Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 20 kr. 94-kr. 97
  • Bere a Ɔyɛɛ Mmerɛw No, Onyaa Akokoduru

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Ɔyɛɛ Mmerɛw No, Onyaa Akokoduru
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Fa Wo Ho To Yehowa So Sɛnea Samson Yɛe No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Simson Dii Nkonim Denam Yehowa Ahoɔden So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yehowa Maa Samson Ahoɔden
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Onipa Hoɔdenfo a Ɔsen Biara
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 20 kr. 94-kr. 97

20 SAMSON

Bere a Ɔyɛɛ Mmerɛw No, Onyaa Akokoduru

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

NÁ SAMSON nhu hwee. Nanso sɛnea na Filistifo dɔm no retweetwee no na wɔrebu ne Nyankopɔn Yehowa animtiaa no, na ɔte ne nyinaa. Ɛyɛɛ dɛn na okodii Filistifo no nsam? Nea ɛte ne sɛ, wanyɛ n’ade nyansam. Ahoɔden a Onyankopɔn de maa no no, ɛho nsɛm bi wɔ hɔ a, na ɛnsɛ sɛ ɔma obiara te, nanso ɔmaa obi tee ɛho asɛm. Ɛno nti Filistifo no kyeree no, wɔtutuu n’ani, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔtoo afiase. Afei wɔde no yɛɛ akoa, na wɔhyɛɛ no ma ɔyɛɛ adwumaden. Ná Samson nim sɛ, ɔhaw a wakɔfa abɛto ne ho so no, dodow no ara fi no. Ná ɔyɛ obi a ɔwɔ akokoduru paa, nanso afei nea na ɔrefa mu no, na obehia akokoduru asen bere biara.

Ná Samson yɛ ɔtemmufo wɔ Israel; ɔde mfe 20 na ɛyɛɛ saa adwuma no. Nanso na ɔnte sɛ atemmufo a aka no. Atemmufo te sɛ Barak, Gideon, ne Yefta dii asraafo anim ne Onyankopɔn atamfo kɔkoe, nanso Samson de, wanni asraafo biara anim ankɔko. Efisɛ ahoɔden a na ɔwɔ no, na ɛte sɛ asraafodɔm de! Yehowa maa ɔno nko ara kunkum Filistifo pii dii wɔn so nkonim. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

Ná Onyankopɔn ama Samson awofo akwankyerɛ sɛ, sɛ wɔwo no a, ne nkwa nna nyinaa ɔmfa nsom Yehowa sɛ Nasirini. Ɛno nti, Samson anyi ne ti nwi da. Yehowa ma onyaa ahoɔden bi a ɛboro onipa de so, na sɛ ɔbɛkɔ so anya saa ahoɔden no a, na gye sɛ ogyaw ne ti nwi kusuu saa a onyi da. Bere bi mpo de, Samson de ne nsa waee gyata mu mmienu! Samson de ahoɔden a Onyankopɔn de maa no yi ko tiaa Filistifo a na wɔatu wɔn ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so no. Saa bere no, na Israelfo no apia Yehowa som ato nkyɛn resom abosom.

Nea na Samson reyɛ no nti, na Israelfo no suro sɛ anhwɛ a na Filistifo abɛtow ahyɛ wɔn so, enti wɔkyekyeree Samson de no kɔmaa Filistifo no. Nanso Samson tetee nhama a ɛkyekyere ne nsa no te sɛ nea ɛyɛ asaawa bi. Nea ne nsa tumi kae ara ne afurum apantan, nanso ɔde kunkum Filistifo 1,000. Akyiri yi Samson kɔɔ Gasa kurow mu, na bere a ɔwɔ hɔ no, atamfo betwaa baabi a ɔwɔ no ho hyiae. Wɔyɛe sɛ ade kye a wɔbekum no. Nanso Samson sɔree anadwo dasum kotutuu kurow no apon ne n’apongua, ɛne nnade a wɔde abram apon no akyi no nyinaa. Ɛnna ɔtam too n’abati de foro kɔɔ bepɔw bi atifi. Ɔde twaa bɛyɛ kilomita 60 (akwansin 37) kɔɔ bepɔw bi a ɛbɛn Hebron no atifi!

Enti Samson san dii Filistifo so nkonim bio. Nea ɔyɛe no maa Filistifo no hui sɛ, wɔn anyame, te sɛ onyame Dagon, nni tumi biara. Afei nso wɔbehui sɛ anyame no ntumi mmoa wɔn mma wɔnni Yehowa somfo nokwafo Samson so nkonim. Nanso Filistifo no ampa abaw, wɔbɔɔ pɔw foforo bi; ɛno de na wɔnim sɛ, ɛyɛ dɛn ara a ɛbɛfa. Ɔbaa bi a wɔfrɛ no Delila na na ɔbɛma saa pɔw no aba mu.

Ná Samson dɔ Delila, nanso oyii Samson mae. Filistifo no maa no braeb sɛ ɔnkɔdaadaa Samson mma ɔnka nea ɛma onya ahoɔden kɛse saa no nkyerɛ no. Enti da biara, na ɔde guan Samson ho sɛ ɔnka baabi a n’ahoɔden no fi nkyerɛ no. Ewiee ase no, na ɛyɛ Samson ahometew, enti ɔkaa biribiara a ɛwom kyerɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ Delila sɛ, sɛ wɔtwitwa ne ti nwi no a, ɔbɛyɛ mmerɛw, na wayɛ sɛ onipa biara. Enti Delila twɛn maa Samson dae, na otwitwaa mmɛsa a egu ne ti so no. Bible ka sɛ ‘Yehowa anka [Samson] ho bio.’ Enti, Samson ahoɔden no tew kɔe, na Filistifo no yɛɛ ntɛm bɛkyeree no tutuu n’ani.

Afei atamfo no hyɛɛ Samson ma ɔyɛɛ adwumaden; wɔma ɔyam hwiit. Filistifo no dii ahurusi, efisɛ wɔn tamfo kɛse no, afei de wabɛyɛ akoa a kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn gu no! Enti wɔyɛe sɛ wɔbɛto pon kɛse de ahyɛ wɔn nyame Dagon anuonyam. Bere a ɛda no dui no, nnipa mpempem soaa wɔn ho koguu wɔn asɔrefie hɔ ma. Ná wɔn mu bɛyɛ 3,000 wɔ ɔdan no atifi. Filistifo no yɛe sɛ wɔde Samson begyigye wɔn ani, enti wɔsoma ma wɔkɔfaa no bae. Ɛnna wɔde no begyinaa adum akɛse mmienu ntam. Saa bere no, na ɔtemmufo yi anu ne ho, na na ne ti nwi nso afi ase refuw bio.

Samson dii mfomso ma wɔkyeree no toom, nanso ansa na ɔrewu no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ nea Yehowa pɛ

Samson susoo adum mmienu no mu, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ahoɔden a kan na ɔwɔ no, ɔnsan mfa mma no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Nokware Nyankopɔn Yehowa, Awurade Tumfo, mepa wo kyɛw, kae me; mesrɛ wo, hyɛ me den prɛko pɛ yi.” Afei ɔteɛɛm sɛ: “Ma me ne Filistifo yi nwu!” Wo de, twa ho mfoni hwɛ sɛ Samson gyina adum mmienu yi ntam na ɔde n’ahoɔden nyinaa repia. Afei bere a Filistifo no ani baa wɔn ho so no, na adum no abubu ama asɔredan no adwiriw agu! Ahoɔden soronko a na Samson wɔ no, wei ne ade a etwa to a ɔde yɛe. Onyankopɔn atamfo a okunkum wɔn saa da no, wɔdɔɔso sen wɔn a okunkum wɔn wɔ n’asetena nyinaa mu.

Samson gyina adum mmienu bi ntam rebɔ mpae, ɛnna nnipadɔm bi a wɔn ani agye redi ne ho fɛw.

Mfe pii akyi, bere a ɔsomafo Paul rebobɔ mmarima a wɔwɔ gyidi kɛse din wɔ Bible mu no, ɔbɔɔ Samson nso din. Paul kaa sɛ saa mmarima yi “nyaa ahoɔden bere a wɔyɛɛ mmerɛw,” na wutumi hu sɛ na ɔtemmufo kokodurufo Samson nso ho adwene wɔ ne tirim.—Heb. 11:​32-34.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Atemmufo 13:1–16:31

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Samson yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Ɛyɛɛ dɛn na Samson de ne nsa kaa nnipa amu na ɔtoaa so yɛɛ Nasirini? (w05 1/15 30 ¶1–31 ¶1)

  2. 2. Samson soaa apon ne n’apongua de twaa kwan fii Gasa kɔɔ Hebron. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ɛboaa no ma otumi yɛɛ saa? (w04 10/15 15 ¶7-8) A

    Samson atu kurow bi apon ne n’apongua ato n’abati reforo bepɔw bi, na abotan tintim fam hɔ. Map a ɛwɔ akyi hɔ no ma yehu kwan tenten a otwa fii Gasa kɔɔ Hebron, na ɛsan ma yehu bepɔw a ɔforoe no tenten.

    Mfoni A

  3. 3. Dɛn na ɛma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Delila yɛ Israelni? (w05 3/15 28 ¶2)

  4. 4. Adɛn nti na Samson bɔɔ mpae sɛ Yehowa mma no ntua Filistifo no ka wɔ ‘n’ani abien no baako ho’? (Atem. 16:28; it “Samson” ¶10˗wcgr)

Dɛn Na Woasua?

  • Delila guan Samson ho ara maa asɛm a ɛnsɛ sɛ Samson ma obiara te no, ɔka kyerɛɛ no. Dɛn na asafo mu mpanyimfo ne wɔn yerenom betumi asua afi asɛm yi mu? B

    Mfoni ahorow: 1. Asafo mu mpanyimfo mmiɛnsa ne onuawa bi te hɔ rebɔ nkɔmmɔ. 2. Akyiri yi, mpanyimfo no mu baako ne ne yere renom tii wɔ fie, na wɔrenom nyinaa na wɔrebɔ nkɔmmɔ.

    Mfoni B

  • Ɛwom sɛ Samson dii mfomso kɛse bi de, nanso akyiri yi, Yehowa ma ɔyɛɛ adwuma nwanwaso bi. Ɛnnɛ nso, sɛ Kristoni bi di mfomso a, sɛn na Samson nhwɛso no betumi ahyɛ no nkuran na wampa abaw?

  • Akokoduru a na Samson wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Samson ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Nnipa a wɔn ho yɛ den paa a wɔaba wiase no, wɔn mu baako ne Samson. Kyerɛkyerɛ wo mma ma wɔnhu nea ɛyɛe a Samson ho yɛɛ den saa.

“Honhom Kronkron Maa Samson Ahoɔden” (ijwis asɛm 14-wcgr)

Dɛn bio na yebetumi asua afi Samson asɛm no mu?

“Fa Wo Ho To Yehowa So Sɛnea Samson Yɛe No” (w23.09 2-7)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena