Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/15 kr. 3
  • Wɔhwehwɛ Wiase Nhyehyɛe Foforo Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔhwehwɛ Wiase Nhyehyɛe Foforo Bi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnyɛ Adehwehwɛ a Ɔhaw Nnim
  • Onipa Nhyehyɛe Ma Amanaman Ntam Dwoodwoo Asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Wiase Nhyehyɛe Foforo” No—Amfi Ase Yiye
    Nyan!—1996
  • Wiase Foforo​—So Ɛbɛba Da Bi?
    Nyan!—1993
  • So Wiase Asomdwoe Abɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/15 kr. 3

Wɔhwehwɛ Wiase Nhyehyɛe Foforo Bi

“YENNI asase mfonini biara a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan akɔ faako a yɛrekɔ, a ɛne saa wiase foforo yi a yɛn ankasa reyɛ no mu. Bere a wiase no bu kɔmpɔ hwɛ mfe aduɔkron akodi, ntawntawdi, ne nsusuwii bɔne no, momma yɛnhwɛ​—afeha foforo, ne mfirihyia apem foforo asomdwoe, ahofadi ne yiyedi nso kwan.”

U.S. ɔmampanyin George Bush na ɔkaa saa asɛm no wɔ January 1, 1990 mu. Wɔ nkrasɛm bi a ɛte saa ara mu no, Rusia ɔmampanyin Mikhail Gorbachev kae sɛ wɔnyɛ biako wɔ 1990 mfe no mu, mfa nyi “ehu ne afoforo mu ahotoso a wonni, akode ahorow a ɛho nhia, amammui nsusuwii ne sraadi nkyerɛkyerɛ ahorow a ne bere atwam, ne nnipa ne aman ntam ahye ahorow a nnipa ayɛ mfi wiase no mu.” Saa na Japanfo January 3, 1990 Mainichi Daily News bɔɔ amanneɛ.

Ɛda adi sɛ na wɔanya anidaso kɛse. Na wɔda so ara wɔ saa anidaso no wɔ afe biako akyi. Ɔmampanyin Bush kaa Persian Gulf no mu akodi ho asɛm wɔ Amerika Baguafo nhyiam anobue ɔkasa a ɔmae January 29, 1991 no mu sɛ: “Ɛnyɛ ɔman ketewa biako [Kuwait] nkutoo na ɛho aba asɛm, mmom no ɛyɛ nsusuwii kɛse​—wiase nhyehyɛe foforo bi a emu aman ahorow aka abom na wokura botae koro a ɛne sɛ wobenya nea adesamma hwehwɛ wɔ baabiara: asomdwoe ne ahotɔ, ahofadi ne mmara sodi.”

Ɛnyɛ Adehwehwɛ a Ɔhaw Nnim

Ɔhaw pii siw onipa kwan wɔ wiase nhyehyɛe foforo bi a ɔhwehwɛ no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ akodi ahorow yɛ akwanside. January 28, 1991 Time nsɛmma nhoma no reka ɔko a na ɛrekɔ so saa bere wɔ Iraq ne Kuwait ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Bere a wɔtotow atopae na aprɛm mmobaa nenam wim no, basabasayɛ a yenim no besii wiase nhyehyɛe foforo bi ho anidaso ahorow ananmu.” Nsɛmma nhoma no de kaa ho sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ wiase nhyehyɛe foforo a wɔde hoahoa wɔn ho kɛse no aba anaasɛ abɛn mpo.”

Amanaman ntam biakoyɛ mmae da, na eyi siw mmɔden a onipa bɔ sɛ ɔde wiase nhyehyɛe foforo bi bɛba no kwan. Nhomanimfo hwehwɛɛ “aman afoforo ho nhyehyɛe ahorow a aman a wɔwɔ tumi no reyɛ ne sɛnea ebetumi aka wiase nhyehyɛe foforo no” mu wɔ amanneɛbɔ bi a epuei wɔ The World & I (January 1991) nhoma no mu. Samufo no de baa awiei sɛ: “Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɔko ne asomdwoe ntam ɔhye yɛ ketewaa bi wɔ mmere a eye sen biara mu. Amanaman ntam biakoyɛ, ne titiriw no aman a wɔwɔ tumi no ntam biakoyɛ, ho hia titiriw na ama wɔatumi adan afi Tumidi ho Apereperedi no so aba wiase nhyehyɛe foforo bi mu.”

Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ɔhaw ahorow nso siw wiase nhyehyɛe foforo a nnipa pii hwɛ kwan sɛ wobenya no kwan. Lester R. Brown kae wɔ State of the World 1991 (Worldwatch Institute amanneɛbɔ bi) no mu sɛ: “Obiara rentumi mfa ahotoso nkyerɛ sɛnea wiase nhyehyɛe foforo no bɛyɛ. Nanso sɛ yebetumi ahyehyɛ daakye pa bi ama awo ntoatoaso a edi hɔ no a, ɛnde mmɔden kɛse a ehia sɛ yɛbɔ na ama okyinsoroma no so nneɛma a ɛsɛe no agyae no bɛkɔ so ayɛ ade titiriw wɔ wiase nsɛm mu wɔ mfe du du pii a ɛbɛba no mu.” Amanneɛbɔ no kae sɛ mframa a wɔsɛe no “adu baabi a ebetumi asɛe akwahosan wɔ nkuropɔn ɔhaha pii mu, ne baabi a ɛsɛe nnɔbae wɔ aman pii mu.” Ɛde kaa ho sɛ: “Bere a okyinsoroma yi so nnipa redɔɔso no, afifide ne mmoa dodow so tew. Afifide ne mmoa atrae a wɔsɛe no ne efi rema asase no so abɔde a nkwa wom ahorow bi ase atɔre. Wim a ɛkɔ so yɛ hyew no ne mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛkɔ so sɛe no betumi ama afoforo pii ase atɔre.”

Enti, ɛda adi pefee sɛ wiase nhyehyɛe foforo bi a onipa rehwehwɛ no mu wɔ ɔhaw ahorow. So wobetumi anya nea wɔhwehwɛ no? So wobetumi aka sɛ wiase nhyehyɛe foforo bi abɛn? Sɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na aba?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena