3 SARA
Wanhwɛ N’akyi
NÁ SARA kunu ne Abraham, na na ɔdɔ Abraham paa. Ná wɔte Ur a ɛwɔ Sinar asaase so. Ná ɔfasu atwa Ur kurow no ho ahyia, na na ɛbɛn Asubɔnten kɛse Eufrate ho. Ná abosonsom adonnɔn kurow no paa, nanso Abraham de, na ɔyɛ soronko koraa. Ɔno de, na ɔsom Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ no. Sara nso nyaa nokware Nyankopɔn no mu gyidi. Nanso da koro, biribi sii a na ɛbɛsɔ ne gyidi ne akokoduru a ɔwɔ no ahwɛ paa.
Abraham ka kyerɛɛ no sɛ Yehowa ne no akasa! Ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Sara ani gyei. Nanso asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham no, na ne yɛ bɛyɛ den. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntu mfi wɔn fie wɔ Ur, na wɔnnyaw wɔn abusuafo hɔ nkɔtena asaase bi so wɔ akyirikyiri. Kwan a na wɔrebetu no, na ɛnyɛ da koro asɛm. Ná ebegye bere ansa na wɔadu, na na wɔbɛtena ntamadan mu nso. Baabi a na wɔrekɔ no, na wɔrennya kurow a afasu akɛse atwa ho ahyia na awɛmfo bɔ ho ban mu ntena bio. Afei nso, na wɔrennya dan papa, anaa ofie a adiwo wom mu ntena, na na wɔbɛbrɛ ansa na wɔanya nsupa anom. Afei nso, na wɔrennya baabi a wɔdi gua wɔ hɔ nkɔtɔ aduan, anaa nneɛma afoforo a wɔhia no. Nneɛma a anka ebetumi atwe wɔn asan no de, na ɛdɔɔso! Ne nyinaa akyi no, Sara penee so sɛ ɔbɛkɔ. Ɔde ne ho too Yehowa so boaboaa ne nneɛma ano, na ɔkraa n’abusuafo ne ne nnamfonom, ɛnna ɔne Abraham de wɔn ti dɔɔ mu a wɔnnim baabi pɔtee mpo a wɔrekɔ.
Anka Sara betumi aguan Abraham ho sɛ wɔnsan nkɔ wɔn nkyi, na wɔn ho bɛtɔ wɔn. Nanso baabi a Yehowa kaa sɛ wɔnkɔ biara, ɔtaa ne kunu akyi, na ɔne no kɔe
Sara san yɛɛ biribi foforo a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru. Ɔsomafo Paul kaa biribi faa ɔne ne kunu ho. Ɔkaa sɛ: “Sɛ wɔkɔɔ so kaee baabi a wotu fii no a, anka wobenya kwan asan akɔ hɔ.” (Heb. 11:15) Abusua, agyapade, ne ahobammɔ a na Sara wɔ wɔ Ur no, anka n’ani betumi agyina. Nanso ɔde akokoduru hwɛɛ n’anim tee; wanhwɛ n’akyi.
Bere a afei de wɔkoduu Kaanan asaase so no, Sara hui sɛ ɛhɔ nte sɛ Ur kurow no. Ur de, na wɔwɔ asubɔnten kɛse Eufrate, na na aguadifo fi aman foforo so de po so hyɛn fa nsu no so de nneɛma ba hɔ bedi gua. Enti bere a ɔkɔm kɛse bi te sii Kaanan asaase so no, nea na anka wɔbetumi ayɛ ara ne sɛ wɔbefi hɔ akɔ. Nea esii no nti, anka Sara betumi aguan ne kunu ho sɛ wɔmfa wɔn ani nkyerɛ apuei na wɔnsan nkɔ wɔn nkyi. Nanso wanyɛ saa, ofii ne pɛ mu ne Abraham toaa akwantu no so de wɔn ani kyerɛɛ atɔe kɔɔ Egypt.
Ná Sara ho yɛ fɛ paa, enti na Abraham suro sɛ anhwɛ a obi bekum no afa ne yere. Ɛno nti, Abraham ka kyerɛɛ Sara sɛ ɔmmma nkurɔfo nnhu sɛ ɔyɛ ne kunu, na mmom ɔnka sɛ ɔyɛ ne nua; Sara nso penee so. Nanso, Egypt hene Farao tee sɛ Sara ho yɛ fɛ paa, enti ɔsomae sɛ wɔnkɔfa no mfi Abraham nkyɛn na wɔmfa no mmrɛ no wɔ ahemfie. Obi a ɔte ahemfie de, ne ho bɛtɔ no na wanya ahobammɔ asen obi a ɔtena ntamadan mu di atutena. Nanso wohwɛ a na Sara begyaa Abraham na ɔne Farao akɔtena ama ne ho adwo no anaa? Daabi. Akokoduru a na ɔwɔ nti, wamma ne tirim anyɛ no dɛ sɛ wanya ahemfie atena, mmom, ɔkɔɔ so bataa ne kunu ho, na Yehowa nso gyee no! Ankyɛ na ɔsan kɔkaa ne dɔfo Abraham ho.a
Ná Yehowa ahyɛ Abraham bɔ sɛ, ɔbɛma ɔman kɛse afi ne mu aba. Nanso saa bere no nyinaa na Sara ntumi nwoo ba, na na ɛhaw no paa. Wɔde mfe pii na ɛtenaa Kaanan asaase so, na ɛno akyi no Yehowa hyiraa Sara. Ɛwom sɛ na wadi mfe 90, nanso Yehowa hyiraa no maa ne nsa kaa ne koma so ade. Ɔwoo ɔbabarima! Yehowa kaa sɛ wɔnto abofra no din Isak, efisɛ ɛkyerɛ “Ɔserew.” Bere a Abraham ne Sara hui sɛ wɔbɛwo ɔbabarima no, anigye nti, wɔserewee. Afei nso na Sara nim paa sɛ anwanwade a Yehowa ayɛ ama no no, obiara a ɔbɛte no, ɔne no bɛserew.
Sara nyin kyɛe, na otumi tetee ne babarima no ma onyin bɛyɛɛ onipa pa. Sɛnea ɔbaatan pa biara bɛyɛ no, na ɛsɛ sɛ onya akokoduru na watumi abɔ ne ba no ho ban. Asetena pa a Sara gyaw wɔ akyi no, wanhwɛ n’akyi. Mmom, daakye papa a na ɛda n’anim nti, ɔhwɛɛ n’anim tẽẽ kosii sɛ owui. Daakye papa a Yehowa de hyɛɛ Sara ne n’abusua bɔ no, ɛwom sɛ wɔanhu sɛ abam de, nanso yegye di paa sɛ, nea ɛte biara, ɛbɛba mu!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Sara yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Ná Abraham ne Sara nyinaa papa ne Tera, enti na wɔyɛ anuafoɔ. Wohwɛ a ɛyɛ bɔne sɛ Sara waree no? (wp17.3 12 ¶5, ase hɔ asɛm)
2. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na Sara gyaw wɔ Ur? (wp17.3 13 ¶4–14 ¶2) A
Photograph taken by courtesy of the British Museum
Mfoni A: Agude bi a wɔatutu fam akohu wɔ baabi a na tete kurow Ur wɔ no
3. Abraham amma nkurɔfo anhu sɛ Sara yɛ ne yere. Dɛn na ɛma yehu sɛ nyansa wɔ nea ɔyɛe no mu? (wp17.3 14 ¶6–15 ¶2)
4. Ɛwom sɛ na Sara brɛ ne ho ase ma Abraham, nanso dɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ nneɛma rekɔ bɔne a na ɔkasa ho? Kyerɛkyerɛ mu. (g 1/08 29 ¶4-5˗wcgr) B
Mfoni B
Dɛn Na Woasua?
Fa Sara toto Lot yere ho.
Nneɛma bɛn na na ɛsɛ wɔ wɔn mu biara asetena mu? (Gen. 12:1; 13:5-7; 19:12, 15)
Dɛn na na ɛyɛ soronko wɔ wɔn mu biara ho? (Gen. 19:17, 26; Luka 17:28-32)
Gyinae a wɔsisii ne nea efii mu bae no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
Ná Sara ho yɛ fɛ paa ara, na na ne kunu nso wɔ sika pii. Ebia na yɛn nso yɛn ho yɛ fɛ, anaasɛ yɛn nsam wɔ bi. Ɛba saa a, sɛn na Sara nhwɛso no betumi aboa yɛn? (Mmeb. 31:30; 1 Tim. 6:17-19)
Akokoduru a na Sara wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua? D
Mfoni D
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Sara ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Ɔyerenom nko ara na wɔbetumi asua biribi afi Sara hɔ anaa? Anaa wohwɛ a okununom nso betumi asua biribi afi ne hɔ?
Kenkan asɛm yi, na wubehu nea Abraham ne Sara yɛ de kyerɛɛ sɛ wɔbu wɔn ho.
a Bere bi nso, Sara san hyiaa asɛm koro no ara. Ɔhene bi a wɔfrɛ no Abimelek bɛfaa no fii Abraham nkyɛn. Sara nyaa akokoduru, na asɛm a Abraham ka kyerɛɛ no no, otiei, na Yehowa san gyee no.