12 KALEB
Ɔde Nokwaredi Gyinaa Ne Nyankopɔn Afã
BERE a Mose guan fii Egypt no, ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Israelfo a wɔyɛ nkoa no bi woo Kaleb. Enti Kaleb renyin no, na ɔno nso wɔ nkoasom mu, nanso akyiri yi ɔdee ne ho. Bere a Mose san baa Egypt no, na Kaleb adi bɛyɛ mfe 40. Saa bere yi de, na Yehowa na asoma Mose sɛ ommegye ne nkurɔfo mfi Egypt nkoasom mu. Yehowa de Ɔhaw Du baa Egyptfo so, ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu mmienu, na ɔfaa anwanwakwan so gyee ne nkurɔfo de kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi. Bere a Kaleb huu nneɛma akɛse a Yehowa ayɛ yi, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ no nwanwa, na n’ani gyei paa.
Nneɛma a esisii no hyɛɛ Kaleb gyidi den, na ne werɛ amfi da. Bere a Israelfo fii Egypt koduu Sinai Bepɔw ho no, wɔn mu bebree gyidi yɛɛ mmerɛw ma wɔtew atua, nanso Kaleb de, ne gyidi anhinhim; ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. Ɛno akyi no, Mose de adwuma titiriw bi hyɛɛ Kaleb nsa. Ɔsomaa Kaleb, Yosua, ne Israel mpanyimfo du sɛ wonwia wɔn ho nkɔhwɛ sɛnea Bɔhyɛ Asaase no te.
Mmarima 12 no de akokoduru kɔɔ Kaanan asaase so. Wɔde nnafua 40 wiawiaa wɔn ho kɔhwɛɛ sɛnea nkurow no, emu nnipa, ne ɛhɔ nnɔbae te. Bere a wɔreba no wɔde nnɔbae a ɛwɔ hɔ no bi bae. Wɔde bobe siaw baako nso bae; ná emu yɛ duru paa, enti mmarima mmienu na ɛsoae. Nanso bere a mmarima du no reka nea wɔkohui akyerɛ Israelfo no, wɔkaa biribi a ɛmaa Kaleb werɛ howee paa. Bible ka sɛ: “Wɔkɔɔ so ara de . . . amanneɛ a etu koma bɔɔ Israelfo no.” Wɔkaa sɛ Kaananfo no ho yɛ den paa na wɔsoso woware, enti ɛnyɛ ade a wɔbetumi adi wɔn so nkonim. Afei nso Nefilimfo a Yehowa kunkum wɔn wɔ Nsuyiri no mu no, wɔhããhãã wɔn ani kaa sɛ wɔakohu wɔn asefo wɔ asaase no so. Asɛm a wɔkae no maa nkurɔfo no nyinaa abam bui, na wɔn mu binom mpo kaa sɛ, wɔnyi obi foforo nni wɔn anim na ɔnsan mfa wɔn nkɔ Egypt.
Nanso Kaleb ne Yosua kɔɔ so nyaa Yehowa mu gyidi. Wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkyekye nkurɔfo a wɔn koma atu no werɛ. Enti wɔkaa sɛ: “Yehowa ka yɛn ho. Munnsuro wɔn.” Nanso asɛm a Kaleb ne Yosua kae no hyɛɛ Israelfo a wɔnni gyidi no abufuw paa, na wɔkae mpo sɛ wɔnsiw wɔn abo nkum wɔn!
Asɛm no yɛɛ Yehowa yaw paa. Ná wayɛ nneɛma pii de agye ne nkurɔfo yi afi Egypt man a wɔn ho yɛ den no nsam, nanso ne nyinaa akyi no, ankyɛ na wɔkyerɛɛ sɛ wɔnni ne mu gyidi bio. Nanso Onyankopɔn hui sɛ Kaleb ne Yosua de, wɔwɔ akokoduru na wɔda so ara gye no di. Yehowa kaa mpo sɛ: “M’akoa Kaleb da nsow, na wakɔ so de ne koma nyinaa adi m’akyi.” Yehowa kaa sɛ, Israelfo a wɔannye no anni no, ɔbɛma wɔn nyinaa awuwu wɔ sare no so.a Nanso Kaleb ne Yosua ne nnipa kakraa bi a wɔgyee Yehowa dii no de, Yehowa amma wɔanwuwu wɔ sare no so; wɔtumi kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so.
Israelfo a wɔnni gyidi no sɔre tiaa Kaleb, nanso ɔde nokwaredi gyinaa Yehowa afã
Mfe 40 a Israelfo no de kyinkyin sare no so nyinaa, Kaleb kɔɔ so kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi ne akokoduru. Ɔde nokwaredi taa Mose akyi. Afei nso, bere a Mose wui na Yehowa kaa sɛ Yosua nni ne nkurɔfo anim mfa wɔn ntwa Asubɔnten Yordan nkɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, Kaleb de nokwaredi taa Yosua nso akyi. Bere a Kaleb nyin bɔɔ akwakoraa no, ɔne Onyankopɔn atamfo a wɔwɔ Kaanan asaase so no koe de kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔkofo a ɔwɔ akokoduru.
Bere a Onyankopɔn nkurɔfo twaa Asubɔnten Yordan no akyi mfe nsia no, na nsaase a ɛwɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔako afa emu dodow no ara. Afei, na bere aso sɛ Kaleb paw baabi a ɔne n’abusua bɛtena. Oyii Hebron. Ɛhɔ na mmarima du a wɔnni gyidi no kaa sɛ akofo a wɔsoso woware rebɔ kurow no ho ban enti ɛnyɛ ade a wɔbetumi adi wɔn so nkonim no. Bere a Kaleb paw sɛ ɔbɛtena Hebron no na wadi mfe 85, na na ɔwɔ Yehowa mu gyidi paa. Ɔkaa sɛ: “Yehowa bɛka me ho, na mɛpam wɔn sɛnea Yehowa kae no.” Ampa ara nso Yehowa boaa no. Kaleb dii kurow no so nkonim, na ɔtenaa hɔ. Ɛno akyi no, Bible ka sɛ: “Wɔanko wɔ asaase no so bio.”
Mfe pii a atwam no, na Mose aka akyerɛ Kaleb sɛ: “Wode wo koma nyinaa adi Yehowa me Nyankopɔn akyi.” Nokwasɛm ne sɛ nea Mose kae no, saa pɛpɛɛpɛ na na Kaleb ayɛ; ɔde ne koma nyinaa dii Yehowa akyi kosii sɛ owui. Sɛ Onyankopɔn nyan Kaleb ba nkwa mu bio a, akyinnye biara nni ho sɛ saa pɛpɛɛpɛ na ɔbɛsan ayɛ!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Kaleb yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Bobe a na ɛwɔ Bɔhyɛ Asaase no so a Numeri 13:23 ka sɛ mmarima mmienu na etumi soae no, adanse bɛn na ɛma yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware? (w06 6/15 16 ¶1-2)
2. Enti ɛyɛ ampa sɛ na “nufusu ne ɛwo” abu so wɔ Bɔhyɛ Asaase no so sɛnea Kaleb ne Yosua kaa ho asɛm no? (Num. 14:8; w11 3/1 15-wcgr) A
Institute of Archaeology/Hebrew University © Tel Rehov Excavations
Mfoni A: Nwowa dan bi a wɔde dɔte ayɛ a ɛwɔ Israel. Adi mfe bɛyɛ 3,000.
3. Bere Israelfo duu Kades no, Mose somaa mmarima 12 sɛ wɔnwia wɔn ho nkɔhwɛ sɛnea Bɔhyɛ Asaase no te. Dɛn na ɛma yehu sɛ saa bere no, na Israelfo no abɛn Bɔhyɛ Asaase no paa? (w04 10/15 16 ¶11-12) B
Mfoni B
4. Gyidi ne akokoduru a Kaleb daa no adi no, dɛn na Yehowa yɛ de hyiraa no wɔ ho? (w06 10/1 18 ¶11)
Dɛn Na Woasua?
Ɛwom, Kaleb kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi de, nanso na ɛsɛ sɛ ɔne Israelfo a aka no kyinkyin wɔ sare no so. Ɛno mpo no, ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase de ne ho too Yehowa so. Dɛn ne dɛn mu na yebetumi asuasua Kaleb nhwɛso no?
Sɛn na Kaleb nhwɛso no bɛboa yɛn na yɛankodi “nnipa dodow akyi”? (Ex. 23:2) D
Mfoni D
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Kaleb akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Kaleb ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Gyidi a na Kaleb wɔ no, hwɛ nea enti a ɛboaa no ma onyaa akokoduru.
“Gyidi Ne Onyankopɔn Suro Ma Yenya Akokoduru” (w06 10/1 16-19 ¶1-12)
Adɛn nti na bere a Kaleb dii mfe 85 no, otumi kaa sɛ: “Mede me koma nyinaa dii Yehowa me Nyankopɔn akyi”? (Yos. 14:8)
a Nea Yehowa kae no, na Lewifo ne Israelfo a wɔnnii mfe 20 saa bere no nka ho.—Num. 14:29.