Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 16 kr. 78-kr. 81
  • “Kɔ De, Me Ne Wo Bɛkɔ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Kɔ De, Me Ne Wo Bɛkɔ”
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Barak Nam Gyidi So Tɔree Asraafo Dɔm Kɛse Bi Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Mesɔree sɛ Ɔbaatan wɔ Israel”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ɔkannifo Foforo Ne Mmea Mmienu a Wɔwɔ Akokoduru
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Mmea Akokodurufo Baanu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 16 kr. 78-kr. 81

16 BARAK NE DEBORA

“Kɔ De, Me Ne Wo Bɛkɔ”

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

NÁ ƐYƐ mmere bɔne paa wɔ Israel. Ná wɔatew Yehowa so atua, enti sɛnea na Yehowa adi kan abɔ wɔn kɔkɔ no, ɔmaa kwan maa wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so. Saa bere no, ɔhene a na odi ade wɔ Kaanan no, na wɔfrɛ no Yabin, na na ne sahene yɛ ɔbarima tirimɔdenfo bi a wɔfrɛ no Sisera. Ná Sisera asraafo dɔɔso paa, na na wɔn mu 900 wɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho.

Sisera ne n’asraafo no amma Israelfo no ho antɔ wɔn koraa; wɔhyɛɛ wɔn so mfe 20. Ebetumi aba sɛ, sɛ wɔkɔtow hyɛ kurow bi so a, nea na wɔtaa yɛ ne sɛ wɔfa mmea a ɛwɔ hɔ no de wɔn kɔ nkoasom mu, na na wɔto wɔn mmonnaa mpo. Saa atirimɔdensɛm a na Sisera ne n’asraafo no de di nkurɔfo no nti, na wɔsuro sɛ wɔbɛfa akwantempɔn so. Afei nso wɔn a wɔtete nkuraase guan kɔtetɛw nwuram. Israelfo mmarima kakraa bi na na wɔwɔ akode a wɔbetumi de abɔ wɔn ho ban.

Saa bere no, na ɔbea kokodurufo bi a wɔfrɛ no Debora wɔ hɔ, na na ɔyɛ Yehowa diyifo. Afei nso, sɛ Israelni bi ne ne yɔnko nya asɛm na ɛyɛ asɛnkɛse a, na wɔde ba Debora anim ma osiesie. Yehowa nam ne so maa Barak bɛyɛɛ ɔtemmufo ne ogyefo maa Israelfo no. Debora soma ma wɔkɔfrɛɛ Barak bae na ɔde akwankyerɛ a efi Yehowa hɔ maa no. Ɔka kyerɛɛ Barak sɛ, Yehowa se ɔmpaw mmarima 10,000 na ɔmfa wɔn nkɔ Tabor Bepɔw so, na ɔbɛma wadi Sisera ne n’asraafo so nkonim. Wo de, twa ho mfoni hwɛ sɛnea saa asɛm no bɛma Barak ho adwiriw no!

Wohwɛ a na Barak bɛyɛ ahantan aka sɛ esiane sɛ akwankyerɛ no fi ɔbea hɔ nti ɔrentie anaa? Daabi. Mmom ɔkaa sɛ, sɛ ɔbɛkɔ ɔko no a, gye sɛ Debora ka ne ho ne no kɔ. Nea Barak kae no, na ɛnkyerɛ sɛ onni gyidi. Efisɛ akyiri yi, bere a ɔsomafo Paul rebobɔ mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi kɛse din no, ɔbɔɔ Barak din kaa ho. (Heb. 11:​1, 2, 32) Enti bere a Barak ka kyerɛɛ Debora sɛ ɔmmɛka ɔne ne mmarima ho mma wɔnkɔ no, na ɔde rekyerɛ sɛ ɔwɔ gyidi. Ná onim sɛ Debora yɛ Yehowa diyifo, enti sɛ ɔne no kɔ a, Yehowa bɛfa ne so ama ne nsa aka akwankyerɛ biara a ohia. Debora nso de akokoduru kaa sɛ: “Kɔ de, me ne wo bɛkɔ.” Ɔsan ka kyerɛɛ Barak sɛ, ɔko no de, wɔbedi nkonim, nanso ɛnyɛ ɔno Barak anaa ne mmarima no bi na ebekum Sisera. Mmom, Onyankopɔn bɛma ɔbea na akum no.

Barak fii ase yɛɛ nea Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no. Ɔma wɔboaboaa asraafo 10,000 a wɔwɔ akokoduru ano. Ná wɔnni akode pii de, nanso kakra a wɔnyae no, ɔde siesiee wɔn maa ɔko no. Afei ɔne n’asraafo no foro kɔɔ Tabor Bepɔw so. Sɛ wugyina Yesreel asaasetraa no so na wohwɛ saa bepɔw fɛfɛɛfɛ yi a, na ɛte sɛ kyɛnsee a wɔadan abutuw. Ná ne tenten bɛyɛ mita 562 (anammɔn 1,844). Enti bere a Debora, Barak, ne ne mmarima no gyina bepɔw yi so no, wɔhuu sɛ Sisera ne n’asraafo a wɔtete nteaseɛnam mu fi akyirikyiri reba.

Debora, Barak, ne n’asraafo no gyina Tabor Bepɔw so, na wɔrehwɛ Sisera ne n’asraafo a wɔtete nteaseɛnam mu rehyia wɔn no.

Dɛn na na Barak bɛyɛ? Obiara a onim akodi yiye no, ebia ɔbɛtwɛn ama Sisera ne n’asraafo a wɔtete nteaseɛnam mu no aduru bepɔw no ase, na wɔyɛ sɛ wɔreforo bepɔw no a wɔatow ahyɛ wɔn so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ nteaseɛnam no reforo bepɔw no a, na wɔn mmirika so bɛtew, na ɛba saa nso a ɛbɛyɛ mmerɛw ama Barak ne ne mmarima no sɛ wɔbedi Sisera ne n’asraafo no so nkonim. Nanso na Barak nim sɛ ɔko no nyɛ ne ko, na mmom, ɛyɛ Yehowa ko, enti otiee Debora. Yehowa nam Debora so ka kyerɛɛ Barak sɛ, wɔnsian na wɔnkɔtow nhyɛ wɔn so! Enti mmarima no de akokoduru sianee bepɔw no sɛ wɔrekohyia Sisera ne n’asraafo a wɔn ho yɛ hu no wɔ asaasetraa no so!

Ná ɛsɛ sɛ ɔtemmufo ne odiyifobea bi kohyia ɔsahene tirimɔdenfo bi ne n’asraafo a wɔtete nteaseɛnam mu ne wɔn kɔko

Nea wɔyɛe no, obiara a waben wɔ akodi mu bɛka sɛ, Barak ne ne mmarima no kɔ soro ba fam, wɔbedi nkogu. Nanso Yehowa huu wɔn akokoduru no, na ɔhwɛɛ ho tuaa wɔn ka. Ɔmaa Kaanan asraafo yi ani so tan wɔn. Afei nso, ɔmaa nsu tɔɔ denneennen. Ankyɛ koraa na Yesreel asaase no fã a wɔgyina redi ako no yirii. Ɛnna Sisera asraafo no nteaseɛnam no kekaa atɛkyɛ mu. Afei de, na nteaseɛnam no renni mmoa wɔn, enti na ɛsɛ sɛ wɔsi fi mu na wɔte gyina ne Israelfo no ko. Ɛbaa saa no, Israelfo no kunkum Sisera asraafo no nyinaa. Sisera nso ɛ, dɛn na ɛtoo no?

Sisera de, otumi faa atɛkyɛ no mu guan kɔɔ asaase no fã baabi a ɛwɔ soro. Ɔno ara ne nkwa na na ehia no; nea ɛbɛto n’asraafo no de, na ɛnyɛ no asɛm. Ná ɛyɛ no sɛ wanya ne ti adidi mu. Nanso Barak tiw no. Nea ɛrekɔ so nyinaa na Yehowa ani tua, na na wafa Sisera ho adwene dedaw.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Atemmufo 4:​1-16, 23, 24; 5:​1-23

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Barak ne Debora yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Asetena bɛn na na Israelfo no wom bere a na Sisera hyɛ wɔn so no? (w15 8/1 13 ¶1)

  2. 2. Israel atemmufo a Yehowa de wɔn dii dwuma ansa na Samuel rebɛyɛ odiyifo no, sɛ wɔreka wɔn ho asɛm a, adɛn nti na ɛyɛ a wɔmfa Debora nka ho? (w86˗E 6/1 31 ¶6-8˗wcgr)

  1. 3. Adɛn nti na Bible ka Debora ho asɛm sɛ na ɔyɛ “ɔbaatan wɔ Israel”? (Atem. 4:​4, 5; 5:7; w15 8/1 13 ¶2) A

Debora te abedua bi ase, ɛnna nguanhwɛfo mmienu bi de wɔn asɛm abɛto n’anim a ɔresiesie. Afei nso, Israelfo awarefo bi nam kwan so rekohu Debora.

Mfoni A

Mfoni A

  1. 4. Bere a Debora ne Barak too dwom sɛ ‘nsoromma fi soro bɛko’ tiaa Sisera no, dɛn na na wɔrepɛ akyerɛ? (Atem. 5:20; w05 1/15 25 ¶5)

Dɛn Na Woasua?

  • Barak brɛɛ ne ho ase gyee mmoa fii ɔbea nokwafo bi hɔ. Bere bɛn na ɛho behia sɛ onua barima bi suasua nea Barak yɛe no? B

    Onuawa bi rekyerɛ anuanom mmarima mmiɛnsa bi sɛnea wɔde afiri bi bedi dwuma yiye. Anuanom mmarima no ayɛ aso retie onuawa no, na wɔreyɛ kyerɛwtohɔ.

    Mfoni B

  • Adɛn nti na na Debora behia akokoduru na waka Barak ho akɔ ɔko? Yɛn nso, bere bɛn na ehia sɛ yenya akokoduru?

  • Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Barak ne Debora akokoduru no?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Barak ne Debora ba a, asɛm bɛn na mebisa wɔn?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Hwɛ sɛnea Bible mu asɛm yi ma yenya awerɛhyem sɛ, nneɛma a yɛyɛ ma Yehowa no som bo ma no paa.

“Sɛ Wutu Wo Ho Ma a, Ma Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam!” (w17.04 28-32)

Gyidi, ahobrɛase, ne osetie ho asuade bɛn na yenya fi Barak ne Debora asɛm no mu?

“Barak Nam Gyidi So Tɔree Asraafo Dɔm Kɛse Bi Ase” (w03 11/15 28-31)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena