Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 1 kr. 16-kr. 19
  • Ɔne Onyankopɔn Nantewee

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔne Onyankopɔn Nantewee
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • ‘Ɔsɔɔ Onyankopɔn Ani’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Henok ne Onyankopɔn Nantewee Wɔ Amumɔyɛ Wiase Bi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Henok Wansuro Tebea Bɔne Biara a Ohyiae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wo Ne Onyankopɔn Nnantew Wɔ Bere A Basabasayɛ Wom Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 1 kr. 16-kr. 19

1 ENOK

Ɔne Onyankopɔn Nantewee

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

NNIPA a wɔtenaa ase a wɔtee nka sɛ wɔayɛ ankonam no, na Enok ka ho. Sɛ wode no toto ne bere sofo ho a, na ɔda mu fua. Ɔno nko ara ne onipa a ɔtenaa ase saa bere no a Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee.” Obi a ɔyɛ onipa de, ɛyɛɛ dɛn na otumi ne Onyankopɔn nantewee? Akokoduru ho ade bɛn na yebetumi asua afi Enok hɔ nnɛ?

Anyɛ yiye koraa no, akwan mmienu na Enok faa so ne Onyankopɔn nantewee. Ɛne sɛ, ɔtwee ne ho fii nneɛma bi a ɛmfata ho, ɛnna ɔyɛɛ nneɛma papa nso. Nnipa a na wɔn bra asɛe na wɔmfa Onyankopɔn nyɛ hwee no, wansuasua wɔn. Saa bere no, na Adam ne Hawa da so te ase, na na wɔanyinyin paa. Ná Enok tɔ wɔn so nson wɔ awo ntoatoaso mu. (Hwɛ bere ne nneɛma bi a esisii “Efi Tete Agyanom Bere So Kosi Atemmufo No Bere So.”) Ɛsa bɔne a Adam ne Hawa twa too hɔ no, na nnipa pii adi akyi ma wɔn nso asɔre atia Onyankopɔn. Adam babarima Kain kum ne nua Habel, onipa a odii kan kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi no. Ná Kain asefo no bi tirim yɛ den te sɛ ɔno ara, na ebi dii awurukasɛm kyɛn no mpo. (Gen. 4:​23, 24) Nanso Enok de, atirimɔdensɛm a na ɛrekɔ so wɔ ne bere so no, wamfa ne ho anhyem, mmom, onyaa akokoduru twee ne ho fii ho. Ná ɔyɛ onipa a ɔpɛ asomdwoe, na wei sɔɔ Onyankopɔn ani.

Mfe pii ansa na wɔrewo Enok no, nkurɔfo ‘fii ase bɔɔ Yehowa din.’ (Gen. 4:26) Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde Onyankopɔn din no ka abususɛm, na na wɔde di dwuma wɔ abosonsom mu de bu no animtiaa. Nanso nea na ɛrekɔ so nyinaa, Enok anyɛ bi. Ná ɔdɔ Yehowa, na na obu ne din kronkron no paa, enti ɔtwee ne ho fii nneɛma a ɛmfata a na nkurɔfo reyɛ wɔ ne bere so no ho.

Ná nkurɔfo pɛ sɛ wɔkum Enok, efisɛ asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no anyɛ wɔn dɛ, nanso Yehowa de ne ho gyee mu bɔɔ ne ho ban

Onyankopɔn de adwuma soronko bi hyɛɛ Enok nsa sɛ ɔnyɛ ne diyifo. Ná obehia akokoduru kɛse na watumi ayɛ saa adwuma no, efisɛ na ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ nnipa a wɔn bra asɛe koraa. Asɛm a Onyankopɔn somaa no sɛ ɔnkɔka ni: “Hwɛ! Yehowa de n’ahotefo mpempem pii bae, na obebuu obiara atɛn, na nneɛma bɔne a amumɔyɛfo nyinaa yɛ tiaa Onyankopɔn ne ahodwirisɛm a nnebɔneyɛfo a wonsuro no ka tiaa no nyinaa nti, obuu wɔn fɔ.”

Enok reka Onyankopɔn atemmusɛm akyerɛ nkurɔfo bi. Baabi a ɔwɔ no yɛ ɔkwan bi a nkurɔfo taa fa so. Wuhu sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no bi ani nnye asɛm no ho, ebinom bo afuw, na ebi nso kurakura akode.

Hyɛ no nsow sɛ, Enok kaa asɛm no te sɛ nea asi dedaw, te sɛ nea Onyankopɔn ama nkɔmhyɛ no abam dedaw. Wei kyerɛ sɛ, ke ara ne ke, na Enok asɛm no bɛba mu. Ná asɛm no yɛ atemmusɛm a ano yɛ hyew. Atemmusɛm a Enok kae no, emu nsɛm no bi ne, “nneɛma bɔne,” “amumɔyɛfo,” “ahodwirisɛm,” ne “nnebɔneyɛfo.” Enok nsɛm no, nkurɔfo te a na ɛrenyɛ wɔn dɛ, mmom, ɛbɛwowɔ wɔn. Nanso nea Yehowa pɛ sɛ wɔte no de, ɔde akokoduru ka kyerɛɛ wɔn.

Bere a nkurɔfo no tee asɛm no, wɔyɛɛ wɔn ade sɛn? Ɛno de, Bible nhyɛ da nka, nanso ɛma yehu paa sɛ eduu baabi no, na Enok nkwa da asiane mu paa. Yɛyɛ dɛn hu saa? Bible ka sɛ: “Eduu bere bi no wɔanhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.” Adɛn, dɛn na esii? Nea ɛte ne sɛ, na atirimɔdenfo a wɔwɔ Enok bere so no retan n’ani paa. Yehowa amma kwan amma wɔankum n’adamfo a ɔda ne koma so yi, anaa wɔanyɛ no ayayade, mmom ɔdɔ a Yehowa wɔ ma Enok nti, otwaa ne nkwa so bɔkɔɔ a wante owuyaw biara. Nea Yehowa yɛe nti, obiara annya Enok anyɛ no ayayade biara; Yehowa da so kae no, na obenyan no daakye.

Ansa na Enok rewu no, Yehowa maa no akyɛde bi. Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ: “Ansa na wɔreyi [Enok] afi hɔ no, onyaa adanse sɛ wasɔ Onyankopɔn ani yiye.” Ebetumi aba sɛ, asomdwoe a daakye nnipa benya bere a asaase adan Paradise no, Yehowa maa Enok nyaa ɛho anisoadehu! Ansa na Enok reka n’ani agu so no, na obetumi anya awerɛhyem kɛse sɛ, Yehowa dɔ no, na esiane gyidi kɛse a ɔwɔ, ne akokoduru a ɔkɔɔ so daa no adi nti, Yehowa ahyira no!

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Genesis 5:​21-24

  • Hebrifo 11:5

  • Yuda 14, 15

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Enok yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Bere a Bible kaa sɛ nnipa fii ase “bɔɔ Yehowa din” no, na ɛkyerɛ sɛn? (Gen. 4:26; w01 9/15 29 ¶3)

  2. 2. Enok ne ɔnokwafo a odii kan yɛɛ adwuma bi. Ná ɛyɛ adwuma bɛn? Ɛyɛɛ dɛn na otumi yɛɛ n’adwuma no? (w01 9/15 31 ¶6)

  3. 3. Ansa na Enok refi ase ahyɛ nkɔm no, ɛbɛyɛ sɛ na onim sɛ obehyia n’akokoduru ho sɔhwɛ. Ná ɔbɛyɛ dɛn ahu? (w06 10/1 19 ¶13-14) A

    Mfoni Ahorow: Efi Adam ne Hawa bere so, nneɛma a esisii ansa na wɔrewo Enok no, ɔredwinnwen ho. 1. Onyankopɔn de kerubim mmienu ne ogya sekan a ɛredɛw rewɛn Eden turo no. 2. Adam abɔ akwakoraa, na Hawa nso abɔ aberewa. 3. Kain akum ne nua Habel; ogyina ne funu no nkyɛn.

    Mfoni A

  4. 4. Ebinom gye di sɛ, wɔfaa Enok kɔɔ soro, nanso wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ mu sɛ wɔamfa no ankɔ soro? (Yoh. 3:13; Heb. 11:​5, 13)

Dɛn Na Woasua?

  • Bere bɛn paa na yebehia akokoduru na yɛatumi aka asɛm no? Sɛ yɛhwɛ Enok nhwɛso no a, ɛma yehu sɛ dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya akokoduru? B

    Onua bi yɛ adwuma wɔ baabi a wɔsiesie kar. Ɔpɛ sɛ ɔto nsa frɛ aberante bi a ɔne no yɛ adwuma ma ɔba asafo nhyiam, na wohwɛ aberante no a, wuhu sɛ ɔso ware, na ɔnyɛ obi a n’anim tew. Adwumam hɔfo a aka no reserew onua no.

    Mfoni B

  • Sɛ yenya akokoduru ne Yehowa nantew a, ɛma ɔte nka sɛn? (Mmeb. 27:11; Heb. 11:5)

  • Wobɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Enok daa akokoduru adi no?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Enok ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Sɛn na Enok nhwɛso no betumi aboa wo ama woagyina aturuturasɛm anaa basabasayɛ ano?

Suasua Wɔn a Na Wɔwɔ Gyidi, Ɛnyɛ Wɔn a Na Wonni Gyidi—Suasua Enok, Nsuasua Lamek (2:53)

Nea ɛboaa Enok ma onyaa gyidi no, dwinnwen ho.

“Wo Ne Onyankopɔn Nnantew Wɔ Bere a Basabasayɛ Wom Yi Mu” (w05 9/1 13-17)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena