18 GIDEON
Ná Ɔwɔ Akokoduru Nanso Ɔyɛɛ Ahwɛyiye
OBI a ɔwɔ akokoduru paa no, ɔyɛ ahwɛyiye nso, efisɛ akokoduru a ahwɛyiye nka ho no yɛ akokoduru bɔne. Ná Gideon wɔ akokoduru, na na ɔyɛ ahwɛyiye nso. Ne bere so no, na Israelfo no asan atwe wɔn ho afi Yehowa ho. Enti Yehowa maa kwan maa Midianfo soaa wɔn ho beguu Israelfo asaase so, na wɔhyɛɛ wɔn so teetee wɔn, na na wɔsuro mpo sɛ wɔbɛkɔ wɔn mfuw mu akotwa nnɔbae. Gideon de, wammɔ hu, na mmom ɔboroo hwiit sɛnea ɛbɛyɛ a ne manfo benya aduan adi. Nanso ɔyɛɛ ahwɛyiye. Wammoro hwiit no wɔ petee mu, na mmom ɔboroo no wɔ amena a wɔkyĩ nsã wom mu sɛnea ɛbɛyɛ a Midianfo no renhu nea ɔreyɛ. Saa amena no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔatwa wɔ ɔbotan mu.
Israelfo no nuu wɔn ho, na wɔsu frɛɛ Yehowa sɛ ommegye wɔn. Enti Yehowa somaa ne diyifo ma ɔkɔkyerɛɛ wɔn nea enti a ɔmmɔ wɔn ho ban bio. Afei ɔsomaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔka kyerɛɛ Gideon sɛ Yehowa apaw ɔno Gideon sɛ onnye Onyankopɔn nkurɔfo. Gideon ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ ɔmma no sɛnkyerɛnne bi a ɛbɛma wahu sɛ Yehowa ka ne ho. Ɔbɔfo no gye toom, na ɔfaa anwanwakwan so maa ogya bɛhyew nneɛma a na Gideon asiesie sɛ ɔde rebɛbɔ afɔre no. Ɛno akyi no, ɔbɔfo no yera fii n’anim. Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ, Baal afɔremuka ne ɔbosom dua bi a ɛwɔ hɔ no, ɔnsɛe ne nyinaa. Yehowa kaa sɛ, sɛ owie a onsi afɔremuka mma no, na ɔmmɔ afɔre wɔ so mma no. Gideon penee so, nanso na osuro nea ne papa ne kurom hɔ mmarima bɛyɛ, enti ɔyɛɛ no anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu no.
Bere a Gideon nyaa akokoduru yɛɛ weinom nyinaa wiei no, Midianfo, Amalekfo, ne Apueifo nyinaa kaa wɔn ho boom de wɔn asraafodɔm baa Israelfo no so. Wɔbɛhyɛɛ Yesreel Bon no mu ma te sɛ ntutummɛ a wɔabom yuu. Yehowa honhom baa Gideon so, enti otuu abɔfo kɔɔ Israel mmusuakuw pii mu sɛ wɔmmoaboa wɔn mmarima ano na wɔmmɛko. Afei Gideon ka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no sɛnkyerɛnne mmienu bi a ɛbɛma wahu paa sɛ ɔtaa n’akyi. Wei kyerɛ sɛ na Gideon reyɛ ade a, ɔmpere ne ho, na mmom ɔyɛ ahwɛyiye. Yehowa nyaa ne ho abotare yɛɛ n’abisade no maa no. Enti saa anadwo no, Gideon de oguan nwi guu awiporowbea hɔ, ɛnna Yehowa maa obosu bɛfɔw oguan nwi no twɔnn, nanso na fam baabiara awo. Da a edi hɔ no, Onyankopɔn maa obosu fɔw fam hɔ nyinaa anadwo no, nanso ebi anka oguan nwi no.
Ná atamfo no dɔɔso sen Gideon ne ne mmarima no bam, nanso Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ n’asraafo no dɔɔso dodo, enti ɔntew so
Nea Onyankopɔn yɛe no hyɛɛ Gideon den, enti odii n’asraafo anim sɛ ɔne atamfo no rekɔko. Ná atamfo no dodow bɛyɛ 135,000, ɛnna Gideon mmarima no nso yɛ 32,000, enti na atamfo no dɔɔso sen wɔn bam. Bere a Israelfo no kɔkyekyee asoɛe wɔ Harod Asuti ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ n’asraafo no dɔɔso dodo! Enti asraafo a na ehu aka wɔn no nyinaa, na ɛsɛ sɛ Gideon ma wɔsan kɔ fie. Ɛbaa saa no, ɛkaa mmarima 10,000 pɛ. Nanso Yehowa kaa sɛ mmarima 10,000 no mpo, wɔdɔɔso dodo. Ɛno nti ɔka kyerɛɛ Gideon sɛ ɔmfa mmarima no nkɔ asuti no ho, na ɔmfa n’ani nto fam nhwɛ ɔkwan a mmarima no bɛfa so anom nsu no. Wɔn a wɔbuu nkotodwe de wɔn ano bɔɔ nsu no mu no, oyii wɔn fii mu. Nanso wɔn a aka no de, wɔbɔɔ wɔn mu ase kakraa bi de wɔn nsa saw nsu no nomee sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbehu nea ɛrekɔ so. Asraafo a wɔn ani da hɔ yi, wɔn na wɔyii wɔn de wɔn kɔɔ ɔko no. Afei de na Gideon mmarima no aka 300 pɛ!
Ne nyinaa akyi no, Gideon nyaa akokoduru dii wɔn anim kɔe sɛ wɔrekɔko. Afei Yehowa san yɛɛ biribi ma ohui sɛ ɔka ne ho. Ɔka kyerɛɛ Gideon sɛ, sɛ edu anadwo a, ɔnyɛ kodɛɛ nkɔ atamfo no asoɛe hɔ. Gideon nso yɛɛ saa. Bere a okoduu hɔ no, ɔtee sɛ ɔsraani bi reka dae bi a ɔsoe akyerɛ obi. Ná dae no kyerɛ sɛ Israelfo bedi nkonim wɔ ɔko no mu. Afei de na Onyankopɔn ama Gideon akokoduru no ayɛ kɛse, enti ɔsan kɔɔ ne mmarima no hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔbɛyɛ biara wɔn nso nyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Ɔmaa wɔn akwankyerɛ a ɛbɛma wɔadi nkonim wɔ ɔko no mu. Eduu anadwo dasum no, wɔkotwaa atamfo no ho hyiae. Bere a Gideon bɔɔ abɛn no, wɔn nso bɔɔ wɔn de, na wɔbobɔɔ nhina akɛse a wɔkurakura no, ɛnna wɔteɛteɛɛm sɛ: “Yehowa sekan ne Gideon sekan!” Dede no ne nkanea no maa atamfo no bɛtee nka sɛ Israelfo no abetwa wɔn ho ahyia atow ahyɛ wɔn so. Enti wɔbɔɔ hu, na wɔn ani so tan wɔn! Yehowa ma wɔtwaa wɔn ho kunkum wɔn ho. Nnipa bɛyɛ 15,000 pɛ na wɔnyaa nkwa, na wɔguanee.
Gideon de guu wɔn so. Ewiee ase no, odii atamfo no so nkonim, na okunkum wɔn a ɛdeda wɔn ano no. Wɔn nso a na ɛsɛ sɛ anka wɔboa Gideon ma ɔko ma Onyankopɔn nanso wɔanyɛ saa no, Gideon twee wɔn aso. Afei Israelfo no yɛɛ sɛ wɔresiw Gideon hene. Nanso n’ahobrɛase nti wampene, mmom ɔkaa sɛ: “Yehowa na obedi mo so.” Enti Gideon yɛ ɔbarima kokodurufo a na ɔyɛ ahwɛyiye, na Onyankopɔn maa no akatua pa. Bere a na ɔyɛ ɔtemmufo wɔ Israel no, onyaa asomdwoe na onyin kyɛe. Ɔsomafo Paul mpo, bere a ɔrebobɔ mmea ne mmarima a na wɔwɔ gyidi kɛse din no, ɔde Gideon din kaa ho.—Heb. 11:32.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Gideon yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Dae a ɔsraani no soe no, ohuu “baali paanoo kurukuruwa bi.” Adɛn nti na sɛ yɛde nea ohui no gyina hɔ ma Gideon asraafo no a, ɛyɛ ne kwan so? (Atem. 7:13; it “Baali” ¶7˗wcgr)
2. Bere a Israelfo 300 no bɔɔ mmɛn no, adɛn nti na Midianfo no bɔɔ hu na wɔn ani so tan wɔn? (it “Abɛn” ¶3˗wcgr) A
Mfoni A: Ná wɔbɔ oguan abɛn de kyerɛ sɛ bere aso sɛ wɔyɛ biribi
3. Dɛn na Gideon ne ne mmarima no yɛe ansa na wɔretumi adi Midianfo no so nkonim? (w04 10/15 15-16 ¶9-10) B
Mfoni B: Bere a Gideon de guu Midianfo no so koduu Yogbeha no, wɔtwaa kwan bɛyɛ kilomita 80 (akwansin 50) (baabi pɔtee a wɔfae de, yennim)
4. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛma yehu sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware? (w05 4/15 32)
Dɛn Na Woasua?
Gideon dii Onyankopɔn nkurɔfo anim kɔɔ ɔko ma wɔdii nkonim. Nanso ɔbrɛɛ ne ho ase ne afoforo kasaa kama. (Atem. 8:1-3) Mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo nso, sɛ wɔyɛ biribi ma ɛhaw obi a, dɛn na wɔbetumi ayɛ de asuasua Gideon?
Bere bɛn paa na ebehia sɛ yenya akokoduru na yɛsan yɛ ahwɛyiye? D
Mfoni D
Akokoduru a na Gideon wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Gideon ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛ wunya ɔsom hokwan bi a, dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua Gideon?