Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 12/8 kr. 5-9
  • Wiase Bɛn Na Wopɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Bɛn Na Wopɛ?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahwehwɛde a Edi Kan
  • Wiase a Nnuan Pii Wom
  • Wiase a Ɔyare Nnim
  • Adwuma Pa ne Atɛntrenee ma Obiara
  • Hokwan Ahorow ne Ahomegye
  • Nkurɔfo Ko a Wɔbɛtra Asase So
  • Da Bɛn na Ɛbɛba?
  • Wɔhyɛ Asetra Pa Ho Bɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu
    Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu
  • Wiase Foforo No Abɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Wiase Foforo a Ɛyɛ Nwonwa a Onyankopɔn Reyɛ No
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 12/8 kr. 5-9

Wiase Bɛn Na Wopɛ?

SƐ WOWƆ tumi a, so anka wobɛbɔ wiase foforo, wiase a ɔhaw ahorow a ɛhaw nnipa nnɛ nnim? Sɛ anka wobɛyɛ saa a, ɛnde so ɛnyɛ nea ɛfata sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ, Yehowa Nyankopɔn a ɔwɔ tumi no bɛyɛ trenee wiase foforo?

Bible no ka sɛ: “[Yehowa] ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so. Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:9, 16) Nneɛma a wopɛ no bi ne dɛn? Wiase bɛn na wo kɔn dɔ?

Abraham ne Rose Franzblau kyerɛwee wɔ wɔn nhoma A Sane and Happy Life: A Family Guide mu sɛ: “Sɛ yɛreyɛ nhwehwɛmu de ahu nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa adwene a wokura na yɛabisabisa adesamma wiase ko a wɔpɛ sɛ wɔtra mu a, ɛda adi sɛ anka yɛn nyinaa betumi ayɛ adwenkoro wɔ ahiade ahorow bi ho.”

Momma yɛnhwehwɛ ahiade ahorow a saa abenfo yi ahyehyɛ no mu nhwɛ, sɛ ɛnyɛ saa nneɛma koro no ara na wopɛ a. Bere a yɛyɛ saa nhwehwɛmu yi no, yebehu nso sɛ ebia yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa nneɛma yi ara ama yɛn a.

Ahwehwɛde a Edi Kan

Ahwehwɛde a edi kan a abenfo no kyerɛwee ne “wiase a akodi nnim.” Bere a wɔahu amane wɔ akodi a ɛyɛ hu mu akyi no, nnipa pii ani agyina wiase bi a emu nnipa renko na wonkunkum wɔn ho wɔn ho bio. Wɔakyerɛw nea wɔrehwɛ kwan no agu ɔfasu ho wɔ Amanaman Nkabom dwumadibea hɔ wɔ New York Kuropɔn mu, a ɛkan sɛ: WƆDE WƆN NKRANTE BƐBOBƆ NSƆW. NE WƆN MPEAW AYEYƐ NNARE: ƆMAN BI REMMA AFOA SO NHYƐ ƆMAN BI. NA WƆRENSUA AKODI BIO.

So wunim sɛ saa nsɛm yi yɛ ɛbɔ a Yehowa Nyankopɔn ahyɛ no fã? Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu wɔ Yesaia ti 2, nkyekyem 4, wɔ King James Version mu. Sɛ wokenkan Dwom 46:8, 9 nso a, wubehu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛsɛe akode ahorow nyinaa na wama ‘akodi agyae akosi asase ano.’ Wɔ Onyankopɔn wiase a asomdwoe wom na ɔko nnim mu no, saa Bible nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi bɛbam: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.”​—Mika 4:4.

So worenka “wiase a ɔko nnim” ho asɛm sɛ ahiade titiriw wɔ wiase ko a wopɛ ho? Na wo de susuw ho hwɛ, yɛn Bɔfo Kɛse no ahyɛ ho bɔ!

Wiase a Nnuan Pii Wom

Dɛn na ɛbɛyɛ w’ahiade a ɛtɔ so abien? So ɛbɛyɛ nea edi so a wɔaka ho asɛm yi, “wiase a ɔkɔm nnim, a wobeyi aduankɔm ne ohia afi mu koraa” no? So ɛrenyɛ anigye sɛ anka wɔrenhu abofra biara a ɔkɔm de no bio? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛtra wiase a nnuan pii wom mu. Nanso hena na obetumi de eyi aba?

Susuw nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho hwɛ: “Asase abɔ n’aduan.” ‘Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.’ (Dwom 67:6; 72:16) Yiw, nnuan pa bebu so wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ Yehowa “bɛtow aman nyinaa pon . . . : sradeduan, nsa a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.”​—Yesaia 25:6.

