So Onipa “Wiase Nhyehyɛe Foforo” No Abɛn?
1. Ɔkwan bɛn so na wɔada amammui mu ahofadi pii ho akɔnnɔ adi wɔ nnansa yi mfe mu?
ƐNNƐ, nnipa ɔpepem pii yɛ atoro som nkoa, na pii pɛ sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ saa. Bere koro no ara mu no, nnipa pii se wɔmma wɔn amammui mu ahofadi ahorow. Nsɛm a ɛda nsow a asisi mfe kakraa a atwam ni wɔ Europa Apuei Fam ne mmeae afoforo no akyerɛ sɛ nnipa pɛ nniso horow a ɛma ahofadi pii. Eyi nti, nnipa pii reka sɛ ahofadi bere foforo bi abɛn. United States ɔmampanyin frɛɛ no “wiase nhyehyɛe foforo bi.” Nokwarem no, na wiase akannifo a wɔwɔ baabiara reka sɛ Ɔko Nwininwini no ne akodeyɛ ho akansi no aba awiei na adesamma ahyɛn asomdwoe bere foforo bi mu.—Fa toto 1 Tesalonikafo 5:3 ho.
2, 3. Tebea horow bɛn na ɛmma nokware ahofadi mma?
2 Nanso, sɛ nnipa mmɔdenbɔ tumi ma wɔtew akode a wɔyɛ so na wonya nniso horow a ɛma ahofadi pii mpo a, so nokware ahofadi bɛba ankasa? Dabi, esiane ɔhaw ahorow a ɛhaw adwene a ɛwɔ amanaman nyinaa, a demokrase aman a emu ahiafo dodow rekɔ soro na ɔpepem pii brɛ ansa na wɔanya sika kakraa a wobedi ka ho no mu nti. Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi se nkɔso a aba nyansahu ne aduruyɛ mu nyinaa akyi no, aduan pa a wonnya nni anaa nyarewa a wobetumi asiw ano kunkum mmofra 40,000 da biara wɔ wiase nyinaa. Ɔhaw yi ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Ohia reyɛ nea ɛde adesamma daakye bɛto asiane mu ankasa.”
3 Bio nso, nnipa a wodi wɔn nsɛmmɔne a emu kɔ so yɛ den bere nyinaa dodow rekɔ soro asen bere biara. Mmusua, amammui, ne nyamesom mu nitan ahorow repaapae aman ahorow mu. Wɔ mmeae bi no, tebea no reyɛ asɛ bere bi a ɛbɛba daakye a wɔaka ho asɛm wɔ Sakaria 14:13 no, bere a nnipa bɛyɛ “basaa na ehu aka wɔn araa ma obiara beso ne yɔnko mu na watow ahyɛ no so” no. (Today’s English Version) Nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne nyarewa a wonya fi ɔbea ne ɔbarima nna mu abu so. Nnipa ɔpepem pii anya AIDS; wɔ United States nkutoo no, akunkum nnipa bɛboro 120,000 dedaw.
Bɔne ne Owu Nkoasom
4, 5. Ahofadi ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa akyi no, nkoasom bɛn mu na obiara wɔ?
4 Nanso, sɛ saa tebea bɔne no mu biara nni hɔ koraa mpo a, nokware ahofadi bɛbɔ nnipa ara. Yɛn nyinaa bɛkɔ so ayɛ nkoa. Dɛn nti na eyi te saa? Mfatoho bi ni: Sɛ sodifo kankabi bi yɛ obiara a ɔwɔ asase so akoa na okunkum wɔn nyinaa a, dɛn na ɛbɛba? Eyi ne nea ɛtoo adesamma bere a yɛn awofo a wodi kan no tew Onyankopɔn so atua na wɔbɛyɛɛ nkoa maa Ɔbonsam nhyɛso nniso no.—2 Korintofo 4:4.
5 Bere a Onyankopɔn bɔɔ adesamma no, na n’atirimpɔw ne sɛ wɔbɛtra asase so daa wɔ pɛyɛ mu, wɔ paradise, sɛnea Genesis atiri 1 ne 2 kyerɛ no. Nanso esiane yɛn nena Adam atua a ɔtew tiaa Onyankopɔn no nti, yɛn nyinaa wɔ owu afobu ase fi bere a wonyinsɛn yɛn pɛɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako [Adam, adesamma abusua ti] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” Sɛnea Bible no ka no, “owu dii hene.” (Romafo 5:12, 14) Enti ɛmfa ho sɛ ahofadi ahe na ebia yɛwɔ sɛ ankorankoro no, yɛn nyinaa yɛ bɔne ne owu nkoa.
6. Dɛn nti na nkɔso ahe biara mmaa faako a onipa betumi ahwɛ kwan sɛ obenyin akodu no mu fi bere a wɔkyerɛw Dwom 90:10 no?
6 Bio nso, nkwa a yɛwɔ mprempren no sua koraa. Wɔn a wɔanya no yiye no mpo fam no, ɛyɛ mfe du du kakraa bi pɛ. Wɔn a wɔannya no yiye no fam no, ɛyɛ mfe kakraa bi pɛ, anaa nea ennu saa. Na nhwehwɛmu foforo bi kyerɛ sɛ: “Nyansahu ne aduruyɛ ama onipa nyin du faako a obetumi ahwɛ kwan sɛ obenyin akodu no.” Eyi te saa efisɛ Adam bɔne no nti, sintɔ ne owu abɛhyɛ yɛn awosu mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ bere a yɛatra ase adi mfe 70 anaa 80, a ɛsɛ sɛ yehu nyansa na yetumi nya asetra mu anigye pii no, yɛn nipadua no gurow na awiei no yɛdan dɔte!—Dwom 90:10.
7. Dɛn nti na nnipa rentumi mfa nokware ahofadi ahorow a yɛpɛ na yehia no mma da?
7 Onipa nniso bɛn na ebetumi asiw saa bɔne ne owu nkoasom yi ano? Biako mpo nni hɔ. Aban mpanyimfo, nyansahufo, anaa aduruyɛfo biara nni baabiara a wobetumi ama yɛade yɛn ho afi nyarewa, onyin, ne owu nnome ho, na saa ara na wɔn mu biara rentumi nyi ehu, atɛnkyea, nsɛmmɔnedi, ɔkɔm, ne ohia mfi hɔ. (Dwom 89:48) Ɛmfa ho sɛ adwempa bɛn ara na nnipa kura no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔde nokware ahofadi ahorow a yɛpɛ na yehia no bɛba.—Dwom 146:3.
Wɔde Hokwan a Wɔde Paw Nea Wɔpɛ Di Dwuma Ɔkwammɔne So
8, 9. Dɛn na ɛde adesamma kɔɔ wɔn mprempren tebea a ɛyɛ awerɛhow no mu?
8 Adesamma abusua no aba tebea a ɛyɛ awerɛhow yi mu efisɛ Adam ne Hawa de hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no dii dwuma ɔkwammɔne so. Petro nhoma a edi kan 2:16 kenkan wɔ The Jerusalem Bible mu sɛ: “Monyɛ mo ade sɛ wɔn a wɔde wɔn ho, na ɛnsɛ sɛ mode mo ahofadi no yɛ anoyi ma amumɔyɛ da.” Enti, ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn ammɔ ne tirim sɛ onipa ahofadi nyɛ nea anohyeto nnim. Na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ anohyeto a Onyankopɔn mmara ahorow a ɛteɛ na ɛho bɛba obiara mfaso no de ato hɔ no mu. Na saa anohyeto ahorow no mu trɛw sɛnea ɛfata ma obi atumi anya ahofadi pii a ɔde bɛpaw nea ɔpɛ wom, sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn nniso anyɛ nea nhyɛso wom da.—Deuteronomium 32:4.
9 Nanso, yɛn awofo a wodi kan no paw sɛ wɔn ankasa besi nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinae ama wɔn ho. Esiane sɛ wɔboapa fii Onyankopɔn nniso ase nti, oyii mmoa a ɔde ma wɔn no fii wɔn so. (Genesis 3:17-19) Enti wɔtɔɔ sin, na nea efii mu bae ne ɔyare ne owu. Sɛ anka adesamma benya ahofadi mmom no, wɔbaa bɔne ne owu nkoasom mu. Afei nso wɔbɛhyɛɛ nnipa sodifo a wɔtɔ sin na wɔtaa yɛ atirimɔdenfo apɛde ase.—Deuteronomium 32:5.
10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa fi ɔdɔ mu adi nsɛm ho dwuma?
10 Onyankopɔn ama adesamma kwan sɛ wɔnsɔ nea wose ɛyɛ ahofadi koraa yi nhwɛ wɔ bere bi a wato ano hye mu nkutoo. Na onim sɛ nea ebefi mu aba no bɛkyerɛ pefee sɛ onipa nniso a Onyankopɔn ho nnim no rentumi nyɛ yiye. Esiane sɛ hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ a wɔde bedi dwuma yiye no yɛ ademude kɛse nti, Onyankopɔn fi ɔdɔ mu maa nea aba yi ho kwan bere tiaa bi sen sɛ obegye akyɛde a ɛne hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ no afi yɛn nsam.
‘Onipa Ntumi Ntutu N’anammɔn’
11. Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm akyerɛ sɛ Bible no yɛ nokware?
11 Abakɔsɛm akyerɛ nokwasɛm a Yeremia ti 10, nkyekyem 23 ne 24, a ɛka nea edi hɔ yi yɛ no: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. [Yehowa], teɛ me so.” Abakɔsɛm akyerɛ nokwasɛm a Ɔsɛnkafo 8:9 nso yɛ, nea ese: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” Hwɛ nokware a eyi yɛ! Adesamma abusua no ahyia ɔhaw atoatoa so, na obiara kowie ɔdamoa mu. Ɔsomafo Paulo kaa tebea no ho asɛm pɛpɛɛpɛ bere a ɔkaa asɛm a ɛwɔ Romafo 8:22 no sɛ: “Yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” Yiw, yɛn ho a yɛade afi Onyankopɔn mmara ahorow ho no de ɔhaw pii aba.
12. Dɛn na wiasefo bi ka wɔ ahofadi koraa ho?
12 Nhoma Inquisition and Liberty kaa ahofadi ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Ahofadi nkutoo nyɛ suban pa ankasa: ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ obi de hoahoa ne ho bere a wɔnkyerɛkyerɛ mu yiye. Nokwarem no ebetumi ayɛ pɛsɛmenkominya a ennye koraa no bi. . .Onipa nyɛ, na ɛrenyɛ nea ntease wom mpo sɛ ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ abɔde a ɔde ne ho koraa.” Na Engiresini Prince Philip kae bere bi sɛ: “Ebia ahofadi a obi de bɛyɛ nea ɔte nka sɛ ɔnyɛ biara no bɛyɛ akɔnnɔ, nanso osuahu kyerɛ yɛn mpɛn pii sɛ ahofadi a ahohyɛso nka ho . . . ne ade a wonsusuw afoforo ho na wɔyɛ no yɛ ɔkwan koro a wɔnam so sɛe ɔman bi mufo asetra, a sɛnea wɔanya wɔn ho no mfa ho.”
Hena na Onim Nea Eye Sen Biara
13, 14. Hena nkutoo na obetumi ama adesamma abusua no anya nokware ahofadi?
13 Hena na onim sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe wɔ fie sen biara—awofo a wɔwɔ ɔdɔ, wɔfata, na wɔwɔ osuahu anaa mmofra nkumaa? Mmuae no da adi pefee. Saa ara na adesamma Bɔfo, yɛn soro Agya no, nim nea eye ma yɛn sen biara. Onim sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ adesamma abusua no ho nhyehyɛe na wodi wɔn so. Onim sɛnea ɛsɛ sɛ wodi hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ ho dwuma na ama obiara anya nokware ahofadi mu mfaso horow no bi. Ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, nkutoo na onim sɛnea obeyi adesamma abusua no afi nkoasom a wɔwom no mu na wama obiara anya nokware ahofadi.—Yesaia 48:17-19.
14 Yehowa de bɔhyɛ a ɛhyɛ nkuran yi ma wɔ n’Asɛm mu wɔ Romafo 8:21 sɛ: “Abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam [ahofadi] mu.” Yiw, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma adesamma abusua no ade wɔn ho koraa afi wɔn mprempren tebea a ɛyɛ awerɛhow no mu. Asɛm a edi hɔ no bɛka ɔkwan a wɔnam so bɛyɛ eyi no ho asɛm.
Wubebua Dɛn?
(Nkratafa 3 kosi 8 mu ntimu)
◻ Dɛn nti na ahofadi ho hia adesamma saa?
◻ Akwan bɛn so na nnipa ayɛ nkoa wɔ abakɔsɛm mu nyinaa?
◻ Dɛn nti na Yehowa ama kwan ma wɔde hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ adi dwuma ɔkwammɔne so bere tenten saa?
◻ Hena nkutoo na obetumi ama adesamma nyinaa anya nokware ahofadi, na dɛn ntia?
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Faako a onipa nyin kodu no te sɛnea wɔkaa ho asɛm mfe 3,500 a atwam ni wɔ Dwom 90:10 no ara pɛ
[Mfonini Fibea]
Courtesy of The British Museum