Onyankopɔn Ahofadi Wiase Foforo No A Yɛbɛkamfo
“[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni bɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—ADIYISƐM 21:4.
1, 2. Hena nkutoo na obetumi de nokware ahofadi aba, na dɛn na yebetumi asua wɔ Ne ho afi Bible no mu?
ABAKƆSƐM akyerɛ nokwasɛm a odiyifo Yeremia nsɛm a ɔkae yi yɛ no sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Hena nkutoo na obetumi akyerɛ onipa anammɔn kwan sɛnea ɛfata? Yeremia kɔɔ so kae sɛ: “[Yehowa], teɛ me so.” (Yeremia 10:23, 24) Yiw, Yehowa nkutoo na obetumi de nokware ahofadi a wobenya afi adesamma abusua no ɔhaw ahorow mu no aba.
2 Sɛnea Yehowa tumi ma wɔn a wɔsom no nya ahofadi no ho nhwɛso pii wɔ Bible no mu. “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Wɔyɛɛ Yehowa atemmu a etia atoro som no nso ho kyerɛwtohɔ, na eyinom yɛ ‘kɔkɔbɔ ma yɛn a nneɛma nhyehyɛe yi awiei bere ato yɛn yi.’—1 Korintofo 10:11.
Ɔma ne Nkurɔfo De Wɔn Ho
3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ obetumi agye ne nkurɔfo a wɔwɔ Misraim no?
3 Onyankopɔn yɛɛ sɛnea otumi bu atoro som atɛn na ɔma wɔn a wɔyɛ n’apɛde de wɔn ho no ho nhwɛso bere a ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu no kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim no. Exodus 2:23-25 se: “Wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim. Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no.” Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn de ɔhaw ahorow du baa saa ɔman no so de daa sɛnea ɔkorɔn sen Misraim atoro anyame no adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Ɔmaa ɔhaw biara yɛɛ nea ebegu Misraim nyame bi anim ase, na akyerɛ sɛ wɔyɛ atorofo a wontumi mmoa Misrifo a wɔsom wɔn no. Onyankopɔn nam saa kwan yi so maa ne nkurɔfo dee wɔn ho na ɔsɛee Farao ne ne dɔm wɔ Po Kɔkɔɔ no mu.—Exodus, atiri 7 kosi 14.
4. Dɛn nti na na ɛnyɛ atɛnkyea sɛ Onyankopɔn buu atɛn tiaa Kanaanfo no?
4 Bere a Onyankopɔn de Israel kɔɔ Kanaan no, wɔsɛee ɛhɔfo a wɔsom adaemone no na wɔde asase no maa Onyankopɔn nkurɔfo. Sɛ Amansan Hene no, Yehowa wɔ hokwan sɛ ɔde atemmu ba ɔsom horow a wɔmfra no so. (Genesis 15:16) Na ɛdefa Kanaanfo ɔsom ho no, Halley Bible Handbook no se: “Na ɔbrasɛe a anohyeto nnim na ɛwɔ . . . Kanaanfo anyame no som mu; wɔn asɔredan ahorow no yɛ mmeae a wobu ɔbra bɔne. . . . Na Kanaanfo no som denam wɔn ho a wɔde hyɛ ɔbrasɛe a ɛtra so mu wɔ wɔn anyame no anim no so, sɛ ɔsom mu amanne; ne afei, denam wɔn mmakan a wokunkum wɔn de wɔn bɔɔ afɔre maa anyame koro yi ara no so. Ɛte sɛ nea akwan pii so no, Kanaan asase no nyinaa bɛyɛɛ sɛ Sodom ne Gomora bi.” Ɔde ka ho sɛ: “So na anibuei a efĩ ne atirimɔdensɛm a ɛyɛ abofono wom sɛɛ no wɔ hokwan sɛ ɛkɔ so tra hɔ anaa? . . . Ɛyɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma a wotutu Kanaanfo nkurow amamfo so no nwonwa sɛ Onyankopɔn ansɛe wɔn ntɛm ansen bere a ɔyɛɛ saa no.”
5. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Onyankopɔn maa ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete no dee wɔn ho no yɛ nhwɛso ma yɛn bere yi?
5 Saa kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Onyankopɔn yɛɛ ade tiaa atoro som, maa ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam nyaa ahofadi, na ɔmaa wɔn bɔhyɛ asase bi ho yi yɛ nneɛma a ɛrebɛba ho nhwɛso. Ɛtwe adwene si daakye a enni akyiri so, bere a Onyankopɔn bɛsɛe wiase yi atoro som ne wɔn akyidifo no pasaa na ɔde ne nnɛyi asomfo akɔ trenee wiase foforo bi mu no so.—Adiyisɛm 7:9, 10, 13, 14; 2 Petro 3:10-13.
Nokware Ahofadi wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu
6. Ahofadi a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn de bɛma wɔ wiase foforo no mu no bi ne nea ɛwɔ he?
6 Wɔ wiase foforo no mu no, Onyankopɔn de ahofadi a wabɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma adesamma abusua no afã horow a ɛyɛ anigye no nyinaa behyira ne nkurɔfo. Wobenya ahofadi afi amammuisɛm, sikasɛm, ne atoro som mu nhyɛso ahorow mu. Wobenya ahofadi afi bɔne ne owu mu, na nnipa anya anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so. “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29; Mateo 5:5.
7, 8. Dɛn na ɛbɛba bere a wɔsan nya akwahosan pa wɔ wiase foforo no mu no?
7 Sɛ saa wiase foforo no nya ba ara pɛ a, wɔbɛma emufo no anya akwahosan a edi mũ wɔ anwonwa kwan so. Hiob 33:25 se: “Ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.” Yesaia 35:5, 6 hyɛ bɔ sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”
8 Mo a onyin anaa akwahosan pa a munni ama moyare no, monnyɛ mfonini wɔ mo adwenem sɛ mowɔ wiase foforo no mu na anɔpa biara a mobɛsɔre no, mowɔ ahoɔden na mote apɔw. Mo honam a ani atwintwam no ani ayɛ torotoro—munhia srade a wɔde sra honam ani bio. Mo ani a ɛso ayɛ wisiwisi anaa enhu ade no hu ade yiye afei—munhia ahwehwɛaniwa bio. Afei de mo aso te asɛm yiye—montow saa afiri a wɔde tie asɛm no nkyene. Anan a abubu mu ayɛ den afei—montow saa mmaa, poma, ne mmubuafo nkongua no ngu. Ɔyare nni hɔ bio—tow saa nnuru no nyinaa gu. Enti, Yesaia 33:24 hyɛ nkɔm sɛ: “Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” Ɔka nso sɛ: “Ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.”—Yesaia 35:10.
9. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛma akodi agyae korakora?
9 Wɔremfa obiara mmɔ afɔre mma akodi bio. “[Onyankopɔn] ma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.” (Dwom 46:9) Onyankopɔn Ahenni no mu Sodifo, Kristo Yesu, a Yesaia 9:6 frɛ no “Asomdwoe Hene” no remma akode a wɔde di ako ho kwan da biara da. Nkyekyem 7 de ka ho sɛ: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”
10, 11. Dɛn na asomdwoe a edi mũ bɛkyerɛ ama asase no?
10 Hwɛ nhyira ara a ɛbɛyɛ ama adesamma, ne asase yi, sɛ akode befi hɔ! Mprempren mpo, akode a wɔde dii dwuma wɔ akodi ahorow a atwam mu no da so ara kunkum nnipa. Wɔ ɔman biako a ɛne France mu no, abenfo a wɔsɛe akode bɛboro 600 awuwu fi 1945 bere a wɔresɛe akodi ahorow a abɛsen mu atopae a ɛkae no. Ɛhɔnom adwumayɛfo a wɔsɛe atopae so panyin no kae sɛ: “Yɛda so ara hu aprɛm mmoba a wobetumi atow a ɛkae wɔ Fransefo ne Prusiafo akodi wɔ 1870 mu no bi. Atare pii wɔ hɔ a atopae a wɔde koo Wiase Ko I a awuduru wom no ayɛ mu ma. Ɛtaa ba sɛ okuafo bi a ɔte tractor so kɔfa ɔtopae a wɔde hyɛɛ fam wɔ Wiase Ko II mu no bi so, na poo, atow akum no. Nneɛma yi wɔ baabiara.” Mfe abien a atwam ni no, The New York Times kae sɛ: “Wɔ mfe 45 a atwam fi Wiase Ko II mu no, [wɔn a wɔsɛe atopae] ayi aprɛm mmoba ɔpepem 16, atopae 490,000 ne atopae a wɔde asie nsu ase 600,000 afi [Fransefo] asase mu. . . . Asase ahama ɔpepem pii da so ara wɔ hɔ a wɔagye ho ban, a akode pii hyehyɛ hɔnom dɔte no mu na kɔkɔbɔ a wɔakyerɛw sɛ: ‘Mfa Wo Ho Nka. Edi Awu!’ atwa ho nyinaa ahyia.”
11 Hwɛ sɛnea wiase foforo no bɛyɛ soronko! Obiara benya dan pa, aduan pii, ne adwuma a ɛyɛ anigye na asomdwoe wom a ɛne asase no nyinaa a wɔbɛdan no ayɛ no paradise no mu kyɛfa. (Dwom 72:16; Yesaia 25:6; 65:17-25) Ɛremma bio da sɛ wɔde atopae ɔpepem pii bɛsɛe nnipa ne asase no. Wiase foforo a ɛte sɛɛ na na ɛho asɛm wɔ Yesu adwenem bere a ɔka kyerɛɛ obi a ɔkyerɛɛ ne mu gyidi no sɛ: “Wobɛka me ho Paradise hɔ” no.—Luka 23:43.
Asase so Nyinaa Ɔkyerɛkyerɛ a Ɛbɛma Wɔanya Nkwagye
12, 13. Asase so nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma bɛn na Yesu ne Yesaia hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi so?
12 Sɛ obi sua Onyankopɔn wiase foforo no ho ade a, osua nso sɛ Yehowa ama wiase nyinaa asafo bi a wɔasiesie wɔn ama nokware som aba wɔ yɛn bere yi so. Ɛno na wɔde befi wiase foforo no ase, na Onyankopɔn de redi dwuma mprempren de nkyerɛkyerɛ a ɛfa n’atirimpɔw ahorow ho ama afoforo. Kristofo ahyehyɛde yi reyɛ asase so nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi a wonhuu ne yɛbea ne ne kɛse pɛn. Yesu ka siei sɛ wɔbɛyɛ eyi. Ɔkae sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.
13 Yesaia kaa asase so nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi ho asɛm sɛ: “Na nna a edi akyiri no mu [yɛn bere yi mu] no, [Yehowa] fi bepɔw [ne nokware som a wɔama so] no betim hɔ . . . na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”—Yesaia 2:2, 3.
14. Yɛbɛyɛ dɛn ahu Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ?
14 Enti, Onyankopɔn Ahenni no ho adansedi adwuma a wɔreyɛ no asase so nyinaa no yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ yɛabɛn nhyehyɛe bɔne yi awiei ne sɛ nokware ahofadi abɛn. Wɔka wɔn a wɔde Onyankopɔn wiase foforo no ho nkrasɛm a anidaso wom no kɔ nkurɔfo nkyɛn no ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 15:14 sɛ ‘ɔman a wɔapaw wɔn ama [Onyankopɔn] din.’ Henanom na Onyankopɔn din da wɔn so na wodi Yehowa ne n’Ahenni no ho adanse wɔ asase so nyinaa? Afeha 20 yi mu abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ bua sɛ: Yehowa Adansefo nkutoo. Ɛnnɛ wɔn dodow yɛ ɔpepem anan ne akyi na wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 66,000 mu wɔ wiase nyinaa.—Yesaia 43:10-12; Asomafo no Nnwuma 2:21.
15. Ɛdefa amammuisɛm ho no, yɛbɛyɛ dɛn ahu Onyankopɔn nokware asomfo?
15 Yehu adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo rema Ahenni asɛmpaka adwuma no ho nkɔmhyɛ ahorow no abam no wɔ Yesaia 2:4: “Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Enti ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ asase so nyinaa asɛmpaka adwuma a ɛfa Onyankopɔn Ahenni nniso ho no ‘sua akodi bio.’ Yesu kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ‘wiase no fã.’ (Yohane 17:16) Eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wonya afã biara wɔ amammuisɛm mu, na ɛnsɛ sɛ wogyina afã biara wɔ amanaman no ntawntawdi ne akodi ahorow no mu. Henanom na wɔnyɛ wiase no fã na wonsua akodi bio? Afeha 20 yi mu abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ di adanse bio sɛ: Yehowa Adansefo nkutoo na wɔyɛ saa.
16. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn asase so nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma no fefeefe dɛn?
16 Yehowa Adansefo asase so nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma no bɛkɔ so wɔ bere a Onyankopɔn de mprempren wiase bɔne yi aba awiei no akyi mpo. Yesaia 54:13, New World Translation, ka sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn.” Wɔbɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ yi fefeefe araa ma Yesaia 11:9, NW, hyɛ nkɔm sɛ: “Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” Ɛnyɛ wɔn a wobetwa wiase dedaw yi awiei, ne mmofra a ebia wɔbɛwo wɔn wɔ wiase foforo no ma no nko na wobehia sɛ wɔkɔ so kyerɛkyerɛ wɔn, na mmom nnipa ɔpepepem huhaa a wɔbɛsan aba nkwa mu wɔ owusɔre no mu no nso. Awiei koraa no, wɔbɛkyerɛ obiara a ɔte asase so no sɛnea ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ no bedi dwuma ɔkwan pa so ma ɛne Onyankopɔn mmara ahorow ahyia. Dɛn na ebefi mu aba? “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.
Ahofadi Akɛse Aba Mprempren Mpo
17. Dɛn na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete no sɛ wɔnyɛ?
17 Bere a na tete lsraelfo no rebɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Mose kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merekyerɛ mo ahyɛde ne atemmude, sɛnea [Yehowa] me Nyankopɔn hyɛɛ me no, sɛ monyɛ sa, asase a morekɔ so akɔfa no so. Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi! Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, yɛn frɛ a yɛfrɛ no nyinaa mu yi?”—Deuteronomium 4:5-7.
18. Ahofadi akɛse bɛn na Onyankopɔn asomfo nya mprempren mpo?
18 Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii a wɔsom Yehowa no nso rebɛhyɛn bɔhyɛ asase bi so—wiase foforo no. Esiane sɛ wodi Onyankopɔn mmara ahorow so nti, ɔbɛn wɔn na wɔda nsow wɔ nnipa afoforo nyinaa ho. Onyankopɔn ama wɔade wɔn ho afi atoro som nsusuwii ahorow, mmusua mu nyiyim, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, ɔmanpɛ, akodi, ne nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu no ho dedaw. Bio nso, waka wɔn abom wɔ amanaman ntam ɔdɔ onuayɛ bi a wontumi nsɛe no da mu. (Yohane 13:35) Nea ɛbɛba daakye no nhaw wɔn na mmom ‘wɔde koma pa to ahurusi dwom.’ (Yesaia 65:14) Ahofadi akɛse bɛn ara na wɔnam Onyankopɔn a wɔsom no sɛ Sodifo no so nya mprempren mpo yi!—Asomafo no Nnwuma 5:29, 32; 2 Korintofo 4:7; 1 Yohane 5:3.
Afoforo a Wɔma Wɔde Wɔn ho Fi Atoro Gyidi Horow Ho
19, 20. Ɔkwan bɛn so na Bible mu nkyerɛkyerɛ a ɛfa awufo tebea ho no ma nkurɔfo de wɔn ho?
19 Nnipa pii a Yehowa Adansefo ka asɛm kyerɛ wɔn no nso renya saa ahofadi ahorow yi. Sɛ nhwɛso no, wɔ nsase a wɔsom nananom a wɔawuwu wɔ hɔ no, Yehowa Adansefo rema afoforo ahu sɛ awufo nte ase wɔ baabiara na wontumi mpira ateasefo. Adansefo no twe adwene si Ɔsɛnkafo 9:5 so, faako a ese “ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara” no. Wɔdan adwene kɔ Dwom 146:4 nso so, nea ɛka sɛ bere a obi awu no, “ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera” no. Enti Bible no ma ɛda adi sɛ honhom a ɛyɛ ɔsaman anaa ɔkra a enwu da biara nni hɔ a ɛsa nyarewa anaa ehunahuna ateasefo. Enti, ɛho nhia sɛ wɔsɛe sika a wɔyɛɛ adwumaden de nyae no de tua adunsinfo anaasɛ akɔmfo na wɔayɛ amanne bi ama wɔn.
20 Bible mu nokware nimdeɛ a ɛte sɛɛ no ma nkurɔfo de wɔn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ a ɛne hellgya ne ahodwiragya no ho. Sɛ nkurɔfo sua Bible mu nokware a ɛne sɛ awufo nnim hwee, te sɛ nea wɔada hatee no a, wɔmma nea aba wɔn adɔfo a wɔawuwu so no nhaw wɔn bio. Mmom no, wɔhwɛ bere a ɛyɛ anigye a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm bere a ɔkaa nea edi so yi no kwan: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.
21. Henanom na akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛka wɔn a wobenyan wɔn no ho, na dɛn na ebia wɔbɛyɛ?
21 Wɔ owusɔre no mu no, awufo no bɛsan aba asase bi a ade ne ho afi owu a wonya fii Adam mu no ho koraa so. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔbɛka awufo a wobenyan wɔn no ho ne mmofra a wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Kanaanfo anyame te sɛ Molek, mmerante a wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Aztecfo anyame, ne nnipa ɔpepem pii a wɔde wɔn abɔ afɔre ama akodi nyame no. Hwɛ sɛnea wɔn a esiane atoro gyidi horow nti wokunkum wɔn no ho bedwiriw wɔn na wɔn ani agye! Afei saafo yi a wobenyan wɔn no betumi de anigye aka sɛ: “Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ?”—Hosea 13:14.
Hwehwɛ Yehowa Akyi Kwan
22. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu a, dɛn na ehia sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?
22 So wopɛ sɛ wotra Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu, faako a wobenya nokware ahofadi no? Sɛ saa a, ɛnde ma nsɛm a awɔ 2 Beresosɛm 15:2 yi ntra wo komam: “[Yehowa] ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.” Na ma ɛntra w’adwenem sɛ mmɔden a wode nokwaredi bɔ sɛ wubesua Onyankopɔn ho ade na woasɔ n’ani no nyɛ nea ɔrenhu. Hebrifo 11:6 se Onyankopɔn yɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” Na Romafo 10:11 se: “Obiara a ogye no di no ani renwu.”
23. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkamfo Onyankopɔn ahofadi wiase foforo no?
23 Onyankopɔn nokware ahofadi wiase foforo no abɛn pɛɛ. Ɛhɔ na “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam [ahofadi] mu.” Na “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” (Romafo 8:21; Adiyisɛm 21:4) Afei Yehowa asomfo nyinaa bɛma wɔn ti so na wɔde anigye akamfo Onyankopɔn ahofadi wiase foforo no bere a wɔteɛm ka sɛ, ‘Yehowa, yɛda wo ase, efisɛ yɛanya nokware ahofadi afei!’
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ obetumi ama ne nkurɔfo ade wɔn ho?
◻ Ahofadi a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛbɛba wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa rekyerɛkyerɛ nkurɔfo ama nkwagye?
◻ Ahofadi ahorow bɛn na Yehowa nkurɔfo nam som a wɔsom no so nya mprempren mpo?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Yehowa kyerɛɛ sɛnea ɔkorɔn sen Misrifo atoro anyame no, na ɔmaa n’asomfo nyaa ahofadi
[Mfonini wɔ kratafa 12, 13]
Ɛnnɛ, asase so nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma a Onyankopɔn nokware asomfo de wɔn ho hyem ne ne din a ɛda wɔn so no na ɛma wohu wɔn