19 YEFTA NE NE BABEA NO
Ná Ɛyɛ Den Sɛ Wɔbedi Ɛbɔ No So, Nanso Wɔdii So
ISRAELFO no san gyaee Yehowa som, enti nneɛma mu yɛɛ den maa wɔn bio. Yehowa maa Ammonfo no teetee wɔn mfe 18. (Atem. 10:8) Ewiee ase no, Onyankopɔn nkurɔfo gye toom sɛ wɔayɛ bɔne, enti wɔtoo wɔn abosom nyinaa gui, na wɔsan baa Yehowa nkyɛn. Nanso ankyɛ na Ammonfo no boaboaa wɔn ho ano wɔ Gilead sɛ wɔrebɛtow ahyɛ Israelfo no so.
Enti Gilead mpanyimfo kɔka kyerɛɛ ɔbarima bi a ne din de Yefta sɛ ommedi wɔn anim mma wɔnkɔko. Nanso bere bi a atwam no, na Yefta papa mma a wɔwɔ Gilead no atan n’ani denneennen ama watu afi ne kurom hɔ. Wohwɛ a ne bo fuwii, na ɔde wɔn ho asɛm hyɛɛ ne mu anaa? Daabi, wanyɛ saa. Mmom, ɔpenee so sɛ ɔbɛsan akɔ ne kurom, na wakɔko ama wɔn. Nea Yefta dii kan yɛe ne sɛ, ɔsoma kɔɔ Ammonfo hene nkyɛn sɛ ɔrekɔhwehwɛ asomdwoe. Ɔhene no bɔɔ Israelfo no sobo sɛ wɔafa n’asaase, nanso Yefta ma wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ asaase no nyɛ Ammonfo de, na mmom ɛyɛ Israelfo de. Sɛnea Yefta kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu ma yehu sɛ, nea ɛyɛe a Israelfo nsa kaa nsaase no, na onim ho asɛm yiye paa. Ná onim sɛ Yehowa na ɔboaa ne nkurɔfo ma wɔdii aman a atwa wɔn ho ahyia no so nkonim. Nanso Ammonfo hene no bɔɔ nea Yefta kae no gui; ná ɔhene no asi ne bo sɛ ɔne Israelfo no bɛko!
Yehowa honhom baa Yefta so, enti ɔboaboaa ne ho sɛ ɔrekɔko. Ansa na Yefta rekɔko no, ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: “Sɛ wode Ammonfo hyɛ me nsa, na midi Ammonfo so nkonim na mesan ba asomdwoe mu a, obiara a obepue afi me fi pon ano abehyia me no, mede no bɛma Yehowa, na mede no bɛbɔ ɔhyew afɔre ama no.” Bere a Yefta rehyɛ saa bɔ yi, na Yehowa honhom wɔ ne so, enti yebetumi aka sɛ na onim nea ɔreka, na ɛnyɛ sɛ ahopere na ɔde kasae.
Wohwɛ a, na Yefta repɛ akyerɛ sɛ ɔbɛhyew onipa a ɔbɛba abehyia no no anaa? Daabi, ɛnte saa. Efisɛ Yehowa kyi nnipa a wɔhyew wɔn wɔ ogya mu de wɔn bɔ afɔre, na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo mpo sɛ mma wɔnnyɛ awurukasɛm a ɛte saa. (Deut. 18:10, 12) Enti nea na Yefta pɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ, onipa a obedi kan apue afi ne fie no, ɔde no “bɛma Yehowa” ama wayɛ Yehowa adwuma ne nkwa nna nyinaa. Ebia asɔrefie a na ɛwɔ Silo no na na onipa no bɛkɔ akɔtena asom Yehowa. Ná Yefta nim sɛ ɛbɔ a wahyɛ no, na ebetumi ayɛ den sɛ obedi so. Ná ɔwɔ ɔbabea a ɔda ne koma so a odi no bakoro. Enti sɛ ofi ɔko reba na ne babea no di kan behyia no a, na ɔbɛyɛ no dɛn?
Bere a Yefta hyɛɛ bɔ no wiei no, ɔde akokoduru dii ne mmarima anim ma wɔkɔkoe. Yehowa nso bɔɔ wɔn kyidɔm ma wɔdii nkonim! Wɔkunkum atamfo “bebree paa,” na wɔsɛee Ammonfo nkurow 20.
Afei Yefta san n’akyi sɛ ɔrekɔ fie, na na n’ani agye paa. Ebia na osusuw sɛ ne nkoa no mu bi na obedi kan abehyia no. Sɛ saa adwene no na onyae a, ɛnde ne nsa sii fam. Efisɛ ne babea no na odii kan pue de mpintin ne asaw behyiaa no! Wei maa Yefta werɛ howee paa, na osuan n’ataade mu kaa sɛ: “Ao, me babea! Woama me koma abubu, efisɛ wo na matwa wo asu.”
Ná ɛsɛ sɛ Yefta ne ne babea no di ɛbɔ bi so, nanso na ɛsodi bɛyɛ den paa
Ná Yefta babea no nim sɛ, ɛbɔ a ne papa ahyɛ no bɛma n’asetena asesa koraa. Ná ɔde ne ho bɛma Yehowa ayɛ n’adwuma ne nkwa nna nyinaa. Ɛno kyerɛ sɛ, na ɔrenware da, na na ɔrenwo mma nso. Ná wei bɛyɛ den ama no paa, efisɛ, sɛ Israelni bea bi anware, anaa wanwo mma a, na ɛyɛ aniwude. Ne nyinaa mu no, Yefta babea yi nyaa akokoduru ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Paapa, sɛ woabue w’ano ahyɛ Yehowa bɔ a, ɛnde sɛnea woahyɛ bɔ no, yɛ me saa ara.” Afei ɔsrɛɛ ne papa sɛ ɔmma no kwan mma ɔntew ne ho nkɔ bepɔw so na ɔne ne nnamfonom nkosu, efisɛ seesei, ɛnyɛ ade a ɔbɛware anaa ɔbɛwo mma.
Ná Yefta babea no nnwen ɔno nko ara ne ho, afei nso na ɔwɔ akokoduru paa. Ɛno nti afe biara, na Israel mmabaa de nnanan kɔkamfo no, na nea wɔyɛe no kyekyee ne werɛ. Afei nso, na ɛyɛ hokwan kɛse sɛ ɔbɛsom wɔ Yehowa asɔrefi kronkron hɔ. Ebetumi aba sɛ saa bere no, na abofra Samuel nso te asɔrefie hɔ bi. Bere a Samuel renyin no, Yefta babea no nyaa hokwan boa ma wɔtetee no hyɛɛ no nkuran anaa? Ɛno de Bible nka. Nanso sɛ onyaa saa hokwan no a, na ebetumi ama n’ani agye paa, efisɛ na onni ɔno ankasa ne ba. Nea yenim ne sɛ, saa bere no, na brabɔne rekɔ so wɔ asɔrefie hɔ paa. (1 Sam. 2:22) Wohwɛ a, Yefta babea no de ne ho hyɛɛ aguamammɔ mu anaa? Daabi wanyɛ saa. Efisɛ Bible ka sɛ: “Ababaa no ne ɔbarima biara anna da.”
Bere a ɔsomafo Paul rebobɔ mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi din no, ɔbɔɔ Yefta din kaa ho. (Heb. 11:32) Yefta ne ne Babea no ayɛ akokoduru ho nhwɛso a edi mu paa ama yɛn. Yefta ko maa Onyankopɔn nkurɔfo, na ne babea no nso taa n’akyi. Ɛbɔ a Yefta hyɛɛ Yehowa no, na ɛyɛ den sɛ ɔne ne ba no bedi so, nanso wɔdii so!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Yefta ne ne babea no yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Dɛn na ɛma yehu sɛ bere a na Ammonfo reko tia Israelfo no, na wɔreko atia nokware som nso? (it “Yefta” ¶6˗wcgr) A
Mfoni A: “Woyiyii ananafo anyame no fii wɔn nkyɛn, na wɔsom Yehowa.”—Atem. 10:16
2. Yefta ne Yakob nyinaa hyɛɛ Yehowa bɔ bi, dɛn na ɛbɔ a wɔhyɛe no ma yehu fa wɔn mmienu nyinaa ho? (it “Yefta” ¶11˗wcgr)
3. Adɛn nti na na ɛbɛyɛ den sɛ Yefta bedi ɛbɔ a ɔhyɛe no so? (w17.04 4 ¶6)
4. Wɔwoo odiyifo Samuel bɛyɛ afe 1180 A.Y.B. Dɛn na ɛma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɔne Yefta babea no nyinaa somee wɔ asɔrefie hɔ wɔ bere koro mu? (it “Yefta” ¶2˗wcgr; hwɛ bere ne nneɛma bi a esisii “Efi Tete Agyanom Bere So Kosi Atemmufo No Bere So.”)
Dɛn Na Woasua?
Sɛ awofo da akokoduru adi te sɛ Yefta a, sɛn na ɛboa wɔn mma?
Mmabaa a wɔkɔkamfoo Yefta babea no, na wɔboaa no ma ɔkɔɔ so nyaa akokoduru no, dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ de asuasua wɔn? B
Mfoni B
Akokoduru a na Yefta ne ne babea no wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Yefta ne ne babea no ba a, asɛm bɛn na mebisa wɔn?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛn na Yefta babea no nhwɛso betumi aboa Kristofo a wɔnwaree?
Hwɛ sɛnea Yefta ne ne babea no nhwɛso betumi aboa wo ama wakɔ so de nokwaredi asom Yehowa.