4 ABRAHAM
Onipa a Odii Kan Koo Trenee Ko
YEHOWA de biribi papa bi hyɛɛ n’adamfo Abraham bɔ, na na ɛbɛka nnipa a ɛwɔ asaase so nyinaa. Ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mɛyɛ wo ɔman kɛse.” Asaase a na Onyankopɔn de bɛma Abraham asefo daakye no, ɔmaa Abraham de n’ani kɔhwɛe. (Gen. 12:2; 13:14, 15) Nanso na Satan awe ataa so sɛ ɔremma saa bɔhyɛ no mma mu da. Ná Ɔbonsam nim sɛ saa ɔman no mu na ‘aseni’ a Yehowa hyɛɛ ne ho bɔ no befi aba. Ná onim nso sɛ, ‘aseni’ no na ɔbɛsɛe ɔno Satan na wama ne tumidi bɔne no aba awiei.—Gen. 3:15.
Satan tuu n’ani sii Abraham ne n’abusua so. Sɛ yɛhwɛ Abraham wɔfase Lot sei a, Satan maa ebi kɔɔ n’ani paa. Ná Abraham afi ne komam de hokwan no ama Lot sɛ onni kan nhwɛ Bɔhyɛ Asaase no fã a ɔpɛ na ɔnkɔtena hɔ; Lot nso paw asaase no fã a eye paa na nsu pii wɔ so. Ná ɛbɛn Sodom kurow no, na na ɛhɔfo yɛ “nnebɔneyɛfo a wɔyɛ bɔne akɛse tia Yehowa.” (Gen. 13:8-13) Ná Sodom hene ne Kaanan ahemfo nnan aka wɔn ntama abɔ ano, na na wɔmpɛ sɛ wɔtua tow ma Elam hene bio. Enti wɔtew atua. Ɛno nti, Elam hene ne ahemfo mmiɛnsa bi nso kaa wɔn ti pam ho, na odii wɔn anim ma wɔko tiaa Kaanan ahemfo no dii wɔn so nkonim. Ɛnna wɔfaa nnipa ne nneɛma pii, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ wɔn kurom. Nnipa a wɔsoaa wɔn kɔe no, na Lot ne n’abusua ka ho.
Abraham dii ne mmarima 318 no anim ma wɔtiw ahemfo nnan a wɔyɛ den no, na wɔne wɔn kɔkoe
Dɛn na na Abraham bɛyɛ? Anka obetumi aka sɛ Lot no ara na wakɔyɛ akogye n’ani so. Anaa anka ɔbɛka sɛ, sɛ okogye Lot a, gye sɛ ɔne ahemfo yi kɔko. Abraham nso de, sɛ ɛba ɔko a na ɛnyɛ ne de mu; na ɔyɛ oguanhwɛfo a odi atutena. Enti ahemfo nnan a wɔyɛ den a wɔaka wɔn ho abom yi, na ɔbɛyɛ dɛn adi wɔn so nkonim? Nea na ɛma asɛm no yɛ den koraa ne sɛ, na Abraham fi Ur a ɛwɔ Sinar asaase so, na na ahemfo no mu baako na odi Sinar so. Ɛno nti sɛ Abraham yɛ obi a, anka obetumi anya adwene sɛ, sɛ ɔne nkurɔfo no kɔko a, ɔrentumi ntu ne nan nsi ne kurom Ur bio, enti ɔrenkɔ. Nanso Abraham annya saa adwene no. Ná onim nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ.
Saa bere no, na Abraham fiefo adɔɔso ara ma ɛbɛyɛ sɛ na wɔboro nnipa 1,000. Enti ɔboaboaa ne mmarima 318 a wɔnim ko ano, ɛnna wɔyɛɛ ahoboa maa ɔko no. Ná Abraham ne nkurɔfo bi aka wɔn ti apam ho, enti wɔn nso bɛkaa ne ho ma wɔsii kwan so sɛ wɔne Elam hene ne wɔn a ɛka ne ho no rekɔko. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ atifi fam, na wɔkohuu atamfo no wɔ Dan mpɔtam. Abraham kyɛɛ ne mmarima no mu, na eduu anadwo no wɔtow hyɛɛ atamfo no so. Ɛwom sɛ na Abraham ne wɔn a ɛka ne ho no nnɔɔso de, nanso wɔtumi ko dii atamfo no so nkonim ma wɔguan fii wɔn anim. Ahemfo nnan no ne wɔn mmarima guan de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam, na Abraham ne wɔn a ɛka ne ho no nso de guu wɔn so. Bere a wɔkoduu Hoba a ɛwɔ Damasko atifi no, wɔdii atamfo no so nkonim korakora, na nneɛma a atamfo no fa fii Kaanan kɔe no nso, wɔsan gyee ne nyinaa. Afei de, na Lot ne n’abusua anya wɔn ho atetew!
Akokoduru ne gyidi a Abraham daa no adi no, sɛn na Yehowa tee nka wɔ ho? Nea ɛbɛma yɛanya mmuae no, yɛnhwɛ nea esii bere a Abraham resan aba a obetwaam wɔ Salem kurow mu no. Ná kurow no so hene ne Melkisedek, na na ɔsan yɛ Yehowa sɔfo. Ofii kurow no mu behyiaa Abraham, na ohyiraa no wɔ Yehowa din mu. Ahobrɛase a na Abraham wɔ nti, nneɛma a onyae wɔ ko no mu no, ɔkyɛɛ nea eye paa no mu du yii emu baako maa Melkisedek.
Biribiara kyerɛ sɛ ɔko no, na ɛnyɛ nnipa ko na mmom ɛyɛ Onyankopɔn ko. Bible frɛ nhoma bi “Yehowa Akodi nhoma.” (Num. 21:14) Ebetumi aba sɛ Abraham ko a yɛaka ho asɛm yi na wɔdii kan kyerɛwee wɔ saa nhoma no mu. Mfe pii akyi, bere a Abraham asefo ne Kaananfo abɔnefo a wɔte Bɔhyɛ Asaase no so dii ako no, Yehowa maa ne nkurɔfo anokwafo no dii nkonim mpɛn pii.
Nanso bere a Onyankopɔn nkurɔfo poo no no, ɔno nso ammɔ wɔn ho ban bio. Bere a Yehowa Ba a ɔyɛ Mesia no bae no, wɔannye no anni. Enti afei de Yehowa nso poo wɔn korakora. Ɔde honhom kronkron sraa Kristofo bi yɛɛ wɔn ɔman foforo, ɛnna ɔde wɔn sii Israel man no ananmu. Saa ɔman foforo yi, Kristo na edi wɔn so hene. Wɔn a Yesu di wɔn so hene no, wabara wɔn sɛ mma wɔnnkɔ ɔko honam mu. (Mat. 26:52) Mmom ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛko atia Satan. Ɔyɛɛ nhwɛso ma wɔhuu sɛ, sɛ obi betumi ako atia Satan a, egye akokoduru te sɛ honam fam ko pɛpɛɛpɛ.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Abraham ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn ne dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no, ɛdɛn na wɔakohu a edi adanse sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware? (w89 7/1 5 ¶4–6 ¶2)
2. Baabi a na tete nkurow Sodom ne Gomora da no, ɛnnɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea ɛhɔ asaase no te a, ɛfoa nea Bible ka no so sɛn? (it “Nkyene Po” ¶6˗wcgr) A
BestTravelPhotography/iStock via Getty Images Plus
Mfoni A: Baabi a ɛbɛyɛ sɛ na tete kurow Sodom da no, ɛnnɛ mpo wubehu mmedua ne afifide afoforo pii wɔ hɔ
3. Ná Melkisedek yɛ Salem hene san yɛ ɔsɔfo. Salem kurow no, na ɛwɔ he? (it “Salem”˗wcgr)
4. Adɛn nti na Bible de Melkisedek toto Yesu ho? (it “Ɔsɔfo Panyin” ¶27-28˗wcgr) B
Mfoni B
Dɛn Na Woasua?
Abraham maa Lot kwan ma ɔpaw asaase no fã a ɛyɛ paa. Yɛn nso, sɛ yɛne yɛn abusuafo, yɛn nuanom Kristofo, ne afoforo redi a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Abraham? D
Mfoni D
Sɛnea Abraham fi ne pɛ mu kogyee ne wɔfase no, dɛn na yesua fi mu?
Abraham akokoduru ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Abraham ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Hwɛ nea ɛyɛe a Abraham benyaa Yehowa mu ahotoso kɛse.
Ansa na Abraham retu afi Ur no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?