Nokware Ahofadi—Ɛhe Na Efi Ba?
“Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. [Yehowa], teɛ me so.”—YEREMIA 10:23, 24.
1, 2. Nnipa dodow no ara bu ahofadi dɛn, nanso dɛn bio na ehia sɛ yesusuw ho?
AKYINNYE biara nni ho sɛ w’ani sɔ nokware ahofadi. Wopɛ ahofadi a wode bɛda wo nsusuwii ahorow adi, ahofadi a wode besi faako a wobɛtra ne sɛnea wobɛtra ase ho gyinae. Wopɛ sɛ wopaw adwuma a woyɛ, wopaw wo nnuan, nnwom, nnamfo. Wowɔ nneɛma pii a wopɛ ne nea wompɛ, akɛse ne nketewaa nyinaa. Onipa a n’adwenem da hɔ biara mpɛ sɛ ɔyɛ akoa ma atumfo a wɔyɛ kankabi, a hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no sua anaa onni bi koraa.
2 Nanso, so wompɛ wiase bi a wo ne afoforo nyinaa benya nokware ahofadi mu mfaso? So wompɛ wiase bi a wɔbɛbɔ ahofadi ho ban wom sɛnea ɛbɛyɛ na obiara atumi anya asetra a edi mũ? Na sɛ ebetumi ayɛ yiye a, so wompɛ wiase bi a ehu, nsɛmmɔnedi, ɔkɔm, ohia, efĩ, nyarewa, ne ɔko nnim koraa anaa? Nokwarem no, nnipa kɔn dɔ ahofadi ahorow a ɛte sɛɛ no yiye.
3. Dɛn nti na ahofadi som bo ma yɛn?
3 Dɛn nti na ahofadi ho hia yɛn nnipa saa? Bible no se: “Na nea [Yehowa] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Enti Yehowa ne ahofadi Nyankopɔn no. Na esiane sɛ ɔbɔɔ yɛn wɔ ne ‘suban ne ne sɛso’ so nti, ɔmaa yɛn hokwan a yɛde bɛpaw nea yɛpɛ na yɛatumi anya ahofadi ho anisɔ ne mu mfaso.—Genesis 1:26.
Wɔde Ahofadi Adi Dwuma Ɔkwammɔne So
4, 5. Ɔkwan bɛn so na wɔde ahofadi adi dwuma ɔkwammɔne so wɔ abakɔsɛm mu nyinaa?
4 Abakɔsɛm mu nyinaa no, wɔayɛ nnipa ɔpepem pii nkoa, wɔayɛ wɔn ayayade, anaa wɔakunkum wɔn esiane sɛ afoforo de hokwan a wɔde paw nea wɔpɛ no dii dwuma ɔkwammɔne so nti. Bible no bɔ amanneɛ sɛ bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no, ‘Misrifo de anyadimɔ yayaw dii Israelfo, na wɔmaa wɔn asetra fonoo wɔn wɔ nyadi yayaw a wɔde dii wɔn mu.’ (Exodus 1:13, 14) The Encyclopedia Americana se afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, na nnipa a wɔwɔ Atene ne Helafo nkurow afoforo abien mu baanum biara mu baanan yɛ nkoa. Nhoma yi ka nso sɛ: “Wɔ Roma no, na mfiase no akoa nni hokwan biara. Wobetumi akum no wɔ bɔne ketewaa bi ho.” Compton’s Encyclopedia ka sɛ: “Wɔ Roma no, na nkoa adwumayɛ ne ɔman no nnyinaso. . . . Na nkoa taa yɛ adwuma wɔ mfuw mu a wɔagu wɔn kɔnsɔnkɔnsɔn. Edu anadwo a, wɔkyekyere wɔn bom na wɔto wɔn mu hyɛ afiase adan akɛse a ne fã wɔ asase mu mu.” Esiane sɛ na nkoa pii yɛ wɔn a anka wɔde wɔn ho nti, susuw sɛnea wɔn asetra a asɛe no bɛyɛ yaw afa no ho!
5 Kristoman de ne ho hyɛɛ nkoa ho aguadi a nhyɛso wom mu mfeha pii. The World Book Encyclopedia no se: “Efi 1500 kosi 1800 mfe no mu no, Europafo de Afrika abibifo nkoa bɛyɛ ɔpepem 10 faa po so kɔɔ Atɔe Fam Aman so.” Wɔ afeha 20 yi mu no, wɔmaa nnommum ɔpepem pii yɛɛ adwuma kosii sɛ wowuwui anaa wokum wɔn wɔ Nasifo adwumayɛ aban mu sɛ aban no ahyɛde. Yehowa Adansefo pii a wɔde wɔn too afiase esiane pow a wɔpowee sɛ wɔbɛboa Nasifo awudi nniso no nti no ka wɔn a wɔn ho kaa mu yi ho.
Atoro Som Nkoasom
6. Ɔkwan bɛn so na atoro som de nnipa yɛɛ nkoa wɔ tete Kanaan?
6 Nkoasom a efi atoro som akyidi mu ba no nso wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔde mmofra bɔɔ afɔre maa Molek wɔ tete Kanaan. Wɔka sɛ na fononoo bi a ogya dɛw wom wɔ atoro nyame yi honi kɛse bi mu. Wɔtow mmofra animono gu ohoni no nsa a wɔateɛm no mu na wɔfa mu kɔtɔ ogya a ɛwɔ asehɔ no mu. lsraelfo binom mpo de wɔn ho hyɛɛ atoro som yi mu. Onyankopɔn se wɔmaa ‘wɔn mmabanin ne mmabea faa ogya mu maa Molek, ade a Wanhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ, na saara nso na amma Ne komam sɛ ɔbɛyɛ akyide a ɛte saa.’ (Yeremia 32:35) Mfaso bɛn na Molek de maa n’asomfo? Saa Kanaan aman no ne Moleksom no wɔ he nnɛ? Wɔn nyinaa ayera. Na ɛno yɛ atoro som, ɔsom a egyina atoro so, ɛnyɛ nokware so.—Yesaia 60:12.
7. Nneyɛe a ɛyɛ hu bɛn na na ɛwɔ Aztecfo nyamesom mu?
7 Wɔ Amerika Mfinimfini wɔ mfehaha pii a atwam no mu no, Aztecfo yɛɛ atoro som nkoa. Na ankorankoro biara wɔ anyame, wɔsom adebɔ mu tumi ahorow sɛ anyame, na da biara da asetra mu dwumadi ahorow biara wɔ ne nyame, afifide wɔ wɔn anyame, ahodɔmdi mpo wɔ ne nyame. Nhoma The Ancient Sun Kingdoms of the Americas no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔhyehyɛɛ Mexicofo Aztecfo nniso no fi soro besi fam wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔatumi anya nnipa koma bebree sɛnea wobetumi na wɔde ama tumi horow a aniwa nhu wɔn no de apata wɔn. Na mogya na anyame no nom. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nneduafo a wɔfata ma wɔakunkum wɔn de wɔn abɔ afɔre ama anyame no, na wodi ako nketenkete daa.” Bere a wobuee pyramid asɔredan kɛse bi ano wɔ afe 1486 mu no, wɔde nneduafo a wobekunkum wɔn no “saa so a wɔretwɛn ma wɔabaabae wɔn nsa ne wɔn anan mu de wɔn agu ɔbo a wɔbɔ so afɔre no so. Wɔtew wɔn koma, ma so kyerɛ owia bere tiaa bi” de pata owia nyame no. The World Book Encyclopedia no se: “Ɛtɔ mmere bi a, asɔrefo no we nea wɔakum no no nam no bi.” Nanso saa nneyɛe no annye Aztec Ahemman no anaa n’atoro som no.
8. Dɛn na obi a ɔde ahɔho rekyin kae wɔ nnɛyi nnipakum a ɛsen nea Aztecfo no yɛe no koraa no ho?
8 Bere bi, ahɔho kɔsraa tete nneɛma akorae bi mu, faako a na wɔayɛ Aztec asɔfo a wɔretew aberante bi koma mfonini ahyɛ adaka bi mu no. Bere a nea ɔde ahɔho no rekyin no kyerɛkyerɛɛ mfonini no mu no, ahɔho no bi de ahodwiriw taa wɔn anom. Afei, nea ɔde ahɔho no rekyin no kae sɛ: “Mahu sɛ mmerante a Aztecfo de wɔn bɔɔ afɔre maa abosonsomfo anyame no ahaw mo. Nanso, afeha 20 yi mu no, wɔde mmerante ɔpepem pii abɔ afɔre ama akodi nyame. So ɛno de eye anaa?” Ɛyɛ ampa sɛ wɔ ɔko mu no, aman nyinaa mu nyamesom akannifo bɔ nkonimdi ho mpae na wohyira asraafo dɔm ahorow no, ɛwom mpo sɛ mpɛn pii no, ɔsom koro no ara mu nnipa na wɔwɔ afanu a wɔrekunkum wɔn ho wɔn ho no.—1 Yohane 3:10-12, 4:8, 20, 21; 5:3.
9. Adeyɛ bɛn na ekunkum mmofra pii sen ebiara wɔ abakɔsɛm mu?
9 Nkokoaa a wonnya nwoo wɔn a wokunkum wɔn wɔ yafunu a wotu gu mu, bɛyɛ ɔpepem 40 anaa 50 afe biara wɔ wiase nyinaa no, boro mmofra a wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Molek, maa Aztecfo anyame, anaa ɔko no so. Dodow a wotuu wɔn gui wɔ mfe abiɛsa pɛ a atwam no mu no dɔɔso koraa sen nnipa ɔpepehaha a wɔakunkum wɔn wɔ afeha yi mu ɔko ahorow no nyinaa mu. Afe biara, wotu nkokoaa a wɔwɔ yafunu mu a wɔdɔɔso bebree sen nnipa a wodii wɔn awu wɔ Nasifo mfe 12 tumidi ase no nyinaa gu. Nnansa yi mfe du du mu no, wɔatu nkokoaa a wɔwɔ yafunu mu a wɔdɔɔso sen nnipa dodow a wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Molek ne Aztecfo anyame no mpɛn mpempem pii agu. Nanso wɔn a wotu wɔn ankasa yafunu gu anaasɛ wɔn a wotu afoforo yafunu gu ma wɔn no pii (sɛ ɛnyɛ wɔn mu dodow no ara a), ka sɛ wɔyɛ anyamesomfo.
10. Ɔkwan foforo bɛn so na nnipa ayɛ nkoa ama atoro som?
10 Atoro som de nkurɔfo yɛ nkoa akwan afoforo so nso. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii gye di sɛ awufo te ase wɔ ahonhom wiase mu. Nea afi atoro gyidi a ɛte sɛɛ no mu aba no biako ne suro a wosuro nananom a wɔawuwu ne som a wɔsom wɔn sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nea wosusuw sɛ ɛyɛ mfaso horow afi wɔn hɔ. Eyi ma nkurɔfo dan nkoa ma adunsinfo, akɔmfo, ne asɔfo a wɔfrɛ wɔn sɛ, sɛnea wosusuw no, wɔmmɛboa ateasefo ma wɔmpata awufo no. Yebetumi abisa asɛm yi ma afata sɛ, So ɔkwan bi wɔ hɔ a wobetumi afa so afi nkoasom a ɛte sɛɛ mu anaa?—Deuteronomium 18:10-12; Ɔsɛnkafo 9:5, 10.
[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]
Ebinom da hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no adi dwuma ɔkwammɔne so de ayɛ afoforo nkoa wɔ abakɔsɛm mu nyinaa