Bible No Adwene
So Ɛsɛ sɛ Kristofo Kyi Akodi?
“Ɛsɛ Sɛ Asɔre Ahorow No Kyi Akodi Bio Sɛnea Na Ɛte Wɔ Kristosom Mu Wɔ Afeha A Edi Kan No Mu No.” Hubert Butler, Irelandni kyerɛwfo.
BERE a Hubert Butler kɔsraa Yugoslavia wɔ Wiase Ko II akyi no na ɔde akokoduru kyerɛw atifi hɔ asɛm no wɔ nhoma bi a ɔkyerɛwee wɔ 1947 mu nanso wantintim besii afe a etwaam yi ara no mu! Ne ho dwiriw no wɔ sɛnea “Kristofo Asɔre no boaa bɔne wɔ ɔko no mu nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu mu, na wɔman fii Kristo nkyerɛkyerɛ ho koraa no ho.”
Ná Butler nsuro sɛ ɔbɛkasa akokoduru so agyina nnyinasosɛm anaa akuw a ennyee din no akyi. Bere a ɔyɛɛ saa no, wannya ɔboafo biara. Ɔde akokoduru kaa n’adwene kyerɛe bere a ɔde asɔre ahorow no nneyɛe totoo Yehowa Adansefo a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ The Irish Times mu sɛ “wɔne nyamesom kuw a ɛda adi sɛ wɔn ho nni asɛm na wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu koraa” no gyinabea a ɛda akokoduru adi no ho no. Wɔ ne nhoma a ɛne “Report on Yugoslavia” mu no, Butler kyerɛwee sɛ Yugoslavia atumfoɔ no de Adansefo a “wɔpoo nsusuwii biara a amammui akannifo ne nyamesomfo gyinaa so buu wɔn ho bem wɔ ɔko ho” no kɔɔ asɛnnibea sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ akodi mu.
Nanso, so ɛteɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ wɔbɛka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wokyi akodi? Ebia nea ɛbɛma asɛm no mu ada hɔ ne nea asɛm, “obi a okyi akodi,” kyerɛ no. Butler de asɛm no dii dwuma de kamfoo Adansefo no wɔ sɛnea wɔn ankasa fi akokoduru mu huu amane poo sɛ wobenya kyɛfa wɔ akodi mu no ho. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa pii a akodi agye wɔn adwene no bu obi a okyi akodi sɛ “ohufo anaa ɔfatwafo, a osuro sɛ obedi n’asɛyɛde ho dwuma ama ne man.” So saa adwene yi teɛ?
Wɔsɔre Tia Akodi Anaa Basabasayɛ
Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary ka sɛ obi a okyi akodi yɛ obi a “ɔsɔre tia ntɔkwaw ne akodi titiriw denneennen.” Ɛkyerɛkyerɛ “ɔko a wokyi” mu sɛ “sɔre a wɔsɔre tia akodi anaa basabasayɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔnam so siesie akasakasa; titiriw: sɛ́ obi po sɛ obedi ako esiane abrabɔ anaa nyamesom nti.” Ɔkwan bɛn so na yɛde nkyerɛkyerɛmu yi bɛtoto tete Kristofo asafo no mufo ho?
‘Abrabɔ ne nyamesom nti wɔpoo sɛ wobedi ako,’ na wɔkwatii ‘ntawntawdi ne akodi’ biara. Dɛn ntia? Efisɛ wonim sɛ na Yesu aka akyerɛ n’akyidifo sɛ “wɔnyɛ wiase no fã” na “wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Yohane 15:19, NW; Mateo 26:52) Abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka wɔ The Early Church and the World mu kyerɛ yɛn sɛ, anyɛ yiye koraa no, “ɛde besi Marcus a ofi Aurelius [161-180 A.Y.B.] nniso so no, na Kristoni biara renyɛ ɔsraani wɔ n’asubɔ akyi.” Ɔfoforo ka wɔ The New World’s Foundations in the Old mu sɛ: “Kristofo a wodi kan no susuwii sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛko, na na wɔrenkɔ sraadi bere a na Ahemman no hia asraafo mpo no.”
Ná Kristofo no asɛyɛde ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wɔtee ase sɛ na Onyankopɔn mmaa wɔn ahyɛde biara sɛ wɔnko ntia n’atamfo, sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn abrafo, sɛnea yɛbɛka no no. (Mateo 5:9; Romafo 12:17-21) Sɛnea Butler kae no, ɛyɛ bere a wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no ‘man fii Kristo nkyerɛkyerɛ ho kɔɔ akyiri’ no nkutoo na wɔde wɔn ho hyɛɛ amanaman no akodi mu. Afei asɔfo hyira asraafo bɔ mpae hwehwɛ nkonimdi, a mpɛn pii no wɔyɛ saa wɔ afãnu a wɔredi ako no nyinaa akyi. (Fa toto Yohane 17:16; 18:36 ho.) Kenneth Clark kyerɛw wɔ ne nhoma a ɛne Civilisation mu sɛ, sɛ nhwɛso no, wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ no, Protestantfo ne Katolekfo dii ako pii hwiee mogya pii gui, na ɛde “ahude [baa] Europa Atɔe fam, na afãnu no nyinaa kyerɛe sɛ wɔyɛ nnwinnade a wɔde Onyankopɔn abufuw ba.” McClintock ne Strong Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature ka sɛ “ɛda adi” sɛ nsɛm a wɔka de buu wɔn ho bem wɔ akodi yi ho “fi ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya wiase atumfoɔ anim dom, na ɛne tete Kristofo nkyerɛkyerɛ ne ntease a ɛwɔ Asɛmpa no nyinaa mu nhyia koraa.”—Yakobo 4:4.
So Wokyi Akodi Koraa?
Nanso, so na ‘tete Kristofo nkyerɛkyerɛ ne ntease a ɛwɔ Asɛmpa no nyinaa mu’ no kyi akodi ankasa? So na wobetumi aka tete Kristofo no ho asɛm ankasa sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wokyi akodi, sɛnea yɛadi kan akyerɛkyerɛ mu no? Dabi! Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, wogyee hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi ako no toom. (Exodus 14:13, 14; 15:1-4; Yosua 10:14; Yesaia 30:30-32) Afei nso, wɔn ankasa antia hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔmaa tete Israel ko maa no bere a na ɔde saa man no di dwuma sɛ n’adwinnade biako pɛ a ɛwɔ asase so no da.—Dwom 144:1; Asomafo no Nnwuma 7:45; Hebrifo 11:32-34.
Ɛnyɛ hokwan nko na Onyankopɔn wɔ sɛ oyi abɔnefo fi asase so, na mmom ɛyɛ n’asɛyɛde nso esiane atɛntrenee nti. Nnebɔneyɛfo pii rentie boasetɔ a Onyankopɔn de kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnsesa wɔn akwan no da. (Yesaia 45:22; Mateo 7:13, 14) Bɔne ho abotare a Onyankopɔn asi no wɔ anohyeto. (Yesaia 61:2; Asomafo no Nnwuma 17:30) Enti Kristofo nim sɛ, awiei koraa no, Onyankopɔn betu abɔnefo ase afi asase so. (2 Petro 3:9, 10) Sɛnea Bible hyɛ ho nkɔm no, eyi bɛba wɔ “ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.”—2 Tesalonikafo 1:6-9.
Bible nhoma a etwa to no ka ɔko yi ho asɛm sɛ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko,” anaa Harmagedon. (Adiyisɛm 16:14, 16; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛka sɛ Yesu Kristo na obedi anim wɔ eyi mu, ɛne sɛ “otu sa trenee mu.” (Adiyisɛm 19:11, 14, 15; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛfata sɛ wɔfrɛ Yesu Kristo “Asomdwoe-hene.” (Yesaia 9:6) Nanso onkyi akodi. Wadi ako wɔ soro dedaw de ayi Onyankopɔn atamfo a wɔyɛ asɔretiafo no nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 12:7-9) Ɛrenkyɛ obedi ako foforo de ‘asɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ Nanso, n’akyidifo a wɔwɔ asase so no rennya kyɛfa wɔ saa ɔsoro atemmu no mu.—Adiyisɛm 11:17, 18.
Nokware Kristofo pɛ asomdwoe. Wonnyina afã biara akyi koraa wɔ wiase no asraadi, amammui, ne mmusua ntam akodi mu. Nanso, nokwarem no, wɔnyɛ nkurɔfo a wokyi akodi. Dɛn ntia? Efisɛ wɔpene Onyankopɔn ko a ɛbɛma n’apɛde ayɛ wɔ asase so no so koraa—ɔko a ɛde amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw kɛse no bɛba awiei, na ayi asomdwoe atamfo nyinaa afi asase so daa no.—Yeremia 25:31-33; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Wodii Kristo Ho Fɛw/The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.