11 MOSE
“Kɔ Farao Nkyɛn”
NÁ MOSE asesa. Ofii Egypt no, na mfe pii atwam, na adwene a kan no na ɔwɔ a ɛne sɛ ɔno na ɔrebegye ne nuanom Israelfo no afi Egypt nkoasom mu no, afei de na wayi afi ne tirim. Saa bere yi, na Mose adi mfe 80, na na waware awo mma mmienu. Ná ɔde mfe 40 ahwɛ n’asebarima nguan wɔ Midianfo asaase so. Ná Midian asaase no yɛ asaase wosee, na na ɛhɔ yɛ hyew. Afei de, na Mose asua ahobrɛase.
Yehowa huu sɛ Mose asesa. Da koro, ɔmaa Mose huu biribi; ohuu sɛ nwura bi a ɛwɔ Horeb Bepɔw (Sinai) ase redɛw paa nanso na ɛnhyew. Bere a Mose bɛn hɔ no, Yehowa faa ɔbɔfo hoɔdenfo bi so ne no kasae. Ná ɔbɔfo no rekasa fi nwura a ɛredɛw no mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ɔnsan nkɔ Egypt na onkogye ne nkurɔfo mfi nkoasom mu! Afei ɔyɛɛ biribi de hyɛɛ Mose nkuran; ɔmaa no huu nea ne din kronkron Yehowa no kyerɛ ho biribi kakra. Nea ɔka kyerɛɛ Mose ni: “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara.” Wei kyerɛ sɛ na Yehowa bɛyɛ ne ho Ogyefo, na wayɛ nea ehia sɛ ɔyɛ biara de agye ne nkurɔfo a wɔrehyɛ wɔn so no afi nkoasom mu ayɛ wɔn ɔman kɛse.
Ne nyinaa mu no, na Mose retwetwe ne ho. Ná ɔte nka sɛ ɔmfata, na ɔrentumi nkogyina Egypt Hene anim ne no nkɔkasa. Nanso Yehowa tenee Mose adwene, na ɔyɛɛ biribi a ɛyɛ nwanwa maa Mose gyidi yɛɛ kɛse. Wei ne bere a edi kan a Bible ma yehu sɛ Yehowa ama nnipa reyɛ anwanwade. Afei nso, Yehowa maa Mose nua Aaron bɛkaa Mose ho sɛ ɔmmoa no na ɔnyɛ ne kasamafo. Mose gye toom sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa aka no, nanso na emfi ne komam. Afei de na Mose abɛyɛ ɔbarima a Yehowa apaw no sɛ onkogye ne nkurɔfo.—Heb. 11:26.
Mose ne Aaron san kɔɔ Egypt, na wɔkɔɔ Farao anim. Nanso nneɛma ankɔ sɛnea na wɔhwɛ kwan no. Ɔhene no amma Israelfo no ankɔ, na mmom ne bo fuwii, na adwuma a na nkoa no yɛ no nso, ɔde bi kaa ho! Enti Yehowa somaa Mose sɛ ɔnsan nkɔ Farao anim nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔde ɔhaw bi reba Egyptfo no so. Ampa ara nso ɔhaw no bae! Yehowa maa Asubɔnten Nil danee mogya. Nanso wei ampusuw Farao. Enti Yehowa kɔɔ so somaa Mose kɔɔ ne nkyɛn, na ebiara mu no, Mose nyaa akokoduru kɔkaa ɔhaw a edi hɔ a Yehowa de reba Egypt so no kyerɛɛ Farao. Nanso ɔhene a ɔyɛ ahantan yi bubuu nnua guu n’asom. Efi ɔhaw a ɛtɔ so nnan no so rekɔ no, Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo no ho ban, enti ebi anka wɔn; Egyptfo no nko ara na ɔhaw no too wɔn.
Ɔhaw no mu biara ma ɛdaa adi sɛ, Egypt anyame, wɔn akɔmfo, ne Farao ankasa nni tumi biara. Nanso Farao kɔɔ so maa ne koma yɛɛ den, na wamma ne nkoa no ankɔ. Ɔhaw a ɛtɔ so nkron no mu no, Onyankopɔn maa esum kabii baa Egypt asaase nyinaa so, nanso na Israelfo no da so ara wɔ kanea wɔ wɔn afie mu. Ahyɛase no, Farao penee so sɛ obegyae nkoa no ma wɔakɔ, nanso ɔsan pirim ne koma sesaa n’adwene. Ɔka kyerɛɛ Mose denneennen sɛ, sɛ onnim na osi n’anim bio a obekum no.
Ɔhene a na ɔwɔ tumi kɛse paa wɔ asaase so no, na ɛsɛ sɛ Mose kɔ n’anim mpɛn pii, na ɔkɔ biara nso a, na ɔhene no bu fuw no
Ne nyinaa mu no, Yehowa somaa Mose sɛ ɔnkɔ Farao anim nea etwa to, na Mose nso kɔe. Onyankopɔn de ɔhaw a etwa to a ɛno ne ɔhaw a ɛtɔ so du no baa Egyptfo no so, na ɛmaa mmakan a ɛwɔ Egypt nyinaa wuwui; efi nnipa so kosi mmoa so. Ewiee ase no, Farao penee so sɛ Israelfo no nkɔ, efisɛ na ɔno ankasa ahwere n’abakan. Ɔde aniwu frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ wagyae Israelfo no nti wɔbetumi akɔ, na sɛ wɔkɔ a wɔnsrɛ nhyira mma ɔno Farao nso. Ná Israelfo no de mfe pɔrepɔre 430 na atena Egypt asaase so, nanso afei de, na wɔanya wɔn ho atetew refi Egypt akɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Ná wɔnyɛ nkoa bio! Wɔrekɔ nso, “firamanfiramanfo bebree” kaa wɔn ho ne wɔn kɔe, na ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu pii yɛ Egyptfo. Ɛhɔ ara na Farao san sesaa n’adwene. Ɔboaboaa n’asraafodɔm ano, ɛnna wɔtiw Israelfo no!
Bere a Mose ne Israelfo no koduu Ɛpo Kɔkɔɔ no ano no, na wɔnhu baabi a wɔmfa, enti na akɔyɛ sɛ nea wɔaka nsensɛnmu no. Ɛbaa saa no, Israelfo no bɔɔ hu paa. Enti Mose su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. Yehowa nso tiee no, na ɔyɛɛ anwanwade kɛse bi; anwanwade akɛse a Yehowa ayɛ a Bible ka ho asɛm no, saa anwanwade yi ka ho. Ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu paee mmienu, na Israelfo no faa asaase kesee so twaa po no. Bere a Farao hui sɛ Israelfo no anya baabi afa reguan no, odii n’asraafodɔm anim ma wɔtiw wɔn. Nanso bere a Israelfo no tumi twaa po no wiei a obiara ho anka no, Yehowa maa ɛpo a na emu apae mmienu no san ka sii ani, na ɛfaa Egyptfo no nyinaa ma wɔwuwui. Egypt asraafo a na wɔyɛ akukudam wɔ wiase saa bere no, na Yehowa adi wɔn so nkonim!
Nneɛma akɛse a esisii saa da no, Mose werɛ amfi da. Afei de na ne gyidi ayɛ kɛse sen bere biara a abɛsen kɔ. Wei akyi no, Mose tenaa ase mfe 40 ansa na ɔrewu. Ɔde gyidi, ɔdɔ, ne akokoduru kɛse dii Onyankopɔn nkurɔfo anim, na yebetumi asuasua no. Owui no na wadi mfe 120.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Mose ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn ne dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Egypt Hene Farao a na odi ade saa bere no, yennim ne din. Afei nso, wɔnhuu Egyptfo kyerɛwtohɔ biara a ɛka sɛ Israelfo no tu fii Egypt kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Nanso adɛn nti na ntease wom sɛ yebegye Bible mu asɛm yi adi? (g04 4/8 23 ¶2–24 ¶2)
2. Adɛn nti na na nkurɔfo suro Farao? (w14 4/15 8 ¶1) A
PRISMA ARCHIVO/Alamy Stock Photo
Mfoni A: Tete fasu bi a wɔayɛ Farao bi mfoni wɔ ho
3. Ɔhaw Du a ɛbaa Egyptfo so no, adɛn nti na ɛmaa wɔn anyame anim guu ase? (it “Anyame Ne Anyamebea” ¶24-26˗wcgr)
4. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa maa kwan kɛse bɛdaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, na ɛbɛyɛ sɛ Israelfo dodow sɛn na wɔtwaa ɛpo no? (it “Israelfo Akwantu No” ¶46–51˗wcgr) B
Mfoni B: Sinai fã a ɛkɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho ni. Ɛbɛyɛ sɛ ɛha baabi na Israelfo no fa twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no
Dɛn Na Woasua?
Sɛ Yehowa de dwumadi bi hyɛ yɛn nsa na yɛte nka sɛ ɛboro yɛn so a, Mose nhwɛso no bɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ. Adɛn ntia? (Ex. 4:10; 7:6, 7)
Aaron boaa Mose ma otumi de akokoduru yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no. Ɛnnɛ nso, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom Kristofo? (Ex. 4:14-16) D
Mfoni D
Akokoduru a Mose daa no adi a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Mose asetenam asɛm a ɛwɔ ha yi, sɛ Onyankopɔn nyan no ba a, asɛm bɛn na mebisa no afa ho?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Nea Yehowa din no kyerɛ no, hwɛ sɛnea ebetumi aboa mmofra nkumaa ama wɔanya akokoduru.
Nea Mose faa mu no, dɛn na ɛma ohu faa Yehowa suban ho?