2 NOA
Obuu Wiase No Fɔ
ENOK wui akyi no, Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo no bi tee atua wɔ soro. Saa abɔfo bɔne yi nyaa mmea ho akɔnnɔ, na wɔdanee wɔn ho nnipa baa asaase so bɛwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. Mma a wɔwoo wɔn no, na wɔfrɛ wɔn Nefilimfo. Ná wɔsoso woware, wɔn tirim yɛ sum, na na wɔdi atirimɔdensɛm. Ɛbaa saa no, nneɛma bɔne a na nnipa reyɛ wɔ asaase so no, afei koraa de na ɛkyɛn. Ɛno nti nnipa mma a Onyankopɔn abɔ wɔn kamakama wɔ asaase so no, na wɔasɛe wɔ Onyankopɔn ani so. Nanso Enok nanankansowa Noa de, na ɔyɛ soronko koraa.
Noa bɛyɛɛ ɔtreneeni te sɛ Enok. Bible ka sɛ: “Noa ne nokware Nyankopɔn no nantewee.” Akyiri yi ɔwaree, na ɔne ne yere kyerɛkyerɛɛ wɔn mma mmarima mmiɛnsa no, na wɔn nso yɛɛ osetie maa Yehowa. Ɛno maa wɔn abusua no daa nsow koraa wɔ wɔn bere so.
Da bi, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔrebɛpopa nnipa abɔnefo nyinaa afi asaase so. Nanso Yehowa maa Noa hui sɛ anidaso wɔ hɔ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi, na ɛno na ɔde begye nnipa nkwa. Nsuyiri a Yehowa kaa sɛ ɔde reba asaase nyinaa so no, na Noa nhuu biribi saa da. Adaka kɛse a Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no nso, na ɔnyɛɛ adwuma kɛse saa da. Nanso na ogye Yehowa bɔhyɛ di, enti ɔhyɛɛ adwuma no ase.
Ɛbɛyɛ sɛ na atamfo a wɔn ho yɛ hu ne Noa ne n’abusua ani nhyia koraa, na asɛm a na wɔreka ne adwuma a na wɔreyɛ nso, na wɔkyi kɔkɔkɔkɔ
Ná Noa ne n’abusua hia akokoduru na wɔatumi ayɛ saa adwuma no. Ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo tweetwee wɔn, na ebetumi mpo aba sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔagyae adwuma no. Abɔfo bɔne a wɔbaa asaase so no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn ho yɛ hu, na na wɔne Noa ne n’abusua ani nhyia koraa. Abɔfo mma no nso, ɛbɛyɛ sɛ na wɔtan nkurɔfo ani. Nanso Noa ne nnipa nson a wɔka ne ho no de ahokeka yɛɛ adwuma no. Nnipa nson no ne, Noa yere nokwafo, wɔn mma mmarima mmiɛnsa, ne wɔn mma no yerenom. Nkakrankakra, na wɔrekɔ wɔn anim wɔ adwuma no mu. Wɔde mfe pii na ɛyɛɛ adaka no ho adwuma; ebia ɛbɛboro mfe 50 mpo.
Saa bere no nyinaa, na Noa reyɛ biribi foforo nso. Bible ka tete agya yi ho asɛm sɛ, “ɔkaa trenee ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo.” Ná ɔno ne abusua no ti, enti odii n’abusua no anim ma wɔbɔɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ nsuyiri a na ɛreba no ho. Nanso obiara antie wɔn. Noa abusuafo a aka no mpo, wɔn mu biara nni hɔ a otiee nea Noa reka no. Ná nkurɔfo no mpɛ sɛ wɔgyae nneɛma bɔne a wɔyɛ no. Sɛ wode ɔbarima a ɔwɔ gyidi yi toto ne beresofo no ho a, wutumi hu sɛ na ɔyɛ soronko koraa. Enti sɛ Bible ka sɛ ‘Noa nam saa gyidi yi so buu wiase no fɔ’ a, ɛyɛ ne kwan so.
Awiei koraa no, wɔtumi yɛɛ adaka no wiei. Nnuan, nsu, ne biribi foforo biara a Noa ne n’abusua, ɛne mmoa a wɔbɛka wɔn ho akɔ adaka no mu no behia nyinaa, na ɛsɛ sɛ ɔne n’abusua no boaboa ano kɔ adaka no mu. Da koro wɔwɔ hɔ ara, anwanwasɛm, wɔnkɔhwɛ a, mmoa ahorow nyinaa bi, ebiara mmienu mmienu, anini ne abere, ɛnna wɔn ankasa asen yuu ‘rekɔ Noa nkyɛn wɔ adaka no mu’ yi!
Ná Onyankopɔn aka akyerɛ Noa sɛ ɔmfa n’abusua nkɔ adaka no mu, efisɛ na aka nnanson ama nsu no afi ase atɔ. Wo de twa ho mfoni hwɛ sɛ abusua no de ahopere ne ahokeka rewie biribiara a aka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, afei nneɛma a wɔde koguu adaka no mu nso, wɔde ebiara retoto yiye. Ebetumi aba sɛ saa bere yi koraa na nkurɔfo serew wɔn kɛse. Nanso bere a wɔde biribiara kɔɔ adaka no mu wiei no, Yehowa ankasa too adaka no mu. Ɛbɛyɛ sɛ wei maa wɔn a na wɔredi Noa ne n’abusua ho fɛw nyinaa kaa wɔn ano toom. Afei nsu no fii ase tɔɔ denneennen, na ɛtoaa so ara nnafua 40! Eyiri faa asaase so ma ɛboroo so, ɛpagyaw adaka no, na ɛkataa mmepɔw atenten mpo so. Enti Yehowa popaa abɔnefosɛm fii asaase no so.
Noa ne n’abusua de, wɔtenaa adaka no mu bɛboro afe, na biribi bɔne biara anto wɔn. Saa bere no nyinaa, na nsu no retwetwe nkakrankakra. Eduu baabi no, adaka no kosii bepɔw bi so, na akyiri yi Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ, afei de wɔbetumi afi adaka no mu. Bere a Noa ne n’abusua pue fii adaka no mu no, wɔbɔɔ afɔre maa Yehowa de kyerɛe sɛ wɔn ani asɔ sɛ wagye wɔn nkwa. Ɛnna Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe wiase bio, enti ɔmaa nyankontɔn bɛtɔɔ wim de yɛɛ sɛnkyerɛnne maa wɔn de kyerɛe sɛ, nea waka no yɛ nokware.
Ɛnnɛ, nnipa a yɛte asaase so nyinaa, Noa ne n’abusua mu na yefi bae. Ɛno nti, ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ wɔnyaa akokoduru, na wɔansuasua nnipa abɔnefo a na wɔwɔ wɔn bere so no!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Noa yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Ansa na Nsuyiri no reba no, na nnipa asetena te sɛn? (w02 3/1 5 ¶3–6 ¶4)
2. Bere bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no? Bere bɛn na Yehowa maa Noa huu ɛda a nsu no befi ase atɔ? (w12 4/15 23 ¶5-8)
3. Dɛn na ɛma yehu sɛ Nsuyiri no bae ampa? (ijwbq asɛm 156 ¶2-5, adaka˗wcgr) A
Historic Collection/Alamy Stock Photo
Mfoni A: Hindu anansesɛm bi ka sɛ, nsuyiri kɛse bi baa wiase, ɛnna ɔbarima bi yɛɛ korow a ɔde begye ne ho nkwa. Nsuyiri no akyi no ɔbɔɔ afɔre, na wɔkyerɛ sɛ ɔno na nnipa nyinaa fi ne mu bae
4. Nsuyiri no akyi bɛboro mfe ɔha no, dɛn na esii? Noa a na ne mfe akɔ anim saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ nea esii no kaa no sɛn? (it “Noa” No. 1 ¶12˗wcgr) B
Mfoni B
Dɛn Na Woasua
Sɛn na mmere a yɛwom yi te sɛ Noa mmere no? (Mat. 24:36-39)
Dɛn na ɛwɔ Noa nhwɛso yi mu a ɛma yehu paa sɛ, ɛho hia sɛ . . .
yɛtoto yɛn nneɛma yiye? D
Mfoni D
yɛyere yɛn ho yɛ adwuma? E
Mfoni E
yenya abotare? Ɛ
Mfoni Ɛ
Akokoduru a na Noa wɔ no, dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Noa ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Hwɛ sɛnea abusua ti bi reyere ne ho sɛ obesuasua Noa.
Suasua Wɔn a Na Wɔwɔ Gyidi, Ɛnyɛ Wɔn a Na Wonni Gyidi—Suasua Noa, Nsuasua Ne Beresofo No (2:57)