Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 7 kr. 40-kr. 43
  • Ɔde Akokoduru Bɔɔ N’abusua Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔde Akokoduru Bɔɔ N’abusua Ho Ban
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Yakob Ne Esau Siesiee Wɔn Ntam
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yakob Ani Sɔɔ Honhom Fam Nneɛma Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ntafo a Ɛsono Wɔn
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yakob Nyaa Agyapade No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 7 kr. 40-kr. 43

7 YAKOB

Ɔde Akokoduru Bɔɔ N’abusua Ho Ban

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

AKA kakra ama Yakob awu no, ɔkaa n’asetena ho asɛm sɛ, “ɛyɛ mfe kakraa bi a ɔhaw ahyɛ mu ma.” (Gen. 47:9) Saa asɛm no yɛ nokware, efisɛ ɔhaw de ohyiaa bi paa! Ne mmeranteberem no, na ɔno ankasa ne nua pɛ sɛ okum no, enti oguan kɔɔ Haran nohoa. Bere a Yakob wɔ Haran no, na ɔpɛ sɛ ɔware Rahel, nanso Rahel papa Laban daadaa no maa no waree Rahel nua panyin ansa na ɔde no rema Yakob aware. Enti, na Yakob ware mmea mmienu a wɔn ani nhyia. Afei nso, Yakob yɛɛ adwuma maa Laban bɛyɛ mfe 20, nanso daa na ɔpɛ sɛ ɔfa kwan bi so sisi no. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, Yakob nyaa akokoduru ne gyidi, na ɔde animia gyinaa pintinn.

Da bi, Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ, ontu mfi Haran nsan nkɔ ne kurom Kaanan. Nanso na ɛyɛ hu, efisɛ na Laban yɛ odifudepɛfo, na na ɔte nka sɛ biribiara a Yakob wɔ no yɛ ne de. Yakob ne n’abusua kodwen asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ no no ho, na ɔboaa wɔn ano de wɔn guanee a wankra Laban. Bere a Laban tee no, ɔboaa ne mmarima ano ma wɔtiw Yakob. Ɔkɔtoo Yakob ne n’abusua wɔ kwan so, na esiane sɛ wɔrekɔ no wɔankra nti, Laban ne no kasaa abufuw so. Ɔbɔɔ no ntrɛnee mpo sɛ: “Anka metumi ayɛ mo bɔne biara a mepɛ.” Nanso Yakob nyaa akokoduru kaa nokware a ɛwɔ asɛm no mu kyerɛɛ Laban. Ɔmaa Laban hui sɛ ɔne no anni no yiye, na wadaadaa no akyɛ. Ne nyinaa mu no, na Yakob pɛ asomdwoe. Enti ɔne Laban siesiee wɔn ntam ansa na obiara rekɔ ne kwan.

Yakob akokoduru nti, bere a n’abusuafo bi bo fuw no no, otumi siesiee ɔne wɔn ntam, na otumi ne ɔbɔfo mpo tentamee.

Asɛm wei kɔdae no, na ɛsɛ sɛ Yakob kohyia ne nua Esau nso. Mfe pii a atwam no, na wɔn maame Rebeka ayi Yakob asotiw sɛ ne nua Esau pɛ sɛ okum no, efisɛ na Esau te nka sɛ Yakob afa nyansakwan so agye ne nhyira afi wɔn papa hɔ. Enti, na Yakob pɛ sɛ okosiesie ɔne ne nua no ntam. Ɔtee sɛ Esau de mmarima 400 rebehyia ɔne n’abusua. Ɛnna Yakob de akyɛde somaa n’asomfo sɛ wɔmfa nkɔma Esau. Nanso na Yakob bɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛno bɛma Esau bo adwo? Bible ka sɛ: “Yakob bɔɔ hu paa, na ne ho yeraw no.” Afei biribi a ɔnhwɛ kwan sii.

Saa da no anadwo, Yakob huu ɔbarima bi a na onnim no. Ná ɔbarima no yɛ Yehowa bɔfo, na ɔne Yakob tentamee. Ná Yakob te nka sɛ obenya nhyira afi ɔbɔfo no hɔ, enti onyaa akokoduru ne ɔbɔfo no dii aperepere nnɔnhwerew pii. Ná Yakob adi mfe 97, na yɛreka nso a, na ɔbɔfo no wɔ ahoɔden sen no bam, nanso Yakob ampa abaw. Ɔyeree ne ho koe na ɔtee nisu mpo. (Hos. 12:4) Ná Yakob nim sɛ nhyira biara a obenya afi Yehowa hɔ no som bo paa, enti nea ɔbɛyɛ ama ne nsa aka biara, obemia n’ani ayɛ. Eduu ahemanakye no, ɔbɔfo no de ne nsa kaa Yakob dwonku kɛkɛ; ɛhɔ ara na ehuanee. Afei, ɔbɔfo no kaa anigyesɛm bi kyerɛɛ Yakob. Ɔkaa sɛ, efi saa bere no rekɔ, wɔbɛfrɛ no Israel. Nea edin no kyerɛ ne sɛ obi ne Onyankopɔn apere so. Ná ɛfata, efisɛ nhyira a na Yakob repɛ wɔ Yehowa hɔ nti, odii apere a wampa abaw.

Bere a Yakob san kɔɔ n’abusuafo nkyɛn no, na ɔtɔ gu ne nan so. Saa bere no nyinaa, na Esau ne mmarima 400 a wɔka ne ho no nam kwan so rebehyia no. Afei Yakob dii n’abusua anim kan sɛ ɔno nko ara rekohyia Esau. Bere a Yakob rebɛn Esau no nyinaa na ɔrebɔ ne mu ase; ɔyɛɛ saa mpɛn nson. Ɛnna Esau de mmirika behyiaa no. Nanso, wantwe sekan anaa biribiara saa. Mmom ɔtrɛw ne nsam yɛɛ Yakob atuu! Wɔn mmienu nyinaa sui. Yakob ahobrɛase ne nneɛma pii a ɔde kɔkyɛɛ Esau no ma odwudwoe koraa. Ɛbɛyɛ sɛ, Yakob akokoduru no nso yɛɛ no nwanwa. Ɔkwan a Yakob faa so no maa asomdwoe baa ɔne ne nua no ntam.

Yakob rebehyia Esau ne mmarima a ɛka ne ho no, na Yakob retɔ gu ne nan so.

Efi bere a Yakob dwonku huanee no, ɔtɔ guu ne nan so ara kosii sɛ owui, na ne haw nso de, ɛto antwa da. Ne nyinaa akyi no wannu ne ho da sɛ otiee Yehowa, na ɔne ɔbɔfo no tentamee. Akyiri yi, bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a onya fii Yehowa hɔ no baa mu maa Israel bɛyɛɛ ɔman kɛse. (Gen. 28:14) Afei nso Bible taa frɛ Yehowa “Yakob Nyankopɔn.” (Ex. 3:6) Yesu Kristo koraa mpo de saa asɛm no dii dwuma. Ɔka kaa ho sɛ, Yehowa nyɛ “awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de, efisɛ n’ani so de, wɔn nyinaa te ase.” (Luka 20:​37, 38) Enti anidaso papa bi da hɔ retwɛn Yakob. Wiase foforo no mu no, ne mfe bɛdɔɔso ara ama ɔrentumi nkan, na anigye a obenya de, ɛso bi maa da!

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Genesis 27:​41-45; 31:​1-29, 36-55; 32:1–33:16

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Yakob yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Adɛn nti na Yehowa maa nhyira a ɛfata abakan no fii Esau nsam kodii Yakob hɔ? (w03 10/15 29 ¶2)

  2. 2. Dae bɛn na Yehowa maa Yakob soe, na awerɛhyem bɛn na ɛma onyae? (w03 10/15 28 ¶3–29 ¶1) A

    Stɛps bi wɔ asaase so a na n’atifi kɔpem soro, na abɔfo redi aforosian wɔ so.

    Mfoni A

  3. 3. Adɛn nti na na Yakob gye di paa sɛ obenya nhyira afi ɔbɔfo no hɔ? (w03 10/15 31 ¶2) B

    Yakob gyina ɔbɔfo bi a wadan ne ho nipa anim; ɔne ɔbɔfo no rebɛtentam.

    Mfoni B

  4. 4. Dɛn na Yakob yɛ de bɔɔ n’abusua ho ban na wɔansuasua Kaananfo no? (w95 9/15 21 ¶5, ase hɔ asɛm)

Dɛn Na Woasua?

  • Yakob kum ne ho hwɛɛ Laban nguan no. (Gen. 31:​38-40) Ɛnnɛ nso, dɛn na Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔdwen wɔn nuanom a wɔyɛ Yehowa nguan no ho paa? D

    Mfoni Ahorow: Aberante bi a ɔyɛ asafo mu panyin reyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ odwen onua bi a n’ani afi ho. Mfoni mmiɛnsa no nyinaa san wɔ baabi foforo wɔ ti 7 yi mu. Aberante bi a ɔyɛ asafo mu panyin akɔsra onua bi a n’ani afi wɔ ne fie. Onua a n’ani afi no rekasa, na asafo mu panyin no ayɛ aso retie no. Akyiri yi, asafo mu panyin no sɛndee no tɛks mɛsegye. Ɔkaa sɛ: “Yɛwɔ break na wo ho adwene abesi me tirim. Ɛnnɛ wo ho yɛ kakra?” Onua a n’ani afi no yii ano sɛ: “Sam medaase! Ɛnnɛ de, ɛyɛ paa.” Asafo mu panyin no ne onua n’ani afi no abom reyɛ asɛnka adwuma. Onua a n’ani afi no akenkan kyerɛwnsɛm bi akyerɛ obi wɔ asɛnka mu na ɔne no resusuw ho; wutumi hu sɛ ɔde ahotoso na ɛrekasa.

    Mfoni D

  • Bere a ehu kaa Yakob no, ɔbɔɔ Yehowa mpae. (Gen. 32:​6-12) Wohwɛ sɛnea Yakob bɔɔ mpae no a, ɛma wuhu sɛ nneɛma bɛn saa na wubetumi aka ho asɛm wɔ wo mpaebɔ mu?

  • Akokoduru a na Yakob wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Yakob ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Sɛ yehu sɛ yɛafom yɛn nua Kristoni bi a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yakob?

“Monkɔ So ‘Ntie No’” (w21.12 25-27 ¶10-18)

Fa Bible mu asɛm a wɔayɛ ho mfoni yi boa w’abusua ma wɔmfa nsua Yakob ho ade.

“Yakob ne Esau” (ijwis asɛm 3-wcgr)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena