Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 6/8 kr. 26-28
  • Na sɛ Me Wofo Tɔ Sin Nso Ɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Na sɛ Me Wofo Tɔ Sin Nso Ɛ?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ni a Yebedi Wɔn no Kyerɛ
  • Abufuw ne Ɛyawdi a Wubedi Ho Dwuma
  • ‘Metumi Asakra No’
  • W’ankasa Nkwagye Ho Adwuma a Wobɛyɛ
  • Abusua Mu Ɔhaw Ahorow a Wosiesie Denam Bible Afotu So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Dɛn Nti na Maame Yare Saa?
    Nyan!—1999
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
  • Dɛn Nti Na Me Wofo Nnɔ Me?
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 6/8 kr. 26-28

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Na sɛ Me Wofo Tɔ Sin Nso Ɛ?

“Me papa ayɛ Kristoni mfe du. Mprempren wayɛ mmerɛw. Onsua Bible no, na ɔntaa nkɔ nhyiam horow. Ɔkasa tia ne nuanom Kristofo a wɔwɔ asafo no mu no. Okura wiase adwene wɔ mmusua ne nsɛm foforo pii ho. Mibu no sɛ ɔwɔ sintɔ pii.”—Abeawa bi.

ƆWOFO biara nyɛ pɛ. Bible no ka sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23) Nanso sɛ obi maame anaasɛ ne papa yɛ ne ho sɛ Kristoni a ɔyɛ nhwɛso pa wɔ abɔnten na ɔyɛ nneɛma bɔne wɔ fie a, ɛyɛ ade foforo koraa. Abeawa bi ka sɛ: “Sɛ me papa wɔ nnipa afoforo ntam a, ɔda su pa adi. Nanso sɛ afoforo nni hɔ a ɔyɛ onipa soronko—ɔhaw adwene! N’ani nsɔ nea meyɛ biara, na ɔma m’abusua no muni biara haw. Adu baabi a mintumi nnya asetra mu anigye. Ɔtan nko na metan no.”

Ebia mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade ahorow bi wɔ kokoam no paa na wɔn bo fuw na wodi yaw kɛse. Enti ɔbea bi a ne din de Mary kyerɛw “basabasayɛ, kasafĩ ne ayayade ahorow” a ohui wɔ ne papa—kokoam ɔsabofo no—nsam ho asɛm. Ɔde ɛyawdi ka sɛ: “Ná nkurɔfo ba yɛn a yɛyɛ ne mma no nkyɛn bɛka kyerɛ yɛn sɛ yɛanya agya pa na nneɛma kɔ yiye ma yɛn.”

Bible no kasa tia nyaatwom nyinaa. (Yakobo 3:17) Ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ wɔ Onyankopɔn nokware asomfo mu mpo no, ebinom bɛyɛ “nyaatwomfo.” (Dwom 26:4; fa toto Yuda 4 ho.) Nanso, sɛ onii ko a ɔyɛ nyaatwom no yɛ w’ankasa wofo—obi a wose ɛsɛ sɛ wodɔ no na wubu no—a, eyi a wubehu no remma nneɛma nyɛ mmerɛw. Nkate a edi afra a ɛde ba no bunkam mmofra bi so. Abeawa bi dii abooboo sɛ: “Mihia mmoa. Bible no ka sɛ ‘yenni yɛn agya ni,’ nanso mintumi.”

Nea Ni a Yebedi Wɔn no Kyerɛ

Ɛyɛ nokware sɛ mmofra a wɔte nka sɛ wɔn awofo mfata no nni ‘kwan bi a wɔde bɛkwati’ Bible ahyɛde a ese wonni wɔn awofo ni no. (Efesofo 6:1, 2) Nanso, wo papa anaa wo maame a wubedi no ni no nkyerɛ ankasa sɛ wopene n’asetra kwan so anaa w’ani gye nea ɔde yɛ wo no ho.a Wɔ Bible mu no, ‘nidi’ betumi akyerɛ tumi bi a wɔde asi hɔ a wobegye atom ara kwa.

Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘di ɔhene ni.’ (1 Petro 2:17) Ná Petro ankasa nim sɛ ahene taa yɛ nnipa a wɔwɔ koma bɔne. Sɛ nhwɛso no, na Ɔhene Herode Agripa I yɛ hohwini ne anibiannaso. Bere a Romafo de no sii Palestina hene akyi no, ɔde ɔtaa baa Kristofo so. “Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo. Na ohui sɛ ɛsɔ Yudafo ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso.” (Asomafo no Nnwuma 12:1-3) Nanso, Petro anhyɛ atuatew ho nkuran. Mmom, ɔhyɛɛ osetie a wɔbɛyɛ ama ahene ho nkuran. Na ntease pa nti na ɔyɛɛ saa. Osetie a yɛbɛyɛ ama wiase atumfoɔ yɛ Yehowa apɛde. Na wɔ Petro bere so no, na ahene bi wɔ tumi a enni ano. Salomo kae sɛ: “Nea ɛsɔ n’ani nyinaa na ɔyɛ. Efisɛ ɔhene asɛm di tumi, na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?”—Ɔsɛnkafo 8:3, 4.

Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, wo papa—sɛnea ne sintɔ te biara—da so ara hwɛ wo so na ɔwɔ w’asetra so tumi kɛse. Enti, ɛyɛ adeyɛ a nyansa nnim sɛ wobɛtew ne so atua anaa wubebu no animtiaa. Ɛnyɛ sɛ saa a wobɛyɛ no bɛma asetra ayɛ den kɛse ama wo nko, na mmom ebetumi ama woahwere Onyankopɔn anim dom nso. (Fa toto Mmebusɛm 30:17; Ɔsɛnkafo 10:4 ho.) Ɔkwan foforo so no, biako a wo ne wo papa bɛyɛ sɛnea wubetumi biara no bɛboa wo ma anyɛ yiye koraa no, woakora asomdwoe tebea bi so wɔ mo ntam abusuabɔ no mu.—Kolosefo 3:20.

Abufuw ne Ɛyawdi a Wubedi Ho Dwuma

Ɔkwan bɛn so na wubetumi afa ne obi a wama wudi yaw anaa wadi wo huammɔ adi? Eyi nyɛ mmerɛw. Nanso ne mfomso ne ne sintɔ a wode w’adwene besi so bere biara no bɛma w’abufuw no ayɛ kɛse kɛkɛ. Ebetumi aba sɛ ehia sɛ wunya wo papa ho adwempa kɛse, na wode obu a ɛfata ma no wɔ su pa ahorow a ebia ɔwɔ no ho?

Hyɛ nea Mmebusɛm 19:11 ka no nsow: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.” Mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛte wo papa ase no bɛma woanya nneɛma ho adwene foforo. Ɛyɛ nokware sɛ ɔreyɛ ade atirimmɔden so? Anaasɛ ebetumi aba sɛ wayɛ mmerɛw, n’abaw mu abu, na ohia mmoa? Ebetumi aba sɛ ne nneyɛe no fi ɔyare, adwenemhaw, ankonamyɛ, anaa adwuma nhyɛso? Sɛ saa a, ɔhaw ahorow yi a wobɛte ase no bɛboa wo ma woahu wo papa mmɔbɔ na ebia wo bo amfuw kɛse.

Sɛnea tebea no te biara no, ɛboa sɛ wobɛka wo nkate ho asɛm akyerɛ obi. (Mmebusɛm 12:25) Abeawa bi ka sɛ: “Ná me Papa nom nsa. Mantumi anka sɛnea metee nka ankyerɛ m’awofo, enti mede ne nyinaa hyɛɛ me mu.” Nanso, ɛnsɛ sɛ wo nko wuhu amane. Ɛwom sɛ wɔn a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no ntumi nsi w’awofo ananmu de, nanso wobetumi ayɛ pii ma woanya ɔhwɛ biara a wunnya wɔ fie no, bere a ɛnyɛ sɛ wode wɔn resi w’awofo ananmu. (Fa toto Marko 10:30 ho.) Mmebusɛm 17:17 ka sɛ: “Nnamfo da wɔn dɔ adi bere nyinaa. Sɛ anuanom ammoa wɔ ɔhaw mu a, na wɔn ho mfaso ne dɛn?”—Today’s English Version.

‘Metumi Asakra No’

Mmofra bi haw esiane asɛyɛde ho adwene a ɛnteɛ a wɔwɔ nti. Mary ka ɔne ne nuanom ho asɛm sɛ: “Ná yesuro sɛ obi behu sɛ me papa bow nsa.” Ebinom brɛ wɔn ho denam wɔn awofo asowuifo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra wɔn a ɛnkosi hwee no so.

Ɛwom sɛ ebia wodɔ wo papa na wudwen ne ho de, nanso ne sintɔ ahorow no ho asodi nna wo so. Ɔso ‘n’ankasa adesoa’ a ɛyɛ n’asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim. (Fa toto Galatifo 6:5; Yakobo 5:14 ho.) Ɛnyɛ w’asɛyɛde sɛ wobɛhwɛ anaa wobɛkyerɛ wo papa sɛnea ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne bra. Nwii a wubenwiinwii anaa ka a wobɛka wo papa anim daa no bɛhyɛ no abufuw kɛkɛ.

Eyi nkyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wubetumi ayɛ. Anyɛ yiye koraa no, wubetumi ‘abɔ mpae daa’ sɛ wo papa nnya adwensakra. (1 Tesalonikafo 5:17) Ɔdɔ a wobɛda no adi akyerɛ no daa na woafi wo komam akamfo no beae a ɛfata no bɛma nea ɔyɛ no abrɛ ase. Eyi nyinaa akyi no, ebia nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ wubegyina tebea no ano.b

Nokwarem no, sɛ wo ne wo papa yɛ Kristofo na ɔreyɛ bɔne a anibere wom, te sɛ asabow anaa abufufa a, ɛda adi sɛ wobɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wo ne asafo mu mpanyimfo asusuw nneɛma ho. (Yakobo 5:14) Eyi renyɛ biribi a ɛnkyerɛ nokwaredi, na mmom ɛbɛyɛ mmɔden a wufi ɔdɔ mu bɔ de hwɛ hu sɛ wo papa benya mmoa a ohia paa no ankasa. Ɛyɛ nokware sɛ awofo bi de abufuw ka sɛ wɔnyɛɛ bɔne biara na wɔde kokoam asotwe ma abofra no wɔ ho de, nanso mmofra a ‘trenee nti wohu amane’ wɔ eyi mu no betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa pene wɔn akokoduru adeyɛ no so, na ne bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛma nokware no ada adi.—1 Petro 3:14; 1 Timoteo 5:24, 25.

W’ankasa Nkwagye Ho Adwuma a Wobɛyɛ

Salomo kae sɛ: “Amimyɛ bɔ onyansafo dam.” (Ɔsɛnkafo 7:7) Nea ɛyɛ awerɛhow no, mmofra bi ama wɔn awofo nhwɛso bɔne no ahaw wɔn ma wɔn ankasa afi ase reyɛ nneɛma bɔne. Ebinom bo afuw Onyankopɔn mpo na wɔagyaw Kristofo kwan no! (Mmebusɛm 19:3) Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Mma abufuw nnnyigye wo nnkɔ ahiiyi [nneyɛe] mu. Hwɛ yiye, nnan w’ani nkɔ ahuhude so.”—Hiob 36:18-21.

Sɛ́ anka wobɛhaw wo ho dodo wɔ w’awofo gyinabea wɔ Onyankopɔn anim ho mmom no, ehia sɛ ‘wode osuro ne ahopopo yɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma wie.’ (Filipifo 2:12) Wɔ tete mmere mu no, ɔheneba kumaa bi a na ne din de Hesekia yɛɛ saa wɔ tebea a ɛte saa ara mu. Ná ne papa, Ɔhene Ahas, kyerɛ sɛ ɔsom Yehowa. (Yesaia 7:10-12) Ná ɔyɛ ɔbosonsomfo ankasa, na ɔde n’ankasa ba mpo bɔɔ afɔre! (2 Ahene 16:1-4) Susuw sɛnea na ɔwae a ɛrekɔ so yi bɛhaw abofra Hesekia no ho! Dwom 119:28, a ebinom gye di sɛ ɔheneba kumaa yi na ɔkyerɛwee no kenkan sɛ: “Awerɛhow ama me kra anan, ma me so, sɛ w’asɛm te.”

Yehowa yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ! Bere a Hesekia bɔɔ mpae na osuaa Onyankopɔn Asɛm daa no, ɔyɛɛ den honhom fam, ɛmfa ho nneɛma a na atwa ne ho ahyia no. (Dwom 119:97) Ɔyɛɛ ahwɛyiye wɔ ne fekubɔ nso ho. (Dwom 119:63) Dɛn na efi mu bae? Ɛmfa ho sɛ ne papa a ɔyɛ nyaatwom no yɛɛ nhwɛso bɔne no, Hesekia ‘bataa Yehowa ho.’ (2 Ahene 18:6) Wubetumi ayɛ saa ara! Ebia wo papa reda nyaatwomyɛ adi, nanso enhia sɛ wubedi ne nhwɛso no akyi. Bata Yehowa ho, na ebia wo nokwaredi ho nhwɛso pa a woda no adi komm no bɛka wo papa ma wasakra da bi.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ na nsɛm mu ada hɔ nti, yɛde mmarima begyina hɔ ama awofo.

b Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ abofra bi ma ayayade anaa mmonnaato ho kwan. Ɛsɛ sɛ abofra a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu no hwehwɛ mmoa, sɛ ɛno mpo hwehwɛ sɛ ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ mmoa a ɛte saa wɔ abusua no akyi a.

[Kratafa 27 mfonini ahorow]

Ɛnsɛ sɛ wotɔ sin esiane sɛ w’awofo tɔ sin nti

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena