Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 8/8 kr. 20-22
  • “Wiase Nhyehyɛe Foforo” No—Amfi Ase Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wiase Nhyehyɛe Foforo” No—Amfi Ase Yiye
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akodi Ahorow Nnyae Ma Ɛyɛ Awerɛhow
  • Ɛreyɛ Ahwe Ase Wɔ Sika Fam
  • Nyamesom, Tumi a Ɛboa Ma Nneɛma Gyina?
  • Afedi Atitiriw a na Enni Nnyinaso Pa
  • Bere a Wiase Nhyehyɛe Foforo no Annyina no, Nokware Teokrase Kɔɔ So!
  • Onipa Nhyehyɛe Ma Amanaman Ntam Dwoodwoo Asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Wɔhwehwɛ Wiase Nhyehyɛe Foforo Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Esum Ase Nneyɛe Wɔ Awurade Din Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wiase a Akodi Nnim Betumi Aba?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 8/8 kr. 20-22

“Wiase Nhyehyɛe Foforo” No—Amfi Ase Yiye

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ

BERE a 1991 bae no, na nkurɔfo wɔ anidaso. Ná Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no atwam. Ampa, August a na atwam no, na Iraq atow ahyɛ Kuwait so ma ɛho haw no wɔ hɔ. Nanso na Amanaman Nkabom no asiesie ne ho rebɛkyerɛ ne tumi, na wɔahyɛ Iraq sɛ emfi hɔ ansa na January 15 adu. Wɔyɛɛ ntɛm boaboaa UN asraafo kuw ano fii aman 28 mu a na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛhyɛ Iraq ma abrɛ ne ho ase, de taa saa ahyɛde no akyi. Ná nkurɔfo renya anidaso a emu yɛ den sɛ sɛnea wiase aman no gyinaa pintinn no kyerɛe sɛ bere foforo bi afi ase.

George Bush a na ɔyɛ U.S. ɔmampanyin saa bere no kaa “hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ yɛn ankasa ne nkyirimma betumi de wiase nhyehyɛe foforo aba, wiase a wɔde mmara, na ɛnyɛ mmara a enni nnyinaso, na ebedi amanaman ntam nsɛm” no ho asɛm.

Iraq anni January 15 a wɔhyɛɛ wɔn no so, na ɛma wɔtotow atopae a efi wimhyɛn mu ne aprɛm pii guu Iraq asraafo nsraban so. Ɛda adi pefee sɛ na wiase aman no ani abere. Annu asram abiɛsa na UN no kae wɔ April 11 sɛ wɔako Gulf Ko no awie. Ɛyɛɛ te sɛ nea wiase nhyehyɛe foforo a asomdwoe wom ne amammui nhyehyɛe pa ho bɔhyɛ no rebam ankasa.

Akodi Ahorow Nnyae Ma Ɛyɛ Awerɛhow

Wɔ 1991 mfinimfini no, adehyeman abien, Slovenia ne Croatia, kae sɛ wɔpɛ sɛ woyi wɔn ho fi saa bere no Yugoslavia mu, na ɛkɔfaa ɔmanko a awiei koraa no, ɛma wonyaa aman foforo pii, bae. Anni afe biako wɔ ɛno akyi na Franseni amammuisɛm mu nhwehwɛmufo Pierre Hassner kae sɛ: “Sɛnea esii Europa ansa na 1914 reba no, George Bush wiase nhyehyɛe foforo no gui wɔ Sarajevo.” Nanso asomdwoe ho anidaso no mu yɛɛ den bere a wofii ase siesiee nsɛm wɔ Dayton, Ohio, U.S.A., wɔ November 1995 mu, na wɔde wɔn nsa hyɛɛ asomdwoe apam bi ase wɔ Paris wɔ December 14 no. Bere a 1995 rekɔ awiei no, wɔsan nyaa anidaso sɛ gyama wiase nhyehyɛe foforo no ngui sɛnea na wosusuw no.

Ná Union of Soviet Socialist Republics no mu adehyeman ahorow no retew wɔn ho mmiako mmiako. Wɔ 1991 mu no, Lithuania, Estonia, ne Latvia na wodii kan tew wɔn ho, na wɔn a aka no dii hɔ ntɛm. Wɔyɛɛ kuw bi a na enni mu a wɔfrɛ no Ahofadi Ayɔnkoman wɔ December mu, ɛwom sɛ kan Soviet Union aman no bi amfa wɔn ho anhyem de. Afei wɔ December 25 no, Gorbachev a na ɔyɛ Soviet ɔmampanyin no tuu ne ho ade so.

Nanso, adehyeman nkorɛnkorɛ no mpo mu fii ase tetewee. Sɛ́ nhwɛso no, na Chechnya, Nkramofo mansin ketewa bi a ɛwɔ Russia mantam a ɛne Caucasus kusuu fam mu no, repere hwehwɛ ahofadi. Ahofadi a ɛhwehwɛe wɔ 1994 awiei no maa Russia asraafo dɔm ntua bi a ntease nnim fii ase. Ɛwom sɛ nnipa bɛyɛ 30,000 ahwere wɔn nkwa fi bere a ɔhaw no fii ase wɔ 1990 mfe no mfiase no de, nanso ɔko no akɔ so de abedu afe yi mu.

Ebeduu October 1995 no, akodi 27 kosi 46—a egyina sɛnea wobuu no so—na na ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa.

Ɛreyɛ Ahwe Ase Wɔ Sika Fam

Wɔ 1990 mfe no mfiase no, na ɛreda adi sɛ ɛnyɛ amammui fam nnyinaso pa nko na wiase nhyehyɛe foforo no nni, na mmom sika fam de nso.

Wɔ 1991 mu no, Nicaragua tew ne sika so, nanso saa bere no mpo na cordobas ɔpepem 25 yɛ U.S. dɔla biako pɛ. Saa bere no ara, na nneɛma bo rekɔ soro ɔha biara mu 850 wɔ Zaire, na ɛmaa emufo asetra bɛyɛɛ nea ɛba fam sen biara wɔ wiase no biako. Ná Russia nso sikasɛm regyigya. Ná nneɛma bo rekɔ soro ɔha biara mu 2,200 wɔ afe biara mu wɔ 1992 mu, ma ɛkame ayɛ sɛ nea mfaso nni sika so bio. Ɛwom sɛ ɛno akyi no, tebea no yɛɛ yiye kakra de, nanso wɔ 1995 mu no, na sikasɛm mu haw no mfii hɔ koraa.

Sikasɛm mu aniwusɛm a ɛsen biara wɔ afeha yi mu sii 1991, bere a Bank of Credit & Commerce International bɔɔ fam, a nea efi ne amimdi ne nsɛmmɔnedi no. Wɔn a wɔkora wɔn sika wɔ hɔ a wɔwɔ aman 62 mu no hweree U.S. dɔla ɔpepepem pii.

Ɛnyɛ aman a na ahia wɔn no nkutoo na na wɔn ho aka; ɛka a Germany a ɛyɛ den no bɔe wɔ wɔn nkabom no ho no bɛyɛɛ adesoa kɛse. Nnipa a wonnya adwuma nyɛ no dɔɔso bere a adwumayɛfo hwehwɛɛ akwamma atenten ne akwahosan sohwɛ a eye no. Adwumakɔ a na wɔtoto mu kɛse ne yiyedi nhyehyɛe a wɔde yɛɛ mfasopɛ no de sikasɛm mu ahokyere no bi kaa ho.

Wɔ United States no, asiane akɛse a esisii ntoatoaso no de ɔhaw brɛɛ insurance nnwumakuw, a na ɛyɛ den ma wɔn yiye sɛ wobetua insurance ka a na wɔde nkurɔfo no. Na wɔ 1993 mu no, Bankruptcy 1995: The Coming Collapse of America and How to Stop It nhoma no bɔɔ kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ ɔman ka a ɛdede a ɛrekɔ soro ne ɛka a aba wɔn sikasɛm mu no ho. Britania Lloyd’s of London adwuma a na ɛte sɛ Gibraltar Botan no mpo ho baa asɛm. Ɛhweree sika araa ma wofii ase nyaa ho adwene bi a na wonnyaa bi da—sɛ́ ebia wɔbɛbɔ ka a wontumi ntua.

Nyamesom, Tumi a Ɛboa Ma Nneɛma Gyina?

Wɔ 1991 mu no, Germany atesɛm krataa a ɛba da biara, Frankfurter Allgemeine Zeitung kae sɛ: “Saa wiase nhyehyɛe foforo ho anidaso yi fi adwenhorow a Amerikafo anya wɔ wiase no ho bere tenten, a ne nyinaa gyina nyamesom so na wɔde Kristofo nsɛm kyerɛkyerɛ mu.”

Ebia obi besusuw sɛ anka ɛsɛ sɛ nyamesom a ɛbata ho yi ma wiase nhyehyɛe foforo no tumi gyina. Nanso nokwarem no, afoforo som ho koma a wonnya ne ntawntawdi de basabasayɛ pii bae. Algeria ne Egypt yɛ nniso pii a na ɛne Nkramofo kateefo ani nhyia no mu abien pɛ. Amumɔyɛsɛm pii a efi nyamesom sisii aman abien no mu. Nyamesom mu ntawntawdi a esii India no bi ne ɔsom mu basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ Bombay nnankron wɔ 1993 a ekunkum nnipa bɛboro 550 no.

Nyamesom mu mpaapaemu siw asɔre nkabom ano wɔ 1994 mu bere a Anglikan Asɔre no hyɛɛ mmea 32 asɔfo no. Pope John Paul II frɛɛ eyi “akwanside kɛse wɔ anidaso biara a ɛwɔ hɔ sɛ Katolek Asɔre no ne Anglikanfo bɛsan aka abom ho.”

Wɔ April 19, 1993 no, akameakame a ɛkɔɔ so wɔ U.S. aban no ne sum ase kuw bi, Branch Davidians, mufo ntam—a na akowie apereperedi mu dedaw wɔ sum ase kuw no atrae hɔ wɔ Waco, Texas, na wokunkum aban nnipa baanan—no maa anyɛ yiye koraa no, sum ase kuw no mufo 75 hweree wɔn nkwa. Mfe abien akyi no, na wɔrehwehwɛ mu ahwɛ sɛ ebetumi aba sɛ amumɔyɛfo topae a wɔtow maa ekunkum nnipa 168 wɔ aban adwumayɛbea bi mu wɔ Oklahoma Kuropɔn mu no yɛ biribi a wɔyɛ de tuaa Waco ntua no so ka anaa.

Wiase no ho dwiriw wɔn wɔ 1995 mfiase bere a wɔtee sɛ omumɔyɛfo bi de mframa bɔne akogu Tokyo asase ase keteke bi mu no. Ekunkum nnipa du, na ɛbɔɔ mpempem pii yare. Wiase no ho dwiriw wɔn sen saa mpo bere a wɔbɔɔ sum ase nkɔmhyɛfo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Aum Shinrikyo anaasɛ Aum Nokware a Ɛkyɛn So no sobo no.

Afedi Atitiriw a na Enni Nnyinaso Pa

Wɔ 1492 mu no, Columbus kopuee Atɔe Fam. Saa adeyɛ yi afe a ɛto so 500 a wodii no 1992 no de nsɛm pii bae. Amerika Indiafo asefo bɛyɛ ɔpepem 40 sɔre gyinae wɔ ka a wɔkae sɛ Europani bi na “okohuu” nsase a na wɔn nananom atra so anya nkɔanim bere tenteenten ansa na wɔrewo no no mpo no ho. Ebinom frɛɛ asase so hwehwɛfo no “nsisi ne amimdi farebae.” Na nokwarem no, Atɔe Fam a Columbus kɔe no yɛɛ asiane sen nhyira maa ɛhɔfo no ankasa. Wɔn a wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo nkonimdifo, ma wɔhweree wɔn asase, wɔn ahofadi, wɔn nidi, ne nnipa nkwa.

Wɔ September 1995 no, Israel fii asram 16 afahyɛ a wɔde dii Yerusalem a Ɔhene Dawid ko fae no afe a ɛto so 3,000 no ase. Nanso afahyɛ no de asiane na efii ase bere a owudifo bi tow tuo kum Ɔman Soafo Panyin Yitzhak Rabin wɔ November 4 bere a ɔkaa asomdwoe ho asɛm wɔ nhyiam bi ase akyi simma kakraa bi no. Eyi maa Mediterranea Supɔw no so asomdwoe a wɔrehwehwɛ no yɛɛ basaa, na ɛkyerɛe sɛ ɛnyɛ Yudafo ne Palestinafo no ntam nko na ɔsom mu ntawntawdi wɔ na mmom Yudafo no ankasa mpo mu.

Wodii Wiase Ko II no ho mfirihyia 50 afahyɛ pii wɔ 1991 ne 1995 ntam—Pearl Harbor ntua a ɛmaa United States de ne ho gyee akodi no mu; Apamfo no a wɔtow hyɛɛ Europa so; Nasifo nneduaban a wobuebuei; Apamfo no nkonimdi wɔ Europa; ne atɔm topae a edi kan a wɔde too Japan no. Esiane mogyahwiegu ne nusu a ɛbatabata saa nsɛm yi ho nti, ebinom abisa sɛ ɛfata ankasa sɛ wɔkae anaa.

Eyi kowiee adeyɛ titiriw foforo bi ho fa a wɔhyɛe mu, Amanaman Nkabom ahyehyɛde no a wɔde sii hɔ October 1945 mu no de. Saa bere no, wonyaa anidaso kɛse sɛ afei de wɔanya asomdwoe ano aduru.

Amanaman Nkabom no atumi ayɛ nneɛma pii sɛnea ne kyerɛwfo panyin Boutros Boutros-Ghali gyee ne ti no. Nanso entumi nnii n’apam ho botae a ɛne sɛ “wɔbɛhwɛ ma asomdwoe ne dwoodwoo asetra akɔ so atra amanaman ntam” no ho dwuma. Mpɛn pii no n’asraafo dɔm abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asomdwoe aba mmeae a na asomdwoe nni no. Ebeduu 1995 mu no, na entumi mmaa wiase nhyehyɛe foforo a enni nnyinaso no nnyinae.

Bere a Wiase Nhyehyɛe Foforo no Annyina no, Nokware Teokrase Kɔɔ So!

Esiane amammui fam, sikasɛm, ne ɔsom mu basabasayɛ a ɛmaa nnipa binom anidaso wɔ wiase nhyehyɛe foforo mu tu yerae nti, wofii ase kaa ho asɛm sɛ wiase nhyehyɛe bɔne foforo. Yehowa Adansefo huu adanse foforo fii saa asɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ wiase foforo a efi Onyankopɔn nkutoo na ebetumi agyina pintinn wɔ nnipa asetra mu.

Wɔ aman bi mu no, Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no a ɛbaa awiei no maa Yehowa Adansefo nyaa ahofadi kɛse, na ɛma wotumi yeyɛɛ amanaman ntam nhyiam horow a ɛda nsow wɔ Budapest, Kiev, Moscow, Prague, St. Petersburg, Warsaw, ne mmeae foforo. Eyi maa Yehowa Adansefo asafo nhyehyɛe ahorow mu yɛɛ den wɔ wiase nyinaa, na ɛboa maa wɔn asɛnka adwuma no kɔɔ so ntɛmntɛm. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Adansefo a wɔwɔ nsi a wɔwɔ saa mmeae yi biako pɛ no nyaa nkɔanim fii 49,171 wɔ 1991 koduu 153,361 wɔ 1995 mu. Wɔ saa mfe anan koro no ara mu no, Adansefo dodow a wɔwɔ wiase nyinaa no dodow kɔɔ anim fii 4,278,820 koduu 5,199,895. Nokware Teokrase renya nkɔso sen bere biara a atwam!

Yiw, seesei nnipa ɔpepem pii de wɔn daakye anidaso gyina Yehowa Nyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” a “trenee te mu” bɛba no so. (2 Petro 3:10, 13) Hwɛ sɛnea nyansa wɔ ɛno mu mmom sen sɛ yɛde yɛn ani bɛto nnipa wiase nhyehyɛe foforo a amfi ase yiye na ɛnkyɛ wobeyi afi hɔ no so!—Daniel 2:44.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena