21 SAMUEL
Abofra Bi a Ɔde Akokoduru Kaa Yehowa Asɛm
NÁ SAMUEL asetena te sɛ Yefta babea no ne Samson de. Saa nnipa mmiɛnsa yi, yehu biribi wɔ wɔn ho. Ɛne sɛ: Wɔn mu biara asetena sesae koraa esiane gyinae bi a wɔn awofo sisii nti. Sɛnea Yefta babea no yɛe no, Samuel nso de ne nkwa nna nyinaa kɔsom Yehowa wɔ ɔsom ntamadan no mu. (1 Sam. 2:11) Afei nso, Samuel de ne bere nyinaa yɛɛ Nasirini te sɛ Samson. (Atem. 13:7) Bio nso, sɛnea na Yefta babea no ne Samson hia akokoduru no, saa ara na na Samuel nso hia akokoduru.
Ná Samuel maame Hanah ahyɛ Yehowa bɔ sɛ, sɛ ɔwo babarima a, ɔbɛma no akɔsom Yehowa wɔ ɔsom ntamadan a ɛwɔ Silo no. Enti bere a Samuel twaa nufu no, ɔde no kɔe. Saa bere no, na Samuel adi bɛyɛ mfe mmiɛnsa. Nanso afe biara, na Hanah kɔsra ne ba no. Ná ɔnkɔ no nsapan, na ɔpam ataade mono a Samuel bɛhyɛ wɔ ɔsom ntamadan no mu kɔma no. Ɔsom ntamadan no mu na Samuel tena nyinii, na ɔsɔfo panyin Eli a ne mfe akɔ anim no na na ɔhwɛ ne so. Ebetumi aba sɛ, mmea bi a na wɔsom wɔ ntamadan no mu nso boa ma wɔtetee abofra Samuel.
Ná ɔsom a wɔsom wɔ ntamadan no mu no ho agu fi, na na ne fã bi fi Eli. Nea ɛte ne sɛ, na ne mma mmarima Hofni ne Finehas yɛ nnipabɔnefo paa. Ná wɔne mmea a wɔsom wɔ Yehowa fie hɔ no bi deda. Afei nso, ɔsom kronn a na wɔde ma Yehowa no, na wɔgu ho fi, efisɛ na wɔmmu afɔrebɔde. Ɛda adi sɛ, sɛ nkurɔfo de wɔn nneɛma ba sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre a, na wɔma wɔn asomfo poopoo wɔn ani kyerɛ wɔn, na nnam no, papa paa a ɛwom a ɛsɛ sɛ wɔde ma Yehowa no, na Hofni ne Finehas soma ma wɔde patapaa koyiyi ansa na wɔde nnam a aka no abɔ afɔre no. Nea na Eli mma no reyɛ nyinaa, na onim. Nanso wantwe wɔn aso, na mmom ɔkaa wɔn anim kakraa bi. Ne mma no nso twii wɔn ani kɔɔ so yɛɛ nea wɔreyɛ no. Nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so yi nyinaa, Samuel anyɛ bi, na bere a ɔrenyin nyinaa na Yehowa ne nnipa pɛ n’asɛm. Afei bere soe sɛ Yehowa yɛ nea ɛrekɔ so wɔ Silo no ho biribi, enti ɔpaw abofra Samuel sɛ ɔnyɛ ne kasamafo.
Anadwo bi a na Samuel ada no, ɔtee nne bi maa n’ani tewee. Ná ɛyɛ Yehowa na ɔrefrɛ no! Nanso na Samuel dwen sɛ ɛyɛ ɔsɔfo panyin Eli na ɔrefrɛ no, enti otuu mmirika kobisaa no nea ɔnyɛ mma no. Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnsan nkɔda na ɔmfrɛɛ no. Saa bere no, na Eli abɔ akwakoraa na na onhu ade. Samuel san tee nne no bio, na Eli san kaa sɛ ɔnkɔda na ɔmfrɛɛ no. Nanso bere a esii ne mprɛnsa so no, ɛhɔ ara na Eli hui sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔrefrɛ abofra no. Enti ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnkɔda, na sɛ ɔte nne no bio a, ɔnka sɛ: “Yehowa, kasa na w’akoa retie.” Samuel nso kɔyɛɛ nea Eli ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.
Yehowa frɛɛ Samuel nea ɛtɔ so nnan sɛ: “Samuel, Samuel!” Ɛnna abofra no gyee so sɛ: “Kasa, na w’akoa retie.” Afei Yehowa kaa asɛm bi kyerɛɛ Samuel. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ Silo no, ɔrebeyi ne nyinaa afi hɔ, na esiane sɛ Eli anka ne mma no anim nti, ɔrebɛtwe n’aso. Afei nso, ɔde atemmu reba Eli mma abɔnefo no ne ne fie nyinaa so. Ná ɛsɛ sɛ Samuel kɔka atemmusɛm yi nyinaa kyerɛ Eli!
Samuel san kɔdaa hɔ, nanso sɛ otumi dae oo, wantumi anna bio oo, ɛno de Bible nka. Eduu anɔpa no, ɔsɔre kobuebuee ɔsom ntamadan no adiwo apon no. “Ná Samuel suro sɛ ɔbɛka anisoadehu no akyerɛ Eli.” Sɛ osuro nso a, na ntease wom. Eli frɛɛ abofra no baa ne nkyɛn bisaa no sɛ dɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no. Ebetumi aba sɛ Eli hui sɛ Samuel suro, enti ɔka kaa ho sɛ: “Mesrɛ wo mfa nsie me.”
Ɛwom sɛ na Samuel yɛ abofra de, nanso na ɛsɛ sɛ ɔkɔka Yehowa atemmusɛm kyerɛ Ɔsɔfo Panyin Eli
Ná ɛyɛ den ma Samuel paa sɛ ɔbɛka asɛm no. Ebetumi aba sɛ na ohu Eli sɛ ɔno ara ne nanabarima, ma enti na obu no paa. Nea yenim ne sɛ, na Eli yɛ ɔsɔfo panyin a odi ɔman no anim ma wɔsom Onyankopɔn! Nanso abofra no nyaa akokoduru kasae. Nokwasɛm ne sɛ, “Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no.” Enti Eli behui sɛ ɛrenkyɛ koraa na Yehowa de asotwe aba ɔne ne fie so. Wohwɛ a wei kaa no ma ɔtenee ne mma abɔnefo no so anaa? Biribiara nkyerɛ sɛ ɔyɛɛ saa.
Akokoduru kɛse a Samuel daa no adi no, Yehowa hyiraa no paa wɔ ho. Bible ka sɛ: “Yehowa dii n’akyi.” Afei nso, Onyankopɔn fii ase de Samuel yɛɛ ne diyifo, “na asɛm biara nni hɔ a [Samuel kae] a wamma amma mu.” Nsɛm a Samuel ka faa Eli ne ne mma no ho nyinaa, awiei koraa no, ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ. Afei de, ɛba Yehowa som a, Samuel na na Israelfo no dan wɔn ani kyerɛ no ma ɔma wɔn akwankyerɛ. Samuel dii Yehowa nokware, na ɔde mfe pii som Yehowa sɛ odiyifo ne ɔtemmufo. Bere a osua koraa no, na ɔde akokoduru yɛ nea Yehowa pɛ. Onyin kyɛe, na ɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa ne nkwa nna nyinaa.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Samuel yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Baabi a na Yehowa som ntamadan no wɔ wɔ Silo no, na ɛhɔ te sɛn? (w92 11/1 8-9) A
Todd Bolen/BiblePlaces.com
Mfoni A: Ɛha na na tete Silo wɔ
2. Bere a Samuel wɔ asɔrefie hɔ no, na n’asetena te sɛn? (ia 60-62 ¶9-13) B
Mfoni B
3. Sɛ Bible ka sɛ na abofra Samuel “nnya nhuu Yehowa” a, na ɛkyerɛ sɛn? (1 Sam. 3:7; w02 12/15 8 ¶5-6)
4. Nkɔmhyɛ a ɛfa Eli abusua no ho no, sɛn na ɛbaa mu? (it “Eli, I” ¶5–7-wcgr)
Dɛn Na Woasua?
Sɛ obi yɛ abofra a, dɛn na obetumi ayɛ de asuasua Samuel de akyerɛ sɛ . . .
ɔyɛ osetie? (1 Sam. 3:5)
obu ade? (1 Sam. 3:6-10)
ɔyɛ obi a nkurɔfo betumi de wɔn ho ato ne so? (1 Sam. 3:15) D
Mfoni D
Bere bɛn na ebehia sɛ ɔbabun anaa abofra bi nya akokoduru de ne nan si fam yɛ nea ɛtene? Sɛn na Samuel nhwɛso no betumi aboa no ama wayɛ saa?
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Samuel akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Samuel ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Bere bɛn na mmofra ne mpanyimfo nyinaa behia akokoduru na wɔatumi ayɛ nea ɛtene?