Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 6/8 kr. 20-25
  • Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Nkurɔfo Nom Sigaret, Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔnom
    Nyan!—1986
  • Nnwuma a Ɛyɛ Tawa no Ho Dɛre Wɔn
    Nyan!—1996
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Sigaretnom?
    Nyan!—2000
  • Nea Enti A Sigaretnom Abu So Saa
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 6/8 kr. 20-25

Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma

WƆ 1940 mfe no mu no, na London kurow no wɔ ntua ase. Germanfo wim akohyɛn ne atopae a ɛnenam wim pii te beguu fam maa ɛde ehu ne adesɛe bae. Nanso sɛ na tebea no mu nyɛ den pii saa a, anka ade soronko yi bɛma ɛhɔfo no ani agye.

Ná mframatoa akɛseakɛse mpempem pii nenam wim a nhama atenten bi kurakura mu. Ná n’atirimpɔw ne sɛ ebesiw atopae a wɔtotow fi wimhyɛn a ɛbɛn fam mu no kwan, na na wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛkyere atopae a ɛnenam wim no bi na annu fam. Ɛmfa ho sɛ na mframatoa akoban no yɛ ade a wɔde nhumu ayɛ no, anni dwuma pa biara.

Saa ara na sigaret nnwumakuw nso wɔ ntua ase. Tawa nnwumakuw a enni gyinabea pa, a kan na wɔyɛ amammui ne sika fam atumfoɔ a biribiara ntumi wɔn no rehyia ntua fi baabiara.

Nnuruyɛ ho abenfo yɛ nhwehwɛmu kyerɛw nsɛm pii de bɔ wɔn sobo. Akwahosan ho mpanyimfo a wodi nsɛm ho dwuma ntɛm de wɔn ho gyigye mu de pɛ wɔn ankasa mfaso. Awofo a wɔn bo afuw ka sɛ wɔsɛe wɔn mma. Mmarahyɛfo a wɔn ani abere abara sigaretnom wɔ office adan, adididan ahorow, mmeae a wɔde akode sisi, ne wimhyɛn ahorow mu. Wɔabara tawa a wɔbɔ no dawuru wɔ television ne radio so wɔ aman pii mu. Wɔ United States no, amantam no nyinaa resamana nnwuma no agye sika pii esiane ayaresa ho ka nti. Mmaranimfo mpo de wɔn ho regye asɛm no mu.

Enti wɔ mmɔden a nnwuma a ɛyɛ sigaret no rebɔ sɛ wɔbɛko atia wɔn ntuafo no, wɔde anoyi ama de rebɔ wɔn ankasa ho ban. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ hwee ntua mu.

Afe a etwaam no, U.S. ɔmamma dii adanse bere a mmarahyɛfo ne aban mpanyimfo a wɔhwɛ akwahosan so a wɔn bo afuw sɔre tiaa tawa aguadi no denneennen no. Bere a U.S. asenni bagua bi reka asɛm no wɔ April 1994 mu no, wɔde akontaabu a wɔde bɔɔ Amerika nnwuma a ɛyɛ sigaret akɛse ason bi mpanyimfo sobo yi too wɔn anim: Amerikafo bɛboro 400,000 wuwu afe biara, na afoforo ɔpepem pii yareyare, wɔreyɛ awuwu, anaa wɔannya bi a wontumi ntra.

Dɛn na wɔka de yii wɔn ho ano? Mpanyimfo a wɔabɔ wɔn sobo no kaa nsɛm a ɛyɛ anika bi de yii wɔn ho ano: Tawa Ahyehyɛde bi kasamafo kae sɛ: “Wonnya . . . nkyerɛe sɛ sigaretnom ka ho bi na nyarewa ba.” Nea ɛsen saa no, wɔkaa sigaretnom ho asɛm sɛ ɛyɛ nea asiane biara nnim te sɛ nneɛma foforo a ɛma anigye, a ebi ne nnɔkɔnnɔkɔwade a wodi ne kɔfe a wɔnom no pɛpɛɛpɛ. Adwuma bi a ɛyɛ sigaret no panyin paa kae sɛ: “Nicotine a ɛwɔ sigaret mu no mma ɛnyɛ adubɔne, anaa ɛmma ne nom nka nkurɔfo hɔ.” Adwuma bi a ɛyɛ sigaret nhwehwɛmufo bi kae sɛ: “Adwene a ɛne sɛ nicotine dodow biara a ɛwɔ sigaret mu no ma ne nom ka obi hɔ no nyɛ nokware.”

Boayikuw no nso kae sɛ, sɛ sigaretnom nka nkurɔfo hɔ a, dɛn nti na nnwuma a ɛyɛ sigaret no abɔ mmɔden adannan nicotine dodow a ɛwom no? Adwuma bi a ɛyɛ sigaret no panyin foforo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ne dɛ ntia.” Sigaret a ɛnyɛ dɛ ne ade bɔne a ɛsen biara anaa? Bere a wɔde nhwehwɛmu nkrataa bi a efi n’ankasa adwumakuw nneɛma mu a ɛkyerɛ sɛ sɛ obi de nicotine di dwuma a, sɛ wannya bi a ontumi ntra kyerɛɛ no no, ogyinaa nea ogyina.

Ɛda adi sɛ ɔne afoforo bɛkɔ so akura saa adwene no mu, ɛmfa ho nnipa dodow a tawanom de wɔn bɛkɔ asamando no. Wɔ 1993 mfiase no, Oduruyɛfo Lonnie Bristow a ɔyɛ Amerika Nnuruyɛ Fekuw no Ahwɛfo Kuw no titrani no de mpoatwa a ɛyɛ anika bi too gua. The Journal of the American Medical Association bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔtoo nsa frɛɛ US nnwumakuw a wɔyɛ sigaret akɛse no mpanyimfo sɛ wɔmmɛne no nkɔhwehwɛ ayaresabea ahorow na wonhu nea afi sigaretnom mu aba no biako—nnipa a wɔyare aharawa mu kokoram ne aharawa mu nyarewa afoforo. Obiara ankɔ.”

Tawa aguadifo no hoahoa wɔn ho sɛ wɔma nnipa nya nnwuma papa yɛ wɔ wiase a adwuma ho reyɛ den yiye no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Argentina no, aguadi no ma nnipa ɔpepem biako nya adwuma yɛ, na afoforo ɔpepem anan nso nya adwuma a ɛmfa ho tẽẽ. Tow akɛse a nnwuma a ɛyɛ sigaret atua no ama wɔanya nniso pii anim dom.

Adwuma biako a ɛyɛ sigaret ahyɛ da de nneɛma pii akyekyɛ nnipakuw bi a wɔnnɔɔso—adeyɛ a ɛte sɛ nea wɔde kyerɛ ɔmanfo ho dɔ. Nanso adwumakuw no kokoam nkrataa daa adwene a ɛwɔ saa “sika a wotu si hɔ de yɛ nkɔsodwuma wɔ mpɔtam” yi akyi ankasa adi—sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wobetumi aka bi ama wɔn no ani begye wɔn ho.

Adwuma a ɛyɛ sigaret yi ara afa adwinniyɛfo nso nnamfo, ayiyi ntoboa akɛse ama tete nneɛma akorae, sukuu, sukuu ahorow a wosua asa wɔ hɔ, ne nnwom ho adesuabea ahorow. Adwinni ho ahyehyɛde ahorow mpanyimfo si wɔn bo gye tawa sika a wohia no denneennen no. Nnansa yi ara, New York City adwinni kuw no mufo kɔɔ tebea bi mu a na wonhu nea wɔnyɛ bere a adwuma a ɛyɛ sigaret yi ara kohuu wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nnye mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛko atia mmara a etia sigaretnom mu no.

Na nokwasɛm ne sɛ, nnwuma akɛse a ɛyɛ sigaret a ɛwɔ sika no nsuro sɛ wɔbɛtete sika ama amammuifo a wobetumi de wɔn nkɛntɛnso asɔre atia nyansahyɛ biara a etia tawa no. Aban mpanyimfo a wɔwɔ dibea akɛse agyina nnwuma a ɛyɛ sigaret no akyi. Ebinom ne aguadifo no wɔ sikasɛm ho nhyehyɛe anaasɛ wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wotua wɔn ka wɔ tawa sika a wofi ayamye mu de boaa wɔn wɔ abato ho dawurubɔ mu no ho.

Wɔbɔ amanneɛ sɛ U.S. baguani bi nyaa ntoboa $21,000 fii sigaret nnwumakuw hɔ, na ɛno akyi no, ɔkasa tiaa nneɛma bi a wɔyɛ tia tawa.

Nnansa yi ara, obi a na anka ogye akatua kɛse sɛ tawa kasamafo, a kan no na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ɔnom sigaret kɛse, behui sɛ wanya kokoram wɔ n’aharawa ne ne mmerɛbo mu. Seesei wanu ne ho paa, na ɔbɔ abubuw sɛ “sɛ biribi a w’ankasa woyɛe ka wo to hɔ a,” ɛma wote nka sɛ woyɛ ɔkwasea.

Nnwuma akɛse a ɛyɛ sigaret no resɛe dɔla pii wɔ adawurubɔ ho de ko tia asɔretiafo no denneennen. Dawurubɔ bi pere srɛ ahofadi, na ɛde anibere bɔ kɔkɔ sɛ, “Ɛnnɛ Yɛ Sigaret. Ɔkyena Nso Ɛ?” Nea ɛkyerɛ ne sɛ kɔfe, mmosa, ne nantwinam a wɔayam bɛyɛ nneɛma a edi hɔ a wɔde wɔn ani besi so abara no ɔkwammɔne so.

Atesɛm krataa mu dawurubɔ ahorow abɔ mmɔden sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ U.S. Asoɛe bi a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano nhwehwɛmu a agye din bi a ɛkyerɛe sɛ obi a wɔnom sigaret gu ne so betumi anya kokoram no nyɛ nokware. Tawa aguadifo no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔde asɛm no bɛkɔ asennibea. Television so dwumadi bi bɔɔ adwumakuw bi sobo sɛ wɔdannan nicotine no dodow sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi de di dwuma a ɛbɛka ne hɔ. Ntɛm ara na wɔsamanaa wɔn a wɔyɛɛ saa dwumadi no sɛ wontua dɔla ɔpepepem 10.

Nnwuma a ɛyɛ sigaret no ako denneennen, nanso kɔ ara na sobo a wɔbɔ wɔn no rekɔ anim. Mfe aduanan a atwam ni no, wɔayɛ nhwehwɛmu bɛyɛ 50,000, na nea afi mu aba ne adanse a ɛredɔɔso a ɛkyerɛ sɛ asiane wɔ tawanom mu.

Ɔkwan bɛn so na sigaret nnwumakuw no abɔ mmɔden sɛ wobeguan sobo a wɔabɔ wɔn no? Wɔabata asɛm bi a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ nokwasɛm ho denneennen sɛ: Wɔn a wɔnom sigaret no tumi gyae. Enti, wɔka sɛ nicotine a obi nom no nka ne hɔ. Nanso akontaabu ahorow kyerɛ sɛ ɛnte saa. Ɛyɛ ampa sɛ Amerikafo ɔpepem 40 agyae. Nanso nnipa ɔpepem 50 foforo da so nom sigaret, na wɔn mu ɔha biara mu nkyem 70 ka sɛ wɔpɛ sɛ wogyae. Wɔ nnipa ɔpepem 17 a wɔbɔ mmɔden sɛ wobegyae afe biara no mu no, ɔha biara mu 90 di nkogu ansa na adi afe.

U.S. nnipa a wɔnom sigaret a wɔyɛ wɔn oprehyɛn wɔ aharawa mu kokoram ho no bɛyɛ ɔha biara mu 50 fi suban no ase bio. Wɔn a wɔnom sigaret a wɔanya komayare no mu ɔha biara mu nkyem 38 sɔ bi ano ansa na wɔafi ayaresabea mpo. Nnipa a wɔnom sigaret a wɔayi kokoram a ɛyɛɛ wɔn dwɛɛdwɛɛwa mu no ɔha biara mu aduanan bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛnom bio.

Nnipa ɔpepem pii a wonnii mfe aduonu a wɔnom sigaret wɔ United States no mu abupɛn anan mu abiɛsa ka sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔabɔ mmɔden denneennen pɛn sɛ wobegyae ma wɔadi nkogu. Akontaabu ahorow kyerɛ nso sɛ wɔ mmofra pii fam no, sigaret a wɔnom no de wɔn kowie nnuru a ano yɛ den a wɔde di dwuma mu. Mmofra a wɔnom sigaret no betumi afi ase de cocaine adi dwuma asen wɔn a wɔnnom sigaret no mmɔho 50. Obi a wadi mfe 13 a ɔnom sigaret gye tom. Ɔkyerɛwee sɛ: “Migye di pefee sɛ sigaret yɛ aduru a wɔde fi nnubɔne ase. Ɛkame ayɛ sɛ obiara a minim no, gye nnipa baasa, fii sigaretnom ase ansa na wɔrekɔ nnubɔne so.”

Na sigaret a tar nnim kɛse nso ɛ? Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ nokwarem no, ebetumi ayɛ nea asiane wom kɛse mpo—nneɛma abien nti na ɛte saa: Biako ne sɛ, nea ɔnom no taa twe wusiw no kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nicotine a ne nipadua kɔn dɔ no, na ɛma wusiw no mu nneɛma a edi awu no kɔ n’aharawa nkwammoaa no pii ho; nea ɛto so abien a ɛne adwenkyea a ɛne sɛ ɔrenom sigaret “papa” no betumi ama wakɔ so anom a ɔmmɔ mmɔden sɛ obegyae koraa.

Wɔayɛ nicotine nkutoo mu nhwehwɛmu bɛboro 2,000. Nea ɛda no adi ne sɛ nicotine yɛ nneɛma a obi de di dwuma a ɛka ne hɔ sen biara a onipa nim, ne nea asiane wom sen biara no biako. Nicotine ma koma bɔ ntɛmntɛm, na ɛma mogya ntini ahorow dwom. Ɛkɔ mogya no mu wɔ anibu ason mu—ɛyɛ ntɛm mpo sen paane a wɔde wɔw obi ntini mu tẽẽ no. Enya adwene no so tumi ma ɛhwehwɛ pii, akɔnnɔ a ebinom ka sɛ ano yɛ den sen heroin de mmɔho abien.

Ɛmfa ho sɛ nnwuma a ɛyɛ sigaret no gye kyim no, wonim sɛ nicotine a obi de di dwuma no betumi aka ne hɔ? Adanse kyerɛ sɛ wonim fi bere tenten. Sɛ nhwɛso no, 1983 amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ adwuma bi a ɛyɛ sigaret nhwehwɛmufo bi kae sɛ akisi a wɔde wɔn dii dwuma wɔ nhwehwɛmu dan mu no daa su horow a sɛ obi de biribi di dwuma ma ɛka ne hɔ a ɔda no adi no bi, yiyii ade a wɔde akata nicotine so no na ama wɔn ankasa atwe bi akɔ wɔn mu daa. Wɔbɔ amanneɛ sɛ aguadifo no barabaraa saa nhwehwɛmu no so ntɛm, na nnansa yi ara na ɛreda adi.

Bere a wɔatow ahyɛ nnwuma akɛse a ɛyɛ sigaret no so wɔ baabiara no, wɔntraa hɔ kwa. Tawa Nhwehwɛmu Bagua a ɛwɔ New York City mu no yɛ nea The Wall Street Journal frɛ no “nnaadaa ho ɔsatu a akɔ so akyɛ sen biara wɔ U.S. aguadi ho abakɔsɛm mu.”

Bere a bagua no ayɛ wɔn ho sɛ wɔn ankasa reyɛ nhwehwɛmu foforo no, wɔde sika pii ahyɛ mu de reko tia asɔretiafo. Efii ase 1953 bere a Oduruyɛfo Ernst Wynder a ɔwɔ Memorial Sloan-Kettering Kokoram ho Dwumadibea no hui sɛ tawa wusiw a wɔde sraa nkura akyi no ma wɔhonhonee. Aguadifo no de bagua no sii hɔ na wɔde abɔ adanse a ɛda adi pefee a wɔanya atia wɔn aguade no agu, denam nyansahu nhwehwɛmu a wɔn ankasa yɛ de tiae no so.

Nanso ɛyɛɛ dɛn na bagua no nyansahufo tumi nyaa adanse a ɛne nea nhwehwɛmufo a aka no hui no nhyia koraa saa? Nkrataa bi a woyii no adi nnansa yi ara da esum ase nneɛma a ɛkɔ akyiri bi adi. Bagua no mu nhwehwɛmufo no pii a wɔde apam a wɔayɛ wɔ nkrataa so abɔ wɔn ano, na mmaranimfo akuw a wɔhyɛ ade nsow di wɔn so no, hui sɛ akwahosan ho suro a nkurɔfo pii renya no yɛ nokware. Nanso sɛ nokwasɛm ahorow da adi a, sɛnea The Wall Street Journal kyerɛ no, nea na bagua no yɛ ne sɛ, “ɛtɔ da bi a na wobu wɔn ani gu wɔn ankasa nhwehwɛmu a ɛkyerɛ sɛ sigaretnom yɛ asiane ma akwahosan no so, anaa wotwa so mpo.”

Wɔde mfe pii yɛɛ nhwehwɛmu wɔ sum ase de hwehwɛɛ sigaret a asiane nnim. Sɛ wɔyɛɛ saa wɔ baguam a, anka ɛbɛda no adi sɛ wɔagye atom sɛ sigaretnom yɛ asiane ma akwahosan ampa. Eduu 1970 mfe no awiei no, adwuma bi a ɛyɛ sigaret mmaranimfo panyin bi hyɛɛ nyansa sɛ wonnyae mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛyɛ sigaret “papa” no mfa ho nkrataa nyinaa nsie, na ɛnkosi hwee.

Nneɛma abien bɛdaa adi wɔ mfe pii a wɔde yɛɛ nhwehwɛmu no mu: Sɛ obi de nicotine di dwuma a ɛka ne hɔ ankasa, na sigaretnom di awu ampa. Ɛwom sɛ nnwuma a ɛyɛ sigaret gye nokwasɛm ahorow yi ho kyim denneennen wɔ baguam de, nanso wɔnam wɔn nneyɛe so kyerɛ sɛ wonim nokwasɛm ahorow no yiye.

Bere a U.S. Aduan ne Nnuru Sohwɛ (FDA) nanmusifo David Kessler rebɔ wɔn sobo sɛ wɔhyɛ da dannan nneɛma a ɛwom no, ɔkae sɛ: “Nokwarem no, sigaret a ɛwɔ hɔ nnɛ no bi betumi afata sɛ mfiridwuma mu nneɛma akɛse a nicotine fi mu ba a nicotine a efi mu ba no yɛ dodow pɔtee bi a wɔahyɛ da asusuw . . . a ɛdɔɔso sɛ sɛ obi de di dwuma a ebetumi aka ne hɔ.”

Kessler daa no adi sɛ nnwuma a ɛyɛ sigaret no wɔ nneɛma bi a ɛhyɛ wɔn agyirae a ɛda adwene a ɛwɔ akyiri no adi. Biako wɔ tawa bi a wɔasakra emu nneɛma ma nicotine a efi mu no dɔɔso sen nea wonim biara. Ebi nso de nicotine no bi di nea sigaret wusiw fa mu ne ne nkrataa no ho dwuma ma edi mũ kɛse. Foforo nso ma nicotine no dɔɔso wɔ sigaret no fã a edi kan a nea ɔnom no bɛtwe no mu sen ne fã a edi akyiri no. Nea ɛka ho bio no, aguadifo no nkrataa da no adi sɛ wɔde ammonia ho nneɛma bi ka sigaret ho na ama nicotine a ebefi tawa no mu aba no adɔɔso. New York Times mu amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Aka kakra na nea obi a ɔnom sigaret taa twe kɔ ne mu no mmɔho abien na ɛkɔ ne mogya mu.” FDA abɔ amanneɛ sɛ nicotine yɛ aduru a sɛ obi de di dwuma a ɛka ne hɔ, na wɔde ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛhyɛ mmara atia sigaret denneennen.

Nniso ahorow no nso dan sigaret wɔ ɔkwan soronko so. Sɛ nhwɛso no, U.S. aban no nya dɔla ɔpepepem 12 fi tow a amantam no ne aban no gyigye wɔ tawa ho nneɛma ho no mu afe biara. Nanso, ɔman Dwumadibea a Ɛhwehwɛ Mfiridwuma Mu no bu akontaa sɛ sigaretnom ma wɔbɔ ka dɔla ɔpepepem 68 afe biara, na ɛyɛ nea efi nyarewa a ɛde ba ho ka ne adwuma a ɛmma nkurɔfo ntumi nyɛ mu.

Sika fam mfaso horow ne adwuma pii a wɔkyerɛ sɛ ɛde ba, adwinnidifo a ɛboa wɔn, akwahosan ho asiane a ɛwom ho kyim a wogye—nokwarem no, tawa aguadi no de anoyi soronko bi ama de rebɔ wɔn ho ban. Sɛ́ ebesi wɔn yiye asen mframatoa akoban a na ɛwɔ wim wɔ London no anaasɛ ɛnyɛ saa no de yennya nhui.

Nanso ɛda adi sɛ nnwumakuw akɛse no ntumi mfa sɛnea wɔte ankasa no nsie bio. Wɔanya sika pii, na wɔadi ɔpepem pii awu, nanso ɛkame ayɛ sɛ nnipa pii nkwa a ama wɔahwere no nhaw wɔn.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Ɛkame ayɛ sɛ hwee ntua mu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Aban nhwehwɛmu bi da no adi sɛ obi a wɔnom sigaret gu ne so betumi anya kokoram

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Nicotine yɛ nneɛma a obi de di dwuma a ɛka ne hɔ sen biara a wonim no biako

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Wɔanya sika pii; wɔadi ɔpepem pii awu

[Kratafa 22 adaka]

Nhwehwɛmu 50,000—Dɛn na Wɔahu?

Nea edidi so yi yɛ akwahosan mu nsɛntitiriw ho nhwɛso kakraa bi a ɛfa tawanom ho a nhwehwɛmufo de ato gua:

AHARAWA MU KOKORAM: Nnipa a aharawa mu kokoram kunkum wɔn no ɔha biara mu 87 yɛ wɔn a wɔnom sigaret.

KOMAYARE: Wɔn a wɔnom sigaret no ɔha biara mu 70 betumi anya komayare asen afoforo.

NUFU MU KOKORAM: Mmea a wɔnom sigaret 40 anaa nea ɛboro saa da biara no ɔha biara mu 74 betumi anya nufu mu kokoram ma akum wɔn asen afoforo.

ASO A ƐNTE ASƐM YIYE: Nkokoaa a wɔn nanom nom sigaret ntumi nte nnyigyei yiye.

ASIKREYARE MU ASIANE: Wɔn a asikreyare ayɛ wɔn a wɔnom tawa anaa wɔwe no asaabo betumi asɛe anaa wɔanya retinopathy (ani so a ɛyɛ wusiwusi) ntɛm asen afoforo.

NSONO MU KOKORAM: Nhwehwɛmu abien bi a wɔyɛe wɔ nnipa bɛboro 150,000 mu kyerɛ sɛ ɛda adi pefee sɛ sigaretnom ma nkurɔfo nya nsono mu kokoram.

NTEHYEWA: Sɛ ntehyewa yɛ mmofra na wɔnom sigaret gu wɔn so a, emu tumi yɛ den.

SIGARETNOM HO AKƆNNƆ: Hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ mmea a wɔnom sigaret bere a wɔyem no mmabea bɛnom sigaret no yɛ mmɔho anan sen afoforo.

LEUKEMIA: Ɛkame ayɛ sɛ sigaretnom ma hon mu leukemia.

APƆW-MU-TEƐTEƐ MU OPIRA: Sɛnea U.S. Asraafo mu nhwehwɛmu bi kyerɛ no, wɔn a wɔnom sigaret no betumi apira ntɛm bere a wɔreteɛteɛ wɔn mpɔw mu.

ADE A WƆKAE: Nicotine pii betumi ama obi adwene mu ayɛ no kusuu bere a ɔreyɛ nnwuma a ɛyɛ den.

ADWENEMHAW: Adwene ne nneyɛe ho animdefo rehwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ sigaretnom de adwenemhaw a emu yɛ den ne basaayɛ ba mu.

OBI HO A OKUM: Ayarehwɛfo mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛe sɛ ayarehwɛfo a wɔnom sigaret betumi akum wɔn ho asen afoforo mmɔho abien.

Asiane afoforo a ɛkeka ho: Kokoram a ɛyɛ anom, dwɛɛdwɛɛwa, menewa mu, aduan kwan mu, bɔnwema ho, yafunu, nsono ketewa, dwensɔtwaa, asaabo, ne awotwaa ano; obi fã a edwudwo, komayare, aharawa mu yare a wɔsa a ɛnsa, mogya kyinhyiadi ho yare, ayamkuru, asikreyare, boninyɛ, nkokoaa a wɔwo wɔn a wɔn mu nyɛ duru, nnompe a ɛho tutu ntokuru, ne aso mu nyarewa. Yebetumi de ahyehyeahyehye nso aka ho, efisɛ sigaretnom ne ade a ɛma ogya tɔ afie, ahɔhodan, ne ayaresabea ahorow mu sen biara.

[Kratafa 24 adaka]

Tawa a Empun Wusiw—Nsiananmu a Asiane Wom

Wɔn a wodi akoten wɔ tawa ho aguadi a dɔla ɔpepepem 1.1 na ɛwom mu no nam anifere kwan so de ne hua no twetwe nkurɔfo. Wɔwɔ nea ɛyɛ huam a nkurɔfo pɛ paa. “Sɛnea tawa no ba obi ani so kakra” no ma ne ho yɛ no fɔmm, nanso ɛnkyɛ. Obi a bere bi na ɔyɛ saa tawa adwumakuw yi guamtrani abadiakyiri kae sɛ: “Nnipa pii betumi de nea ɛyɛ huam kɛse no afi ase, nanso awiei koraa no, wɔbɛba [nea ano yɛ den sen biara] no so.” Wɔbɔ no dawuru sɛ, “Tawa a Ano Yɛ Den ma Mmarima a Wɔyɛ Den” ɛna, “Ɛma Obi Ho Yɛ No Fɔmm.”

The Wall Street Journal, a ɛkaa saa nyansakwan a adwumakuw no faa so yi ho asɛm faa wɔn akyinnyesɛm no kae sɛ wose “wɔnnannan emu nicotine dodow no.” Journal kae nso sɛ bere a nnipa baanu a na anka wɔyɛ tawa ho adufrafo ma saa adwumakuw no reka asɛm no ho biribi nea edi kan no, wɔkae sɛ “ɛmfa ho sɛ adwumakuw no nnannan emu nicotine dodow no, ɛdannan nicotine dodow a ɛkɔ wɔn a wɔnom no mogya mu no.” Wɔka nso sɛ adwumakuw no de nnuru ka ho na ama alkaline dodow a ɛwɔ asra mu no adɔɔso. Dodow a alkaline wɔ tawa no mu no, “dodow no ara na wonya nicotine pii fi mu.” Journal de nsonsonoe a wohu wɔ asra ne tawa a wɔwe mu ma sɛ: “Tawahyɛ a ɛtɔ da bi a wɔfa no sɛ ɛne tawawe yɛ ade koro no yɛ tawa a wɔatwitwa a wɔn a wɔde di dwuma no hyɛ na mmom wɔnwe. Wɔn a wɔde di dwuma no fa kakra anaa wɔde wɔn nsateaa ‘fa’ de hyɛ wɔn sẽ ase, na ɛwɔ hɔ wɔ hɔ a na wɔde wɔn tɛkrɛma adannan no na wɔate ntasu.”

Nea ɛyɛ huam a wɔayɛ ama wɔn a wɔrefi ase foforo no mu nicotine no ɔha biara mu nkyem 7 kosi 22 pɛ na ɛkɔ mogya no mu. Nea ano yɛ den paa no betumi atram wɔn a wɔrefi ase foforo no. Wɔatwitwa no nketenkete ama mmarima “ankasa.” Wonya emu nicotine no ɔha biara mu aduɔson akron “kwa,” na etumi kɔ mogya no mu ntɛm ara. Wɔ United States no, sɛ yɛreka a, nkurɔfo fi ase hyɛ bere a wɔadi mfe akron. Na hena na wadi mfe akron a ɔbɛkwati sɛ ɔbɛkɔ n’anim de nea ano yɛ den no adi dwuma ma wakɔka mmarima “ankasa” no ho?

Nokwarem no, nicotine a wonya fi mu no ano yɛ den sen nea wonya fi sigaret mu no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ nya a wɔn a wɔde di dwuma no betumi anya anom kokoram asen wɔn a wɔmfa nni dwuma no yɛ mmɔho 4, na wobetumi anya menewa mu kokoram asen saafo no mmɔho 50.

United States ɔmamma kasatia mu yɛɛ den bere tiaa bi bere a anom kokoram kum abofra bi a na otu mmirika ma ntoaso sukuu bi maa ne maame samanaa tawa adwumakuw bi no. Wɔmaa abarimaa no tawa kyɛnsee biako kwa wɔ agodidan bi mu bere a na wadi mfe 12 no, na ɔbɛyɛɛ obi a ɔhyɛ nkyɛnsee anan dapɛn biara. Bere a ne nnuruyɛfo yɛɛ no oprehyɛn a ɛyɛ yaw mpɛn dodow bi twitwaa ne tɛkrɛma, n’apantan, ne ne kɔn afã bi akyi no, wɔpaa abaw. Abarimaa no wui no na wadi mfe 19.

[Kratafa 25 adaka]

Ɔkwan a Wubetumi Afa so Agyae

Nnipa ɔpepem pii atumi agyae nicotine a wɔde dii dwuma ma ɛkaa wɔn hɔ no. Sɛ wonom sigaret, na sɛ woanom akyɛ mpo a, wo nso wubetumi agyae suban a asiane wom yi. Nyansahyɛ bi a ɛbɛboa wo ni:

• Di kan hu nea ɛbɛba. Ɔhaw ahorow a sɛ woregyae a ebia wubehyia no bi ne dadwen, asɛm a ɛbɛhaw wo ntɛmntɛm, anisobiri, tipae, nnakorokoro, yafunyare, ɔkɔm, akɔnnɔ, adwene a wuntumi mfa nsi ade biako so, ne ahopopo. Nokwarem no, ɛnyɛ akwanhwɛ a ɛyɛ anigye, nanso ɔhaw ahorow a ano yɛ den no di nna kakraa bi pɛ, na egyae nkakrankakra bere a nicotine fi nipadua no mu no.

• Afei adwene mu akodi no fi ase denneennen. Ɛnyɛ sɛ wo nipadua kɔn dɔ nicotine kɛkɛ, na mmom suban a sigaretnom de ba no anya w’adwene so tumi. Hwehwɛ w’asetra mu na hu bere a ɛyɛ a wofa sigaret nom a w’adwene mma so no, na sesa saa tebea no. Sɛ nhwɛso no, sɛ na wonom sigaret bere a woadidi awie ara pɛ a, si wo bo sɛ wobɛsɔre akɔnantenantew anaa wobɛhohoro nkyɛnsee mu ntɛm ara.

• Sɛ ɛba sɛ ɔhaw tebea bi nti, wo kɔn dɔ prɛko pɛ a, kae sɛ mpɛn pii no, akɔnnɔ no betwam wɔ simma anum mu. Siesie wo ho sɛ wode w’adwene besi biribi so denam krataa a wobɛkyerɛw, apɔw-mu-teɛteɛ, anaa nnɔkɔnnɔkɔwade bi a ahoɔden wom a wubedi so. Mpaebɔ yɛ ade a ɛboa kɛse ma wonya ahosodi.

• Sɛ woabɔ mmɔden sɛ wubegyae ma anyɛ yiye a, mma w’aba mu mmmu. Nea ɛho hia titiriw ne sɛ wobɛkɔ so abɔ wo ho mmɔden.

• Sɛ kɛse a wompɛ sɛ woyɛ nti wotwentwɛn wo nan ase a, kae sɛ mfaso a ɛwɔ sigaretnom a wubegyae so no boro asiane a ɛwɔ kɛse kakra a wobɛyɛ aka ho no so koraa. Ebetumi ayɛ mmoa sɛ wobɛma nnuaba ne nhabamma abɛn wo. Nom nsu pii nso.

• Sɛ́ wubegyae sigaretnom no yɛ ade biako. Sɛ́ wonkɔ ho bio no nso yɛ ade foforo koraa. Fa bere tenten bi a worennom sigaret si w’ani so—da koro, dapɛn biako, asram abiɛsa, afebɔɔ.

Yesu kae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Marko 12:31) Sɛ wobɛdɔ wo yɔnko a, ɛsɛ sɛ wugyae sigaretnom. Sɛ wobɛdɔ wo ho a, ɛsɛ sɛ wugyae sigaretnom.—Hwɛ asɛm “Sigaretnom—Ɛho Adwene a Kristofo Wɔ” a ɛwɔ March 8, 1991 Nyan! mu, nkratafa 13-15 nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena