Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 5/8 kr. 11
  • Wiase a Akodi Nnim Betumi Aba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Akodi Nnim Betumi Aba?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Ɛbɛba Akodi So?
    Nyan!—1999
  • Amanaman Nkabom No—Ɔkwan A Eye Kyɛn So?
    Nyan!—1992
  • Onipa Nhyehyɛe Ma Amanaman Ntam Dwoodwoo Asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Amanaman Nkabom No Mu?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 5/8 kr. 11

Wiase a Akodi Nnim Betumi Aba?

FA NO sɛ worenhu anaa worente ɔko mu ahude ne nea efi mu ba no bio. Fa no sɛ worente otuo anaa ɔtopae nnyigyei bio, a worenhu aguanfo pii a wodi kɔm a wɔreguan, bere a worensusuw sɛ ebia wo anaa wo dɔfo bi bewu wɔ atirimɔden akodi a nyansa biara nnim mu. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra wiase a akodi nnim mu!

Ebia wobɛka sɛ, ‘ɛnyɛ ade a ebetumi aba.’ Nanso wiase a asomdwoe wom ho anidaso yɛ nea na wɔhwɛ kwan mfe kakraa bi a atwam ni. Ná nnipa pii reka wɔ 1990 ne 1991 mu sɛ wiase no ahyɛn dwoodwoo asetra ne biakoyɛ bere bi mu. Bere a George Bush a na ɔyɛ United States ɔmampanyin no reka tebea no ho asɛm no, ɔkaa “wiase nhyehyɛe foforo” bi a ɛreba ho asɛm mpɛn pii.

Dɛn nti na onyaa anidaso a ɛte saa? Ná apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no aba awiei. Ná nuklea akodi ho hu asɛn adesamma ti so te sɛ nea hama teaa bi na ɛso mu bɛboro mfirihyia 40. Nanso Komunis a egui ne Soviet Union a emu paapae no nti, na ɛte sɛ nea nuklea akodi ho hu atu ayera. Wiase no nyaa abotɔyam.

Ná ntease foforo titiriw bi wɔ hɔ a enti ɛmaa nkurɔfo nyaa daakye mu awerɛhyem, na ɛma pii da so ara yɛ saa. Mfirihyia aduanan ni a Apuei ne Atɔe ntam nitan no maa Amanaman Nkabom no bɛyɛɛ kuw a wogye nsɛm ho akyinnye wɔ mu ara kwa. Nanso Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi a ɛbaa awiei no maa Amanaman Nkabom no nyaa hokwan sɛ ɛbɛyɛ nea wɔhyehyɛe sɛ ɛnyɛ—sɛ wobedi amanaman ntam asomdwoe ne ahobammɔ ho dwuma.

Wɔ nnansa yi mfe mu no, Amanaman Nkabom no abɔ mmɔden kɛse sɛ ɛbɛma akodi agyae. Bere a Amanaman Nkabom no anya asraafo afi aman horow a wɔdɔm kuw no hɔ no, ɛde ne ho ahyɛ asomdwoe ho bammɔ dwumadi mu wɔ mfe 4 a edi 1994 anim no mu sen mfirihyia 44 a atwam no. Wɔn a wɔnyɛ asraafo ne asraafo bɛyɛ 70,000 somee wɔ dwumadi ahorow 17 mu wiase nyinaa. Wɔ mfe abien pɛ mu no, ɛka a wɔbɔe wɔ asomdwoe ho bammɔ nhyehyɛe ho bu bɔɔ ho bɛboro mpɛn abien koduu nea ɛboro U.S. dɔla ɔpepepem 3.3 wɔ 1994 mu.

Nnansa yi ara, Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin, Boutros Boutros-Ghali kae sɛ: “Sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Ahobammɔ a wɔde biakoyɛ bedi ho dwuma ho nhyehyɛe a wɔyɛe wɔ San Francisco bɛyɛ mfe 50 ni [bere a wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom] no afi ase reyɛ adwuma sɛnea wɔhwɛɛ kwan no . . . Yɛrebenya amanaman ntam ahyehyɛde a mfaso wɔ so.” Ɛmfa ho nkɔso yi nyinaa no, wiase nhyehyɛe foforo ho anidaso no reyera ntɛmntɛm. Dɛn na asi a ama wiase a akodi nnim ho anidaso aba asɛm? So yɛwɔ ntease a yebetumi agyina so agye adi sɛ yɛn nsa bɛka wiase nyinaa asomdwoe? Nsɛm a edidi so yi besusuw nsɛmmisa yi ho.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 11]

Wim akohyɛn: USAF mfonini

Atu a wɔto bɔ wimhyɛn: U.S. National Archives mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena