Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Greenland Mmeae a Atew Ne Ho
YEHOWA ADANSEFO de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no adi dwuma wɔ asɛmpa no ka mu mfe du du pii. Saa nsɛmma nhoma yi kamfo Yehowa nyansa sɛnea wɔada no adi wɔ n’Asɛm, Bible mu no. Ɛhwɛ nsɛm a esisi wɔ wiase mu a ɛfa Bible nkɔmhyɛ ho, na ɛde Bible mu afotu pa di yɛn bere yi mu haw ahorow ho dwuma.—Yakobo 3:17.
Wɔ 1994 mu no, Adansefo a wɔwɔ Greenland bɔɔ mmɔden yiye sɛ wɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛma nnipa dodow biara a wobetumi. Wɔ ahohuru bere no mu no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ Greenland nkuraa a atew ne ho no mu dodow bi ase. Ahenni adawurubɔfo kuw bi de hyɛmma tuu kwan bɛboro kilomita 4,000 kɔɔ Qaanaaq (Thule) atɔe fam mpoano, na woduu asase no so nkuraa a ɛwɔ kusuu fam pɛɛ no bi ase. Wɔn akwantu no dii adapɛn ason. Wɔ apuei fam mpoano no, Adansefo awarefo bi kɔɔ akuraa a ɛwɔ Ittoqqortoormiit no ase, na bere a edi kan no, wɔkaa asɛmpa no nkakrankakra wɔ hɔ nyinaa.
Saa afe no mfiase, wɔ April ɔsram no mu no, wɔmaa Greenlandfo no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! 7,513. Ɛno kyerɛ sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ahenni adawurubɔfo 127 no mu biara maa nsɛmma nhoma 59—ɛhɔfo 7 biara nyaa nsɛmma nhoma 1. Saa ɔsram no, Nyan! kaa nsɛm ahorow wɔ anim asɛm a ɛne “Nufu mu kokoram—Ade a Ɔbea Biara Suro” no mu. Ɔdansefo bi a ɔmaa nsɛmma nhoma 140 gyaw saa Nyan! no bi maa television so sɛnkyerɛwfo bi. Nnaanu akyi no, television so nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadi bi de asɛm a ɛfa nufu mu kokoram ho no dii dwuma. Sɛnkyerɛwfo no de nsɛmma nhoma no kyerɛe wɔ television no so, na ɔde nkratafa pii kyerɛe bere a ɔkamfoo bo a Greenlandfo nkyerɛase no som no. Osii nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a Nyan! no de mae nso so dua sɛ ɛyɛ akwahosan sohwɛ a esiw ɔyare ano.
Wobisabisaa Ɔdansefo a ɔde nsɛmma nhoma no maa sɛnkyerɛwfo no ankasa nsɛm wɔ saa TV so dwumadi koro no ara mu. Obuaa Yehowa Adansefo ho nsemmisa pii na ɔkaa nsɛmma nhoma a wɔde ama pii wɔ saa ɔsram no mu ho asɛm. Ɔsan kaa nyansa a mfaso wɔ so a wohu wɔ Bible mu no ho asɛm na ɔdaa no adi sɛ afotu pa a ɛte saa no betumi aboa yɛn ma yɛagyina nnɛyi haw ahorow ano.
Wobisabisaa Greenlandfo Kokoram Fekuw no titrani no nsɛm de wiee dwumadi no. Ɔkae sɛ onhuu asɛm a eye na ɛma wonya nimdeɛ a ɛte saa wɔ ne kasa mu a ɛfa asɛm yi ho pɛn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔn ani gye nufu mu kokoram ho asɛm no ho nyinaa sɛ wɔnkenkan Nyan! no mu nsɛm no. Ɔkae sɛ ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ Yehowa Adansefo ho anisɔ wɔ ade a wofii wɔn pɛ mu yɛe no ho.
Te sɛ nea wɔyɛ wɔ Greenland no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa kɔ so ka asɛmpa no “wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23; Asomafo no Nnwuma 1:8) Ɛdenam Bible nhoma a wɔde di dwuma, a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ka ho so no, wɔboa nnipa ahorow nyinaa ma wogyina nnɛyi haw ahorow ano na wɔma wonya daakye pa bi ho anidaso.
[Asase mfonini wɔ kratafa 8]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Qaanaaq (Thule)
Ittoqqortoormiit
Nuuk (Godthåb)