Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 10 kr. 52-kr. 57
  • Osii Gyinae Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Osii Gyinae Pa
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • “Kɔ Farao Nkyɛn”
    Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nea Enti a Mose Guanee
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Mose—Sɛnea N’asetra Ka Wo
    Nyan!—2004
  • Suasua Mose Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 10 kr. 52-kr. 57

10 MOSE

Osii Gyinae Pa

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

MOSE nyaa ne din no fii Farao babea a ɔtetee no sɛ ɔno ara ne ba no hɔ, na ɛnyɛ n’awofo a wɔyɛ Hebrifo no hɔ. Bere a Mose yɛ abofra no, oyii no fii nsu mu, ɛno nti na ɔtoo ne din Mose, efisɛ ɛkyerɛ, “Wɔyii No Fii Nsu Mu.” Ɛbɛyɛ sɛ na Farao babea no pɛ sɛ abofra no nyin bɛyɛ Egypt dehye a wɔbu no paa. Enti bere a Mose nyaa nhomasua a edi mu paa wɔ Egypt no, ebetumi aba sɛ n’ani gyee kɛse. Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ: “Wɔkyerɛɛ Mose Egyptfo nyansa nyinaa.”

Onyin bɛyɛɛ onipa kɛse. Bible ka sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ, na ɔde tumi kasa, na ɔyɛɛ nneɛma akɛse.” Mose pɛ a, anka obetumi de asi n’ani so sɛ obenya sika ne dibea akɛse, na wagye n’ani wɔ Egypt. Nanso na onim sɛ, sɛ ɔbɔ ne bra saa a ɛremma ɔmmɛn Yehowa. Enti nea na Mose de n’asetena a aka bɛyɛ no, na ɛsɛ sɛ osi ho gyinae.

Bere a Mose nyaa mfe 40 no, osii n’adwene pi. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Gyidi nti na bere a Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba no, na mmom ɔpɛe sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani sen sɛ obenya bɔne mu anigye bere tiaa bi.” Osii gyinae pa, na ɛno ma yehu sɛ na ɔwɔ gyidi ne akokoduru. Nanso gyinae a osii no, ɔkwan a na ɔpɛ sɛ ɔfa so di ho dwuma no, na ɛnkɔ yiye.

Ná Mose pɛ sɛ ɔboa “ne nuanom” Israelfo no, efisɛ na wɔretan wɔn ani. Enti da koro, ofii adi kɔhwɛɛ sɛnea Egyptfo no hyɛ Israelfo no ma wɔyɛ adwumaden no. Mose kɔe no, ohuu Egyptni bi a ɛbɛyɛ sɛ ɔhwɛ nkoa no so sɛ ɔrehwe Hebrini akoa bi. Wohwɛ a Mose teaa Egyptni no sɛ onnyae nea ɔreyɛ no anaa? Ɛno de, yennim. Nanso nea ɛwom ne sɛ, “ɔhwɛɛ ha ne ha” sɛ ebia obi bɛn hɔ a ɔbɛba abegye Hebrini akoa no afi Egyptni no nsam anaa. Nanso wanhu obiara, enti ɔyɛɛ ho biribi. “Ɔbɔɔ Egyptni no kum no.” Wohwɛ a Mose hyɛɛ da sɛ ɔrekum Egyptni no? Anaasɛ abufuw na epiaa no ma ɔbɔɔ ɔbarima no bɔ bɔne kum no? Ɛno de, Bible nka. Nanso sɛ Mose hyɛɛ da oo, sɛ wanhyɛ da oo, obehui sɛ ne nkwa abɛda asiane mu, enti ɔde amu no siee anwea mu.

Egyptni a ɔhwɛ nkoa so rehwe Hebrini akoa bi basabasa, ɛnna Mose gyina akyiri rehwɛ.

Ade kyee no, ɔsan fii adi, na ohui sɛ Hebrifo mmienu bi reko. Enti ɔyɛe sɛ ɔrekɔpata ntɔkwaw no. Nanso nkoa no mu nea n’asɛm nyɛ dɛ no kaa asɛm bi maa Mose bɔɔ hu. Ɔkaa sɛ: “Hena na ɔde wo sii yɛn so sɛ di yɛn so na bu yɛn atɛn? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea wukum Egyptni no anaa?” Mose hui sɛ nea ɔyɛe no apue, na na osuro sɛ wɔbekum no.

Ná Mose koma so ade ne sɛn? Bible ka sɛ: “N’adwene yɛɛ no sɛ ne nuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam no so regye wɔn, nanso wɔanhu no saa.” Enti nneɛma ankɔ sɛnea na ɔhwɛ kwan no. Ɛbɛyɛ sɛ na Mose adwen yɛ no sɛ, Onyankopɔn ayi no sɛ onni Israelfo no anim nyi wɔn mfi Egypt nkoasom mu. Nanso na Mose nnim sɛ Yehowa bere nsoe. Afei nso wansusuw da sɛ ne nuanom no bɛyɛ wɔn ade sɛnea wɔyɛe no. Ná ɔyɛ Hebrini de, nanso esiane sɛ Egypt adehye na atete no nti, na wɔnnye no nni.

Ná Mose bɛfa ahonyade ne dibea kɛse, anaa ɔbɛkɔ Yehowa nkurɔfo afã?

Mose de, na ɛyɛ no sɛ ɔfata sɛ ogye Yehowa nkurɔfo fi nkoasom mu wɔ Egypt. Nanso Onyankopɔn hui sɛ adwuma wɔ ne ho kakra. Ɛwom, na ne bo yɛ duru na na ne ho nso yɛ den. Afei nso “na ɔde tumi kasa.” Nanso na aka sɛ obenya suban bi a ɛyɛ fɛ wɔ Yehowa ani so paa; ɛno ne ahobrɛase. Ná ɔno ara afa ato ne ho so akum Egyptni barima bi, na ankyɛ na Farao tee ho asɛm.

Bere a Farao nnya ntee Mose anom asɛm mpo no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum no. Enti Mose guan fii Egypt. Ahonyade, asetena pa ne dibea a na ɔwɔ wɔ Egypt no, ɔde ne nyinaa too nkyɛn guanee bere a na onnim nea ɛbɛto no. Ná Mose hia akokoduru na watumi atu saa anammɔn no. Nanso wansuro, mmom otu kɔɔ Midian asaase so wɔ akyirikyiri. Enti ɔkɔyɛɛ “ɔhɔho wɔ ananafo asaase so,” na na saa asaase no so yɛ wesee. Nsakrae a na ehia sɛ Mose yɛ na watumi atena hɔ no, na obenya akokoduru ayɛ anaa? Ná obesua ahobrɛase sɛnea na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no anaa? Ma yɛnhwɛ.

Afei de Mose suro, enti ɔreguan afi Egypt. Ɔrekɔ nyinaa na ɔretoto n’ani.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Exodus 2:​11-22

  • Asomafo Nnwuma 7:​22-29

  • Hebrifo 11:​24-26

Yensusuw wei ho:

Mose ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn ne dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no, ɛdɛn na wɔakohu a edi adanse sɛ na Israelfo no yɛ nkoa wɔ Egypt? (w20.03 30) A

    Mmɛw nhoma mmobɔwee asinasin.

    Courtesy Brooklyn Museum, gift of Theodora Wilbour

    Mfoni A: Tete nhoma mmobɔwee bi a Egyptfo akyerɛkyerɛw nkoa din wɔ so. Hebri din bɛboro 40 ka ho, na ɛno ma yehu sɛ Israelfo kɔyɛɛ nkoa wɔ Egypt ampa

  2. 2. Dɛn na Mose sua fii n’awofo hɔ, na dɛn nso na osuae bere a ‘wɔkyerɛɛ no Egyptfo nyansa nyinaa’ no? (Aso. 7:22; w02 6/15 10 ¶2-5)

  3. 3. Sɛ obi wu wɔ Egypt a, ɔkwan bɛn na na wɔfa so sie no? Bere a Mose kum Egyptni bi na wanhyɛ amu no aduru ansie no yiye, na mmom ɔde no siee anwea mu no, na Egyptfo no bɛte nka sɛn? (it “Egypt, Egyptni” ¶28˗wcgr) B

    Egyptni bi amu a akyenkyen; wɔde rekyerɛ wɔ tete nneɛma akorae.

    Mfoni B: Egyptni bi a n’amu akyenkyen

  4. 4. Mose guan kɔɔ Midian. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Midianfo ne Israelfo bɔ abusua? (it “Midian” No. 2 ¶1-2˗wcgr)

Dɛn Na Woasua?

  • Sɛn na Mose nhwɛso no bɛboa wo ama woatumi ahyɛ wo ho so na wo bo amfuw?

  • Akokoduru a Mose nyae a enti ɔde botae papa sisii n’ani so no, dɛn na mmabun betumi asua afi mu? D

    Mfoni Ahorow: Onua bi a ɔwɔ ntoaso sukuu redwinnwen nea obetumi ayɛ daakye ho. 1. Ɔredwen ho sɛ obetumi ayɛ adwuma wɔ adwumakuw kɛse bi a wɔyɛ wimhyɛn mu anaa. 2. Ɔredwen ho sɛ ɔde “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhoma no rekyerɛkyerɛ obi.

    Mfoni D

  • Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua akokoduru a Mose daa no adi a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Mose ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Ná Mose nsuro sɛ obekum ne ho ama afoforo. Yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ de asuasua no.

Suasua Wɔn a Na Wɔwɔ Gyidi, Ɛnyɛ Wɔn a Na Wonni Gyidi—Suasua Mose, Nsuasua Farao (2:27)

Yehowa som nti, Mose de ahonyade a anka obenya no nyinaa too nkyɛn. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa nnɛ?

Fa Adwuma a Ɛbɛtena Hɔ Daa Si W’ani So (4:58)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena