛ: “Saa kɔkɔbɔ yi nyɛ asɛm a wɔagugu mu, na ɛnyɛ asɛm a wɔka de yi hu ara kɛkɛ.” Atesɛm krataa biako mu asɛm bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Anyansahufo 1,575 a wɔagye din kɛse wɔ wiase nyinaa na wɔkyerɛw saa kɔkɔbɔ no.” Ɛnsɛ sɛ yebu ani gu wɔn kɔkɔbɔ a ɛfa yɛn asase yi sɛe koraa ho no so!
Akyinnye biara nni ho. Sɛnkyerɛnne no afã ahorow nyinaa abam, a Yesu nkɔmhyɛ titiriw no ka ho: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba,” yiw, wiase yi awiei. (Mateo 24:14) Yesu kae sɛ, bere a wɔaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no akyi na awiei no bɛba. Na Yehowa Adansefo reka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa sɛnea wɔkae no ara mprempren!
Nea Ehia sɛ Woyɛ
Enti, adanse nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn wiase foforo no abɛn pɛɛ. Nanso, sɛ wubefi wiase yi awiei no mu aka na woanya wiase foforo no mu asetra mu anigye a, ehia sɛ woyɛ biribi. Bere a Bible no aka sɛ ‘wiase no retwam’ akyi no, ɛkyerɛkyerɛ nea ɛho hia sɛ woyɛ mu sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
Enti ɛho hia sɛ wusua Onyankopɔn apɛde na woyɛ. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ eyi. Sɛ woyɛ saa a wubetumi afi saa wiase yi awiei no mu aka na woanya daa nhyira ahorow wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Amanehunu bere kɛse bi di wiase foforo no anim pɛɛ
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]
NASA photo