Wiase Biakoyɛ—Ɛbɛyɛ Dɛn na Aba?
TE SƐ ofie bi a agyigya na emu nnipa a hwee mfa wɔn ho ayɛ hɔ basaa no, ade biako pɛ na ɛfata mprempren wiase nhyehyɛe yi—sɛe a wɔbɛsɛe no de foforo asi ananmu. Eyi nyɛ asɛm bɔne ho dawurubɔ foforo kɛkɛ. Sɛnea Bible kyerɛ no, ɛno nkutoo ne adwene a ɛfata. Dɛn ntia?
Mprempren wiase nhyehyɛe yi nnyinaso nyɛ papa. Mfɔte ne nkannare ayɛ ade mũ no nyinaa pasaa. Emu nnade rewe nkannare. N’afasu ayɛ mmerɛw. Ne suhyɛ regye gu. Emu adorobɛn nwini. Anyinam ahoɔden a ɛwom asɛesɛe na ɛyɛ hu. Emu nnipa ko ntɔkwaw sɛesɛe nneɛma wɔ fie no mu bere nyinaa. Nwemmoa agye fie no mu ne n’abɔnten nyinaa afa, na nnipa a wɔte hɔ nkwa ne wɔn akwahosan da asiane mu.
‘Wɔregoru Wɔn Damoa Ano’
Esiane amammui mu ntawntawdi, adifudepɛ, ntua, ne mmusua ntam nitan a emu yɛ den a ennyae da nti, sɛnea Gwynne Dyer kaa ho asɛm no, “nnipa abusua no nyinaa regoru wɔn damoa ano.” Wiase nyinaa no, nnipakuw a wɔnnɔɔso a wɔasi wɔn bo—akuw a wɔn ano yɛ den, ahofadi ho akofo, nsɛmmɔnedifo akuw, amanaman ntam amumɔyɛfo, ne afoforo—no di wɔn ankasa pɛsɛmenkominya nhyehyɛe akyi, na ɛkame ayɛ sɛ wotumi sɛe asomdwoe ho anidaso biara bere biara a wɔpɛ. Te sɛ nnipa a wɔte fie bi mu a wɔn asɛm mfa kwan mu no, wobetumi ama asetra ayɛ den ama afoforo nyinaa.
Nanso, sɛnea nsɛm amanneɛbɔfo pii kyerɛ no, ɛnyɛ atuatewfo akuw anaa ankorankoro a wɔbara wɔn a ɛmmara nkutoo na wɔmma biakoyɛ mma wiase. Akwanside a ɛsen biara ne aman no ankasa. Akodi ho sɛnkyerɛwfo S. B. Payne, Kumaa ka sɛ aman a wɔade wɔn ho no wɔ “amanaman ntam basabasayɛ” tebea mu. Nea ɛde yiyedi a ɛsen biara bɛbrɛ wɔn man no na wɔyɛ, a wonsusuw afoforo de ho pii anaasɛ wonsusuw ho koraa. Ne saa nti, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.
Ampa, aman bi nniso atumi adi ntɛnkyea ne nhyɛso so kakra wɔ wɔn asase so ne ɔkwan bi so no, aman foforo mpo mu. Wɔatumi de amanaman ntam biakoyɛ kakra aba wɔ bere ne bere mu. Nanso sɛ wɔn mu bi mpo ka bom ko tia aman a wosisi afoforo a, mpɛn pii no nea ɛwɔ akyi ara ne sɛ ebia mfaso bi a wɔn ankasa benya nti na wɔyɛɛ saa na ɛnyɛ afoforo ho a wosusuw ankasa ntia. Nokwasɛm no ne sɛ, nnipa nniso horow no nni wiase mpaapaemu ano aduru a edi mu na ɛtra hɔ kyɛ biara. Gwynne Dyer da no adi sɛ: “Adwene a ɛne sɛ wiase aman nyinaa bɛka abom asiw ɔman bi a edi ne koko so asɛm a esisi afoforo no kwan anaa wɔatwe n’aso no yɛ nnyinasosɛm a eye, nanso hena na ɔkyerɛ nea ɔyɛ osisifo, na hena na ɔde sika ne nkwa a ebehia na wɔde asiw no kwan no bɛbɔ afɔre?”
Nokwarem no, gye sɛ ɔmanfo dodow no ara pene sisi a wɔn man no besisi ɔman foforo no so ansa na ɔman no atumi ayɛ saa. Abakɔsɛm akyerɛ mpɛn pii sɛ ɛnyɛ “ɔman bi a edi ne koko so asɛm” mu kɛkɛ na ɔmanfo no ataa wɔn akannifo akyi ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Nokwarem no, nnipa a wɔte asase so fã kɛse no ara ayɛ saa. Sɛnea Time nsɛmma nhoma no kaa no no, wɔakata wɔn ani adi amammui ne nyamesom akannifo ahorow “atosɛm, bradato, ne takrawogyam” akyi.
Ɔmampɛ honhom akanyan nnipa a anka wɔte asɛm ase na wɔwɔ mmɔborohunu nkate, na ama wɔadi mmarima, mmea, ne mmofra a wofi aman foforo mu nsɛmmɔne a ɛyɛ hu. Sɛ nhwɛso no, bere a abakɔsɛm kyerɛwfo J. M. Roberts reka Wiase Ko I ho asɛm no, ɔka sɛ: “Nneɛma a ntease nnim a ɛkɔɔ so 1914 no bi ne sɛ wɔ ɔman biara mu no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wofi akuw, gyidi, ne mmusua nyinaa mu no pii fi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛɛ akodi mu anigye so ma ɛyɛɛ nwonwa.” So efi saa bere no, nkurɔfo asua biribi afi mu? Dabi! Aboa a ɔne “ɔmampɛ honhom a afura nkurɔfo ani,” sɛnea sɛnkyerɛwfo Rod Usher frɛɛ no no, kɔ so sɛe anidaso biara a ɛwɔ hɔ sɛ biakoyɛ betumi aba wiase.
Tumi Ahorow Bi na Ɛhyɛ Akyi
Nanso, biribi a ɛsen saa na esiw wiase biakoyɛ kwan. Bible da no adi sɛ tumi ahorow bi na ɛhyɛ akyi. Ɛkyerɛ sɛ wɔne Satan Ɔbonsam ne n’akyitaafo, adaemone no. Sɛnea Bible kyerɛ no, Satan ne “wi yi ase nyame [a wafura] wɔn a wonnye nni no adwene ani,” na amma “Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no” annya wɔn so tumi biara.—2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 12:9.
Nokwarem no, eyi nyi ankorankoro nneyɛe ne wɔn abrabɔ ho asodi a ɛda wɔn ankasa so no mfi hɔ. Nanso ɛkyerɛ nea enti a nnipa nniso horow rentumi mfa wiase a biakoyɛ wom ankasa mma da no mu. Bere tenten a Satan Ɔbonsam da so ara wɔ hɔ no, ɔbɛkɛntɛn mmarima ne mmea so ma wɔanya nea Bible frɛ no “ɔhonam nnwuma,” a ‘ɔtan, atutuw, kunsunkunsun, ne mpaapaemu’ ka ho no.—Galatifo 5:19-21.
Wiase Nyinaa Nniso
Ɛnde, dɛn ne ano aduru? Bɛyɛ mfirihyia ahanson ni no, Italini anwensɛm kyerɛwfo ne nyansapɛfo a wagye din, Dante, maa ho mmuae. Ɔkaa no denneennen sɛ wiase nyinaa nniso nkutoo na ebetumi ama adesamma anya asomdwoe ne biakoyɛ. Wɔ nnipa pii fam no, sɛ́ yebenya wiase nyinaa nniso bi no yɛ adaeso ara kwa, na ɛnyɛ biribi a yebetumi de yɛn werɛ ahyɛ mu ankasa. Nhoma kyerɛwfo Payne a yɛadi kan aka ne ho asɛm no wie asɛm no sɛ: “Wiase nyinaa nniso ntumi nyɛ yiye saa bere yi wɔ abakɔsɛm mu.” Dɛn ntia? Efisɛ ebehia sɛ wiase nyinaa nniso biara a ebedi yiye no tumi ma nneɛma abien a ɛkame ayɛ sɛ ɛboro nnipa ahoɔden so koraa ba, ɛne sɛ, “wiase nyinaa nniso bɛma akodi agyae na afei wiase nyinaa nniso remmɛyɛ asase nyinaa so atirimmɔden nniso.”
Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa nniso biara ntumi nyɛ saa da. Nanso, Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no betumi ayi akodi afi hɔ, na ɛbɛyɛ saa nso. (Dwom 46:9, 10; Mateo 6:10) Nokwarem no, ebeyi akodi ho takrawogyamfo nyinaa afi hɔ. Odiyifo Daniel kyerɛ sɛ sɛ bere a Onyankopɔn ahyɛ sɛ nnipa mfa nni asase so no sõ a, nnipa nniso bɛyɛ nea “emu apaapae” te sɛ “dɔte [a] afrafra dade.” (Daniel 2:41-43) Eyi bɛkɔ akowie amammui mu mpaapaemu ne akodi a wontumi nkwati. Nanso, Daniel ka fa Onyankopɔn Ahenni ho sɛ “ebebubu [ɔmampɛ ne mpaapaemu] ahenni horow no nyinaa,” anaa nniso no “ama asã,” na ɛde N’ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa a yɛahwɛ kwan akyɛ no abesi ananmu.—Daniel 2:44.
Ɛho renhia sɛ wosiesie asase so ma nnipa bere a nnipa asisifo da so te so na wɔkɔ so ma asetra yɛ den ma afoforo no. Nanso, “wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ.” (Dwom 37:1, 2, 9, 38; Mmebusɛm 2:22) Enti, Kristo beyi wɔn a wɔboapa po Onyankopɔn gyinapɛn ahorow anaa wɔtaa wiase atumfoɔ a wɔn asɛm mfa kwan mu akyi no nyinaa afi hɔ. Ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe okyinnsoromma yi nyinaa. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase.’—Adiyisɛm 11:18.
Eyi renyɛ asase nyinaa so atirimmɔden nniso bi. Yesu Kristo bedi dwuma ama ‘nokware ne ahobrɛase ne trenee’ aba bere a ɔpaapae nnipa pa fi nnipa bɔne mu no. (Dwom 45:3, 4; Mateo 25:31-33) Saa ara nso na eyi nyɛ biribi bɔne a wɔde sɛe ade kɛkɛ, anaa tumi a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so. Dabi! Ɛrenyɛ te sɛ ɔdan fɛfɛɛfɛ bi a akyɛ a odifudepɛfo bi a osisi adan bebubu gu. Ɛbɛyɛ te sɛ ɔdan bi a esi ahiafo atrae a ayɛ basaa a wobubu gu siesie ma ɛhɔ yɛ fɛ na ɛhɔ tew mmom.
Na tumi horow a wɔhyehyɛ akyi a wɔde mpaapaemu a ɛte saa no bae wɔ bere bi a atwam no nso ɛ? So wobenya kwan aba saa nhyehyɛe foforo yi mu ma emufo no afi ase asɛesɛe nneɛma, ne wɔn mfɛfo a wɔne wɔn te no adi ako ama asetra ayɛ den ama obiara bio? Dabida. Saa tu a wotu nkurɔfo yɛ nneɛma foforo yi bɛyɛ nea etwa to na edi mũ koraa. “Ahohia rensɔre mpɛn abien.”—Nahum 1:9.
Bible de ɔsɛe korakora a ɛbɛba Satan so no toto sɛnea wɔhyew wura no ho. Ɛka sɛ “ɔbonsam a ɔdaadaa [asase so nnipa] no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu.” (Adiyisɛm 20:10) Sɛnkyerɛnne a tumi wom bɛn ara ni! Susuw ho hwɛ, wɔmfa ɔsɛe no ntoto gya ketewaa bi a entumi nhyew nneɛma pii ho, na mmom ogya tare mũ, a ɛbɛhyew ade bɔne ne nea ɛho ntew biara afi hɔ. Wɔremma obiara, onipa anaa adaemone, kwan mma ɔnkɔ so nyɛ nneɛma a ɛbɛsɛe amansan nhyehyɛe, ebebu Onyankopɔn papa ne bɔne ho gyinapɛn ahorow so, anaa ɛbɛma wɔn yɔnko nnipa adi yaw. Wobeyi wɔn a wɔsɛe biakoyɛ nyinaa afi hɔ!—Dwom 21:9-11; Sefania 1:18; 3:8.
Nnipa a Wɔyɛ Biako a Wofi Aman Nyinaa Mu
Wɔn a wobenya nkwa wɔ saa dwumadi kɛse a wɔde siesie nneɛma yi mu no bɛyɛ “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) Aman ne mmusua mu nsonsonoe rempaapae wɔn mu. Wobesua sɛnea wɔne wɔn ho bɛtra wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu. (Yesaia 2:2-4) Nea ɛyɛ anigye sen saa mpo no, nnipa a wɔatra okyinnsoromma yi so pɛn a wɔnam owusɔre nsiesiei nwonwaso no so bɛsan abɛtra asase a wɔasiesie so so no bɛba abɛka saafo yi ho.—Yohane 5:28, 29.
Wobɛpɛ sɛ wotra wiase a ɛte saa mu? Wɔn a wɔbata Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ho nkutoo na ebenya mu kwan, na wɔakyerɛ n’ahwehwɛde ahorow no mu fann wɔ Bible mu. (Yohane 17:3; Asomafo no Nnwuma 2:38-42) Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woasua nea Onyankopɔn hwehwɛ na ama woanya anidaso sɛ wubenya asetra mu anigye daa wɔ wiase a biakoyɛ ankasa wom mu.
[Kratafa 7 mfonini]
Nniso a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa bɛhwɛ ama wiase biakoyɛ aba