Bere a nnipa ntumi mfa wiase a ɔkɔm nnim mma no, ɛmmoro Onyankopɔn tumi so sɛ ɔde bɛba. Ne Ba Yesu Kristo daa no adi sɛ, aduan a wɔbɛma obiara anya bi adi renyɛ asɛnnennen wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔnam abodoo ne mpataa kakraa bi a ɔma ɛdɔɔso anwonwa kwan so so maa nnipa mpempem aduan.​—Mateo 14:14-21; 15:32-38.

Wiase a Ɔyare Nnim

Worenhu onipa a ɔyare wɔ wiase a yɛn nyinaa pɛ no mu baabiara. Enti ahiade a ɛtɔ so abiɛsa no nyɛ nwonwa. Abenfo no kyerɛwee sɛ: “Ɛbɛyɛ wiase a ɔyare nnim, wiase a obiara benya hokwan anyin a ɔwɔ akwahosan na wakɔ so atra ase a ɔyare bi renhaw no bio.”

Hwɛ ahomeka a ɛbɛyɛ sɛ ɔpakum anaa yare afoforo bi remmɔ obiara bio! Nnipa ntumi nyi ɔyare mfi hɔ, nanso Yehowa Nyankopɔn betumi. Na ɔhyɛ bɔ sɛ wɔ ne wiase foforo no mu no, ‘obiara renka sɛ: Magoruw!’ Mmom no, ‘saa bere no na anifuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.’ (Yesaia 33:24; 35:5, 6) Yiw, Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’​—Adiyisɛm 21:4.

Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ nea yebetumi ahwɛ ne kɛse kwan wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu ho nhwɛso. Obuee anifuraefo aniwa, na ɔmaa asotifo tee asɛm, ɔmaa mum kasae, mpakye nantewee, na onyanee awufo mpo.​—Mateo 15:30, 31; Luka 7: 21, 22.

Adwuma Pa ne Atɛntrenee ma Obiara

Akyinnye biara nni ho sɛ obiara benya adwuma pa na wobebu atɛntrenee wɔ wiase a ɛkame ayɛ sɛ obiara pɛ no mu. Enti abenfo no kyerɛwee sɛ: “Nea ɛtɔ so anan no, ɛbɛyɛ wiase a wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ adwuma de hwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua nyinaa benya adwuma ayɛ.” Na wɔde kaa ho sɛ: “Nea ɛtɔ so anum no, ɛbɛyɛ wiase a emu mmara bɛma obiara ho atɔ no na wɔne obiara bedi no atɛntrenee mu.”

Nnipa nniso ntumi nnii saa ahiade ahorow yi ho dwuma wɔ nnipa asetram mmaa wonnyaa anigye da. Nanso Onyankopɔn wiase foforo no bɛyɛ saa. Ɛdefa adwuma a mfaso wɔ so a nkurɔfo bɛyɛ saa bere no ho no, Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. . . . na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu.”​—Yesaia 65:21-23.

Na ahotɔ ne atɛntrenee a obiara benya nso ɛ? Ɛmfa ho mmɔden kɛse biara a nnipa sodifo ahorow abɔ sɛ wobedi eyinom ho dwuma ama nnipa no, wɔadi nkogu. Nsisi ne nhyɛso kɔ so di hene wɔ wiase nyinaa. Enti nnipa ntumi mfa saa ahiade ahorow yi mma da. Nanso Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn betumi. Ne Hene a wapaw no ne Yesu Kristo a wanyan afi awufo mu no, na Yehowa ka ne ho asɛm sɛ: “Nea mapaw no a me kra ani sɔ no; . . . ɔde [atɛntrenee] befi akɔ amanaman mu.”​—Yesaia 42:1; Mateo 12:18.

Yiw, Bible hyɛ bɔ sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:21) Wiase foforo a anigye wom bɛn ara na eyi bɛyɛ bere a ahotɔ ne atɛntrenee wɔ hɔ ma obiara no!

Hokwan Ahorow ne Ahomegye

Nokwarem, wɔ wiase a wopɛ no mu no, emufo nyinaa benya hokwan koro, a abusua anaa ɔman a obi fi mu mfa ho. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ahiade a ɛtɔ so asia wɔ nea abenfo no ahyehyɛ mu no ne eyi: “Wiase a onipa biara benya hokwan ada ne su ahorow ne nea otumi yɛ ankasa adi yiye, na wanya ne mmɔdenbɔ so akatua a obiara rennya ne ho adwemmɔne.”

