Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/15 kr. 2-4
  • Wogye Wɔn Wɔ Asiane Ahorow Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wogye Wɔn Wɔ Asiane Ahorow Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Egye Ntɛmpɛ
  • Fa Nkwa!
  • Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Asiane—So Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Onyankopɔn Kɔkɔbɔ No A Wɔde Bɛma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/15 kr. 2-4

Wogye Wɔn Wɔ Asiane Ahorow Mu

AGUADIDAN bi a ɛtoa so anum wɔ Seoul, Korea, no bubui mpofirim ma nnipa ɔhaha pii kaa mu! Adwumayɛfo a wogye nkurɔfo fi asiane mu yɛɛ adwuma da biara na wɔde agye nnipa nkwa sɛnea wobetumi. Bere a ade kye na ade sã no, na anidaso biara a na wɔwɔ sɛ wobehu afoforo a wonwui wɔ kɔnkrit ne nnade a ahɔre siw no mu no so afi ase retew.

Bere a anidaso nyinaa sae no, anwonwasɛm bi sii. Wɔtee awerɛhow su nketenkete bi fii mmubui no mu. Adwumayɛfo no de wɔn nsa nkutoo funuu dɔte no mu kitikiti na ama wɔatumi ayi ɔbea bi a wadi mfe 19 a na mmubui no akata ne so nnafua 16 no. Ná afiri bi a wɔde foro abansoro a atew abɛhwe fam mu ade bi akata ne so ma enti kɔnkrit tɔn pii a na abubu no angu ne so. Ɛwom sɛ na ne ho nsu atwe na ne ho atwitwa paa de, nanso na onwui!

Nnansa yi, ɔsram biako mpo ntwam a wɔnte asiane bi ho amanneɛbɔ, sɛ ebia ɛyɛ asasewosow, ahum a ano yɛ den, ogya bepɔw a ɛpae, akwanhyia, anaa ɔkɔm. Na nsɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛfa wɔn a wogye wɔn ne wɔn a wonya wɔn ti didi mu ho no ma ɔpepem pii a wotie nsɛm ho amanneɛbɔ no ho dwiriw wɔn. Nanso, wɔabu ani agu asiane bi a ɛreba so koraa—nea ɛkyɛn foforo biara a asi wɔ adesamma abakɔsɛm mu—ho kɔkɔbɔ. (Mateo 24:21) Bible no de asɛm yi kyerɛkyerɛ nea ɛreba no mu sɛ: “Hwɛ! asiane fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛse retu afi asase anoano. Na da no na Yehowa bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei. Wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn. Wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.”—Yeremia 25:32, 33, NW.

Akomatusɛm bɛn ara ni! Esiane sɛ eyi nte sɛ asiane ne akwanhyia a esisi no nti, ɛbeyiyi nnipa a ebekunkum wɔn no mu. Nokwarem no—wo—wubetumi anya nkwa!

Bere a Egye Ntɛmpɛ

Sɛ obi bɛte nokwasɛm yi ase awie koraa a, ɛsɛ sɛ odi kan hu nea enti a asiane yi bɛba wiase nyinaa no. Nokwarem no, ɛno nkutoo ne adesamma haw ahorow ano aduru ankasa. Nnipa kakraa bi na wɔwɔ ahotɔ ne ahobammɔ nnɛ. Nea nyansahu ayɛ nyinaa akyi no, nsanyare kɔ so tɔre nnipa a wɔwɔ asase so no ase. Akodi ahorow a ɔsom, mmusua ne amammui mu mpaapaemu ma ɛba no kunkum mpempem bebree. Ɔkɔm ma mmarima, mmea, ne mmofra a wɔn ho nni asɛm hu amane bebree. Ɔbrasɛe resɛe adesamma abusua no fapem ankasa; mmofra mpo aporɔw.

Bible nkɔmhyɛ bi a wɔkyerɛwee mfe 1,900 a atwam ni no ka yɛn tebea no ho asɛm pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa. Ɛka sɛ: “Na hu eyi sɛ nna a edi akyiri no mmere a asiane ayɛ mu ma bɛba.”—2 Timoteo 3:1, The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips yɛe; fa toto Mateo 24:3-22 ho.

Ntease wom ma wo sɛ ɔdɔ Nyankopɔn bi bebu n’ani agu yɛn tebea so? Bible no ka sɛ: “Ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde asase sii hɔ; . . . wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Yiw, sɛ anka Onyankopɔn bɛma kwan ma wɔasɛe okyinnsoromma fɛfɛ yi ne nea ɛwɔ so nyinaa no, ɔde ne ho begye asɛm no mu. Asɛmmisa no ne sɛ, Ɔbɛyɛ no dɛn?

Fa Nkwa!

Bible no ma mmuae wɔ Dwom 92:7 sɛ: “Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.” Ɔhaw ahorow a ɛwɔ asase so no ano aduru a Onyankopɔn de bɛma ne sɛ obeyi amumɔyɛ ankasa afi hɔ. Anigyesɛm ne sɛ, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɛe nnipa nyinaa. Dwom 37:34 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Twɛn [Yehowa NW], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.”

Asɛm yi da no adi sɛ hokwan bi wɔ hɔ a ɛbɛma wɔagye yɛn nkwa wɔ asiane kɛse a ɛbɛba adesamma so no mu. Onyankopɔn se yɛmpaw nea yɛpɛ. Asɛm a Mose de tuu Israelfo no fo bere a na wɔrebɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no fa yɛn ho nnɛ nso: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa.” (Deuteronomium 30:19) Nanso ɔkwan bɛn so na obi “fa nkwa” na ama wɔagye no nkwa? Nokware nkwagye kyerɛ dɛn ankasa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Explosion: Copyright © Gene Blevins/Los Angeles Daily News

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Yunhap News Agency/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena