Bɔneka—So Biribi Atoto?
“BƆNEKA yɛ honhom mu ahotew, ɔkwan a obi fa so fi ase foforo, ɔkwan a ɔfa so nya abrabɔ pa ho kyerɛwtohɔ. M’ani gye Bɔneka kɔ ho, sɛ mɛka me bɔne akyerɛ ɔsɔfo no, mɛma ɔde afiri me na manya anigye a ɛba wɔ ɛno akyi no.” Saa na Katolekni bi a ɔpɛ n’asɔre yiye kae.—Bless Me, Father, for I Have Sinned.
Sɛnea New Catholic Encyclopedia kyerɛ no, “ɔsɔfo no nkutoo na Kristo de tumi a wɔde kyekye” bɔne “na wɔsan, wɔde firi na wɔma ɛtra hɔ ama no.” Nhwehwɛmu nhoma koro yi ara ka sɛ daa bɔneka atirimpɔw ne sɛ wɔde “bɛma obi asan anya asetra kronn a bɔne a anibere wom ma ɔhwere no . . . na atew n’ahonim ho.” Nanso, ɔbra a wobu wɔ aman pii so no kyerɛ sɛ daa bɔneka mma nnipa pii a wɔde bɔne ayɛ wɔn su ‘nyi bɔne akwa, na wɔayɛ papa.’ (Dwom 34:14) Enti, so biribi atoto?
So Ɛyɛ Amanne bi Kɛkɛ?
Bɔneka betumi afi ase sɛ amanne bi kɛkɛ. Wɔ Ireland no, obi ka ne bɔne kyerɛ nea edi kan bere a aka bere tiaa bi ma wakɔ Awurade Adidi a edi kan no. So ɛyɛ nwonwa sɛ abeawa a wadi mfe ason bedwen ayeforo atade fɛfɛ ketewa a ɔbɛhyɛ no ho kɛse asen ‘asetra kronn a bɔne a anibere wom ma ɔhwere a ɔbɛsan anya no’?
Ramona a ɔkaa ne bɔne kyerɛe nea edi kan bere a na wadi mfe ason no gye tom sɛ: “Wɔ sika a menya afi m’abusuafo hɔ akyi no, ade a ɛmaa m’ani gyei kɛse ne atade no.” Ɔtoa so sɛ: “Na mmeawa a minim wɔn no nyinaa mu biara nni honhom mu nkate biara. Yɛn mu biara nni hɔ a na odwen Onyankopɔn ho mpo saa bere no.”
Nokwarem no, mmofra nkumaa a wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnkɔka wɔn bɔne nkyerɛ daa no betumi ama wɔaka nsɛm a wɔakyere agu wɔn tirim kɛkɛ. Michael a ofii bɔneka ase bere a na wadi mfe ason no ka sɛ: “Na miti asɛnkoro no ara mu ka kɛkɛ mpɛn pii.”
Nsɛm a Katolekfo binom aka a wɔafa aka asɛm wɔ Bless Me, Father, for I Have Sinned nhoma no mu no kyerɛ sɛ, honhom fam mfaso kakraa bi na bɔneka ma wonya, bere a wɔanyin akyi mpo no. Obi gye toom sɛ: “Bɔneka kyerɛ wo atorodi, efisɛ nneɛma bi wɔ hɔ a worentumi nka nkyerɛ ɔsɔfo no.” Wobetumi de asɔfo ntam abirabɔ adi dwuma de ahwehwɛ asotwe a ɛba fam a wɔde kyerɛ ahonu. Ebinom hwehwɛ bɔneka tiefo a “oye” na wɔanya afotu a wɔpɛ sɛ wɔte no. Ababaa bi se: “Bere a makyin asram abiɛsa akyi no, minyaa me bɔneka tiefo. Mikohu no ɔsram biara, anim ne anim wɔ mpatadan no mu, na oye sɛɛ.” Katolekni foforo bi se: “Sɛ w’ani atew a, wubenya ɔsɔfo a ɔnte Engiresi kasa gye nsɛmfua ‘Maria Kronkron abiɛsa nkutoo.’
Ɛnde, ɛda adi sɛ biribi atoto wɔ bɔne a nnipa binom ka kyerɛ no ho. Nanso Bible no kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ wɔka bɔne kyerɛ, efisɛ ɛka sɛ: “Ɛrensi obiara a ɔkata ne bɔne so no yiye, obiara a ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.”—Mmebusɛm 28:13, The New Jerusalem Bible.
So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni ka ne bɔne nyinaa kyerɛ? Sɛ saa a, hena na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ no? Asɛm a edi hɔ no bɛpɛɛpɛɛ nsemmisa yi mu.