Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 3/1 kr. 18-19
  • Nhoma A Wɔkamfo Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma A Wɔkamfo Kyerɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Anidaso Ho Nsɛm A Yɛbɛka Wɔ Baguam
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—A Wɔde Live Forever Nhoma Rema
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Live Forever Nhoma No Ho Anigye A Yebedi Akyi So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Live Forever Nhoma So
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 3/1 kr. 18-19

Nhoma A Wɔkamfo Kyerɛ

JANUARY 23, 1983 mu no, Jamaica atesɛm krataa a wɔfrɛ no Sunday Sun daa asɛm bi adi, a atifi asɛm ne: “Yehowa Adansefo Kɔ Anim.” Bere a aka nkɔso a aba nnansa yi wɔ wɔn dodow mu ho asɛm akyi no, atesɛm krataa no kae sɛ:

“Adansefo no ada nhoma foforo fɛfɛ bi a mfonini ahorow wom, a wɔde kasa a ɛyɛ mmerɛw akyerɛw na ekura nkratafa 255 adi a ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn kɛse ma wɔn dodow kɔ anim. Nhoma a wɔato din WUBETUMI ATRA ASE DAA WƆ PARADISE WƆ ASASE SO a ɛwɔ nnuraho a ɛyɛ den no yɛ nea wɔde gye J$4.50 [¢75]. . . .

“Adansefo no ahaw nnipa pii Kwasida awia, na wɔanyan nnipa pii afi mpa mu, ade a nnipa pii ani nnye ho.

“Nanso ɛfata sɛ wotie Adansefo no. Sɛ obi rentumi mma kwan mma wɔmma ne dan mu mpo a, ɔkwan biara so no ɛsɛ sɛ ogye WUBETUMI ATRA ASE DAA WƆ PARADISE WƆ ASASE SO nhoma a ɛda Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe adi no bi. . .

“Adansefo no de nyamesom toto da biara da asetra ho. Adansefo no nhoma horow ntaa nka nneɛma nketenkete a wɔtaa gye ho akyinnye wɔ nyamesom mu a asɔre horow pii ani gye ho no ho asɛm. Da biara da asetra mu nsɛm a ɛhaw adwene​—te sɛ basaayɛ, ankonamyɛ, mmarima ne mmea ntam nsɛm a emu yɛ den, sika fam ahokyere, ehu​—eyinom yɛ nea wɔtaa ka ho asɛm kɛse wɔ Adansefo no nkyerɛkyerɛ mu.

“Bere a Kristofo pii ka Nsɛmpa no wɔ ɔkwan bi so a ɛmfa nea ɛrekɔ so wɔ wiase ankasa ho, na pii tew wɔn honhom fam asetra fi wɔn da biara da asetra ankasa ho no, Adansefo no som ka biribiara a wɔyɛ. WUBETUMI ATRA ASE DAA WƆ PARADISE WƆ ASASE SO da eyi adi pefee. . . .

“Asɛmti biako wɔ hɔ a ɛda adi titiriw wɔ nhoma no nyinaa mu, na ɛte saa wɔ Adansefo no nkyerɛkyerɛ nyinaa mu, Onyankopɔn Ahenni no bo a ɛsom. Nhoma no de nkyerɛkyerɛmu pii ma de kyerɛ sɛ na Onyankopɔn Ahenni no so titiriw na Yesu som adwuma no gyina. Ayaresa a Yesu yɛe wɔ ne som adwuma no mu mpo no, Adansefo no de eyi toa Onyankopɔn Ahenni no mu. Adansefo no da no adi sɛ na ɛnyɛ nkwa tenten a ɛbɛma nkurɔfo anya saa bere no na ehia no titiriw. Mmom no, anwonwade ahorow no ‘daa no adi sɛ, ɛdenam Onyankopɔn tumi so no, wobetumi adi nneɛma a ɛhaw nnipa nyinaa ho dwuma. Yiw, ɛkyerɛɛ nea ɛbɛba asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase.’”

Ɛwom sɛ atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo no kasa tia Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ahorow bi de, nanso, sɛnea wuhu wɔ atifi ha no, ɔhyɛ n’akenkanfo nkuran sɛ wonnye “Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bi. Mo mu pii nso anya hokwan akenkan saa nhoma fɛfɛ yi. So w’ani gye sɛ wo ne afoforo bɛkyɛ emu nsɛm a ɛsom bo no?

Nnipa pii ani gye ho, sɛnea Wubetumi Atra Ase Daa nhoma ɔpepem pii a wɔakyekyɛ wɔ n’afe a edi kan no mu no di ho adanse no. Obi a ɔte saa a ɔwɔ North Carolina kyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no fefɛwbere a etwaam no. Ofi ne krataa no ase sɛ, “Owura ne Onua Dɔfo,” na ɔkae sɛ: “Migye di sɛ ɛrenhaw wo sɛ mefrɛ wo saa. Nanso, merekyerɛw wo fa nhoma a wutintimii a wɔfrɛ no Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no ho.

“Bere bi a atwam ni, bɛyɛ March da a edi kan no, Ɔdansefo bi ne abofra bi a onim me baa me fie. Bere a ɔde nhoma no kyerɛɛ me no migyei. Yiw, mekenkan nhoma no ma m’ani gyee ho kɛse. Meyɛ afirikafo, na dapɛn a etwaam no mekɔɔ Long Island, New York. Mihuu nnipa bi a minim wɔn a na wɔrehyia nsɛm a emu yɛ den wɔ wɔn mma ho. Enti mede nhoma no maa wɔn. Mannya nhoma no foforo kosii sɛ miduu Hayti, Missouri.

“Ɛno akyi no mekɔɔ Houston, Texas. Bere a merekɔ Houston no, migyinaa Ahenni Asa a ɛwɔ Lufkin, Texas, no so gyee nhoma no 10. Mewɔ Houston no mede nhoma 11 a mewɔ no nyinaa mae. Enti bere a mesan bɛfaa Lufkin no migyee 8 foforo (Twam anadwofa no) . Bere a mibeduu Conway, Arkansas no, na ne nyinaa asa. Enti migyee 10. Mibeduu Durham, North Carolina no, na asa. Enti migyee 2 foforo fii Onua J​—nkyɛn. Afei saa Kwasida no migyee 15 wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ Durham no so. Bere a miduu Wilmington, Delaware no, migyee 16 foforo. Migyee 3 wɔ Rockton, Illinois. Ɛsae wɔ North Dakota na mannya bio kosii sɛ miduu Memphis, Tennessee, na migyee 10 foforo. Afei wɔ Brooklyn, New York (Ɔwɛn Aban Asafo no ti) no, migyee 27 foforo. Faako a migyee bio ne Springfield, Illinois, na ɛhɔ no migyee 10, May 1, 1983.

“Ne nyinaa mu no, efi March 27 besi April 27 no, mede saa nhoma no 96 memae. Eyi yɛ ɔsram foforo, na merefi ase brɛoo. Nanso bere biara a megye nhoma no meka kyerɛ anuanom no sɛ wɔne me nsua ade efisɛ mprempren menyɛ Ɔdansefo. Nanso ɛdenam ahenni nnwom a wɔakyere agu hama so a ɛwɔ me lɔre no mu, adesua a meyɛ wɔ mmeae horow (ne nhoma ketewa kɔkɔɔ no so) , ne yɛn Agya Yehowa ne ɔba Yesu Kristo mmɔborohunu so, a mpaebɔ ka ho, no so no, ebia me nso menya daa nkwa.”

Bere a ɔkae sɛ wɔmmɔ mpae mma no na ɔde ne dɔ nkyia mae no, afirikafo yi wiee ne krataa no sɛ: “Saa da yi, 5/17/83 no, migyee 25 foforo fii Ɔwɛn Aban Asafo ti hɔ.”

Ɔkwan bɛn so na ɔbarima yi tumi ma Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no pii saa? Bob Rodish, a ɔka wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Brooklyn Asafo ti hɔ no ho, a ɔne no yɛɛ Bible adesua bere a ɔkɔɔ hɔ kogyee nhoma no, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔde nhoma no kyerɛ nkurɔfo ara kwa, ka kyerɛ wɔn sɛ wasua nneɛma pii a ɛyɛ nwonwa afi mu, ne sɛ nea wasua no asakra n’asetra. Afei ɔdan kɔ nkratafa ahorow bi so de kyerɛ nea ɛwɔ nhoma no mu​—sɛ nhwɛso no, kratafa 140 ne 141, a ɛde mmerebu mu adanse ma de kyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni no asi hɔ dedaw wɔ ɔsoro na ɛredi tumi mprempren.”

Nokwarem no, anigye ne anisɔ a obi wɔ wɔ nhoma no ho no ne nea ebetumi aboa afoforo nso ma wɔagye bi. Bob Rodish se akyiri yi ɔtee sɛ n’adamfo afirikafo no da so de nhoma no remema nkurɔfo baabiara a obehyia wɔn​—na ɔde bɛboro 200 mae wɔ June a etwaam no mu.

Yehowa Adansefo de saa nhoma fɛfɛ yi redi dwuma wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu ma nnipa pii nsa aka bi. Yɛhyɛ wo nso nkuran sɛ nya Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔreka kyerɛ no mu kyɛfa denam Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no a wode bɛma bere biara a wubenya hokwan a ɛfata no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena