17 YAEL
“Wɔahyira No Paa Wɔ Mmea Mu”
ƐTOO nea ɛyɛ den no, Sisera a ɔyɛ ɔsahene no guan gyaw ne mmarima no hɔ maa wɔn nyinaa wuwui wɔ Yesreel asaasetraa no so. Sisera asraafo akukudam no, na wɔwɔ nteaseɛnam 900 a dade tuatua ho, nanso Israel asraafo a wɔnam fam na wɔnni akode papa biara no tumi dii wɔn so nkonim. Enti ɛbɛyɛ sɛ Sisera dwen asɛm no ho a, na ɛnsen ne tirim. Afei a wɔadi nkogu yi, ade a na ehia no ara ne sɛ obenya baabi akɔtɛw. Ɛno nti, ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a Heber a ɔyɛ Kenini no ntamadan wɔ no.
Ná Kenifo yɛ nkurɔfo a wɔtete Israelfo asaase so, na efi Mose bere so nyinaa, na Kenifo ne Israelfo ka paa. Mose mpo, na ne yere yɛ Kenini. Nanso Heber de, na ɔnte sɛ Kenifo a aka no, efisɛ wamfa ne ho ammɔ Israelfo no, na mmom ɔde ne ho kɔbɔɔ Kaanan Hene Yabin. Ɛno nti Sisera a ɔyɛ Yabin sahene no adwene yɛɛ no sɛ obetumi de ne ho akosie wɔ Heber ntamadan mu. Sisera anna annwen ho da sɛ Heber yere Yael beyi no ama.
Ná Yael wɔ ne ntamadan mu, ɛnna ohui sɛ Sisera reba. Saa bere no, na ne kunu nni hɔ, na na ɛsɛ sɛ odwen nea ɔbɛyɛ ho ntɛm. Biribiara kyerɛ sɛ na Yael nim onipa ko a Sisera yɛ, na na onim sɛ ɔyɛ obi a ne tirim yɛ sum. Ebetumi aba sɛ na onnim sɛ Yehowa diyifo Debora aka sɛ, ɛnyɛ barima na ebekum Sisera na mmom ɔbea. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na onim nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ. Dɛn na ɛma yehu saa?
Nkonim a Barak dii wɔ Sisera so no, akyiri yi, Yehowa honhom kaa Debora ma otwaa ho dwom. Dwom no mu nsɛm no bi ni: “Yael na wɔahyira no paa wɔ mmea mu, Kenini Heber yere no; mmea a wɔte ntamadan mu nyinaa, ɔno na wɔahyira no paa.” Nkurɔfo ka sɛ Yael yɛ ɔdaadaafo wudifo, nanso ɛnte saa. Mmom yɛreka wɔn a wɔde akokoduru dii ako maa Yehowa no a, ɔka ho. Nea Rahab dii kan yɛe no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛe; ogyinaa Yehowa afã, na ɔne Yehowa atamfo koe. Ná onim sɛ Sisera yɛ Yehowa tamfo a okyi no kɔkɔkɔkɔ. Enti nea ɔbɛyɛ ama Yehowa apɛde aba mu biara no, na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ. Nanso na ɔbɛyɛ no sɛn?
Ná ɛnyɛ ade a ɛbɛba Yael tirim sɛ ɔbɛte agyina ne Sisera ako, efisɛ na Sisera yɛ ɔbarima a ne ho yɛ den na waben wɔ akodi mu. Enti ɔka kyerɛɛ Sisera sɛ ommedwudwo ne ho wɔ ne ntamadan mu. Ɔde kuntu kataa ne so. Sisera srɛɛ Yael sɛ ɔmma no nsu, nanso Yael maa no nufusu. Sisera ka kyerɛɛ no sɛ onnyina ne ntamadan no ano, na sɛ obi bebisa n’ase a, ɔnka sɛ onni hɔ. Ɛnna Sisera daa hatee.
Onyankopɔn paw ɔbea bi sɛ onkum ɔsraani bi a ne tirim yɛ sum mma no
Yael hui sɛ bere aso sɛ ɔyɛ biribi. Enti ɔkɔfaa dua a wɔde bɔ ntamadan mu tim fam ne hamma. Nneɛma saa nso de, ɛbɛyɛ sɛ na ɔtaa de di dwuma. Ɔyɛɛ nwaa kɔɔ ɔkatakyi a wada no nkyɛn kobuu nkotodwe wɔ baabi a ne ti da. Ɛnna ɔfaa hamma ne dua feaa no sɛ ɔde rebɛbɔ no akum no. Ade a ɔrekɔyɛ yi nso, sɛ wanhwɛ yiye na ɔtow fom a, ade a Sisera de bɛyɛ no ansa na wakum no no, ɛrenyɛ papa! Nanso Yael antow amfom. Ɔbɔɔ dua no so wuraa Sisera asontɔrem, na ɛhɔ ara na owui!
Akyiri yi, Ɔtemmufo Barak bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera. Ɛnna Yael pue kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Bere a Barak wuraa ntamadan no mu no, ohui sɛ Debora nkɔmhyɛ no aba mu. Nkɔm a ɔhyɛe ne sɛ: “Ɔbea na Yehowa de Sisera bɛhyɛ ne nsa.”
Akyiri yi, Barak ne Debora kamfoo Yael wɔ nkonim dwom a wɔtoe no mu. Ɛno akyi no, Bible anka Yael ho asɛm wɔ baabiara bio. Nsɛm yi sisii no, mfe bɛboro 3,200 atwam, nanso ɛnnɛ yi nyinaa yɛda so ara ka ho asɛm. Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo mfa akode anaa biribi foforo biara nko. Mmom, yedi ako wɔ honhom mu. Yɛko tia Satan, ahonhommɔne, ne wiase bɔne yi, na ɛnnɛ paa ne bere a ehia sɛ yenya Yael akokoduru no bi.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Yael yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Sɛ wode ɔko a Sisera kɔe no toto ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ Armagedon no ho a, dɛn na edi nsɛ wɔ ne mmienu ho? (w19.09 8-9 ¶3-6)
2. Abusuabɔ bɛn na na ɛda Yael kunu Heber ne Israelfo ntam a ne nyinaa akyi ɔde ne ho kɔbɔɔ Kaananfo a wɔyɛ Israelfo atamfo no? (it “Heber” No. 2˗wcgr)
3. Nkonim a Israelfo dii wɔ Sisera ne Yabin so no, mfe pii akyi no, sɛn na ɛhyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo gyidi den? (w08 10/15 14-15 ¶12-15)
4. Sɛnea Debora kamfoo Yael no, dɛn na yesua fi mu? (w15 8/1 15 ¶2) A
Mfoni A
Mfoni A
Dɛn Na Woasua?
Sɛ onuawa bi kunu nsom Yehowa a, bere bɛn paa na obehia akokoduru a na Yael wɔ no bi?
Ná Yael nyɛ odiyifobea te sɛ Debora, na na ɔnyɛ ɔsraani te sɛ Barak, nanso ɔyɛɛ nea obetumi. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi na ɛboro yɛn ahoɔden so anaa enni yɛn tumi mu a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no? B
Mfoni B
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Yael akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Yael ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Video yi mu no, wubehu sɛnea Yael nhwɛso no boaa onuawa ababaa bi ma onyaa akokoduru dii adanse.
Nsuasua Ahufo No, Suasua Akokodurufo No!—Nsuasua Nkurɔfo a Na Wɔte Meros No, Suasua Yael (1:40)
Mmea a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a yebetumi asua biribi afi wɔn hɔ no, Yael yɛ wɔn mu baako pɛ. Kenkan wɔn mu bi nso ho asɛm wɔ ha.
“Mmea a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Wɔn Hɔ?” (ijwbq asɛm 161)