Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 2/1 kr. 3
  • Wohwɛ Nneɛma Pa Kwan Anaa Nneɛma Bɔne Kwan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wohwɛ Nneɛma Pa Kwan Anaa Nneɛma Bɔne Kwan?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Wo Ho Mu
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Nneɛma Ho Adwempa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Wubetumi Ako Atia Abasamtu
    Nyan!—2004
  • Dɛn Nti na Yehia Anidaso?
    Nyan!—2004
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 2/1 kr. 3

Wohwɛ Nneɛma Pa Kwan Anaa Nneɛma Bɔne Kwan?

“NÁ ƐNO ne bere a eye sen biara, nanso na ɛne bere a enye koraa, . . . na ɛyɛ bere a wɔhwɛ nkɔso kwan, nanso na ɛyɛ abasamtu bere a dwumadi biara nnim, na yɛwɔ anidaso pii, nanso na anidaso asa.” Charles Dickens ayɛsɛm a ɔkyerɛw no yiye, A Tale of Two Cities (Nkurow Abien Ho Asɛm) no nnianim nsɛm yi de ahokokwaw yɛ sɛnea tebea horow betumi anya yɛn nsusuwii, yɛn nkate, ne yɛn nipasu so tumi ho ntotoho.

Nkurow abien a ɔkaa ho asɛm no ne London ne Paris, wɔ bere a na basabasayɛ rekɔ so wɔ France Anidan bere mu no. Wɔ ɔmamma a na wɔwɔ nhyɛso ase wɔ France wɔ afeha a ɛto so 18 mu no fam no, na adesamma hokwan ho mpaemuka a wɔde too gua wɔ anidan no mu no yɛ “bere a na wɔhwɛ nkɔso kwan” ampa. Nanso wɔ wɔn a na kan wodi France so tumi anaa amammui nhyehyɛe a na ɛretwam akɔ no fam no, na ɛyɛ “abasamtu bere a dwumadi biara nnim” a ɛde owu ne adesɛe bɛba.

Ná ɛyɛ nneɛma pa ho akwanhwɛ anaa nneɛma bɔne ho akwanhwɛ? Ná ne nyinaa gyina ɔfã a wowɔ so. Na ɛda so ara te saa.

Bere a Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Wo Ho Mu

So wohwɛ nneɛma pa kwan? W’ani gye wɔ asetra mu, na bere nyinaa wohwɛ nneɛma pa kwan? Anaa wotaa hwɛ nneɛma bɔne kwan, nya daakye ho adwene a ɛmfata, na ɛmfa ho sɛ wunya ade pa a wopɛ no, wohwɛ bɔne kwan?

Mfirihyia aduosia a atwam ni no, Amerikani ayɛsɛm kyerɛwfo James Branch Cabell bɔɔ nyansapɛ abien a enhyia yi mua saa kwan yi so sɛ: “Nea ɔhwɛ nneɛma pa kwan no ka sɛ yɛte bere a eye sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no mu na nea ɔhwɛ bɔne kwan no ka sɛ mmere pa mpo ni, na daakye.” Sɛ wote nka sɛ eyi nyɛ nokware a, hwehwɛ mfaso ne ɔhaw a ɛwɔ nnɛ wiase yi mu afã abiɛsa pɛ a yɛrebɛka ho asɛm yi mu. Afei susuw sɛnea ɛka wo ho, na bisa wo ho sɛ, ‘So mehwɛ nneɛma pa kwan anaa nneɛma bɔne kwan?’

Asomdwoe a Ɛtra Hɔ Kyɛ: Mmeae a basabasayɛ rekɔ so ahe na wubetumi abobɔ din? Ireland, kan Yugoslavia, Mediterranea Supɔw, Burundi, Rwanda—ɛnyɛ den sɛ wobɛkae eyinom. So wobetumi asiesie eyinom ne ntawntawdi afoforo, na ɛde wiase a asomdwoe a ɛtra hɔ kyɛ wom aba? So wiase a asomdwoe wom reba?

Sikasɛm a Eye: Bere a aman a ɛwɔ Europa Aman Nkabom mu hwɛ kwan sɛ ebedu 1999 no na wodi sika koro no, wɔrehyia sika a ɛrekɔ fam ne amanfo hɔ bosea a wɔbɔ ho haw kɛse. Sɛ yetwa yɛn ani hwɛ mmeae foforo nso a, dwowtwa asɛe Amerika ne Afrika aman pii sikasɛm, wɔ faako a sika a ɛrekɔ fam no ama tebea no mu ayɛ den mmoroso, na mmusua mu nsɛnnennen kɔ so paapae wɔn mu no. So wiase sikasɛm a eye bɛba nnansa yi ara?

Adwuma a Wonnya Nyɛ: Bere a na Britania man no reto aba wɔ 1997 mu no, ɔman no mu asɔre ahorow no yɛɛ biako hyɛɛ amanyɔ kuw ahorow no nyinaa nkuran sɛ wɔnka adwuma a obiara benya ayɛ ho asɛm kɛse. Nanso bere a adwumayɛfo a wɔwɔ wiase nyinaa ɔha mu nkyekyem 30 adwuma asɛe anaa wonni adwuma pa a wɔyɛ no, so obiara betumi anya adwuma pa a ɛtra hɔ kyɛ—titiriw no, mmerante ne mmabaa?

Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛhwɛ nneɛma bɔne kwan! Nanso anidaso wɔ hɔ, enti yɛkamfo kyerɛ wo sɛ ma yensusuw sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ nneɛma pa kwan no ho.

[Kratafa 3 mfonini]

France Anidan no

[Asɛm Fibea]

Efi Pictorial History of the World nhoma no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena