6 REBEKA
Otu Kɔɔ Baabi a Onnim
NÁ REBEKA sõ ahina kɛse bi a ɔrekɔ abura no ho. Ná ade resa, na na bere aso sɛ ɔkɔ nsu ma ne fiefo. Nsukɔ nso de, na ɛyɛ adwuma a ɔyɛ no da biara. Bere a ɔrebɛn abura no, ohuu mmarima bi ne wɔn yoma wɔ abura no ho. Ná onnim wɔn de, nanso ɔkɔɔ abura no ho kɔsaa nsu guu n’ahina mu.
Bere a ɔsoaa nsu no sɛ ɔrekɔ fie no, ɛhɔ ara na mmarima no mu baako a n’ani afi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma me w’ahina no mu nsu kakra nnom.” Rebeka antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda ayamye adi akyerɛ ahɔho yi. Mmom, ɔdaa ahɔhoyɛ soronko adi kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, nom bi,” ɛnna ɔsoɛɛ ahina no sii ne nsam, na ɔmaa no bi nom mee.
Anso hɔ ara. Yoma du a ahɔho no de bae no nso, ɔkaa sɛ ɔbɛsaw nsu no bi afi abura no mu ama wɔn. Ababaa hoɔfɛfo yi de mmirika dii akɔneaba wɔ abura no ho kɔsaw nsu beguu baabi a mmoa nom nsu no, kosii sɛ mmoa akɛse yi nyinaa nom bi mee. Bere a ɔhɔho no huu nea ɛrekɔ so no, ne ho dwiriw no paa. Ɔbarima no bisaa Rebeka sɛ, ne papa ne hena, na wɔbenya baabi ada wɔ wɔn fie anaa. Ɛhɔ ara na Rebeka kaa sɛ obenya baabi ama wɔn nyinaa ada, na mmoa no nso benya mmoa aduan pii.
Nea ɛrekɔ so no nyinaa, na Yehowa nsa wom, nanso Rebeka de, na onnim. Ebetumi aba sɛ ɔbarima a n’ani afi yi ne Elieser, Abraham somfo a ogye no di paa no. Nea ɛte ne sɛ, nnawɔtwe kakra a atwam no, na ne wura asoma no fi akyirikyiri sɛ ɔnkɔhwehwɛ yere mma ne ba Isak a obedi n’ade no. Abraham maa Elieser tee ne ho ase sɛ, ɔrentumi nkɔfa ɔbea a ofi abusua biara mu kɛkɛ, gye sɛ ofi abusua a wɔsom Yehowa mu. Enti Elieser nso bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. Ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma onhyia ɔbea a ɔbɛda ahɔhoyɛ soronko adi akyerɛ ɔne wɔn a ɛka ne ho no, na ɔmfa no nkɔma Isak. Nea ɔsrɛe no ara nso na Rebeka yɛ maa wɔn no!
Rebeka annwen ho mmienu koraa sɛ ɔbɛboa mmarima a onnim wɔn yi. Ɛwom, Rebeka bere so no, na ɛnyɛ hu sɛ obi bɛda ahɔhoyɛ adi akyerɛ obi a onnim no. Nanso ɛnnɛ de, ɛnte saa, efisɛ nnipa pii ‘di atirimɔdensɛm, na wɔmpɛ papa.’ (2 Tim. 3:1, 3) Ne nyinaa mu no, nea Rebeka yɛe no, ne bere so mpo, na ɛda nsow. Akyiri yi, ɔsan yɛɛ biribi foforo a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru paa.
Ankyɛ na ohuu nea enti a mmarima no atwa kwan tenten aba hɔ. Rebeka nuabarima Laban, ne ne papa Betuel ka kyerɛɛ Elieser sɛ ɔmmɛtena ase mma wɔnnidi. Nanso ɔbarima a n’ani afi yi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, gye sɛ wabɔ n’amanneɛ ansa. Sɛnea Yehowa boaa no ma ohyiaa Rebeka no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Betuel ne Laban behuu nokwasɛm a ɛwɔ nea ɔreka no mu, na wɔkaa sɛ: “Asɛm yi fi Yehowa.”
Bere a Rebeka huu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ otu kɔ akyirikyiri kɔware ɔbarima a onnim no no, dɛn na na ɔbɛyɛ?
Dɛn na na Rebeka bɛyɛ? Ná Abraham nim sɛ, ebetumi aba sɛ ɔbea a Elieser benya no no rempene so sɛ ɔbɛba Kaanan. Wohwɛ a, na Rebeka wɔ ano wɔ asɛm yi mu anaa? Ade kyee no, Elieser bisae sɛ, ɛda no ara obetumi de Rebeka akɔ anaa. Enti Rebeka abusuafo tow asɛm no maa Rebeka, na ɔmaa wɔn mmuae sɛ: “Mɛkɔ dodo.” Sɛ Rebeka gyaw ne fie ne n’abusuafo hɔ kɔ a, ebetumi aba sɛ na ɔrenhu wɔn bio. Nanso anhaw no sɛ obegyaw wɔn hɔ akɔ akyirikyiri. Dɛn na ɛma onyaa akokoduru saa? Ebetumi aba sɛ, ɔno nso behui sɛ Yehowa nsa wom.
Elieser, Rebeka, ne wɔn a ɛka wɔn ho no de yoma twaa kwan nnawɔtwe pii. Akyiri yi, wɔkoduu baabi a na Abraham wɔ wɔ Kaanan asaase so. Ɛrekɔ anwummere no, Rebeka huu ɔbarima bi sɛ ɔno nko ara nam wuram; na ɔbarima no akɔ wuram hɔ sɛ ɔrekɔdwennwen. Ná ɛyɛ Isak, na saa bere no, na wadi mfe 40. Ná ɔwɔ atenka ma nkurɔfo, na ne maame Sara wui no, na mfe mmiɛnsa atwam nso na ɔda so redi ho awerɛhow. Bere a Rebeka tee sɛ ɔbarima no yɛ Isak no, n’ahobrɛase nti oyii ntama kataa n’anim; nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na wagye atom sɛ Isak yɛ ne kunu. Adwuma a na Onyankopɔn de rehyɛ Rebeka nsa no, na obenya akokoduru ayɛ anaa? Ná ɔbɛyɛ ɔyere pa a ɔdɔ ne kunu, na waboa no ama wadi n’asɛde ho dwuma wɔ abusua no mu sɛnea Yehowa hwehwɛ anaa? Bible ma yehu sɛ saa na ɔyɛe. Sɛnea na Isak te nka wɔ ɔne Rebeka aware no ho no, Bible ka ho asɛm sɛ: “Isak benyaa ɔdɔ maa no, na ɛmaa ne werɛ kyekyee wɔ ne maame wu akyi.”
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Rebeka yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Bere a Abraham woo mma no, hokwan bɛn na efii Elieser nsa, na dɛn na ɛma yehu sɛ anyɛ no yaw? (Gen. 15:2-4; 24:12; w97 1/1 30 ¶2)
2. Adɛn nti na na Abraham pɛ sɛ Rebeka mmom tu bɛtena Kaanan asaase so sen sɛ Isak bɛkɔ akɔtena Rebeka kurom? (w97 1/1 30 ¶3)
3. Dɛn nti na Elieser de akyɛde maa Rebeka ne n’abusua? (it “Rebeka” ¶4˗wcgr)
4. Bere a Rebeka refi Haran akɔ Isak kurom wɔ Negeb no, dɛn na na ɛbɛma akwantu no ayɛ den? (wp16.3 15 ¶1) A
www.LifeintheHolyLand.com
Mfoni A: Bere bi a atwam no, na nnipa bebree tete Negeb, na na Abraham nguan a wɔdɔɔso no nya aduan di wɔ hɔ
Dɛn Na Woasua?
Sɛ yɛrehwehwɛ obi aware no a, dɛn na yebetumi asua afi Abraham, Rebeka, ne Isak hɔ? (Gen. 24:2, 3; 27:46–28:1)
Ná Rebeka ani da hɔ, ne yam ye, na na obu ade. Dɛn na anuanom mmea betumi ayɛ de asuasua no nnɛ? B
Mfoni B
Akokoduru a na Rebeka wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Rebeka ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Bere a ɔbea nokwafo Rebeka waree na ɔwoe mpo no, hwɛ nea ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔda so ara wɔ akokoduru.