Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 14 kr. 70-kr. 73
  • Wanni Ne Nkurɔfo Akyi; Ogyinaa Yehowa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wanni Ne Nkurɔfo Akyi; Ogyinaa Yehowa Afã
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • “Wɔnam Nnwuma so Buu No Bem”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Rahab Nyaa Yehowa Mu Gyidi
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Rahab—Wɔnam Gyidi Nnwuma So Buu No Treneeni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Rahab De Akwansrafo No Siei
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 14 kr. 70-kr. 73

14 RAHAB

Wanni Ne Nkurɔfo Akyi; Ogyinaa Yehowa Afã

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

NÁ FIE bi si tete kurow Yeriko fasu no so, na ɛhɔ na na tuutuuni bea bi a ne din de Rahab te. Bible frɛ Yeriko kurow no “mmɛ kurow,” na sɛ awia bɔ, na Rahab to n’ani hwɛ ne mpomma mu a, na ohu asaase fɛfɛɛfɛ wɔ kurow no abɔnten. (Deut. 34:3) Nanso sɛ ɔhwɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu a, na otumi hu sɛ ehu aka wɔn a wɔnhu nea wɔnyɛ. Ná Yerikofo no nim sɛ Yehowa ka ne nkurɔfo ho, na ɔrebɛboa Israelfo no ama wɔasɛe Yeriko kurow no, na sɛ wɔsɛe kurow no nso a, na ɛyɛ ne kwan so.

Ná Israel man no asisi wɔn ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Yeriko kurow no. Mfe 40 a atwam no, na Yehowa aka Farao ne n’asraafo no agu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu de agye ne nkurɔfo no. Afei nso, na ɛnkyɛe biara na Yehowa boaa ne nkurɔfo yi ma wɔdii Amorifo ahemfo Sihon ne Og so nkonim. Ná ɛyɛ nwanwa, efisɛ Israelfo no de, sare so ara na na wɔnenam, nanso wɔtumi dii ahemfo a wɔn ho yɛ den paa yi so nkonim. Afei de na wɔadu Yeriko kurow no so. Nneɛma bɔne a na wɔyɛ wɔ kurow no mu nti, na Yehowa pɛ sɛ ɔsɛe wɔn!

Ná Rahab nim sɛ ne kuromfo no bra asɛe. Ná ɔno ankasa nso yɛ tuutuuni, na ebetumi aba sɛ na n’ani nnye ɔbra a ɔwom no ho. Yehowa ho asɛm a ɔtee no amma ehu anka no, na mmom ɛma onyaa anidaso. Rahab huu sɛ Yehowa nte sɛ Kaananfo abosom no. Mmom na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban na odi wɔn ni. Ɔtee sɛ Onyankopɔn a ne din de Yehowa yi ho tew, obu atɛntrenee, na ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban. Enti, na ɔpɛ sɛ ɔbɛn no.

Da koro anadwo, ahɔho mmienu bi begyinaa Rahab pon ano, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn baabi nna anadwo no. Ɛhɔ ara na Rahab hui sɛ wɔyɛ Israelfo mmarima a wɔasoma wɔn sɛ wɔnwia wɔn ho mmɛhwɛ sɛnea wɔn kurow no te! Ɛnyɛ Rahab nko ara na ohuu nnipa ko a saa mmarima yi yɛ. Yeriko hene nso tee sɛ wɔyɛ Israelfo akwansrafo, ɛnna ɔsomaa mmarima bi kɔɔ Rahab fie kɔka kyerɛɛ no sɛ onyi wɔn mmra. Enti, na ɛsɛ sɛ Rahab si gyinae bi, na na ɛbɛsesa n’asetena. Ɛne sɛ: Obedi ne nkurɔfo a wɔn bra asɛe no akyi, anaasɛ obegyina Yehowa afã?

Rahab nyaa akokoduru kɔɔ Yehowa afã. Ɔde mmarima a wɔasoma wɔn sɛ wɔnwia wɔn ho mmɛhwɛ sɛnea wɔn kurow no te no kosiee baabi wɔ ne dan no soro, ɛnna ɔka kyerɛɛ mmarima a ɔhene somaa wɔn no sɛ, ahɔho no aba hɔ kɔ. Enti mmarima a ɔhene somaa wɔn no san wɔn akyi kɔe. Ɛno akyi no, Rahab foro kɔɔ ne dan no soro kɔka kyerɛɛ Israel mmarima no nea enti a wanyi wɔn amma. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim sɛ Yehowa de asaase yi bɛma mo.” Hwɛ oo, na wanya wɔn Nyankopɔn no mu gyidi! Rahab kaa asɛm bi kyerɛɛ mmarima no, na ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran paa. Ɔma wɔhuu sɛ: Israelfo no nti, Yerikofo no nyinaa abɔ hu. Afei Rahab srɛɛ akwansrafo no sɛ, sɛ Yehowa ma Israelfo sɛe Yeriko a, ɔno de, wɔnnye no nkwa.

Dɛn na ɛboaa tuutuuni bea bi ma onyaa akokoduru sesaa ɔbrabɔne a na ɔwom no, na ɔtwee ne ho fii ne kuromfo ho?

Nea Rahab yɛ de gyee akwansrafo no nkwa no ma wɔhuu sɛ ogyina Yehowa afã. Enti adesrɛ a Rahab de too akwansrafo no anim no, wɔgye toom, na wɔka kyerɛɛ Rahab sɛ, ɔne ne fiefo benya nkwa. Nea ɛbɛyɛ na ɔne ne fiefo anya nkwa no, na ɛnsɛ sɛ oti ho kyerɛ obiara sɛ akwansrafo no aba hɔ, na ɛsɛ sɛ ɔde ahama kɔkɔɔ bi sɛn ne mpomma ho wɔ kurow no fasu ho. Afei nso, sɛ Israelfo no retow ahyɛ kurow no so a, na ɛsɛ ɔhyɛ ne dan mu.

Rahab de ahama kɔkɔɔ bi rekyekyere ne fie mpomma ho.

Akwansrafo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnyɛ kodɛɛ nkɔhwɛ sɛnea Yeriko kurow no te no, Rahab boaa wɔn ma wɔguan fii kurow no mu. Ɔde ahama sɛn ne mpomma ho ma wɔsusoo mu sian sii fam. Ɛno akyi no, odii akwankyerɛ a wɔde maa no no so pɛpɛɛpɛ; ɔde ahama kɔkɔɔ no sɛn ne mpomma ho. Afei nso, nea enti a akwansrafo no baa hɔ no, Rahab ammɔ so ankyerɛ obiara. Wei kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru, efisɛ nea ɔyɛe no, sɛ Yerikofo no tee ho asɛm a, anka wɔbetumi akum no. Ɔyɛɛ osetie; ɔne n’abusua ampue. Bere a Yehowa maa Asubɔnten Yordan twaee na Israelfo no faa mu no, ɛbɛyɛ sɛ Rahab tee ho asɛm, na akyinnye biara nni ho sɛ saa asɛm yi a Rahab dwinnwen ho no ma ohui sɛ wasi gyinae pa. Afei, bere a Israelfo no de nnanson nantew twaa Yeriko kurow no ho hyiae no, ɛmaa ehu guaree kurow no mufo paa. Bere a da a ɛtɔ so nson no dui no, asɔfo no hyɛn wɔn mmɛn, na Israelfo no teɛteɛɛm; ɛhɔ ara na Yeriko fasu no dwiriw gui. Nanso Rahab ne n’abusua de, na wɔhyɛ dan mu; wɔn ho baabiara anka!

Ɛno akyi no, akwansrafo no kɔfaa Rahab ne n’abusua fii kurow no mu. Ɔfasu no fã a annwiriw angu no, ɛhɔ na na Rahab fie no si. Ná Yosua adi kan aka sɛ tuutuuni bea Rahab de, wɔrensɛe ɔne ne fiefo, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae; ɔne n’abusua nyaa nkwa. Akyiri yi Rahab bɛkaa Israelfo no ho, na ɔwaree Israelni ne no woo mma. Mfe bebree akyi, obi fi Rahab abusua mu bae a na ɔwɔ akokoduru sen nnipa a aba kɔ nyinaa; ɔno ne Yesu Kristo. (Mat. 1:​5, 16) Gyidi ne akokoduru a Rahab daa no adi no, Yehowa hwɛɛ ho hyiraa no.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Yosua 2:​1-24; 5:1; 6:​14-25

  • Hebrifo 11:​30, 31

  • Yakobo 2:​24, 25

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Rahab yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Ɔbra bɛn na na Rahab wom wɔ Yeriko? (w13 11/1 12 ¶4–13 ¶1)

  2. 2. Akwansrafo a wɔsomaa wɔn no, yɛyɛ dɛn hu sɛ bere a wɔkɔɔ Rahab fie no, wɔankobu brabɔne? (it “Tuutuuni” ¶16˗wcgr)

  3. 3. Adɛn nti na na asaawa nnua gu Rahab dan atifi, na dɛn na na wɔde asaawa no yɛ? (it “Asaawa Nnua” ¶2-4˗wcgr) A

    Thanks for your interest in my photos/Moment Open via Getty Images

    Mfoni A: Asaawa afuw bi

  4. 4. Rahab daadaa mmarima a ɔhene somaa wɔn no; adɛn nti na mfomso biara nni nea ɔyɛe no mu? (w04 12/1 8 ¶6) B

    Rahab reka asɛm bi akyerɛ ɔhene mmarima mmienu bi.

    Mfoni B

Dɛn Na Woasua?

  • Adɛn nti na na Rahab behia akokoduru na watumi agyae tuutuusi akɔka Israelfo no ho ne wɔn abom asom Yehowa? Dɛn na Bible asuafo betumi asua fi ne nhwɛso no mu?

  • Ɛwom, Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ yedi atoro, nanso sɛ ɛkɔba sɛ wɔn a wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo no hyɛ yɛn sɛ yenyi yɛn nuanom Kristofo kokoam nsɛm adi nkyerɛ wɔn a, dɛn na yebetumi asua afi Rahab nhwɛso no mu? (Mmeb. 11:13; Ɔsɛnk. 3:7; Efe. 4:25) D

Wɔde abankaba agu onuawa bi nsa, ɛnna ɔbarima bi a ɔhwɛ afiase gyina n’anim rebisabisa no nsɛm, na ɔde ne nsa asi nkrataa bi so rekyerɛ onuawa no, nanso onuawa no ayɛ dinn. Sɛ wohwɛ onuawa no akyi hɔ a, wuhu sɛ ɔsraani bi kura akode gyina hɔ.

Mfoni D

Mfoni D

  • Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Rahab akokoduru no?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Rahab ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Dɛn na yebetumi asua afi Rahab asɛm no mu a ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nkwa wɔ Yehowa da a ɛreba no mu?

“Ɛhe na Ɛsɛ sɛ Woma Awiei no Bɛto Wo?” (w09 5/15 6-8)

Bible mu asɛm a wɔayɛ ho mfoni yi, fa boa wo mma ma wɔntwa Bible mu asɛm a yɛaka wɔ ha yi ho mfoni wɔ wɔn adwene mu.

“Rahab Yɛɛ Osetie” (ijwis asɛm 11-wcgr)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena