Nkwagye—Nea Ɛkyerɛ Ankasa
‘WƆAGYE wo nkwa?’ Mpɛn pii no, wɔn a wobisa asɛm yi te nka sɛ wɔagye wɔn nkwa esiane sɛ ‘wɔafa Yesu sɛ wɔn kra Agyenkwa’ nti. Nanso afoforo te nka sɛ akwan horow a wɔfa so kɔ nkwagye mu wɔ hɔ na bere dodow a ‘Yesu wɔ wo koma mu no,’ nea wugye di anaa mpo asɔre a wokɔ ho nhia.
Bible no ka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa bi nkwa.” (1 Timoteo 2:3, 4, NW) Ɛno nti nkwagye wɔ hɔ ma obiara a ɔpɛ. Nanso sɛ wogye obi nkwa no kyerɛ dɛn ankasa? So ɛyɛ biribi ankasa a wunya ara a biribi kakraa bi na woyɛ wɔ ho anaa wonyɛ ho hwee koraa?
Asɛmfua “nkwagye” no kyerɛ “ogye a obi nya fi asiane anaa ɔsɛe mu.” Ɛno nti nokware nkwagye kyerɛ pii sen sɛ biribi nhaw obi adwene. Ɛkyerɛ sɛ wobegye no nkwa afi ɔsɛe a ɛbɛba mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so ne awiei koraa no owu ankasa mu! Nanso henanom na Onyankopɔn begye wɔn? Wɔ mmuaema mu no, ma yɛnhwehwɛ nea Yesu Kristo kyerɛkyerɛe wɔ asɛm yi ho no mu. Ebia nea ebefi yɛn nhwehwɛmu no mu aba no bɛyɛ wo nwonwa.
Nkwagye—Wonya Wɔ Ɔsom Nyinaa Mu?
Bere bi Yesu ne Samariani bea bi bɔɔ nkɔmmɔ. Ɛwom sɛ na ɔnyɛ Yudani de, nanso na ogye di sɛ Mesia a “wɔfrɛ no Kristo no” bɛba, na na ɛyɛ nokware nso. (Yohane 4:25) Na saa gyidi no betumi ama wɔagye no nkwa? Dabi, efisɛ Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no wɔ akokoduru so sɛ: “Mosɔre nea munnim.” Na Yesu nim sɛ sɛ na ɔbea yi benya nkwagye a, na ɛsɛ sɛ ɔsesa ɔkwan a ɔfa so som no. Ɛno nti Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ.”—Yohane 4:22, 23.
Bere foforo a Yesu daa n’adwene a ɔwɔ wɔ nkwagye ho adi no yɛ bere a ɔne Farisifo, Yudafo nyamesom kuw a wɔagye din, no hyiae no. Na Farisifo no ahyehyɛ ɔsom bi a na wogye di sɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nanso tie Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ Farisifo no: “Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.”—Mateo 15:7-9.
Na ɔsom kuw pii a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛkyerɛ sɛ egye Kristo di no nso ɛ? Yesu begye ne nyinaa atom sɛ akwan a ɛfata a wɔnam so benya nkwagye? Ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi wɔ asɛm yi ho, efisɛ Yesu kaa pefee sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no. Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”—Mateo 7:21-23.
Yesu Ho Nokware Nimdeɛ Hia Ma Nkwagye
Yesu nsɛm yi kyerɛ biribi a anibere wom. Ɛkyerɛ sɛ nyamesomfo pii nyɛ ‘Agya no apɛde.’ Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi anya nokware nkwagye? Timoteo Nhoma a edi kan 2:3, 4, NW, bua sɛ: “[Onyankopɔn] pɛ ne sɛ wogye nnipa ahorow nyinaa bi nkwa na wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.”—Fa toto Kolosefo 1:9, 10 ho.
Nimdeɛ a ɛte saa ho hia yiye ma nkwagye. Bere a Romani afiasehwɛfo bi bisaa ɔsomafo Paulo ne ne hokafo Silas sɛ “Menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?” no, wɔkae sɛ: “Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa.” (Asomafo no Nnwuma 16:30, 31) Na ɛno kyerɛ sɛ nea ehia sɛ afiasehwɛfo no ne n’abusua yɛ ara ne sɛ wobenya atenka bi wɔ wɔn koma mu? Dabi, ntease biako ne sɛ, na wontumi ‘nnye Awurade Yesu nni’ wɔ nokwarem gye sɛ wonya onii a na Yesu yɛ, nea ɔyɛe, ne nea ɔkyerɛkyerɛe ho ntease bi.
Sɛ nhwɛso no, Yesu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro nniso bi a wɔde asi hɔ—“Onyankopɔn ahenni” ho asɛm. (Luka 4:43) Ɔsan de Kristofo abrabɔ ne suban ho nnyinasosɛm mae. (Mateo, atiri 5-7) Ɔkyerɛɛ gyinabea a n’asuafo bɛpaw wɔ amammui nsɛm ho. (Yohane 15:19) Ɔde wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ ho dwumadi sii hɔ na ɔhyɛɛ n’akyidifo no sɛ wonnya mu kyɛfa. (Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 1:8) Yiw, na ‘gye a wobegye Yesu adi’ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔte nneɛma pii ase! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo ne Silas “kaa [Yehowa, NW] asɛm kyerɛɛ ofiasehwɛfo no ne wɔn a wɔwɔ ne fi nyinaa” ansa na wɔrebɔ agyidifo foforo yi asu.—Asomafo no Nnwuma 16:32, 33.
Onyankopɔn Ho Nokware Nimdeɛ Nso Ho Hia
Yesu a wogye no di wɔ nokware mu fã bi a ɛho hia hwehwɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn a Yesu ankasa som no no. Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.”—Yohane 17:3, NW.
Onyankopɔn Ba no twee adwene sii N’agya so bere nyinaa wɔ n’asase so som adwuma no mu na ɛnyɛ n’ankasa so. Wanka da sɛ ɔyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. (Yohane 12:49, 50) Yesu ma wohuu ne dibea wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu pefee denam ka a ɔkae sɛ ɔhyɛ ne soro Agya no ase no so. (Luka 22:41, 42; Yohane 5:19) Yesu kae mpo sɛ: “agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:28) W’asɔre akyerɛkyerɛ wo nokware abusuabɔ a ɛwɔ Onyankopɔn ne Kristo ntam no? Anaasɛ ama woagye adi sɛ Yesu ankasa ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no? Wo nkwagye gyina ntease a ɛyɛ nokware a wubenya so.
Wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no, Yesu hyɛɛ n’asuafo no nkuran sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Bible nkyerɛase dodow no ara ama Onyankopɔn din no so akata, na ɛkyerɛ ase sɛ “Awurade.” Nanso, wɔ “Apam Dedaw” no nhoma a ɛyɛ tete de no mu no, Onyankopɔn din puei bɛboro mpɛn mpemnsia! Dwom 83:18 kenkan sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Wɔakyerɛkyerɛ wo sɛ fa Onyankopɔn din, Yehowa, no di dwuma? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde na wo nkwagye ho wɔ asɛm, efisɛ “obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa NW] din no, wobegye no nkwa”!—Asomafo no Nnwuma 2:21; fa toto Yoel 2:32 ho.
Wɔ Nokware ne Honhom Mu
Yesu Kristo de adwene sii Onyankopɔn Asɛm Bible no nso so. Sɛ ɔrekyerɛkyerɛ Onyankopɔn adwene wɔ nsɛm bi ho a, na ɔtaa ka sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” (Mateo 4:4, 7, 10; 11:10; 21:13) Anadwo ansa na Yesu rebewu no, ɔbɔɔ mpae maa n’asuafo no sɛ: “Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware.”—Yohane 17:17.
Ɛno nti ntease a wonya wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu no yɛ ahiade foforo ma nkwagye. (2 Timoteo 3:16) Bible no nkutoo na ɛma nsɛm te sɛ eyi ho mmuae: Dɛn na nkwa kyerɛ? Dɛn nti na Onyankopɔn ama hokwan ma amumɔyɛ akɔ so bere tenteenten? Sɛ obi wu a dɛn na ɛto no? So Onyankopɔn yɛ nkurɔfo ayayade ankasa wɔ hell gya mu? Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase?a Sɛ obi annya ntease a ɛyɛ nokware wɔ nsɛm yi ho a, ontumi nsom Onyankopɔn yiye, efisɛ Yesu kae sɛ: “Nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu.”—Yohane 4:23.
Gyidi Ma Wɔyɛ Nnwuma
Nkwagye kyerɛ pii sen nimdeɛ a wonya kɛkɛ. Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ ma wonya gyidi wɔ koma pa mu. (Romafo 10:10, 17; Hebrifo 11:6) Gyidi a ɛte saa ma obi yɛ nnwuma. Sɛ nhwɛso no, Bible no tu fo sɛ: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi [Yehowa NW] anim aba.”—Asomafo no Nnwuma 3:19, 20.
Yiw, nkwagye hwehwɛ nso sɛ obi yɛ ade ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa su ne abrabɔ ho no hyia. Wɔ Onyankopɔn Asɛm nkɛntɛnso a ɛsakra nnipa ase no, atoro ne nnaadaa su a akyɛ fi hɔ ma nokwaredi besi ananmu. (Tito 2:10) Ɔbrasɛe te sɛ wɔn a wokura bɔbeasu biako ntam nna, awaresɛe, ne aguamammɔ, fi hɔ ma abrabɔ pa besi ananmu. (1 Korintofo 6:9-11) Eyi nyɛ nkate mu a wofi gyae bere tiaa na mmom nsakrae a ɛtra hɔ daa a Onyankopɔn Asɛm a wɔasua no yiye na wɔde di dwuma ma wɔyɛ.—Efesofo 4:22-24.
Bere kɔ so no, ɔdɔ ne anisɔ ma Onyankopɔn kanyan onipa a ɔwɔ koma pa ma ohyira ne ho so koraa ma Onyankopɔn na ɔde nsu mu asubɔ yɛ ɛho nsɛnkyerɛnne. (Mateo 28:19, 20; Romafo 12:1) Wɔ Onyankopɔn ani so no wɔagye Kristofo a wɔabɔ wɔn asu no nkwa. (1 Petro 3:21) Wɔ wiase bɔne yi sɛe a ɛreba no mu no, Onyankopɔn begye wɔn koraa denam kora a ɔbɛkora wɔn so wɔ saa ahohiahia no mu no so.—Adiyisɛm 7:9, 14.
Nea Nkwagye Betumi Akyerɛ Ama Wo
Ada adi pefee wɔ asɛm tiawa a yɛasusuw ho yi mu sɛ nkwa a wubenya no kyerɛ pii sen sɛ ‘wowɔ Awurade Yesu wɔ wo koma mu.’ Ɛkyerɛ sɛ obi nya Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ na ɔyɛ nsakrae a ehia wɔ n’asetra mu. Ebia eyi yɛ bɛyɛ wo den, nanso Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa wo wɔ eyi yɛ mu. Wɔnam ofie Bible adesua a wonnye hwee so betumi aboa wo ma woafi ase afa nokware nkwagye kwan no so.b
Esiane bɛn a Onyankopɔn atemmu da no abɛn no nti, saa a wobɛyɛ no gye ntɛmpɛ sen bere biara! Seesei ne bere a ɛsɛ sɛ yetie odiyifo no asɛm no: “Ansa na Yehowa abufuw da no bɛba no, monhwehwɛ Yehowa, ahobrɛasefo a mowɔ asase so a moyɛ N’atemmude nyinaa. Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase. Ebia wɔbɛkora mo so wɔ Yehowa abufuw da no mu.”—Sefania 2:2, 3, NW.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ nsɛm yi nkyerɛkyerɛmu a, yɛsrɛ wo hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc. tintimii no mu.
b Sɛ w’ani begye ofie Bible adesua ho a, yɛsrɛ wo kohu Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no. Anaa wubetumi akyerɛw wɔn a wotintimii nsɛmma nhoma yi.
[Kratafa 6 adaka]
Nea Ɛde Nkwagye Ba Ne . . .
◻ Onyankopɔn ne Yesu ho nokware nimdeɛ a wobenya.—Yohane 17:3.
◻ Gyidi a wɔda no adi.—Romafo 10:17; Hebrifo 11:6.
◻ Adwensakra ne dan a wɔdan wɔn ho.—Asomafo no Nnwuma 3:19; Efesofo 4:22-24.
◻ Ahosohyira ne asubɔ.—Mateo 16:24; 28:19, 20.
◻ Kɔ a wɔkɔ so ka asɛm wɔ baguam.—Mateo 24:14; Romafo 10:10.
[Kratafa 7 mfonini]
Bible no a wubesua, nea wusuae no a wode bedi dwuma, ahosohyira ne asubɔ yɛ ade a ɛde kɔ nkwagye mu