5 ABRAHAM
Ná Ɛyɛ Den Ma No, Nanso Otiee Onyankopɔn
ABRAHAM sii kwan so de n’ani kyerɛɛ baabi a Yehowa se ɔnkɔ no. Ná ɛrenkyɛ na wadu baabi a ɔrekɔ no, nanso na nea ɔrekɔyɛ no yɛ den ma no. Ne nyinaa akyi no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ.
Bere a ɔnam kwan so rekɔ nyinaa na ɔredwinnwen asɛm a Yehowa aka akyerɛ no no ho. Ná Yehowa aka akyerɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asaase so kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw no baako a mɛkyerɛ wo so.” Ná Yehowa no ara nim sɛ Abraham ba Isak da ne papa koma so paa. Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na obisaa ade a ɛyɛ den saa fii Abraham hɔ? Afei nso ɛbɛyɛ dɛn na Abraham anya gyidi ne akokoduru a ohia na watumi atie Yehowa de Isak abɔ afɔre?
Bible ka sɛ Abraham yɛ “wɔn a wɔwɔ gyidi . . . nyinaa agya.” (Rom. 4:11) Dedaadaw nyinaa, na ne gyidi yɛ den, na Yehowa nso boaa no ma ɔhyɛɛ mu gya. Ɛho nhwɛso ne sɛ, mfe pii ansa na Onyankopɔn reka akyerɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba no mmɔ afɔre no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, Sodom ne Gomora bɔne nti, ɔrebɛsɛe nkurow mmienu no. Ná ɛyɛ Abraham ahometew, na ɛma obisaa Yehowa sɛ, ɔrebɛsɛe atreneefo aka abɔnefo ho anaa. Yehowa nyaa Abraham ho abotare, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ohu atreneefo kakraa bi mpo wɔ nkurow no mu a, ɔrensɛe hɔ. (Gen. 18:16-33) Yehowa nam saa asɛm no so maa Abraham behuu sɛ, ɔyɛ atɛntrenee ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn, na na ɛnyɛ ade a Abraham werɛ befi da.
Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ biribi a ne yɛ yɛ den no, dɛn na ɛma onyaa akokoduru yɛe?
Ɛno akyi no, ankyɛ na Yehowa maa Abraham ne Sara akyɛde nwanwaso bi. Saa bere no, na Sara rekɔ mfe 90, na na Abraham nso rekɔ mfe 100. Ná wɔapa awo ho, nanso Yehowa ma wɔtumi woo Isak! Abraham behuu sɛ biribiara nsõ Yehowa yɛ; otumi maa ahoɔden baa nipadua a awu mpo mu. (Rom. 4:18, 19) Ná ɛno nso yɛ biribi a Abraham werɛ remfi da.
Ɛno akyi bɛyɛ mfe 25 na Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba no nkɔbɔ afɔre no. Bere a ɔnam kwan so rekɔ Moria nyinaa ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwinnwen asuade a wanya no ho. Ná ɔwɔ anidaso sɛ, sɛ Isak wu mpo a, Yehowa betumi anyan no, na obenyan no nso! (Heb. 11:19) Anidaso a na Abraham wɔ no ma onyaa akokoduru, na ɔtoaa n’akwantu no so.
Bere a wɔbɛn bepɔw a Yehowa kaa sɛ wɔnkɔ so no, Abraham ka kyerɛɛ asomfo a ɔne wɔn nam no sɛ wɔntwɛn, na ɔne Isak reforo bepɔw no akɔbɔ afɔre aba. Asɛm a Abraham kae no ma yehu sɛ na ɔwɔ ahotoso paa sɛ ɔne Isak bɛsan aba wɔn nkyɛn. Bere a ɛkaa ɔne Isak nko ara wɔ bepɔw no so no, ohui sɛ bere aso sɛ ɔde ne ba no bɔ afɔre. Isak brɛɛ ne ho ase maa ne papa akwakoraa no kyekyeree no de no too afɔremuka no so. Abraham faa sekan kurae, na opagyaa ne nsa yɛe sɛ ɔde rebekum ne ba no. Ɛnna ɔtee sɛ ɔbɔfo bi abɔ ne din, na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mfa wo nsa nka abofra no.” Ɛhɔ ara na Abraham gyaee.
Onyankopɔn kamfoo Abraham, efisɛ onyaa ne mu gyidi yɛɛ osetie maa no. Esiane sɛ Abraham penee so sɛ ɔde ne ba no bɛbɔ afɔre nti, ɛbɔ a na Yehowa ahyɛ no a ɛne sɛ, “asaase so aman nyinaa” nam ne so benya nhyira na wama n’asefo adɔɔso no, ɔsan sii so dua kyerɛɛ Abraham sɛ ɛbɛbam.
Ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham no, ebi aba mu dedaw, na ɛnnɛ yi nyinaa ebi nso gu so reba mu. Saa bɔhyɛ no bɛma nnipa anya nhyira a ɛtena hɔ afebɔɔ. Ɛno da nkyɛn a, Abraham ne Isak asɛm no ma yehu biribi fa Yehowa nso ho. Ɛyaw a na Yehowa ankasa bɛfa mu bere ɔregye nnipa anokwafo nyinaa no, ɛma yehu ɛho biribi kakra. Sɛnea na Abraham wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne ba a ɔda ne koma so no bɛbɔ afɔre no, saa ara na na Yehowa nso befi ne pɛ mu de ne Ba a ɔwoo no koro Yesu abɔ afɔre na ama nnipa nyinaa anya nhyira. (Yoh. 3:16) Abraham yii ne yam sɛ ɔde biribi a ɛsom bo ma no paa bɛbɔ afɔre. Sɛ yesua ho ade a, ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn yiye.
Sɛnea Abraham yɛe no, yɛn nso sɛ yedwinnwen asɛm a Yehowa aka ne nneɛma a wayɛ atwam ho a, ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den. Bere a yɛn gyidi reyɛ den no, na akokoduru a yɛwɔ no nso reyɛ kɛse. Abraham akyi no, Onyankopɔn nka nkyerɛɛ obiara sɛ ɔmfa ne ba nkɔbɔ afɔre sɛnea ɔkaa sɛ Abraham nyɛ no, enti ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ ɔbɛka sɛ yɛnyɛ saa. Nanso yebetumi anya ahotoso paa sɛ, gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu nti biribiara a ɔbɛka sɛ yɛnyɛ no, yebenya akokoduru ayɛ. Sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn a, nhyira a yebenya de, ɛnyɛ agorɔ!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Abraham ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn ne dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Adanse bɛn na ɛma yehu sɛ Abraham tenaa ase ampa? (g 5/12 18, adaka˗wcgr; it “Abraham” ¶22-23˗wcgr) A
Mfoni A: Ɔdan ho mfoni bi a ɛwɔ Karnak, Egypt; nsɛm a ɛwɔ so no bi ne “Abram Asaase”
2. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ dɛn na Abraham tee Yehowa Nyankopɔn ho asɛm? (ia 26 ¶4-5)
3. Dɛn na Abraham yɛe a ɛmaa ne som sɔɔ Yehowa ani? (rr 20 ¶18)
4. Dɛn na ɛwɔ ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham wɔ Genesis 22:17 no mu a ɛma yehu sɛ Bible ne nyansahu hyia? (g88 10/8 20) B
Mfoni B
Mfoni B
Dɛn Na Woasua?
Anidaso a na Abraham wɔ no, sɛn na ɛboaa no ma onyaa akokoduru? Yɛn nso, anidaso a yɛwɔ no, sɛ yedwinnwen ho a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya akokoduru? D
Mfoni D
Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Abraham akokoduru no na yɛde nneɛma abɔ afɔre bere a . . .
yɛanya hokwan bi a yebetumi de adi obi adanse? (Heb. 13:15)
yɛredwen sɛnea yɛde honam fam nneɛma a yɛwɔ no bedi dwuma? (Mmeb. 3:9)
yɛahu sɛ yɛn nuanom Kristofo bi hia yɛn mmoa? (Filip. 4:18)
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Abraham akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Abraham ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Bible mu asɛm yi, video yi bɛboa wo ama woatwa ho mfoni.
Dɛn na ɛmaa Abraham bɛyɛɛ Yehowa adamfo a ɔbɛn no paa, na dɛn na wubetumi ayɛ de ahyɛ wo ne Yehowa adamfofa mu den?