Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 9 kr. 48-kr. 51
  • “Gyidi Nti, Wɔde Mose Siei”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Gyidi Nti, Wɔde Mose Siei”
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Awofo Bi Nya Wɔn Gyidi so Akatua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Monto Dwom Mma Yehowa”!
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Mose Yɛɛ N’adwene Sɛ Ɔbɛsom Yehowa
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Miriam​—Onyaa Hokwan Wɔ Ne Mmofraase Ne Mpanyinyɛ Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 9 kr. 48-kr. 51

9 SIFRA, PUA, AMRAM, YOKEBED, NE MIRIAM

‘Gyidi Nti, Wɔde Mose Siei’

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

YOSEF wui no, na bɛboro mfe 60 abɛsen kɔ. Ɔbarima nokwafo yi a Yehowa nam ne so gyee Egyptfo no wɔ ɔkɔm bere mu no, na wɔn werɛ afi no. Egyptfo no nyaa Farao foforo, kyerɛ sɛ ɔhene foforo ma obedii wɔn so. Ɔno de, na okyi Israelfo no kɔkɔkɔkɔ, na na osuro wɔn nso. Esiane sɛ na Yehowa rehyira Israelfo no nti, na dɔ ara na wɔredɔɔso. Ɛno nti, Egyptfo no de Israelfo no, anaa Hebrifo yi yɛɛ nkoa, na wɔtan wɔn ani paa. Ne nyinaa mu no, saa nkoa yi kɔɔ so yɛɛ bebree.

Farao yɛe sɛ ɔde Israelfo no bɛfa ɔkwan foforo so, ɛno de na ani yɛ nyan paa. Ɔkaa sɛ wɔmfrɛ Hebrifo mmea mmienu bi a wɔgye awo mmrɛ no. Saa mmea yi ne Sifra ne Pua. Ɔhene a ɔwɔ tumi yi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔregye obi awo na sɛ abofra no yɛ ɔbarima a, wɔnkum no. Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn! Nanso mmea akokodurufo yi “suroo nokware Nyankopɔn no.” Ná wɔnim sɛ Yehowa ne amansan Hene no, na onipa a ɔwɔ tumi biara nni hɔ a ɔwɔ hokwan sɛ ɔma wɔyɛ Yehowa so asoɔden. Onyankopɔn a na wɔsuro no nti, ɛboaa wɔn ma wɔdaa akokoduru kɛse adi. “Wɔanyɛ nea Egypt hene ka kyerɛɛ wɔn no.” Mmom wɔkoraa mmofra a wɔyɛ mmarima no so, na wɔbɔɔ wɔn mu dodow a wɔbetumi ho ban. Farao bo fuwii paa, nanso mmea a wɔgye awo no daa anifere adi, na wɔamma no anhu nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu. Nea na wɔreyɛ no nyinaa, na Yehowa ani tua. Wei nti, “Onyankopɔn ne mmea a wogye awo no dii no yiye.” Akyiri yi, Onyankopɔn maa wɔn nso nyaa mma.

Bere a Mose yɛ abofra no, sɛ n’awofo ne ne nuabea ne mmea a wɔgye awo no anna akokoduru adi a, dɛn na ebia anka ɛbɛto no?

Bere Farao hui sɛ Israelfo no afa ɔkwan bi so ama ɛpɔw a ɔbɔe no asɛe no, ɔde ahyɛde foforo a ano yɛ hyew san mae. Ɔka kyerɛɛ Egyptfo no sɛ: Abofra biara a Hebrifo no bɛwo no foforo no, sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wɔntow no nkyene Asubɔnten Nil mu! Saa mmere bɔne yi mu no, na ɛsɛ sɛ Hebrifo awarefo bi a wɔn din de Amram ne Yokebed si gyinae kɛse bi, na na ɛrenyɛ mmerɛw mma wɔn. Ná wɔadi kan awo mma mmienu dedaw, na wɔtoo wɔn din Miriam ne Aaron. Nanso bere a Yokebed nyinsɛn wɔn ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, ɔne Amram behui sɛ, sɛ wɔwo barima a, wɔbekum abofra no. Enti bere a wɔwoo wɔn babarima kumaa no, wɔbɔɔ mmɔden de no siei. Nanso abofra de, ɛyɛ den sɛ wode no besie akyɛ. Bere a abofra no nyaa abosome mmiɛnsa no, Yokebed faa kɛntɛn de kootaa ne amane fofaa ho, na ɔde no too mu de no kɔhyɛɛ nwura mu wɔ Asubɔnten Nil ho. Afei, ne babea kumaa Miriam kɔtetɛw baabi a ɛbɛn hɔ sɛ ɔrehwɛ nea ɛbɛto ne nuabarima ketewa no.

Miriam ne Yokebed wɔ Asubɔnten Nil ho, na Yokebed akotow de abofra Mose reto mmɛw kɛntɛn bi mu. Kɛntɛn no hyɛ nwura bi mu wɔ asubɔnten no ho.

Ankyɛ na Farao babea bepuee hɔ sɛ ɔrebeguare wɔ Asubɔnten Nil mu. Ohuu kɛntɛn no wɔ nsu no ano, ɛnna ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra. Bere a Farao babea no buee kɛntɛn no so no, ohuu abarimaa fɛfɛɛfɛ bi sɛ ɔda mu resu. Abofra no yɛɛ no mmɔbɔ. Enti ɔyɛɛ sɛ ɔbɛfa no atete no de no ayɛ ɔno ara ne ba, nanso obehui sɛ obehia obi a ɔbɛhwɛ abofra no ama no nufu. Ɛhɔ ara na adwene bi baa Miriam tirim sɛ ontu mmirika nkɔ Farao babea no nkyɛn nkɔka biribi nkyerɛ no. Okobisaa no sɛ ɔnkɔfrɛ obi na ɔmmɛma abofra no nufu na ɔnhwɛ no mma no anaa. Ɛnna Farao babea no penee so. Miriam kɔfaa ɔno ankasa ne maame bae. Nea asɛm no kowiei ne sɛ, na Yokebed ankasa bɛhwɛ ne ba a ɔda ne koma so no na wasan agye akatua agu so. Afei nso, na ɔrensuro sɛ obi bɛyɛ abofra no biribi. Hwɛ sɛnea na n’ani begye afa! Yebetumi aka sɛ, ɔne ne kunu Amram yɛɛ wɔn fam de nyinaa de kyerɛkyerɛɛ abofra ketewa no Yehowa ho ade. Nanso eduu baabi no, na ɛsɛ sɛ wɔsan de abofra no kɔma Farao babea no. Farao ba no too abofra no din Mose.

Gyidi ne akokoduru a Amram, Yokebed ne Miriam daa no adi nti, Yehowa hyiraa wɔn anaa? Ohyiraa wɔn paa! Amram ne Yokebed tumi tetee Miriam ne Aaron ma wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo anokwafo. Afei nso wɔhuu sɛ Yehowa rebɔ Mose ho ban. Nneɛma pa a Mose nyini bɛyɛe no, sɛ ne papa ne ne maame tenaa ase hui oo, sɛ na wɔawu oo, Bible nka. (Ex. 6:20) Nanso Miriam ne Aaron de, wɔhuu nea ɛkɔɔ so nyinaa. Nneɛma akɛse a Yehowa nam Mose so yɛe no, na wɔn ani tua. Wɔne Mose nyinaa daa gyidi ne akokoduru kɛse adi. Yedu ti a edi hɔ no a, yebehu nsɛm a esisii bere a Mose nyinii, ne bere a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsom Yehowa no.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Exodus 1:6–2:10

  • Asomafo Nnwuma 7:​17-21

  • Hebrifo 11:23

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na mmea a wɔgye awo no ne Mose abusuafo yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no, ɛdɛn na wɔakohu a edi adanse sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware? (g04 4/8 20 ¶4–5)

  2. 2. Bible ma yehu sɛ, na Egyptfo de mmɛw yɛ kɛntɛn; afei nso ɛka sɛ, Farao hyɛe ma wɔkunkum Hebrifo mma nketewa. Adanse bɛn na ɛfoa saa nsɛm yi so? (g04 4/8 20 ¶6-21 ¶1) A

    Egyptni barima bi de mmɛw reyɛ korow.

    Christine Osborne Pictures/Alamy Stock Photo

    Mfoni A: Ɛnnɛ ne nnɛ yi nyinaa wɔde mmɛw yɛ korow

  3. 3. Hebrifo mmea a na wɔgye awo no, dɛn na yenim fa wɔn ho, na dɛn na Yehowa yɛ de hyiraa wɔn? (w03 11/1 8 ¶3-4; it “Mmea a Wɔgye Awo”˗wcgr) B

    Mmea mmienu bi a wɔgye awo de abofra bi a wɔawo no foforo a ɔyɛ barima resie wɔ dan bi mu. Mmea no mu baako abɛtɛw pon no ano rewɛn, ɛnna Egypt asraafo bi nso rebobɔ nkurɔfo pon mu rehwehwɛ mmofra a wawo wɔn foforo a wɔyɛ mmarima.

    Mfoni B

  4. 4. Bere a Miriam bɔɔ aberewa mpo no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi paa? (ijwia asɛm 7 ¶14-18)

Dɛn Na Woasua?

  • Dɛn na awofo betumi asua afi Amram ne Yokebed hɔ?

  • Nea Miriam yɛe bere a na ɔyɛ abofra no, dɛn na anuafoɔ betumi asua afi mu? D

    Mfoni Ahorow: Abaayewa bi ne ne nua ketewa resua abofra Miriam ho ade. Mfoni mmiɛnsa no nyinaa san wɔ baabi foforo wɔ ti 9 yi mu. Abaayewa bi ne ne nua abarimaa te hɔ. Abaayewa no rekenkan Bible mu asɛm bi afi nhoma bi mu, ɛnna ne nua no nso reyɛ ho mfoni. Abaayewa no ne ne nua no ani agye rebɔ nkɔmmɔ wɔ kwan so, na wɔrennom anonne. Abaayewa no rema mmuae wɔ adesua ase, na ne nua no nso ani agye ama no.

    Mfoni D

  • Akokoduru a na Sifra ne Pua wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Sifra, Pua, Amram, Yokebed ne Miriam ba a, asɛm bɛn na mebisa wɔn?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Mmea a wɔnyaa akokoduru na wɔanyɛ nea Farao kae no, hwɛ nea yebetumi asua afi wɔn hɔ.

“Mmea A Wɔmaa Yehowa Koma Ani Gyei” (w03 11/1 8-9 ¶3-5)

Wɔn a wɔde akokoduru yɛ osetie ma Yehowa sen sɛ wɔbetie nnipa no, yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dwen wɔn ho?

Yɛyɛ Yehowa Dea (6:55)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena