Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 13 kr. 66-kr. 69
  • Ná Ayɛ Sɛ Nea Ntease Nni Akwankyerɛ No Mu, Nanso Odii So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Ayɛ Sɛ Nea Ntease Nni Akwankyerɛ No Mu, Nanso Odii So
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Ma Yosua Mmoa Wo Na Som Yehowa Akokoduru So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Yosua 1:9—“Nya Akokoduru Na Ma Wo Ho Nyɛ Den”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Nea Yosua Kaee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Yosua Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 13 kr. 66-kr. 69

13 YOSUA

Ná Ayɛ Sɛ Nea Ntease Nni Akwankyerɛ No Mu, Nanso Odii So

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

NÁ YOSUA gyina hɔ rehwɛ Yeriko kurow no. Ná Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ ɔnkɔtow nhyɛ saa kurow no so na ɔnsɛe no. Ansa na Mose rebewu no, na Yehowa aka akyerɛ Yosua sɛ: “Nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den.” Yosua kaee saa asɛm yi. (Deut. 31:23) Aka kakra ama Yosua atow ahyɛ Yeriko so no, Yehowa san ka kyerɛɛ no sɛ, ‘onnya akokoduru na ɔmma ne ho nyɛ den paa.’ (Yos. 1:7) Saa bere yi, sɛ na Yosua betumi atie Yehowa na wasɛe Yeriko kurow no a, na obehia akokoduru kɛse. Adɛn ntia?

Ná Yeriko kurow no nyɛ kurow kɛse, nanso na afasu akɛse atwa kurow no ho ahyia, na na wɔwɔ asraafo a wɔaben wɔ akodi mu. Nkurow a ɛwɔ Kaanan a na ɛsɛ sɛ Israelfo no ne wɔn ko di wɔn so nkonim ansa na wɔafa Bɔhyɛ Asaase no, na Yeriko kurow no na edi kan. Ná aturuturasɛm adonnɔn Yerikofo no paa. Mfe pii a atwam, bere a na Yehowa reka ‘Amorifo bɔne’ ho asɛm akyerɛ Abraham no, na ɛyɛ nnipa a wɔte Kaanan asaase so nyinaa ho asɛm na ɔreka. Yehowa kaa sɛ da koro, Amorifo no benya “wɔn bɔne so akatua,” na ɔbɛsɛe wɔn. (Gen. 15:16) Afei de na bere no aso. Ná Kaananfo no som abosom, wɔsi tuutuu wɔ wɔn asɔrefi, mmea ne mmea da, mmarima ne mmarima da, wɔne wɔn abusuafo da, wɔne mmoa da, na na wɔde wɔn mma mpo bɔ afɔre ma wɔn anyame a wɔn tirim yɛ den. Ná Kaananfo no bra asɛe ara ma na akɔyɛ sɛ wɔnni hokwan sɛ wɔtena asaase no so bio, enti na ɛho abehia sɛ asaase no fe ɛso nnipa gu! (Lev. 18:​3, 6, 21-27) Ɛbɛyɛ dɛn na wei ayɛ yiye?

Ɔkwan a na Yosua bɛfa so asɛe Yeriko no, ɛho akwankyerɛ a Yehowa de maa no no, obi a onim akodi bɛka sɛ ntease nnim

Kaananfo abɔnefo a Yehowa kaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn no, Yeriko kurow no na ɔpaw sɛ wɔnni kan nsɛe no. Ná Onyankopɔn de Yosua ne mmarima anokwafo a wɔka ne ho no na ɛbɛyɛ saa adwuma no. Ná Yosua ne mmarima anokwafo a wɔka ne ho no nyinaa yɛ asraafo, na na wɔayɛ krado sɛ akwankyerɛ biara a Yehowa de bɛma wɔn no, wɔbedi so. Nanso Yehowa maa Yosua akwankyerɛ bi, na wohwɛ a, na ayɛ te sɛ nea ntease nnim koraa! Ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, mma ɔne ne mmarima no nntow nnhyɛ kurow no so, anaa wɔnnka kurow no nnhyem nnkyɛ, na mmom, wɔnnantew ntwa kurow no ho nhyia. Ná nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɛnantew atwa kurow no ho ahyia pɛnkoro da biara, na na wɔbɛyɛ saa ara nnansia. Yehowa kaa sɛ asɔfo no nso nnantew ntwa kurow no ho nhyia, na sɛ wɔrekɔ a, wɔnsoa apam adaka no na wɔnhyɛn mmɛn. Da a ɛtɔ so nson no, na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa nantew twa kurow no ho hyia mpɛn nson; wɔwie a, na ɛsɛ sɛ wɔteɛm.

Israelfo no renantew twa Yeriko kurow no ho hyia, ɛnna Kaananfo mmarima no nso gyina Yeriko fasu no so rehwɛ Israelfo no, na wɔayɛ krado sɛ wɔne Israelfo no bɛko. Nanso wutumi hu sɛ Kaananfo no abɔ hu.

Ná Yosua yɛ ɔsraani a wadi ako pɛn, na sɛ wode saa akwankyerɛ yi ma ɔsraani a, n’ani so de, obehu no sɛ nyansa nnim. Na sɛ wɔde akwankyerɛ yi yɛ adwuma na wɔdi nkogu nso ɛ? Ɛba saa a, na Kaananfo no bɛmema wɔn ho so na wɔate nka sɛ wɔn ho yɛ den sen Israelfo no na wɔatow ahyɛ wɔn so.

Nanso Yosua de, na Yehowa ama no ahu nea enti a obetumi de ne ho ato ne so koraa. Bere a Yosua somaa mmarima mmienu ma wɔwiaa wɔn ho kɔhwɛɛ sɛnea Yeriko kurow no te no, wɔtee sɛ Israelfo ho hu atɔ Yerikofo no so. Afei nso, bere a Yehowa faa anwanwakwan so maa Asubɔnten Yordan twae maa Israelfo no faa mu no, na Yosua ani tua.

Saa nneɛma yi nyinaa, Yosua de kɔɔ adwinnwen mu, na ɛma onyaa ne Nyankopɔn mu gyidi. Gyidi a onyae no ma onyaa akokoduru de Yehowa akwankyerɛ no yɛɛ adwuma. Enti odii n’asraafo no anim ma wɔnantew twaa Yeriko kurow no ho hyiae, na asɔfo no nso hyɛn wɔn mmɛn no. Nanso na kurow no mu atɛm dinn, na “na wɔato kurow no mu abram akyi” sɛnea ɛbɛyɛ a obiara remmɛto nhyɛ wɔn so. Ade kyee no, Yosua san dii nkurɔfo no anim ma wɔnantew twaa kurow no ho hyiae bio sɛnea na Yehowa aka sɛ wɔnyɛ no ara. Wɔyɛɛ saa ara nnansia. Awiei koraa no, da a ɛtɔ so nson no dui.

Da a ɛtɔ so nson no, Israelfo no, kyerɛ sɛ, Yosua ne n’asraafo no nantew twaa Yeriko ho mpɛn nson. Bere a wɔnantew nea ɛtɔ so nson no wiei no, wɔyɛɛ biribi foforo a wɔanyɛ no nna a aka no. Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Monteɛm, efisɛ Yehowa de kurow no ama mo!” Ɛhɔ ara na biribi sii. Bible ka sɛ: ‘Bere a ɔman no teɛɛm denneennen pɛ, ɔfasu no nyinaa dwiriw guu fam.’

Afei, Yosua ne ne mmarima no bɔ wuraa kurow no mu kunkum nnipa ne mmoa a ɛwɔ kurow no mu sɛnea Yehowa kaa sɛ wɔnyɛ no. Anso hɔ ara, Yehowa boaa wɔn ma wɔdii nkurow ne aman pii so nkonim. Afei de, ‘Amorifo bɔne’ a na wɔde resɛe Kaanan asaase no, na Yehowa repopa!

Ne nyinaa mu no, Yeriko fasu no fã ketewaa bi wɔ hɔ a, ɛno de ansɛe. Adɛn nti na ɛhɔ ansɛe? Yebenya mmuae no wɔ ti a edi hɔ no mu. Yebehu sɛ, na ɔbea bi wɔ kurow no mu a na ɔwɔ gyidi ne akokoduru kɛse paa.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Deuteronomium 20:​16-18

  • Yosua 2:​1, 9-11, 24; 3:​14-17; 5:1; 6:​1-21, 24

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Yosua yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Bible mu nhoma ahorow bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Yosua nyaa bi kenkanee wɔ ne bere so? (w09 12/1 17 ¶4, ase hɔ asɛm-wcgr) A

    Yosua te ntamadan bi anim anadwo rekenkan nhoma mmobɔwee bi.

    Mfoni A

  2. 2. Ansa na Israelfo no retwa Yeriko kurow no ho ahyia no, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔnyɛ? Akwankyerɛ a Yehowa de maa Yosua no, adɛn nti na ebia ɛbɛyɛ ebinom sɛ ntease nnim? (Yos. 5:​2-8; w18.10 23 ¶5-7)

  3. 3. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔanka Yeriko kurow no anhyɛ mu bere tenten ansa na wɔresɛe kurow no? (w15 11/15 15) B

    Kennedy, Titus (2023). The Bronze Age Destruction of Jericho, Archaeology, and the Book of Joshua. Accessed via researchgate.net. Licensed under CC BY 4.0

    Mfoni B: Wɔakohu nkuku bi wɔ baabi a na tete kurow Yeriko wɔ no, na nnɔbae a ahyew na egu nkuku no mu

  4. 4. Nkɔmhyɛ a ɛfa Yeriko kurow no ho a ɛwɔ Yosua 6:26 no, ɔkwan bɛn so na ɛbaa mu? (w98 9/15 21 ¶8-wcgr)

Dɛn Na Woasua?

  • Dɛn na ɛboaa Yosua ma onyaa ahotoso sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam? (Yos. 23:14) Yɛn nso, yɛbɛyɛ dɛn anya saa ahotoso no bi nnɛ?

  • Akwankyerɛ a yenya fi Onyankopɔn ahyehyɛde no hɔ no, sɛn na Yosua nhwɛso no bɛboa yɛn ama yɛde ne nyinaa ayɛ adwuma? D

    Agya bi ne n’abusua reyɛ abusua som, na ɔreboa ne yere ne ne mma mmienu ama wɔasiesie wɔn ho ama atoyerɛnkyɛm a ebetumi ato wɔn no. Wɔrehwɛ video a yɛato din “Woasiesie Wo Ho Ama Atoyerɛnkyɛm?” Sɛ wohwɛ wɔn anim hɔ a, wuhu nsu, sika, Bible, nnuan a ɛwɔ konko mu, sellotape, go bag, ne nneɛma afoforo.

    Mfoni D

  • Akokoduru a na Yosua wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Yosua ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Sɛn na Yosua nhwɛso no bɛboa yɛn ama yɛasua biribi afi wɔn a wɔn mfe akɔ anim hɔ, yɛanya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu gyidi, na yɛakɔ so de nokwaredi asom Yehowa bere mpo a yɛn nua Kristoni bi ayɛ ade ama no ahye yɛn?

“Nea Yosua Kaee” (w02 12/1 9-12)

Nsɛntitiriw a esisii wɔ Yosua asetena mu no, boa wo mma ma wɔnsua ho ade.

“Yosua” (Ɔfã a yɛato din “Krataa a ɛfa Bible mu nipa ho” wɔ jw.org-wcgr)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena