Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 8 kr. 44-kr. 47
  • Bere a Ohyiaa Sɔhwɛ No, Wanyɛ Bɔne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Ohyiaa Sɔhwɛ No, Wanyɛ Bɔne
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yehowa Reboa Wo Ama Asi Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 8 kr. 44-kr. 47

8 YOSEF

Bere a Ohyiaa Sɔhwɛ No, Wanyɛ Bɔne

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

BERE a Yosef yɛ aberantewa no, na ne papa Yakob ne ne Nyankopɔn Yehowa nni ne ho agorɔ koraa. Ɛno nkyerɛ sɛ Yosef anhyia ɔhaw biara wɔ n’asetenam. Ná ne nuanom ne n’ani nhyia koraa. Yakob mma no nyinaa, Yosef paa na na ɔpɛ n’asɛm, enti ɛmaa Yosef papa mma no ani beree no. Bere a Yehowa maa Yosef soo dae a ɛkyerɛ sɛ daakye abusua no bɛba abɛkotow no no, ɛmaa ɔtan a na ne nuanom tan no no yɛɛ kɛse.

Da bi, na Yosef nuanom de nguan kɔ adidi wɔ akyirikyiri, ɛnna ne papa Yakob somaa no sɛ ɔnkɔhwɛ sɛnea wɔn ho te. Saa bere no, na Yosef adi bɛyɛ mfe 17. Bere a Yosef koduu ne nuanom nkyɛn no, wɔyeree no, na wɔde no kɔtoo abura bi a emu nsu awe mu. Ɔsrɛɛ ne nuanom sɛ wɔnhu no mmɔbɔ nanso wɔanhwɛ n’anim mpo. Ahyɛase no, na wɔpɛ sɛ wɔkum no, nanso akyiri yi wɔtɔn no maa aguadifo bi a na wɔretwam. Akyiri yi, Yosef nuanom daadaa wɔn papa sɛ aboa bi akyere ne dɔba Yosef awe na ɔno nso gye dii. Nanso nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu ne sɛ, aguadifo no de Yosef kɔɔ Egypt wɔ anaafo fam, na wɔkɔtɔn no maa Potifar a ɔyɛ Farao mpanyimfo no mu baako ma ɔsom no sɛ akoa.

Nea ɛtoo Yosef no, sɛ ɔyɛ obi a, anka ɔbɛpa abaw. Nanso, onyaa akokoduru, na adwuma biara a wɔde hyɛɛ ne nsa no, ɔyeree ne ho yɛe. Bible ka ne ho asɛm sɛ na “Yehowa di n’akyi.” Biribiara a Yosef yɛe no, Yehowa ma esii no yiye. Ewiee ase no, Potifar de biribiara a ɛwɔ ne fie hyɛɛ ne nsa.

Nanso na ɔhaw bi rebobɔ ba. “Yosef nyin bɛyɛɛ ɔbarima mũ a ne ho yɛ fɛ,” na Potifar yere tuu n’ani sii ne so. Ɔmaa Yosef hui sɛ n’ani gye ne ho, ma mpo ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne me mmɛda.” Dɛn na na Yosef bɛyɛ? Ná ne busuani biara nni hɔ. Afei nso, na ɔnyɛ obiara; ná ɔyɛ akoa a ne wura tumi de no yɛ nea ɔpɛ biara. Potifar yere no nso, sɛ ɔka sɛ Yosef nyɛ biribi na wanyɛ a, na obetumi adi n’ani. Enti, na Yosef begyaagyaa ne ho ne Potifar yere ada, anaasɛ obenya akokoduru aka sɛ ɔrenyɛ saa?

Yosef kura kuku bi nam Potifar fie hɔ, na ɔrehwɛ n’anim tee. Potifar yere nso apue afi ne dan mu abegyina ne pon ano, na ɔrehwɛ Yosef hwɛ bɔne.

Ná Yosef nim sɛ, sɛ Potifar yere no ka sɛ ɔnyɛ biribi na wanyɛ a, obetumi adi n’ani; ɛnde dɛn na ɛboaa Yosef a enti wannyaagyaa ne ho amma Potifar yere?

Bible ma yehu nea ɔyɛe. Ɛka sɛ: “Wampene.” Yosef ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ, sɛnea ne kunu gye ɔno Yosef di no, ɔrentumi nyɛ no bɔne saa. Yosef kaa asɛm a ɛho hia paa yi: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” Ɔdɔ a Yosef wɔ ma n’Agya Yehowa nti, onyaa akokoduru de ne nan sii fam kaa sɛ ɔrenyɛ saa bɔne no. Nanso Potifar yere annyae no haw. “Da biara,” na ɔtaataa no. Afei da bi a na nkoa no mu biara nni hɔ no, Potifar yere soo Yosef ataade mu kaa sɛ: “Wo ne me mmɛda!” Yosef gyee ne ho guanee. Nanso n’ataade kaa ɔbea no nsam. Akyiri yi, bere a ne kunu Potifar bae no, ɔde kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ Yosef baa ne nkyɛn sɛ ɔrebɛto no mmonnaa. Potifar bo fuwii paa, na ɔma wɔde Yosef kɔtoo afiase.

Afiase dan a wɔde Yosef kɔtoo mu no, na ɛhɔ yɛ sum paa, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ne nan, na wɔde dade nso hyɛɛ ne kɔn. (Dw. 105:​17, 18) Anka Yosef abam betumi abu ama no ate nka sɛ anidaso nyinaa asa. Ebetumi aba sɛ ɔtee nka sɛ Yehowa ayi ne baako ahyɛ ne nsa anaa? Daabi ɛnte saa! Gyidi a na Yosef wɔ wɔ ne Nyankopɔn mu no anyɛ mmerɛw da. Bere a ɔda afiase no, ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma, na Yehowa nso hyiraa no. Ewiee ase no, ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ no de nnipa a wɔgu afiase hɔ no hyɛɛ Yosef nsa. Mfe a Yosef dii wɔ afiase hɔ nyinaa, omiaa n’ani daa akokoduru adi.

Gyidi ne akokoduru a Yosef daa no adi nti, Yehowa kɔɔ so de no dii dwuma. Akyiri yi, Onyankopɔn maa Farao soo dae mmienu bi a ɛfa biribi a ɛrebesi ho. Dae a Farao sosoe no, Onyankopɔn boaa Yosef ma ɔkyerɛɛ ase. Yosef ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, dae no kyerɛ sɛ mfe nson reba a aduan bebu so, na ɛno akyi no ɔkɔm bɛba mfe nson. Wei kaa Farao koma paa, na ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, ɔhaw a ɛreba no, onni anim ntoto nneɛma na ahokyere amma ɔman no mu. Ɔmaa Yosef bɛyɛɛ obi a ɔwɔ tumi paa wɔ Egypt, ma enti sɛ wuyi Farao a, na Yosef na ɛwɔ hɔ. Nea ɛkɔbae ne sɛ, ɛnyɛ Egyptfo no nko ara na Yosef gyee wɔn fii ɔkɔm kɛse no mu, na mmom ogyee ɔno ankasa abusuafo nso. Bere a ne nuanom baa Egypt sɛ wɔrebɛtɔ aduan no, wɔkotow no. Saa bere no, na wɔnnim sɛ ɛyɛ wɔn nua ketewa Yosef. Dae a Yehowa maa Yosef soe bere a na ɔyɛ abarimaa no, afei de na abam. Yosef nuanom nso, na biribiara kyerɛ sɛ wɔasesa abɛyɛ nnipa pa. Wɔn nua a kan no na wɔtan no no, ɔno na ɛnam ne so a wɔne wɔn papa ne Israel man a wɔfi wɔn mu bae no nyinaa nyaa nkwa. Nea ɛmaa no yɛɛ yiye ne sɛ, Yosef daa akokoduru adi, na ɔkɔɔ so nyaa Yehowa mu gyidi.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Genesis 37:​1-36; 39:​1-23; 41:1–45:28

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Yosef yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Bible mu asɛm a ɛma yehu nea ɛkɔɔ so wɔ Yosef asetena mu wɔ Egypt no, ɛne dɛn na ehyia a enti ɛma yehu sɛ nsɛm no yɛ nokware? (g 11/10 15 ¶2˗wcgr)

  2. 2. Ɛyɛɛ dɛn na Yosef hui sɛ Yehowa bu awaresɛe sɛ ɛyɛ “amumɔyɛsɛm”? (Gen. 39:9; w22.08 26 ¶2)

  3. 3. Adɛn nti na Yehowa maa kwan maa Yosef bɛyɛɛ Egypt man no soafo panyin? (w96 5/1 10 ¶4) A

    Yosef a ɔyɛ Egypt man soafo panyin no de akwankyerɛ rema Egyptfo mmienu bi a wɔyɛ nkoa.

    Mfoni A

  4. 4. Bere a Yosef dii mfe 110 mpo no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔda so ara wɔ gyidi kɛse? (Gen. 50:​25, 26; w07 6/1 28 ¶10-11) B

    Israel mmarima bi sõ adaka a Yosef nnompe gu mu, na wɔde rekɔ Bɔhyɛ Asaase no so akosie wɔ hɔ.

    Mfoni B

Dɛn Na Woasua?

  • Sɛ wo nua Kristoni bi ne wo anni no yiye a, dɛn na wobɛyɛ de asuasua Yosef? (Gen. 45:​4, 5; 50:​19-21)

  • Ɛwom sɛ na Yosef nte mmɛn ne kurom de, nanso odii Yehowa nokware. Nea ɔyɛe no bɛboa yɛn sɛn . . .

    • bere a yɛwɔ sukuu mu? D

      Onuawa ababaa bi apɔn sukuu rekɔ fie, na ne mfɛfo sukuufo tete hɔ renom ɛlɛtrɔnik sigaret. Wɔrehwɛ onuawa no, na onuawa no de akokoduru rehwɛ n’anim tee.

      Mfoni D

    • bere a yɛatu kwan? E

      Onua aberante bi a waware atu kwan rekɔyɛ adwuma, na wakɔ hotɛl rekɔpɛ baabi ada. Ababaa hoɔfɛfo bi a ɔnyɛ Ɔdansefo nso rebɛpɛ baabi ada wɔ hotɛl hɔ ara, na ɔrehwɛ onua no paa.

      Mfoni E

    • bere a yɛde smatfon anaa ɛlɛtrɔnik mfiri foforo redi dwuma? Ɛ

      Onua aberante bi da mpa so rehwɛ ne fon so.

      Mfoni Ɛ

  • Akokoduru a na Yosef wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Yosef ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Yehowa maa kwan maa ɔhaw totoo Yosef de, nanso ɔboaa no ma omiaa n’ani gyinaa mu. Hwɛ nea Yehowa betumi ayɛ aboa wo nso.

“Yehowa Reboa Wo Ama Asi Wo Yiye” (w23.01 14-19)

Dɛn na mmofra betumi ayɛ de asuasua Yosef bere a obi ne wɔn anni no yiye?

Nya Boasetɔ Bere a Wɔne Wo Anni no Yiye (1:31)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena