Ná Guasodeyɛ Yɛ Me Nyame
NÁ M’ANI gye nsambɔ kɛse no ho yiye. Ɛmaa m’ani gyei, na ɛmaa nnɔnhwerew pii a na mede yɛ ahosiesie no yɛɛ sɛnea mfaso wɔ so. Ná meyɛ obi a obu afuni de gye nkurɔfo ani, na na nea medwen ho ara ne sɛ medi nkonim.
Ná me dwumadi no fã bi nso ne sɛ mebu afuni afa asono so, de me ti asi duasin a esi onipa foforo bati so a m’anan hwɛ soro wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so, ahuruhuruw adannan me ho wɔ akwan a ɛyɛ nwonwa so, ne sɛ meyi aseresɛm ama bɛhwɛɛadefo no aserew kɛse.
Ɛyɛ bɛboro mfe 45 a atwam ni, bere a na madi mfe 17 pɛ no. Mprempren nneɛma ahorow a me nipadua a na ennyinii no nam ntetee a emu yɛ den ne asetra kwan a ahwɛyiye wom a ɛso di yɛ den a mebataa ho dennennen so tumi yɛe no yɛ me nwonwa. Sɛnea ɛte no, na guasodeyɛ no abɛyɛ biribi a agye m’asetra nyinaa, me nyame ankasa, na ɛkɔɔ so yɛɛ saa bɛboro mfe 20.
Nea Ɛyɛe a Mede Me Ho Hyɛɛ Guasodeyɛ Mu
Wɔwoo me wɔ Kempsey, New South Wales, Australia. Ná yɛyɛ ahiafo—a wɔde aburow kotoku a wɔahyɛ no fitaa na ayɛ ɔdan a yɛda mu no na yɛde nkankyee asinasin akuru so. Mfe kakraa bi akyi no, yetu kɔtraa Taree a ɛwɔ anafo fam. Ná yɛn abusua no nyɛ abusua a emufo pɛ nyamesom, ɛwom sɛ na yɛyɛ Church of Christ asɔre no mufo de.
Me papa de ne ho kɔhyɛɛ sraadi mu 1939. Saa bere no me maame boaboaa yɛn agyapade a yɛwɔ nyinaa, yɛn ntama ano, na ɔfaa me ne me nuabeanom baasa kaa ne ho tu kɔtraa Sydney. Ɛhɔ na mekɔɔ sukuu a wosua afuni bu, na medaa mmɔdenbɔ kɛse adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Asram kakraa bi akyi no, mebɛyɛɛ obi a onim afuni bu yiye. Afei, wɔfaa me wɔ agodibea bi sɛ minsua sɛnea wobu afuni de gye nkurɔfo ani wɔ 1946 mu.
Ɛkame ayɛ sɛ na agodifo no di dwuma wɔ nkurow afoforo so anadwo biara. Nnipadɔm bae bɛhwɛɛ agodie a ɛyɛ fɛ no, nanso, nea wɔanhu ne ntɔkwa ne nsabow a na ɛhyɛ akyiri no. Na saa ara nso na na wonnim agodifo a na wɔn ani gye wɔn ho no mu pii bra bɔne no.
Ná mekɔ apontow ahorow ase bere nyinaa na na metaa de me ho hyɛ ntɔkwa mu bere nyinaa. Mede aseda ma sɛ m’ani annye nsanom pii ho. Mekwatii kasa fĩ ka nso, na na minni kasa fĩ a obi ka bere a ɔbea bi wɔ hɔ ho koma. Eyi na na ɛma meko ntɔkwa pii no.
Ná yɛsoma ma wɔde tikit kɔma Katolek sɔfo a ɔwɔ kurow kɛse biara a na yedi agoru wɔ mu mu no kwa, na na yeyi ntoboa ma asɔre no. Na yɛhwɛ kwan sɛ saayɛ no de siade bi bɛbrɛ yɛn na ama nnipa pii aba agodie no ase.
Medan Kɔ Vaudeville Agodie So
Wɔ 1952 no, vaudeville (agodie a wɔnam afuni bu, ahuruhuruw, asaw, aseresɛm ka, ne nnwonto so gye bɛhwɛɛadefo ani) agodifo bi ka kyerɛɛ me sɛ ɔkwan a mɛfa so anya sika na madi yiye kɛse ne sɛ mede me ho mɛhyɛ vaudeville agodie mu. Enti mifii ase tutuu akwan pii kodii vaudeville agoru. Afei meyɛɛ adwuma de gyee amanfo ani wɔ asanombea ahorow, na awiei koraa meyɛɛ adwuma wɔ agodibea horow a agye din yiye wɔ Australia ne New Zealand no pii. Ná me ne wɔn a wɔyɛ adwuma de gye nkurɔfo ani a wɔagye din kɛse na na ɛyɛ adwuma, na bere koro no ara mu no, na meregye din ama me ho sɛ obi a onim ahuruhuruw ne afuni bu yiye.
Metee nka sɛ dan a medan kɔɔ vaudeville agodie mu no yɛ biribi pa a mepawee, nanso m’aba mu bui bere a mihui sɛ ɔbrasɛe ne nsanom pii a ɛkɔ so wɔ apontow ahorow ase wɔ vaudeville mu no sen nea na ɛwɔ agoru a na midi kan no mu mpo no. Me ne mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da bɔe. Nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so nso fii ase daa ne ho adi, na ɛyɛ me anigye sɛ mamfa me ho anhyɛ mu da.
Nea na medwen ho ara ne sɛ megye din kɛse na manya nkɔso wɔ adwuma no mu. Ná guasodeyɛ ne hoa a wɔhoahoa me no ara ne nea na mepɛ. Ná ɛma minya anigye biara a mehwehwɛ. Mebɔɔ me tirim mpo sɛ menware da. Ná minni asɛyɛde biara—na mewɔ anigye bere mu ankasa. Ná guasodeyɛ yɛ me nyame ankasa. Nanso nhyehyɛe ahorow a wɔyɛ no yiye mpo tumi sakra.
Aware
Da bi, bere a na merehwehwɛ obi a onim ballet asaw aka me ho atu kwan akodu vaudeville agoru bi no, mihyiaa mmea a wɔn ho yɛ fɛ sen biara a na mahu wɔn pɛn no mu biako. Na ne din de Robyn. Na ɛnyɛ sɛ onim ballet asaw ara kɛkɛ na mmom na ɔyɛ obi a ɔsaw kyinkyim ne ho yiye nso. Nea ɛyɛɛ me anigye no, ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ adwuma no, na ɔbɛyɛɛ me hokafo pa wɔ adeyɛ a ɛgye nnipa baanu no mu. Yɛwaree asram anum akyi, wɔ June 1957 mu. Mfe abiɛsa a edi hɔ no, yɛyɛɛ adwuma wɔ asanombea ahorow, tutuu akwan, na yɛbaa television so.
Yɛwaree akyi no, yɛtwee yɛn ho sɛnea yebetumi biara fii agodifo afoforo no ho, na yɛbɔɔ mmɔden biara kwatii bɔ a na yɛne wɔn bɛbom agye yɛn ani. Sɛ yɛrekodi agoru wɔ asanombea ahorow a, na mehwɛ sɛ Robyn bɛtra ɔdan a yɛsiesie yɛn ho wɔ mu no mu kosi bere a yɛbɛkɔ agodipon so. Na wɔn a wɔka aseresɛm no ka nsɛm a ɛho ntew, na na nnwontofo no mu binom de nnuru di dwuma ɔkwammɔne so. Ná wɔn mu dodow no ara kɔ so nom nsãden na wɔka kasafĩ.
Aman Afoforo So Dwumadi
Yenyaa dwumadi bi amannɔne wɔ 1960 mu. Misusuw sɛ, ‘Eyi de m’ahonya mu ara ni.’ Saa bere no na yɛwɔ ɔbabea ketewaa, Julie, a na ɛsɛ sɛ yedwen ne ho. Nanso, mede m’abusua no tutuu akwan kɔɔ Akyirikyiri Apuei a na yɛn nneɛma gugu nnaka mu, na ɛtɔ da bi a na yedi agoru mpɛn anum anadwo biara. Eyi kɔɔ so boroo afe biako, na afei yɛsan kɔɔ Australia.
Esiane sɛ na wɔagye yɛn dwumadi no atom wɔ amanaman so nti, na nkurɔfo ani gye yɛn ho kɛse. Nanso na hokwan ahorow a yɛwɔ wɔ Australia no sua efisɛ na emu nnipa nnɔɔso. Enti yɛsan kɔɔ amannɔne bio wɔ 1965 mu. Saa bere no de na ɛnyɛ Julie nkutoo na na ɔka yɛn ho na mmom ɔbabea kumaa foforo, Amanda, nso. Mfe anum a edi hɔ no, yedii dwuma wɔ aman ahorow 18 so.
Amanehunu ahorow a mede m’abusua faa mu esiane m’adwene nyinaa a na mede asi edin a menya so nti no yɛ hu yiye. Bere bi mebɔɔ ɔbarima bi paa ma ɔde otuo bɔɔ yɛn mma a na wɔne yɛn ntam kwan yɛ bɛyɛ mita 60 pɛ fi beae a na yɛredi agoru de agye nkurɔfo ani no ho ban. Ná metaa ne asanombea wuranom a na wɔhwehwɛ sɛ Robyn tra nsãtɔfo no nkyɛn hyɛ wɔn nkuran ma wɔnom nsa yɛ akasakasa, nanso mpo na asãtɔfo no hwehwɛ sɛ wɔne no bɔ bra bɔne. Yɛne wɔn a wɔsaw bɔ wɔn ho adagyaw, tutuufo, ne mmarima a wɔne mmarima da, a mpɛn pii no na wɔn mu binom pɛ sɛ wɔne me anaa me yere bɔ ahohwibra no boom yɛɛ adwuma wɔ asanombea ahorow. Ná rock nnwontofo taa de nnubɔne di dwuma ma wɔn ani so yɛ hagya-hagya.
Wɔ yɛn akwantu mmere no mu no, na metaa nya bere pii de kɔhwehwɛ mmeae ahorow awia bere. Na metaa kɔ nsrahwɛ wɔ mmoa yɛmmea, nkramodan, asɔrefie, ne asɔredan ahorow mu, anaa nyamesom afahyɛ ahorow ase. Asɛmpɛ nti na na mekɔsrasra saa mmeae ahorow yi, efisɛ na m’ani nnye nyamesom ho ankasa. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ wɔsom nneɛma ahorow pii. Ná ahoni ahorow a wɔn nipadua yɛ mmarima nipadua na mmoa ti tuatua so, ne mmoa ahoni a mmarima ne mmea ti tuatua so wowɔ hɔ. Wɔ ɔman biako so no, na nnipa no som mmarima ne mmea awode, a ɛda adi sɛ na asomfo no gye di sɛ ɛbɛma wɔn ankasa nna ne awo ho tumi no anya nkɔso.
Wɔ ɔman foforo so no, na mmarimaa ne mmarima de nsekamma a etuatua so abiɛsa abiɛsa twitwa wɔn ankasa akyi araa kosi sɛ ebetu mogya pii. Ɛda a mekɔɔ hɔ no, mmarima baasa wuwui esiane mogya pii a etuu wɔn no nti. Wɔ asɔredan bi a agye din yiye mu no, ɛyɛɛ me abofono sɛ mihui sɛ wɔakyerɛwkyerɛw nsɛm yi wɔ bɔneka nnaka so: “Bɔneka biako ka, franc 1; bɔneka abien ka, francs 2; bɔneka abiɛsa ka, francs 2.50.” Mekaa no me tirim sɛ: ‘Sɛ ɛno ne nyamesom a, ɛnde wɔmfa wɔn ade!’
Yɛsan Kɔ Australia
Yɛde Julie kɔɔ Australia wɔ 1968 mu, nanso ɛgyee yɛn asram 18 ansa na yɛretumi asie sika a ɛbɛso yɛn a yɛaka no ma yɛasan aba yɛn kurom. Yeduu Australia 1970 a na yenni sika anaa edin wɔ adwumaden a yɛyɛe no nyinaa akyi. Ná adwuma ntade, nnwom nhoma, akwantu, dabere ahorow, ne asisifo a na wɔyɛ adwuma no ho nhyehyɛe ma yɛn ahye yɛn sika no nyinaa. Nea na yɛwɔ nyinaa ne nneɛma a wɔde siesie agodipon so ne nneɛma ahorow a na yetumi de gu nnaka mu tu kwan no ara.
Bere a yɛbaa Australia akyi no, metrɛw me dwumadi ahorow mu na mebɛyɛɛ anigyebea so hwɛfo. Minyaa adwuma sɛ obi a ɔka aseresɛm wɔ television so dwumadi bi a wɔde nna pii yɛe a wɔato din sɛ The Yellow House no mu. Mekyerɛw hyehyɛɛ mmofra ɔyɛkyerɛ ne aseresɛm dwumadi maa agodibea ahorow, bere a mekɔɔ so ne Robyn dii dwuma wɔ yɛn agodie mu no. Ná guasodeyɛ da so ara yɛ me nyame. Robyn ne mmofra no fii ase huu amane; na ayɛ te sɛ nea menyɛ okunu anaa agya bio.
Nyamesom ho Asɛnnennen
Da koro m’asebea a na ɔte yɛn nkyɛn de nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu kyerɛɛ Robyn. Ɔkae sɛ: “Kan nhoma yi. Ɛfa nyamesom ho, nanso ɛyɛ soronko.” Robyn powee kae sɛ, esiane nea yɛahu wɔ amannɔne nti, n’ani nnye nyamesom ho bio. Nanso, ne maame ampa abaw. Ɔde guan Robyn ho dapɛn mũ sɛ ɔnkan nhoma no. Awiei koraa no Robyn penee so, a na ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne maame ani kɛkɛ.
Robyn kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi sɛ, ɛyɛɛ sɛ nea n’ani buei mpofirim. Ne nsemmisa pii no ho mmuae a onyae no yɛɛ no nwonwa ara ma ɔpɛe sɛ ohu nneɛma pii. Adapɛn abien akyi no, ne maame yɛɛ nhyehyɛe maa Yehowa Adansefo baanu bɛsraa yɛn wɔ yɛn fie. Nsrahwɛ kakraa akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ wɔn nhyiam ahorow no mu biako a na wɔreyɛ wɔ beae a na ɛbɛn yɛn no ase. Mede amemenemfe penee so sɛ mɛkɔ. Nokwarem no, ɛhyɛɛ me nkuran araa ma yefii ase kɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so.
Nanso, na guasodeyɛ no da so ara yɛ me nyame, enti ankyɛ biara na mihui sɛ mintumi ne Adansefo no nkɔ so mmɔ. Nanso, Robyn pɛe sɛ ɔkɔ so sua Bible mu nokware no, sɛ ɛba sɛ migyae sua mpo a. Me bo fuwii. Metee nka sɛ, ‘Tumi bɛn na saa nkurɔfo yi wɔ sɛ wɔde wɔn ho gyigye me ne me yere nsɛm mu, na wɔde nyamesom ho nneɛma bɔne hyɛ n’adwenem?’
Huna a mihunahunaa no sɛ megyae no aware no mpo antumi no. Robyn gyinaa pintinn, na ɔkɔɔ so suaa ade. Ofii ase kɔɔ afie afie kɔkaa ne gyidi ahorow ho asɛm kyerɛɛ afoforo mpo. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu na ɔbɛyɛ Ɔdansefo a wahyira ne ho so no. Nanso, wotuu no fo sɛ ɔntwɛn nkosi sɛ obegyae adwuma a ɔyɛ de gye nkurɔfo ani no ansa.
Mekaa no me tirim sɛ, ‘Aha! Madi nkonim. Wonnya no. Ɔrennyae ne dwumadi no da.’ Nanso sɛɛ na madi mfomso. Robyn hyɛɛ me afe biako, na ɔkae sɛ, ɛno akyi obegyae adwuma no. Meserewee, a na megye di sɛ ɔrennyae adwuma a n’ani gye ho kɛse no da. Nanso midii mfomso bio. Afe biako akyi no ogyaee guasodeyɛ no na wɔbɔɔ no asu. Na saa ara na wɔbɔɔ yɛn babea Julie ne Robyn maame nso asu.
Meko Tia Nokware No
Ɛno akyi no meyeyaw Robyn, ka kyerɛɛ no sɛ wadi me huammɔ, na wansusuw me ho. Mede yaw kae sɛ: “Guasodeyɛ ne m’asetra mu biribiara. Adwuma biara nni hɔ a metumi ayɛ. Me haw ahorow no nyinaa fi wo.” Meyɛe sɛ mɛboro Adansefo a mebɔɔ wɔn sobo sɛ wɔn na wɔasɛe yɛn adwuma ma ɛde ɔhaw pii aba no mpo.
Robyn fii ase gyigyaa Bible ho nsɛmma nhoma ahorow guguu ofie hɔ, a na ɔwɔ anidaso sɛ mɛkan. Eyi anyɛ yiye, enti ogyaee. Nanso wannyae Yehowa mpae a na ɔbɔ sɛ ebia mesua nokware no na yɛatumi abom atra ase sɛ abusua wɔ wiase foforo mu no.
Bere bi akyi no, mifii ase nyaa Yehowa Adansefo ho koma bere a na wɔbɛsra yɛn no, na bere bi wɔ hɔ a na mema mmofra no twetwe me ma me ne wɔn kɔ nhyiam. Nanso na minya asɛm bi ka wɔ nea mete wɔ hɔ no ho bere nyinaa. Nanso, megye toom sɛ na ɛda adi sɛ nnipa a wɔwɔ Ahenni Asa no so a wofi aman ahorow pii mu—Arabikfo, Greekfo, Italianfo, Engiresifo ne Australiafo—no bom tra asomdwoe mu. Ná wɔwɔ adamfofa su bere nyinaa, na na wɔn mu biara nka kasa fĩ anaa ahuhusɛm.
Kristoni Mapa bi Boa Me
Awiei koraa no mepenee so sɛ me ne Ted Wieland, ɔbarima ɔyamyefo bi a ɔda nsow na ɔwɔ ahobrɛase, besua Bible no. Ná ɔsom wɔ Betel, Yehowa Adansefo baa dwumadibea hɔ. Bere bi a na me ne Robyn redi nsɛm atirimɔden so no, Ted frɛɛ me kɔɔ ne kar ho, obuee kar no to, na ɔde amango adaka ma maa me. Amango ne aduaba a na mepɛ yiye, nanso na minsusuw sɛ Ted nim saa. Eyi kɔɔ so adapɛn bi: bere biara a Ted bɛba abɛsra yɛn no na ɔde amango adaka ma ba. Da koro a obuee ne kar to a na misusuw sɛ ɔreyi aduaba adaka a ɔtaa de ba no, ɔdanee ne ho kae sɛ: “So wubetumi de eyi asɛn wo dan ho?” Ná ɛyɛ afe asɛm a woyi fi Bible no mu a Adansefo no de sensɛn wɔn afie mu no. So na metumi apow? Mede sɛn ɔdan no ho.
Bere a me ne Ted Bible adesua no nyaa nkɔso no, ofi Bible no mu kyerɛɛ me sɛ guasodeyɛ no mfa mfaso biara mmrɛ me daakye. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, daakye anidaso a ahotoso wom gyina Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Ahenni a Kristo kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae no ho a ɛbɛbam no so. (Mateo 6:9, 10) Ɛwom sɛ na meda so ara wɔ me dwumadi no ho nhyehyɛe ahorow bi a na ɛsɛ sɛ midi ho dwuma de, nanso mifii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow daa. Mede me ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu na mifii ase nyaa afie afie ɔsom adwuma no mu kyɛfa mpo.
Mifii ase hui sɛ mfaso biara nni guasodeyɛ no so. Ná minnyaa honam fam nneɛma biara mfii mu wɔ mfe pii a na mede me ho ama nea na ayɛ me nyame no mu. Ná m’abusua no ahu amane kɛse—bere a na mede wɔn akyinkyin wiase aman ahorow so na yɛn asetrade nyinaa wɔ nnaka mu no. Nokwarem no, na saa adwuma no reyɛ asɛe m’aware. Nanso afei de na Amansan Nyinaa so Tumfoɔ No rema manya hokwan no atra ase daa wɔ paradise asase so wɔ n’Ahenni nniso ase.
Enti misii m’asetram gyinae a ɛho hia titiriw no. Bere a miwiee me guasodeyɛ ho dwumadi a na ɛda m’anim nyinaa no, metwee me ho fii dwumadi ahorow a wɔyɛ de gye nkurɔfo ani nyinaa ho koraa. Mansan amfa me ho ankɔbɔ kuw bi a emufo de saa adwuma no ayɛ wɔn asetra kwan no ho bio. Ted ne me susuw nsemmisa ahorow a asubɔfo susuw ho no ho. Nanso, Ted wui, na ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ me asu July 26, 1975. Merehwɛ kwan sɛ mehyia saa ɔbarima a ne ho yɛ anika yi wɔ wiase foforo no mu bere a wɔanyan no no.—Yohane 5:28, 29.
Minya Nhyira Pii
Yehowa ama yɛn nneɛma a ɛkyɛn nea yenyae wɔ mfe a yɛde yɛɛ guasodeyɛ no mu nyinaa. Wama made me ho afi aporɔw ne anigyede a ɛnteɛ nyinaa ho. Watie me yere nokwaredifo a ɔbataa me ho na wampa abaw da no mpaebɔ. Wahyira yɛn efisɛ m’asebea ne yɛn mmabea baanu ne wɔn kununom nyinaa yɛ nnam wɔ asafo no mu. Yɛn babea kumaa, Letitia, ne yɛn nenanom baasa no mu ɔpanyin, Micah baanu no nyinaa yɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Na Yehowa ahyira me nso ma manya hokwan som sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu.
Me ne Robyn ntumi ntua nea Yehowa ayɛ ama yɛn no ho ka da. Yebetumi abɔ afoforo kɔkɔ—mmofra titiriw—wɔ asiane ahorow a ɛwɔ guasodeyɛ ne anigyede afoforo a ɛmfata mu no ho. Yebetumi afi yɛn ankasa suahu mu abɔ wɔn kɔkɔ wɔ awerɛhow a efi ɔbrasɛe, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, asanom bebrebe, nnwom a ɛmfata, nnwom a esi ɔbarima ne ɔbea nna a ɛmfata so dua, ne asiane ahorow a ɛwɔ kɔ a obi bɛtaa akɔ agodibea anaa rock kɔnsɛt ase mu no ho. Eyinom nyinaa yɛ wiase a ɛhyɛ Satan Ɔbonsam nkɛntɛnso ase koraa no fa.—2 Korintofo 4:4.
Ɛyɛ mmerɛw sɛ wode wo ho bɛhyɛ Satan som mu a wunnim, sɛnea na mete bere a mede guasodeyɛ yɛɛ me nyame no. Nanso, afei, me ne me yere ani gye sɛ yɛbɛhyɛ mmofra nkumaa nyinaa nkuran ma wɔasom Yehowa, nea obetumi ama wɔanya nea wɔn koma pɛ nyinaa no—Onyankopɔn a odwen yɛn ho ankasa wɔ akwan nyinaa so no.—Sɛnea Vivian A. Weekes ka kyerɛe.
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Ná ababaa a mewaree no no yɛ obi a ɔsaw kyinkyim no ho
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Me ne Robyn nnɛ