Nnipa ntumi mfaa wiase bi a emu nnipa biara bu ne yɔnko nnipa pɛpɛɛpɛ mmae da. Mmusuakuw nketewa a wɔmpɛ wɔn asɛm ho adwemmɔne ne taa a wɔtaa wɔn mpo kɔ so ara. Nanso, Onyankopɔn wiase foforo no so Hene, Yesu Kristo bedi Yehowa, n’Agya a “ɔnhwɛ nnipa anim na onnye adanmude” no nhwɛso akyi. (Deuteronomium 10:17; Romafo 2:11) Nea ɛbɛma wiase foforo a ɛreba no mu tra ayɛ anigye kɛse ne sɛ, ɛnyɛ kyerɛ nko na wɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa ma wɔasuasua hwɛ a Yehowa Nyankopɔn nhwɛ onipa anim no, na mmom wɔde nea wosua no bedi dwuma nso.​—Yesaia 54:13.

Mpɛn pii no nnipa sɛe wɔn bere nyinaa de yɛ adwumaden a ɛmma wɔn ahotɔ biara. Enti akyinnye biara nni ho sɛ wubegye ahiade a edi so yi atom: “Nea ɛtɔ so ason no, ɛbɛyɛ wiase a obiara benya bere de agye n’ahome de nneɛma a obu no sɛ asetra mu nnepa no agye n’ani.”

Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn nim hia a ɛhia sɛ onipa gye n’ahome na odwudwo ne ho bere ne bere mu nti, ɔyɛɛ dapɛn dapɛn homeda ho nhyehyɛe wɔ ne tete Mmara no mu. (Exodus 20:8-11) Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ wɔ wiase foforo no mu no, Onyankopɔn bɛhwɛ ma yɛadi yɛn ahomegye ne anigyede ahorow a ɛfata no ho dwuma.

Nkurɔfo Ko a Wɔbɛtra Asase So

Ade a ɛho hia a etwa to a abenfo no de mae no ka su ahorow a wɔn a wɔbɛtra “wiase a yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛtra mu” mu wɔ no ho asɛm. Wo nso hwehwɛ mu hwɛ sɛ su ahorow a wɔahyehyɛ no ho nhia a. “Nea ɛtɔ so awotwe no, ɛbɛyɛ wiase a obiara bɛkyerɛ obu kɛse wɔ su ahorow a ɛma nnipa da nsow wɔ mmoa ho te sɛ nimdeɛ ne su a ɛma nnipa ankasa tumi yɛ nneɛma, nidi ne anidahɔ, ɔdɔ ne nokwaredi, obu ne ayamye, ne susuw a onipa susuw ne mfɛfo nnipa ho no ho.”

So w’ani rennye sɛ wobɛtra wiase bi a obiara bɛda abrabɔ su ahorow a ɛne anidahɔ, ɔdɔ, ne ayamye adi, na obiara asusuw ne yɔnko nnipa ho mu? Nokwarem no, eyi ne wiase a wopɛ! Nnipa sodifo biara ntumi mfa eyi mma da. Yehowa nkutoo na obetumi ayɛ eyi. Na ɔbɛyɛ efisɛ ne wiase foforo no nyɛ biribi a ebetumi adi huammɔ anaa anidaso hunu bi.​—Dwom 85:10, 11.

Da Bɛn na Ɛbɛba?

Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, obi a na ɔbɛn Yesu Kristo yiye kyerɛwee sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Sɛnea Yesu kae no, saa bɔhyɛ yi bɛbam wɔ ‘awofoforo no mu, da a onipa Ba no bɛtra n’anuonyam ahengua so no.’​—Mateo 19:28.

Mfiase no Onyankopɔn hyɛɛ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa sɛ wɔntrɛw Paradise turo a Ɔde wɔn koduaa mu no mu. Ná ɔpɛ sɛ wɔwo mma na wɔyɛ asase no nyinaa Eden turo fɛfɛ. (Genesis 1:26-28; 2:7-9, 15) Ɛwom sɛ Adam ne Hawa antumi anni saa atirimpɔw yi ho dwuma de, nanso wɔbɛsan de asase so Paradise no asi hɔ wɔ awofoforo no mu. Awiei koraa no, wɔbɛtrɛw tebea a na ɛwɔ Eden no mu akɔ wiase nyinaa. Enti yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no bɛma ne mfitiase atirimpɔw no abam ma wiase a asomdwoe ne trenee wom aba. Nanso da bɛn na ɛbɛba?

So wo nsusuwii te sɛ nnipa pii a wɔka sɛ, ‘Oh, ɛbɛba de nanso ɛnyɛ yɛn bere yi so’ no? Nanso, wobɛyɛ dɛn ahu? So yɛn bere yi a ɔhaw a ebi mmaa da wom yi betumi ayɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wiase foforo no abɛn? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Asomdwoe, akwahosan a edi mũ, ne yiyedi bɛba wiase foforo no mu

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Nnipa benya adwuma a mfaso wɔ so mu anigye wɔ wiase foforo no mu

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Nnipa benya bere de agye wɔn ani wɔ wiase foforo no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena