Wiase Foforo—So Ɛbɛba Da Bi?
WƆ APRIL 13, 1991 no, George Bush a na ɔyɛ United States ɔmampanyin no maa ɔkasa bi wɔ Montgomery, Alabama, ná n’asɛmti ne sɛ: “Wiase Nhyehyɛe Foforo a Ɛreba.” Bere a ɔde ne kasa no reba awiei no, ɔkae sɛ: “Wiase foforo bi a ɛreba . . . , ɛyɛ wiase a ɛyɛ nwonwa a yɛahu.”
Asram abien akyi no, The Bulletin of the Atomic Scientists kae sɛ bere a Kɔmunist nniso agu wɔ Europa Apuei no, “wiase nhyehyɛe foforo a egyina asomdwoe, atɛntrenee, ne demokrase so abɛn.”
Wiase foforo ho nsɛm a ɛtete saa a wɔka no atoa so abedu 1993 mu. The New York Times bɔɔ apam bi a wɔayɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛtew nuklea akode so ho amanneɛ wɔ January mu. Atesɛm krataa no kae sɛ: “Sɛnea Ɔmampanyin Bush nsɛm a ɔdwenee ho yiye kae no kyerɛ no, eyi ama Amerika ne Rusia ‘abɛn wiase foforo bi a anidaso wom aboboano.’”
Ɛno akyi adapɛn abien no U.S. ɔmampanyin foforo, Bill Clinton, kae wɔ ne kasa a ɔmae wɔ da a wɔde no sii agua so no mu sɛ: “Ɛnnɛ, ahotɔ kɛse wɔ wiase foforo no mu bere a nhyehyɛe dedaw yi retwam no, nanso asomdwoe nnim.” Ɔkae mpo sɛ: “Saa wiase foforo yi ama Amerikafo mpempem pii adi yiye wɔ wɔn asetram dedaw.”
Enti wɔaka wiase foforo bi ho asɛm kɛse—wɔ ɔkwan a eye na ɛyɛ soronko so. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, George Bush kaa “Wiase Nhyehyɛe Foforo” ho asɛm mpɛn 42 wɔ ne baguam kasa ahorow mu wɔ bere tiaa bi mu.
Nanso so ɔkasa a ɛte saa yɛ ade foforo? So wɔate bi pɛn?
Ɛnyɛ Ade Foforo
Wɔ May 1919, Wiase Ko I akyi pɛɛ no, Church of Christ Asɔre Ahorow Nkabom a ɛwɔ Amerika no mpanyimfo yɛɛ nhyiam bi wɔ Cleveland, Ohio, na wɔbɔɔ ‘wiase foforo a eye a ebetumi aba’ ho amanneɛ. Ɔkasafo bi kae sɛ: “Ɛbɛyɛ wiase foforo a akansi honhom befi hɔ ama abusuabɔ pa ne fekubɔ honhom asi ananmu. Ɛbɛyɛ wiase foforo a biakoyɛ honhom besi mpaapaemu honhom ananmu . . . Ɛbɛyɛ wiase foforo a onuadɔ ne adamfofa su beyi ɔtan ahorow nyinaa afi hɔ gye ɔko a wɔko tia bɔne no nkutoo.”
Asɔre ahorow no gyee saa wiase foforo a ɛbɛba no dii wɔ ɔkwan bɛn so? So wogye dii sɛ Onyankopɔn Ahenni nniso a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Bible mu no na ɛde bɛba? Dabi. Ná wɔhwɛ kwan sɛ amammui ahyehyɛde bi na ɛde wiase foforo a ɛte saa bɛba. Asɔre panyin bi kae sɛ: “Nea yɛka ho asɛm nnɛyi sɛ Amanaman Apam no yɛ ade a ɛho hia a yentumi nkwati, efisɛ yɛn Kristofo gyidi ne yɛn wiase mmɔdenbɔ nyinaa na ɛde aba.” Asɔre akannifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no kamfoo Amanaman Apam no kyerɛe sɛ ɛno ne “amammui ahyehyɛde a egyina Onyankopɔn Ahenni no ananmu wɔ asase so.”
Nanso, ɔkannifo tumidifo bi a na ɔwɔ Germany, Adolf Hitler, sɔre tiaa Amanaman Apam no, na ɔde Germany Third Reich nniso no sii hɔ wɔ 1930 mfe no mu. Ɔkae sɛ Reich nniso no bedi tumi mfe apem na adi nea Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi adi ho dwuma no ho dwuma. Hitler kae sɛ: “Me ne mmofra na ɛrefi ase. Bere a me ne wɔn yɛ adwuma no metumi ayɛ wiase foforo.”
Hitler maa wosii agumadibea kɛse bi wɔ Nuremberg de daa Nasi nniso no tumi adi. Ne titiriw no, wosisii adum akɛse 144 wɔ adehwɛpon bi a ne tenten reyɛ adu mita 300 so. Dɛn nti na wosisii adum 144 no? Bible no ka nnipa 144,000 a wɔne Yesu Kristo, “Oguammaa no,” bedi ade mfirihyia apem ho asɛm. (Adiyisɛm 14:1; 20:4, 6) Ɛda adi pefee sɛ, sisi a wosisii adum 144 wɔ Nuremberg agumadibea hɔ no nyɛ asɛm a ɛne asɛm hyia ara kɛkɛ, efisɛ Bible mu nsɛm ne agyiraehyɛde ahorow a Nasi mpanyimfo no de dii dwuma no ho adanse wɔ hɔ.
Dɛn na efii mmɔden a nnipa bɔe sɛ wɔbɛma nea Bible ka sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi adi ho dwuma abam no mu bae?
Nkogu a Nnipa Mmɔdenbɔ Adi
Abakɔsɛm di ho adanse pefee sɛ Amanaman Apam no dii nkogu wɔ wiase foforo a asomdwoe wom a ɛkyerɛe sɛ ɛde bɛba no ho. Saa ahyehyɛde no hwee ase bere a amanaman no de wɔn ho hyɛɛ Wiase Ko II mu no. Afei Nasi nniso no nso hwee ase wɔ mfe 12 pɛ akyi. Na ɛyɛ nkogudi koraa a ɛyɛ animguase ma adesamma abusua no.
Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa adi nkogu bere nyinaa wɔ mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛhyehyɛ wiase foforo a asomdwoe wom no mu. Kan U.S. Aban Soafo Panyin Henry Kissinger kae sɛ: “Anibuei biara a aba pɛn nyinaa ahwe ase, nkogudi ne akwanhwɛ ahorow a annya mmamu koraa ahyɛ abakɔsɛm mu ma.”
Ɛnde, wiase nhyehyɛe foforo a wiase akannifo abɔ ho dawuru nnansa yi no nso ɛ? Mmusuakuw ntam basabasayɛ ahorow a abu so no ama wiase foforo a ɛte saa ho asɛm a wɔka ayɛ aseresɛm ankasa. Sɛ nhwɛso no, March 6 a atwam yi, sɛnkyerɛwfo William Pfaff dii fɛw kae sɛ: “Wiase nhyehyɛe foforo no aba. Ɛredi dwuma yiye na ɛyɛ foforo ampa, ehyira ntua, nhyɛso ne abusuakuw bi a wɔtɔre wɔn ase so sɛ adeyɛ a wɔpene so wɔ wiase nyinaa.”
Akodi a ɛyɛ hu ne nneɛma bɔne ahorow a asisi fi bere a Kɔmunist nniso gui no yɛ hu yiye. Aka bere tiaa bi ma George Bush afi agua so sɛ ɔmampanyin wɔ January mu no, ɔno mpo gye toom sɛ: “Ɛnkyɛ, wiase foforo no mu betumi ayɛ hu te sɛ dedaw no ara.”
So Anidaso bi wo Hɔ?
So eyi kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ koraa? So wiase foforo no yɛ anidaso hunu ara kwa? Ɛda adi sɛ nnipa ntumi mfaa wiase foforo biara mmae. Na Ɔbɔadeɛ no bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛyɛ saa no nso ɛ? Bible no ka sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo.”—2 Petro 3:13.
Ɔsoro foforo a Onyankopɔn hyɛ ho bɔ no yɛ nniso foforo a ebedi asase so. Nniso foforo no ne Onyankopɔn Ahenni, ne soro nniso a Yesu kyerɛe sɛ nnipa mmɔ ho mpae no. (Mateo 6:9, 10) Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo 144,000 no na wɔbɛbom ayɛ saa ɔsoro nniso no mufo saa bere no, na asase foforo no bɛyɛ adesamma abusua foforo. Yiw, wɔbɛtra wiase foforo a anuonyam wom mu na wɔde nokwaredi ataa Onyankopɔn nniso no akyi.
Onyankopɔn Ahenni nniso no bedi wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no so. Enti ɛnyɛ nnipa na ɛde saa wiase foforo yi bɛba. Bible encyclopedia bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn Ahenni nyɛ biribi anaa nhyehyɛe bi a nnipa de bɛba.” “Ahenni no yɛ ɔsoro adeyɛ, na ɛnyɛ nnipa na ɛde bɛba, na saa ara nso na ɛnyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so mpo na ɛde bɛba.”—The Zondervan Pictorial Encyclopedia of the Bible.
Wiase foforo a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni ase no bɛba ampa. Wubetumi de wo ho ato ne ba no so efisɛ, “Onyankopɔn a onni atoro” na ahyɛ saa bɔ no. (Tito 1:2) Yɛsrɛ wo susuw wiase ko a Onyankopɔn wiase foforo no bɛyɛ no ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
NASA photo