15 NAOMI NE RUT
Wɔboom Gyinaa Ɔhaw Ano
NSƐM bi totoo Naomi, na na ani soso. Ɔkɔm kɛse bi sii Israel, enti Naomi kunu maa abusua no nyinaa tu fii wɔn kurom Betlehem kɔɔ Moab asaase so. Da bi, Naomi kunu wui, na ɛkaa ɔne ne mma mmarima mmienu no wɔ obi man so. Akyiri yi, ne mma no waree Moabfo mmea. Moabfo nso de, na wɔnsom Yehowa. Bɛyɛ mfe du akyi, asɛm kɛse bi sii: Naomi mma mmienu no nyinaa wuwui! Ná wɔn mu biara nni ba. Enti seesei na ne kunu awu, na ne mma mmienu nso a wɔbɛwo ama wanya mmanana nso awuwu, enti na n’asɛm ayɛ mmɔbɔ.
Ná Naomi te nka sɛ n’anidaso asa, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ ne kurom Betlehem. Ná ebedi bɛyɛ nnawɔtwe ansa na wadu ne kurom. Naomi nsenom mmienu a wɔn din de Rut ne Orpa ne no sii kwan sɛ wɔrekɔ Betlehem. Nanso na ɛhaw Naomi sɛ ne nsenom regyaw wɔn fie ne wɔn abusuafo hɔ ne no akɔ. Ebia wɔka wɔn kurom a, wɔbetumi asan aware na wɔawo mma. Esiane sɛ na odwen Rut ne Orpa ho nti, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnsan nkɔ wɔn abusuafo nkyɛn. Ná Naomi wɔ akokoduru, enti ɔyɛɛ sɛ ɔno nko ara betwa kwan akɔ Betlehem. Orpa sui, ɛnna ɔsan n’akyi kɔɔ ne kurom. Rut nso sui, nanso ɔno de wansan.
Rut ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Nhyɛ me sɛ minnyaw wo hɔ . . . Baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” Rut akokoduru ne ne nokwaredi nti, osii gyinae sɛ ɔde Naomi Nyankopɔn Yehowa bɛyɛ ne Nyankopɔn.
Mmea mmienu bi hweree wɔn adɔfo, enti na wɔredi awerɛhow paa. Nanso bere a wɔsan kɔɔ Yehowa nkurɔfo nkyɛn no, wɔnyaa awerɛkyekye
Enti Rut gyaw n’abusuafo, n’amammerɛ, ne Moabfo anyame hɔ, na ɔne Naomi kɔɔ Israel. Bere a wɔkoduu Betlehem a mmea bi a wɔwɔ hɔ no huu Naomi no, wɔn ho dwiriw wɔn paa, efisɛ na wɔhuu no akyɛ, na na wasesa. Naomi ka kyerɛɛ mmea no sɛ Yehowa ne no adi no nwenweenwene, na wagye biribiara afi ne nsam ama ɔde nsapan asan aba. Nsɛm a Naomi kae no, na ebetumi ahaw Rut paa, efisɛ na wagyaw biribiara hɔ abedi n’ase no akyi. Nanso, sɛ ɛhaw no oo, sɛ anhaw no oo, ɛno de Bible anka. Mmom nea yenim ne sɛ, Rut kɔɔ nkurɔfo afuw mu kɔsesaa nnɔbae ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne Naomi nsa bɛkɔ wɔn ano.
Bere bi, na Rut reyɛ adwuma wɔ osikani bi a wɔfrɛ no Boas afuw mu, na sɛnea na Rut ayere ne ho reyɛ adwuma no maa Boas ani baa ne so. Ná Boas yɛ Rahab ba, na na ɔyɛ Yehowa somfo nokwafo. Okobisaa ne mmarima no nipa ko a Rut yɛ, na wɔn nso ka kyerɛɛ no sɛ Rut yɛ ɔbea a ɔyɛ adwumaden de boa n’ase Naomi. Bere a Boas tee saa no, ɔkamfoo Rut sɛ ɔde ne ho abɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn ntaban ase. Afei ɔka kyerɛɛ n’apaafo no sɛ, wɔnhwɛ na wɔanteetee Rut.
Saa anadwo no, bere a Naomi tee sɛ Boas ada ayamye kɛse adi akyerɛ Rut no, n’ani gyei paa, na onyaa adwene sɛ ebia Boas bɛware Rut. Efisɛ na Boas yɛ busuani, afei nso na nhyehyɛe soronko bi wɔ Onyankopɔn Mmara mu a ɛboa akunafo a wɔnnyinii pii te sɛ Rut. Sɛ ɔbea bi kunu wu a, na ɔwɔ hokwan sɛ ɔware ne kunu busuani a ɔbɛn paa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbea no betumi awo, na amma ne kunu a wawu no din ne n’agyapade anyera. (Deut. 25:5, 6) Enti, Naomi maa Rut huu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ.
Ɛwom, nea Naomi kaa sɛ Rut nkɔyɛ no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Rut nwanwa paa, na ebia ɛma ɔbɔɔ hu mpo. Nanso Rut gye toom sɛ ɔbɛyɛ. Eduu anadwo no ɔkɔɔ awiporowbea hɔ, baabi a wɔaboaboa baali ano a mmarima no taa da no. Afei Rut yɛɛ brɛoo koyii Boas nan ho ntama, ɛnna ɔdaa hɔ. Bere a Boas ani tee no, Rut fii ahobrɛase mu kaee no Onyankopɔn Mmara a ɛfa akunafo te sɛ ɔno Rut ho no. Ɛbɛyɛ sɛ saa ɔbarima yamyefo yi hui sɛ Rut yam hyehye no. Nanso Rut akokoduru ne ɔdɔ a na ɔwɔ ma Yehowa ne Naomi no kaa Boas koma paa, enti ogye toom sɛ ɔbɛhwɛ sɛ obetumi ayɛ Rut koma so ade ama no anaa.
Ade kyee no, Boas kɔɔ Betlehem kurow no mu mpanyimfo hɔ, na biribiara a Yehowa Mmara hwehwɛ sɛ ɔyɛ na watumi aware Rut no, ɔyɛe. Enti ɔwaree Rut, na akyiri yi wɔwoo ɔbabarima too ne din Obed. Ná Naomi nni ne nana a ɔda ne koma so yi ho agorɔ koraa. Obed na ɔwoo Ɔhene Dawid papa, na mfe pii akyi no, Mesia no nso pue fii saa abusua koro no ara mu! (Mat. 1:5, 6, 16) Akokoduru a Naomi ne Rut daa no adi nti Yehowa hwɛɛ ho hyiraa wɔn paa!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Naomi ne Rut yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Mmara a Yehowa de maa Israelfo no, na ɛma kwan ma ahɔho ne ahiafo nyinaa sesaw nnɔbae ase. Adɛn nti na na saa nhyehyɛe yi ma Israelfo no da nsow wɔ aman a na atwa wɔn ho ahyia no ho? (ia 39 ¶23, ase hɔ asɛm.) A
Mfoni A
Mfoni A
2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ adwemmɔne bi nti na Rut kɔdaa Boas nkyɛn? (ia 47 ¶17-18)
3. Boas frɛɛ Rut sɛ “me ba.” Dɛn na wei ma yehu fa Boas ho? (Rut 2:8; w16.11 3)
4. Boas gye toom sɛ ɔbɛware Rut, nanso Boas busuani bi annye antom sɛ ɔbɛyɛ saa; adɛn nti na nea Boas yɛe no kyerɛ sɛ na ɔnyɛ pɛsɛmenkominya? (w23.03 14) B
Mfoni B
Dɛn Na Woasua?
Rut anyɛ akwadworɔ, afei nso na ɔma n’ani sɔ nea ɔwɔ. Sɛn na ne nhwɛso no bɛboa yɛn bere a yɛn sikasɛm nkɔ yiye? D
Mfoni D
Bere a na Naomi redi awerɛhow no, Rut boaa no ma onyaa awerɛkyekye. Dɛn na yesua fi Naomi nhwɛso no mu a ɛbɛma yɛabrɛ yɛn ho ase ama afoforo aboa yɛn? Rut nso, dɛn na yesua fi ne nhwɛso no mu a ɛbɛma yɛakyekye afoforo werɛ?
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Naomi ne Rut akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Naomi ne Rut ba a, asɛm bɛn na mebisa wɔn?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Ɔdɔ a enni huammɔ ho ade bɛn na yebetumi asua afi Rut nhoma no mu, na sɛn na yebetumi de asuade no ayɛ adwuma?
“Obiara Nkɔ So Nyi Ɔdɔ a Enni Huammɔ Adi Nkyerɛ Ne Yɔnko” (w21.11 8-13)
Fa Bible mu asɛm a wɔayɛ ho mfoni yi boa w’abusua ma wɔntwa Bible mu asɛm yi ho mfoni wɔ wɔn adwene mu. Ma ɛnyɛ sɛ, bere a asɛm no resi no na wɔwɔ hɔ bi.